Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ná N’ani Gye Yehowa Mmara Ho

Ná N’ani Gye Yehowa Mmara Ho

Ná N’ani Gye Yehowa Mmara Ho

ALBERT D. SCHROEDER a ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no wiee n’asase so som adwuma wɔ Wukuda, March 8, 2006 mu. Odii mfe 94, na ɔde bɛboro mfe 73 yɛɛ bere nyinaa som adwuma no.

Wɔwoo Onua Schroeder wɔ Saginaw, Michigan, U.S.A., wɔ afe 1911 mu. * Bere a ɔyɛ abofra no, ne nanabea kyerɛkyerɛɛ no Bible mu nsɛm pii, na ɔde Yehowa Asɛm a ɔbɛkenkan ho dɔ duaa ne mu. Osuaa Latin ne German kasa, na ɔsan suaa anyinam ahoɔden ho ade wɔ Michigan Sukuupɔn mu. Nanso bere a obenyaa Kyerɛwnsɛm ho anigye kɛse no, ogyaee sukuu de ne ho hyɛɛ bere nyinaa Ahenni asɛnka adwuma no mu. Wɔ afe 1932 mu no, ɔbɛyɛɛ Betel abusua no muni wɔ Brooklyn, New York.

Bere a Onua Schroeder dii mfe 26, wɔ 1937 mu no, wɔma ɔkɔhwɛɛ Yehowa Adansefo adwuma no so wɔ Britain. Nsi a ɔde yɛɛ asɛnka adwuma no hyɛɛ wɔn a na wɔwɔ hɔ no mu pii nkuran ma wɔde wɔn ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Aberante baako a ɔne no yɛɛ adwuma wɔ London Betel ne John E. Barr. Akyiri yi, wɔn baanu nyinaa de mfe pii som sɛ Sodikuw no mufo.

Adwuma a Onua Schroeder yɛ maa Yehowa Adansefo no bɛdaa adi wɔ ɔko bere no mu. Wɔ August 1942 mu no, wɔpam no fii Britain. Bere a ɔfaa ɔbrɛ ne amanehunu pii mu de po so hyɛn twaa kwan wɔ ɔko bere no mu no, ɔsan koduu Brooklyn wɔ September mu.

Saa bere no, na Yehowa nkoa rehwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ adwuma kɛse bi wɔ Wiase Ko II no akyi. Wɔmaa Onua Schroeder adwuma foforo a ɛne sɛ ɔbɛboa ma wɔahyehyɛ nneɛma a Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuufo no besua. Ɛwom sɛ ne ho dwiriw no de, nanso n’ani gyee hokwan a onyae yi ho. Ɔde mfe dodow bi kyerɛɛ ade wɔ sukuu yi mu, na ɔboa ma wɔtetee asɛmpatrɛwfo. Asuafo a ɔkyerɛɛ wɔn ade wɔ Gilead ne wɔn a akyiri yi ɔkyerɛɛ wɔn ade wɔ Ahenni Som Sukuu mu no da so ara kae sɛnea na ɔkyerɛ ade no yiye. Ná n’ani gye sɛ ɔde Onyankopɔn mmara ho dɔ bedua asuafo no mu, na osii hia a ehia sɛ wohu Yehowa no so dua.

Wɔ afe 1956 mu no, Onua Schroeder waree Charlotte Bowin, na wɔ afe 1958 mu no, wɔwoo wɔn ba, Judah Ben. Ná Onua Schroeder yɛ okunu Kristoni a ɔyɛ nhwɛso pa, na na ɔyɛ agya pa nso. Ɔbɛyɛɛ Sodikuw no muni wɔ afe 1974 mu, na ɔde nhumu a na ɔwɔ no boaa wɔn kɛse. Ná ɔyɛ ɔbarima yamyefo a ɔbrɛ ne ho ase. Nea ɛsen ne nyinaa no, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛhyɛ Onyankopɔn din kɛse no anuonyam. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ Onua Schroeder anya ne soro akatua sɛ Kristoni a wɔasra no a na ‘n’ani gye Yehowa mmara ho’ ampa.—Dwom 1:2.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Wɔatintim Onua Schroeder asetra mu nsɛm wɔ Borɔfo Ɔwɛn-Aban a ɛbaa March 1, 1988 no mu.