Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔdɔ Ma Yenya Akokoduru

Ɔdɔ Ma Yenya Akokoduru

Ɔdɔ Ma Yenya Akokoduru

“Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom tumi ne ɔdɔ ne adwenemtew de.” —2 TIMOTEO 1:7.

1, 2. (a) Dɛn na ɔdɔ betumi akanyan obi ma wayɛ? (b) Dɛn nti na na Yesu akokoduru no yɛ soronko koraa?

NÁ ƆBEA bi ne ne kunu a wɔaware foforo adɔ asukɔ reguare wɔ Australia atifi fam mpoano. Wɔyɛe sɛ woreyi wɔn ti afi nsu no mu pɛ, na apataa kɛse bi a wɔfrɛ no oboodede bɔɔ hwii kɔɔ ɔbea no so. Ɔbarima no de akokoduru piaa ne yere no kɔɔ nkyɛn maa apataa kɛse no kyeree ɔno mmom wee. Okunafo no kae wɔ ne kunu ayi ase sɛ, “Ɔde ne nkwa sesaa me de.”

2 Yiw, ɔdɔ betumi akanyan nnipa ama wɔada akokoduru a ɛyɛ nwonwa saa adi. Yesu Kristo ankasa kae sɛ: “Obiara nni ɔdɔ a ɛsen eyi, sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.” (Yohane 15:13) Yesu kaa saa asɛm yi no, annu nnɔnhwerew 24 na ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre maa nnipa nyinaa; ɛnyɛ onipa biako pɛ. (Mateo 20:28) Afei nso, Yesu amfa ne nkwa ammɔ afɔre akokoduru so mpofirim. Na onim dedaw sɛ wobedi ne ho fɛw, ayɛ no ayayade, abu no ntɛnkyea, na wɔakum no wɔ asɛndua so. Odii kan kaa eyi ho asɛm kyerɛɛ n’asomafo no mpo. Ɔkae sɛ: “Hwɛ, yɛn ani kyerɛ Yerusalem, na wobeyi onipa Ba no ama asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no, na wobebu no kumfɔ, na wobeyi no ama amanaman mufo, na wobedi ne ho agoru atoto ntasu agu no so na wɔaka no mpire akum no.”—Marko 10:33, 34.

3. Dɛn na ɛmaa Yesu nyaa akokoduru kɛse?

3 Dɛn na ɛmaa Yesu daa akokoduru soronko a ɛte saa adi? Ɛyɛ gyidi ne Onyankopɔn suro titiriw. (Hebrifo 5:7; 12:2) Nanso, nea ɛho hia paa no, ɛyɛ ɔdɔ a na Yesu wɔ ma Onyankopɔn ne ne mfɛfo nnipa no na ɛma ɔdaa akokoduru a ɛte saa adi. (1 Yohane 3:16) Sɛ yɛn nso yenya ɔdɔ a ɛte saa ka gyidi ne Onyankopɔn suro ho a, yebetumi ada Kristo akokoduru no bi adi. (Efesofo 5:2) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ɔdɔ a ɛte saa? Ɛsɛ sɛ yehu Onii a ɔdɔ fi no no.

“Ɔdɔ Fi Nyankopɔn”

4. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa ne Obi a ɔdɔ fi no?

4 Yehowa yɛ ɔdɔ, na Ɔno na ɔma yenya ɔdɔ. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Adɔfo, momma yɛnkɔ so nnodɔ yɛn ho, efisɛ ɔdɔ fi Nyankopɔn, na obiara a ɔwɔ dɔ no Onyankopɔn na awo no na onya Nyankopɔn ho nimdeɛ. Nea ɔnnɔ no nnim Onyankopɔn, efisɛ Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:7, 8) Enti sɛ obi benya Onyankopɔn dɔ a, gye sɛ ɔbɛn Yehowa denam nokware nimdeɛ a obenya na wafi ne komam ayɛ osetie de saa nimdeɛ no abɔ ne bra so.—Filipifo 1:9; Yakobo 4:8; 1 Yohane 5:3.

5, 6. Dɛn na ɛboaa Yesu akyidifo a wodi kan no ma wonyaa Kristo dɔ no bi?

5 Wɔ mpae a etwa to a Yesu ne n’asomafo anokwafo 11 no bɔe mu no, ɔma wohui sɛ sɛ wohu Onyankopɔn a, ɛnna wɔn dɔ mu bɛyɛ den. Ɔkae sɛ: “Mama wɔahu wo din na mɛma wɔahu, na ɔdɔ a wode dɔɔ me no atra wɔn mu na matra wɔn mu.” (Yohane 17:26) Yesu boaa n’asuafo no ma wonyaa saa ɔdɔ a na ɛwɔ ɔne n’Agya ntam no bi, na ɔnam ne kasa ne ne nhwɛso so daa nea Onyankopɔn din kyerɛ a ɛne Onyankopɔn su ahorow a ɛyɛ anigye no adi. Enti, Yesu tumi kae sɛ: “Nea wahu me no ahu Agya no nso.”—Yohane 14:9, 10; 17:8.

6 Kristo dɔ no yɛ Onyankopɔn honhom kronkron no aba. (Galatifo 5:22) Bere a tete Kristofo no nyaa honhom kronkron a wɔahyɛ ho bɔ wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. no, honhom no ma wɔkaee nneɛma pii a na Yesu akyerɛkyerɛ wɔn no, na ɛsan ma wɔtee Kyerɛwnsɛm no ase yiye. Ɛda adi sɛ nimdeɛ a emu dɔ yi a wonyae no maa ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no mu yɛɛ den. (Yohane 14:26; 15:26) Dɛn na ɛno ma wɔyɛe? Wɔde wɔn nkwa too asiane mu kaa asɛm no wɔ nnamyɛ ne akokoduru so.—Asomafo Nnwuma 5:28, 29.

Akokoduru ne Ɔdɔ a Yɛbɛda no Adi

7. Asɛm bɛn na ɛtoo Paulo ne Barnaba wɔ wɔn asɛmpatrɛw akwantu no mu?

7 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom tumi ne ɔdɔ ne adwenemtew de.” (2 Timoteo 1:7) Ná Paulo fi nea ɔno ankasa ahu mu na ɔrekasa. Susuw tebea a ɔne Barnaba faa mu wɔ wɔn asɛmpatrɛw akwantu no mu ho hwɛ. Wɔkaa asɛm no wɔ nkurow pii mu; ebi ne Antiokia, Ikonion, ne Listra. Nnipa bi bɛyɛɛ gyidifo wɔ nkurow no mu biara mu, nanso afoforo sɔre tiaa wɔn denneennen. (Asomafo Nnwuma 13:2, 14, 45, 50; 14:1, 5) Wɔ Listra no, basabasayɛfo bi a na wɔn bo afuw siw Paulo abo, na wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ wawu! “Nanso, bere a asuafo no twaa ne ho hyiae no, ɔsɔre kɔɔ kurow no mu. Na ade kyee no, ɔne Barnaba fii hɔ kɔɔ Derbe.”—Asomafo Nnwuma 14:6, 19, 20.

8. Ɔkwan bɛn so na akokoduru a Paulo ne Barnaba daa no adi no ma yehu sɛnea na wɔdɔ nkurɔfo no kɛse?

8 So kum a anka wɔrekum Paulo yi bɔɔ ɔne Barnaba hu ma wogyaee asɛm no ka? Dabida! Bere a “wonyaa asuafo dodow bi” wɔ Derbe no, mmarima baanu yi ‘san kɔɔ Listra ne Ikoniom ne Antiokia.’ Sɛ́ wɔrekɔyɛ dɛn? Wɔkɔe sɛ wɔrekɔhyɛ wɔn a wɔyɛ foforo no nkuran sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ so ayɛ den wɔ gyidi mu. Paulo ne Barnaba kae sɛ: “Etwa sɛ yɛfa ahohia bebree mu na yɛakɔ Onyankopɔn ahenni mu.” Ɛda adi pefee sɛ, ɔdɔ kɛse a wɔwɔ ma Kristo “nguan nkumaa” no na ɛma wɔdaa akokoduru a ɛte saa adi. (Asomafo Nnwuma 14:21-23; Yohane 21:15-17) Bere a mmarima baanu yi paw mpanyimfo wɔ asafo ahorow a na wɔahyehyɛ no foforo no mu biara mu wiei no, wɔbɔɔ mpae “de wɔn hyɛɛ Yehowa a wɔabenya ne mu gyidi no nsa.”

9. Dɛn na mpanyimfo a wofi Efeso no yɛe wɔ ɔdɔ a na Paulo wɔ ma wɔn no ho?

9 Ná Paulo yɛ obi a ɔwɔ ɔdɔ ne akokoduru araa ma tete Kristofo no pii benyaa ɔdɔ a emu yɛ den maa no. Kae asɛm a esii bere a Paulo ne mpanyimfo a wofi Efeso, kurow a na Paulo atra mu mfe abiɛsa na wahyia ɔtaa pii wom yɛɛ nhyiam no. (Asomafo Nnwuma 20:17-31) Bere a Paulo hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnhwɛ Onyankopɔn nguan a wɔde wɔn ahyɛ wɔn nsa wiei no, ɔne wɔn buu nkotodwe bɔɔ mpae. Afei, “wɔn nyinaa sui, na wosusoo Paulo kɔn mu few n’ano, efisɛ asɛm a ɔkae sɛ wɔrenhu no bio no yɛɛ wɔn yaw yiye.” Hwɛ sɛnea na saa anuanom yi dɔ Paulo fa! Nokwarem no, bere a edui sɛ wɔredi nkra no, na ɛsɛ sɛ Paulo ne wɔn a wɔne no retu kwan no ‘tetew wɔn ho’ fi wɔn ho, efisɛ na ɛhɔ mpanyimfo no mpɛ sɛ wɔma wɔkɔ.—Asomafo Nnwuma 20:36–21:1.

10. Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ ada akokoduru ne ɔdɔ adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho?

10 Ɛnnɛ nso, wɔda ɔdɔ kɛse adi kyerɛ ahwɛfo akwantufo, asafo mu mpanyimfo, ne afoforo pii esiane akokoduru a wɔde hwɛ Yehowa nguan no nti. Sɛ nhwɛso no, wɔ aman a amanko asɛe hɔ anaa wɔabara asɛnka adwuma wɔ hɔ mu no, ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom de wɔn nkwa to asiane mu kɔsrasra asafo ahorow ɛmfa ho sɛ saa a wɔyɛ no betumi ama wɔakyere wɔn agu afiase anaa wɔakum wɔn mpo no. Saa ara na Adansefo pii ahu amane wɔ atumfo a wɔn tirim yɛ den ne wɔn akyidifo nsam esiane sɛ wonnyi wɔn mfɛfo Adansefo mma anaa wɔnnkyerɛ baabi a wonya honhom fam aduan fi nti. Wɔataa afoforo mpempem pii, ayɛ wɔn ayayade, na wɔakunkum ebinom mpo esiane sɛ wonnyae asɛmpa no ka anaa wɔkɔ so ne wɔn mfɛfo gyidifo hyiam wɔ Kristofo nhyiam ase nti. (Asomafo Nnwuma 5:28, 29; Hebrifo 10:24, 25) Momma yensuasua anuanom mmarima ne mmea a wɔte saa no gyidi ne wɔn dɔ no bi!—1 Tesalonikafo 1:6.

Mma Wo Dɔ Ano Nnwo

11. Akwan bɛn so na Satan ko tia Yehowa asomfo wɔ honhom fam, na dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

11 Bere a wɔtoo Satan fii soro baa asase so pɛ na ɔde n’anibere kɔsoɛɛ Yehowa asomfo so, esiane sɛ “wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu ho adansedi adwuma mu” nti. (Adiyisɛm 12:9, 17) Ɔbonsam mfiri no mu biako ne ɔtaa. Nanso mpɛn pii no, saa afiri yi ntaa nyɛ adwuma efisɛ ɛma Onyankopɔn nkurɔfo yɛ biako, na ɛma Kristofo dɔ a ɛwɔ wɔn ntam no mu yɛ den mmom, na ɛkanyan wɔn mu pii ma wɔyɛ ɔsom adwuma no kɛse. Satan afiri foforo ne sɛ ɔbɛkanyan adwemmɔne a ɛwɔ yɛn mu no ma yɛde ayɛ adwuma. Yehia akokoduru soronko na ama yɛako atia saa afiri yi, efisɛ ɛhwehwɛ sɛ yɛko tia biribi a ɛwɔ yɛn ankasa yɛn ho, akɔnnɔ bɔne a ɛwɔ yɛn koma ‘kontomponi a enye’ no mu no.—Yeremia 17:9; Yakobo 1:14, 15.

12. Ɔkwan bɛn so na Satan de “wiase honhom” yɛ adwuma de sɛe ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no?

12 Satan mfiri no mu biako yɛ akode bi a ano yɛ den, na ɛno ne “wiase honhom.” Su a wiase honhom no ma nnipa da no adi no tia Onyankopɔn honhom. (1 Korintofo 2:12) Wiase honhom no fã bi a ɛno ne “aniwa akɔnnɔ” no ma nnipa yɛ adifudepɛ, na ɛma wɔn ani bere wiase ahonyade. (1 Yohane 2:16; 1 Timoteo 6:9, 10) Ɛwom sɛ ahonyade ne sika nyɛ bɔne ankasa de, nanso sɛ yɛma yɛn ani gye ho sen ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn a, ɛnde na Satan adi yɛn so nkonim. Nea ɛma tumi a wiase honhom no wɔ ano yɛ den ne honam akɔnnɔ bɔne a ɛma nnipa nya, ne nnaadaa, adwuma a ɛkɔ so yɛ bere nyinaa, ne sɛnea ɛwɔ baabiara te sɛ mframa no. Mma wiase honhom no nwia wo koma!—Efesofo 2:2, 3; Mmebusɛm 4:23.

13. Ɔkwan bɛn so na wobetumi asɔ yɛn akokoduru anaa yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛbɔ ɔbra pa no ahwɛ?

13 Nanso, egye akokoduru na ama yɛatumi akɔ so abɔ ɔbra pa, ako atia wiase honhom no, na yɛatwe yɛn ho afi ho koraa. Sɛ nhwɛso no, egye akokoduru na ama yɛasɔre afi sini ase anaasɛ yɛadum kɔmputa anaa TV bere a mfonini a ɛmfata ba so no. Bio nso, egye akokoduru na ama yɛatwe yɛn ho afi nnamfo bɔne ho na yɛne wɔn agyae nantew koraa. Saa ara nso na egye akokoduru na ama yɛadi Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm so bere a wodi yɛn ho fɛw wɔ sukuu mu, adwuma mu, baabi a yɛte anaa yɛn abusua mu no.—1 Korintofo 15:33; 1 Yohane 5:19.

14. Sɛ wiase honhom no anya yɛn so nkɛntɛnso a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

14 Ɛnde hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛhyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn nuanom mmarima ne mmea a yɛne wɔn som Onyankopɔn no mu den! Gye bere fa hwehwɛ botae ahorow a esisi w’ani so, ne sɛnea wobɔ wo bra no mu hwɛ sɛ ebia wiase honhom no renya wo so nkɛntɛnso wɔ ɔkwan bi so anaa. Sɛ anya wo so nkɛntɛnso ketewaa bi mpo a, ɛnde bɔ Yehowa mpae fa hwehwɛ akokoduru na ama woatumi ayi afi hɔ koraa. Yehowa remmu n’ani ngu ade a wufi wo komam bisa no no so da. (Dwom 51:17) Bio nso, Onyankopɔn honhom no ano yɛ den koraa sen wiase honhom no.—1 Yohane 4:4.

Akokoduru a Yɛde Begyina Yɛn Sɔhwɛ Ahorow Ano

15, 16. Ɔkwan bɛn so na Kristo dɔ a yebenya no betumi aboa yɛn ma yɛagyina yɛn sɔhwɛ ahorow ano? Ma nhwɛso bi.

15 Ɔhaw afoforo a Yehowa asomfo gyina ano no bi ne nea sintɔ ne onyin de ba, na ɛtaa yɛ yare, dɛmdi, adwenemhaw, ne nsɛnnennen afoforo pii. (Romafo 8:22) Kristo dɔ a yebenya no betumi aboa yɛn ma yɛagyina saa sɔhwɛ ahorow yi ano. Sɛ nhwɛso no, susuw ɔbea bi a ne din de Namangolwa a wɔtetee no wɔ Kristofo abusua bi mu wɔ Zambia no ho hwɛ. Bere a Namangolwa dii mfe abien no ɔbɛyɛɛ obubuafo. Ɔka sɛ: “Ná mefɛre ade yiye, efisɛ na misusuw sɛ sɛ nkurɔfo hu sɛnea mete no a, ɛbɛma wɔn ho adwiriw wɔn. Nanso, me nuanom a me ne wɔn som Onyankopɔn no boaa me ma minyaa adwene foforo koraa. Na ɛno boaa me ma midii me fɛre no so, na bere bi akyi no, mebɔɔ asu.”

16 Ɛwom sɛ Namangolwa wɔ mmubuafo akongua de, nanso sɛ odu baabi a anhwea wɔ a, ɔtaa wea. Nanso, anyɛ yiye koraa no afe biara ɔyɛ akwampae boafo adwuma asram abien. Bere a Namangolwa kodii ɔbea bi adanse no, ɔbea no sui. Dɛn ntia? Efisɛ gyidi ne akokoduru a yɛn nuabea no daa no adi no kaa ɔbea no kɛse. Nanso, Yehowa ahyira Namangolwa adwuma so ama ne Bible asuafo baanum abɔ asu, na biako som sɛ asafo mu panyin. Ɔka sɛ: “Me nan taa yɛ me yaw paa de, nanso memma ɛno mmu m’abam.” Yehowa Adansefo pii na wɔwɔ wiase nyinaa a wonni ahoɔden te sɛ yɛn nuabea yi, nanso esiane ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa nti, wɔyere wɔn ho yɛ Onyankopɔn som adwuma no. Hwɛ sɛnea Yehowa ani gye saafo yi ho!—Hagai 2:7.

17, 18. Dɛn na ɛboa nnipa pii ma wogyina wɔn yare ne wɔn sɔhwɛ afoforo ano? Ma nhwɛso bi a wunim.

17 Yare a entumi nkɔ koraa nso betumi ama yɛn abam abu anaa yɛateetee. Asafo mu panyin bi ka sɛ: “Wɔ nhoma adesuakuw a mewom mu no, onuawa biako wɔ asikreyare na n’asaabo nso nyɛ adwuma papa, onuawa foforo nso yare kokoram, baanu nso yare ɔkwaha a emu yɛ den, na biako nso yare atwifan ne ɔdae. Ɛtɔ mmere bi a, na wɔn abam abu. Nanso, wɔnto asafo nhyiam mu gye sɛ wɔda ayaresabea anaa wɔn yare no mu ayɛ den paa. Wɔn nyinaa kɔ asɛnka daa. Wɔma mekae ɔsomafo Paulo asɛm yi: ‘Meyɛ mmerɛw mmom a na minya ahoɔden.’ M’ani gye ɔdɔ ne akokoduru a wɔwɔ no ho. Ebia wɔn yare no ma wosusuw asetra ho yiye, na ɛma wɔde wɔn adwene si nneɛma a ɛho hia ankasa so.”—2 Korintofo 12:10.

18 Sɛ woreko ɔhonam mu mmerɛwyɛ, yare, anaa ɔhaw foforo bi a, ‘bɔ mpae daa’ fa hwehwɛ mmoa sɛnea ɛbɛyɛ a w’abam remmu. (1 Tesalonikafo 5:14, 17) Ɛwom, ɛtɔ da bi a w’ani begye na ɛtɔ da bi nso a wo werɛ bɛhow de, nanso bɔ mmɔden fa w’adwene si nneɛma a ɛhyɛ nkuran so, nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho, ne titiriw no, Ahenni ho anidaso a ɛsom bo no so. Onuawa bi ka sɛ: “Me de, asɛnka adwuma no ne m’aduru.” Sɛ ɔka asɛmpa no kyerɛ afoforo a, ɛboa no ma ɔkɔ so kura n’anidaso mu.

Ɔdɔ Boa Wɔn a Wɔayɛ Bɔne no Ma Wɔsan Ba Yehowa Nkyɛn

19, 20. (a) Dɛn na ebetumi aboa wɔn a wɔayɛ bɔne no ma wɔanya akokoduru asan aba Yehowa nkyɛn? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

19 Ɛyɛ den ma nnipa pii a wɔayɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn som mu anaa wɔn a wɔayɛ bɔne no sɛ wɔbɛsan aba Yehowa nkyɛn. Nanso, sɛ saafo no nu wɔn ho ankasa na wɔkanyan ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no a, wobenya akokoduru a wohia no. Fa Mario * a ɔwɔ United States no sɛ nhwɛso. Mario fii Kristofo asafo no mu, na ɔbɛyɛɛ ɔsadweam ne obi a ɔnom nnubɔne, na mfe 20 akyi no, ɔkɔdaa afiase. Mario ka sɛ: “Mifii ase susuw me daakye ho kɔɔ akyiri na mekenkanee Bible no bio. Bere kɔɔ so no, mibenyaa Yehowa su ahorow ho anisɔ, ne titiriw no, ne mmɔborohunu, na mebɔɔ ho mpae mpɛn pii. Woyii me fii afiase no, me ne me nnamfo dedaw no ammɔ bio, na mekɔɔ Kristofo nhyiam, na wɔsan gyee me. Ɛwom sɛ meretwa nea migui no so aba wɔ me honam mu de, nanso anyɛ yiye koraa no, seesei mewɔ anidaso a ɛyɛ anigye. Minhu aseda a memfa mma Yehowa wɔ ne mmɔborohunu ne ne fafiri no ho.”—Dwom 103:9-13; 130:3, 4; Galatifo 6:7, 8.

20 Nokwarem no, ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn tebea te sɛ Mario de no yere wɔn ho paa ansa na wɔatumi asan aba Yehowa nkyɛn de, nanso, wɔn dɔ a wɔbɛsan akanyan no denam Bible adesua, mpaebɔ, ne nneɛma ho a wobesusuw so no bɛma wɔanya akokoduru a ɛfata de asi gyinae. Ahenni anidaso no nso hyɛɛ Mario den. Yiw, ɔdɔ, gyidi, ne Onyankopɔn suro akyi no, anidaso nso yɛ ade titiriw a ebetumi aboa yɛn wɔ asetram. Yebesusuw Onyankopɔn akyɛde a ɛsom bo yi ho yiye wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 19 Wɔasesa din no.

Wubetumi Abua?

• Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ boaa Yesu ma onyaa akokoduru soronko?

• Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a na Paulo ne Banaba wɔ ma anuanom no ma wonyaa akokoduru a ɛda nsow?

• Nneɛma bɛn na Satan bɔ mmɔden sɛ ɔde bɛsɛe Kristofo dɔ?

• Sɔhwɛ ahorow bɛn na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no bɛma yɛatumi anya akokoduru de agyina ano?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ɔdɔ a na Paulo wɔ ma nnipa no ma onyaa akokoduru de yɛɛ ne som adwuma

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Egye akokoduru na ama yɛadi Onyankopɔn mmara so

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Namangolwa Sututu