Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma W’ani Nnye Yɛn Asase Fɛfɛ Yi Ho

Ma W’ani Nnye Yɛn Asase Fɛfɛ Yi Ho

Ma W’ani Nnye Yɛn Asase Fɛfɛ Yi Ho

NSOROMMA HO ANIMDEFO ahu sɛ asase a nnipa te so yi yɛ ade ketekete koraa wɔ amansan kokuroo yi mu. Wonhuu baabi foforo biara wɔ yɛn amansan yi mu a nkwa betumi atra. Asase nkutoo na wɔahu sɛ ɛyɛ beae pa.

Bio nso yebetumi anya anigye wɔ asase fɛfɛ yi so. Sɛ awɔw de yɛn na sɛ owia pue a, hwɛ sɛnea yɛn ani gye fa! Yɛn mu hena na sɛ owia pue anaa sɛ ɛkɔtɔ a, ɛnyɛ no fɛ? Nokwarem no, ɛnyɛ nea owia no yɛ ma yɛn ara ne sɛ ɛbɛma yɛn ho ayɛ yɛn hyew anaa yɛn ani agye. Ɛho hia na ama yɛatumi atra nkwa mu nso.

Tumi a ɛwɔ owia no mu a ɛtwe ade bɛn no no na mfe ɔpepem pii ni ama asase ne okyinnsoromma afoforo no wowɔ nea ɛwɔ no. Sukuufo sua wɔ sukuu mu sɛ okyinnsoromma kuw no nyinaa di kyinhyia wɔ nsoromma kuw a yɛn asase yi ka ho no mfinimfini. Nanso owia no yɛ nsoromma bɛboro ɔpepepem 100 a ɛbom di kyinhyia no mu biako pɛ.

Nsoromma kuw bɛyɛ 35 na ɛka bom yɛ yɛn nsoromma kuw a yɛn asase yi ka ho no. Nsoromma akuw no bi yɛ akɛse, na nsoromma akuw mpempem pii na ɛwɔ mu. Sɛ yɛn amansan yi kɔhyɛɛ nsoromma akuw akɛse paa no mu a, anka nneɛma renkɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ yɛn okyinnsoromma kuw yi mu. Nanso sɛnea ɛte no, amansan yi mu mmeae kakraa bi na “ɛfata a abɔde a nkwa wom betumi atra” sɛnea Guillermo Gonzalez ne Jay W. Richards kae wɔ wɔn nhoma The Privileged Planet mu no.

So nkwa a ɛwɔ asase so no bae ara kwa, kyerɛ sɛ, yɛn amansan yi pae fii biribi mu prɛko pɛ na ɛbae? Anaasɛ biribi titiriw nti na wɔbɔɔ nkwa too Asase fɛfɛ yi so?

Nnipa pii abehu sɛ wɔhyɛɛ da bɔɔ yɛn asase yi sɛ nkwa ntra so. * Mfe pii a atwam no, Hebrini anwensɛm kyerɛwfo bi twee adwene sii ɔsoro ne asase so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma, ɔsram ne nsoromma a woasiesie a, ɔdesani ne hena?” (Dwom 8:3, 4) Ná anwensɛm kyerɛwfo yi gye di sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. So ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ wɔ yɛn bere yi a nyansahu mu nimdeɛ anya nkɔanim no mu?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Hwɛ Nnwom nhoma no, titiriw Dwom 8.

[Mfonini wɔ kratafa 3]

The Illustrated Science Encyclopedia—Amazing Planet Earth ka sɛ, “Sɛ wowɔ akyirikyiri a, asase no te sɛ aboɔden abo bi a ɛhyerɛn wɔ sum mu.”

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Asase mfonini: U.S. Fish & Wildlife Service, Washington, D.C./NASA