Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛn Okyinnsoromma Kuw A Ɛda Nsow No—Nea Ɛyɛe A Ɛbae

Yɛn Okyinnsoromma Kuw A Ɛda Nsow No—Nea Ɛyɛe A Ɛbae

Yɛn Okyinnsoromma Kuw A Ɛda Nsow No—Nea Ɛyɛe A Ɛbae

NNEƐMA pii na ɛka bom ma yɛn okyinnsoromma kuw a ɛwɔ amansan yi mu no da nsow koraa. Yɛn okyinnsoromma kuw no hyɛ nsoromma akuw abien bi fã a nsoromma pii nni no ntam. Ɛkame ayɛ sɛ nsoromma a yetumi hu anadwo nyinaa no wɔ akyirikyiri araa ma sɛ wɔde afiri a wɔde hwɛ ade a ɛwɔ akyirikyiri akɛse mpo hwɛ a, ɛte sɛ nkanea nketenkete bi. So saa na ɛsɛ sɛ ɛyɛ?

Sɛ yɛn okyinnsoromma kuw no bɛnee nsoromma kuw a yɛn asase no ka ho no pii a, anka ɛhɔ nsoromma a ɛdɔɔso pii no bɛma yɛahu amane. Sɛ nhwɛso no, anka ɛbɛyɛ den sɛ asase no betwa owia no ho ahyia, na eyi nso bɛma nnipa ahu amane papaapa. Nanso ɛte sɛ nea okyinnsoromma kuw no wɔ baabi pa wɔ nsoromma kuw no ntam ma enti eyi ne asiane afoforo ntumi nsisi. Eyi nti okyinnsoromma kuw no nkɔfa ahunmu baabi a ɛyɛ hyew paa ne baabi a nsoromma paapae, na enhyia nneɛma afoforo a ebetumi asɛe no nso.

Owia no yɛ nsoromma a ɛfata a ɛma yenya nea yehia. Owia no bɔ sɛnea ɛsɛ bere nyinaa, ɛwɔ hɔ daa, ɛnyɛ kɛse dodo, na saa ara nso na ɛnyɛ hyew dodo. Nsoromma pii a ɛwɔ yɛn nsoromma kuw no mu dodow no ara kɛse nnu owia no koraa, na entumi mma hann a ɛfata anaa ɔhyew a ɛsɛ a ebetumi ama nkwa atra okyinnsoromma foforo a ɛte sɛ asase so. Bio nso tumi a ɛtwe ade a ɛwɔ nsoromma dodow no ara mu no twe nsoromma no bemmɛn wɔn ho na wotwa wɔn ho wɔn ho hyia. Nanso owia no nte saa. Sɛ tumi a ɛwɔ owia abien anaa nea ɛboro saa mu na ɛtwetwe yɛn okyinnsoromma kuw no a, anka nneɛma rentumi nkɔ so pɛpɛɛpɛ saa.

Ade foforo a ɛma yɛn okyinnsoromma no da nsow ne sɛ, ɛkame ayɛ sɛ nea ɛyɛ akɛse a atew wɔn ho no twa owia no ho hyia pɛpɛɛpɛ na entumi ntwetwe okyinnsoromma afoforo a ɛte sɛ asase no. * Mmom no, okyinnsoromma a atew wɔn ho no bɔ okyinnsoromma a aka no ho ban fi asiane ho. Peter D. Ward ne Donald Brownlee ka wɔ wɔn nhoma mu sɛ: “Esiane sɛ okyinnsoromma akɛse te sɛ Jupiter, bɔ yɛn ho ban nti, nsoromma a etua dua ne okyinnsoromma nketewaa kakra bi na etumi tew bɛhwe asase so.” (Rare Earth—Why Complex Life Is Uncommon in the Universe) Wɔahu okyinnsoromma akuw foforo a okyinnsoromma akɛse wɔ so. Nanso sɛnea okyinnsoromma akɛse yi mu dodow no ara di kyinhyia no betumi ahaw okyinnsoromma ketewa a ɛte sɛ asase no.

Adwuma a Ɔsram no Yɛ

Adwuma a ɔsram no yɛ no ayɛ nnipa nwonwa fi tete. Nkurɔfo de ato nnwom, na ebinom nso de ayɛ anwensɛm. Sɛ nhwɛso no, tete Hebrini anwensɛm kyerɛwfo bi kaa ɔsram no ho asɛm sɛ ‘etim hɔ daa, na ɛyɛ wim dansefo nokwafo.’—Dwom 89:37.

Ɔkwan titiriw biako a ɔsram no fa so ka nkwa a ɛwɔ asase so ne sɛ tumi a ɛtwe ade a ɛwɔ ɔsram no mu no ma asorɔkye bɔ wɔ po so. Wosusuw sɛ asorɔkye a ɛbɔ wɔ po so no ne ade titiriw a ɛma po no di akɔneaba, na ɛno na ɛma yenya wim nsakrae ahorow.

Adwuma titiriw foforo a ɔsram no yɛ ne sɛ, tumi a ɛwom a ɛtwe ade no na ɛma asase gyina ne nan so bere a ɛretwa owia no ho hyia no. Nsɛmma nhoma a ɛka nyansahu ho asɛm Nature, kyerɛ sɛ, sɛ ɛnyɛ ɔsram no a anka asase behinhim a entumi nnyina ne nan so koraa. Sɛ asase no nkyeae kakra a, hwɛ sɛnea anka ɛbɛyɛ! Anka yɛrennya wim nsakrae, na osu nso rentɔ papa. Sɛnea asase akyea kakra no nso boa ma wim nyɛ hyew pii anaa ɛnyɛ nwini pii mma yɛn. Nsoromma ho nimdefo, Jacques Laskar, ka sɛ, “Sɛ ɛnyɛ ɔsram no dwumadi soronko no a, anka sɛnea wim sakra wɔ bere ano no remma.” Sɛnea ɔsram no kɛse te no ma etumi yɛ n’adwuma pɛpɛɛpɛ wɔ asase yi so, nanso asram a ɛwowɔ okyinnsoromma akɛse no so no nyɛ adwuma saa.

Tete Bible nhoma Genesis no kyerɛwfo no nso kae sɛ, ade foforo a ɔsram no yɛ ne sɛ, ɛma yenya hann anadwo.—Genesis 1:16.

Ɛbae Ara Kwa Anaa Obi na Ɔyɛe?

Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi akyerɛkyerɛ nneɛma pii a ɛkɔ so wɔ bere koro mu ma nkwa tumi tra asase so na ɛso tra san yɛ anigye no mu? Yebetumi akyerɛkyerɛ mu sɛ ɛbɛyɛ sɛ ɛbae ara kwa anaasɛ onyansafo bi na ɔyɛe.

Mfe mpempem pii a atwam no, Kyerɛw Kronkron no kae sɛ Ɔbɔadeɛ bi, ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn na onyaa adwene de bɔɔ yɛn amansan yi. Sɛ saa na ɛte a, na ɛkyerɛ sɛ nneɛma a ɛkɔ so wɔ yɛn okyinnsoromma kuw yi so no amma kwa, na mmom wɔhyɛɛ da na wɔhyehyɛe. Sɛ yɛbɛka a, Ɔbɔadeɛ no ma wɔyɛɛ akwan a ɔfaa so ma nkwa baa asase so no ho kyerɛwtohɔ. Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ ɛmfa ho sɛ kyerɛwtohɔ yi adi bɛyɛ mfe 3,500 no, amansan yi ho abakɔsɛm a wɔaka wom no ne nea nyansahufo susuw wɔ ho no hyia pɛpɛɛpɛ. Saa kyerɛwtohɔ yi wɔ Genesis nhoma a ɛwɔ Bible mu no mu. Susuw nea ɛka no ho hwɛ.

Adebɔ Ho Asɛm a Ɛwɔ Genesis Nhoma no Mu

“Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” (Genesis 1:1) Bible mu nsɛm a edi kan no fa yɛn okyinnsoromma kuw, yɛn asase, ne afei nsoromma akuw ɔpepepem pii a ɛbom yɛ yɛn amansan yi a wɔbɔe no ho. Sɛnea Bible kyerɛ no, bere bi na asase ani yɛ “sakasaka ne hunu.” Na nsasepɔn ne asase kesee biara nni hɔ. Nanso nsɛm a edi hɔ no twe adwene si nea nyansahufo kyerɛ sɛ ɛho hia paa na ama nkwa atra asase so no so. Eyi ne nsu a ɛdɔɔso. Ná Onyankopɔn honhom ‘redi akɔneaba wɔ nsu no ani.’—Genesis 1:2.

Sɛnea ɛbɛyɛ a nsu rennan asukyenee no, ɛsɛ sɛ ɔkwan a ɛda okyinnsoromma bi ne owia ntam no yɛ nea ɛsɛ. Okyinnsoromma ho nimdefo Andrew Ingersoll ka sɛ: “Mars so yɛ nwini dodo, Venus yɛ hyew dodo, Asase so hyew ne ne nwini yɛ nea ɛsɛ.” Saa ara na sɛ afifide betumi anyin a, ɛsɛ sɛ enya hann a ɛfata. Bible bɔ amanneɛ sɛ wɔ adebɔ mfiase no, Onyankopɔn maa owia hann no faa mununkum a na ɛkata ɛpo so sɛ ‘abomu’ a ɛkyekyere akokoaa ho no mu.—Hiob 38:4, 9; Genesis 1:3-5.

Yɛkenkan nkyekyɛm a edi hɔ wɔ Genesis nhoma no mu sɛ Ɔbɔadeɛ no yɛɛ nea Bible frɛ no “ntrɛwmu.” (Genesis 1:6-8) Mframa ahorow ahyɛ ntrɛwmu yi mu ma, na ɛno ne wim a yehu yi.

Afei Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ Onyankopɔn danee asase a na ani yɛ sakasaka no ma ɛbɛyɛɛ asase kesee. (Genesis 1:9, 10) Ɛda adi sɛ ɔmaa asase mu paapae. Enti ɛbɛyɛ sɛ amena akɛseakɛse bɛdedaa ntam na nsasepɔn fii po no mu puepuei.—Dwom 104:6-8.

Bere bi a atwam a yennim no, Onyankopɔn bɔɔ afifide nketenkete guu po mu. Afifide yi de ahoɔden a enya fi owia no mu ne mframa a nnipa ne mmoa home fi wɔn mu na ɛyɛ wɔn aduan bere a afifide yi nso ma yenya mframa pa a yɛhome no. Adeyɛ nwonwaso yi kɔɔ so ntɛmntɛm wɔ adebɔ da a ɛto so abiɛsa no mu bere a wɔbɔɔ afifide ma ɛde nkakrankakra kataa asase so nyinaa no. Enti ɛmaa mframa pa a ɛwɔ wim no dɔɔso, eyi na na ɛbɛma nnipa ne mmoa anya mframa a wɔbɛhome na wɔakɔ so atra nkwa mu.—Genesis 1:11, 12.

Ɔbɔadeɛ no bɔɔ mmoawammoawa bi wɔ asase no mu na ama asase no ama nnɔbae. (Yeremia 51:15) Saa mmoawammoawa yi na ɛma nneɛma porɔw wɔ asase no mu, na ɛyɛ asase yiye ma afifide tumi nyin. Mmoawammoawa titiriw bi wɔ asase mu a wɔtwe mframa a wɔfrɛ no nitrogen fi wim de ma afifide sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi anyin. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, sɛ wosaw dɔte wo nsa ma a, mmoawammoawa bɛyɛ ɔpepepem asia na ɛwom!

Genesis 1:14-19 ka owia, ɔsram, ne nsoromma a wɔbɔe wɔ da a ɛto so anan no ho asɛm. Sɛ wohwɛ a, ɛte sɛ nea eyi ne nea Kyerɛwnsɛm no adi kan akyerɛkyerɛ mu no nhyia. Nanso kae sɛ, Mose a ɔkyerɛw Genesis nhoma no, yɛɛ adebɔ ho kyerɛwtohɔ yi te sɛ obi a na ogyina asase so rehwɛ nea ɛrekɔ so no. Ɛda adi sɛ saa bere no na wohuu owia, ɔsram, ne nsoromma wɔ wim.

Asɛm a ɛwɔ Genesis no kyerɛ sɛ wɔbɔɔ po mu mmoa da a ɛto so anum no, ɛnna wɔbɔɔ asase so mmoa ne nnipa da a ɛto so asia no.—Genesis 1:20-31.

Wɔbɔɔ Asase sɛ Yɛn Ani Nnye wɔ So

So w’adwene nyɛ wo sɛ sɛnea wɔaka asase ho asɛm wɔ Genesis no kyerɛ sɛ wɔbɔe sɛ yɛn ani nnye wɔ so? Woada asɔre anɔpa bi a wim atew, ahome mframa pa bi ma w’ani agye pɛn? Ebia wutuu mpase wɔ turo bi mu na w’ani gyee sɛnea nhwiren a ɛwɔ mu no yɛ fɛ na ɛyɛ huam fa no ho. Anaasɛ ebia wonantenantew afuw bi a nnuaba wom mu na wotew aduaba a ɛyɛ dɛ no bi. Sɛ ɛnyɛ nneɛma a edidi so yi a, anka yɛn ani rennye wɔ asase so: (1) nsu pii a ɛwɔ asase so, (2) ɔhyew ne hann a ɛsɛ a yenya fi owia mu, (3) mframa ahorow a adi afra sɛnea ɛsɛ wɔ wim, ne (4) asasebere.

Saa nneɛma yi nyinaa a enni Mars, Venus, ne okyinnsoromma afoforo a ɛwɔ yɛn okyinnsoromma kuw yi mu no amma ara kwa. Wɔhyɛɛ da yɛɛ no saa na ama asetra ayɛ anigye wɔ asase so. Sɛnea wɔbɛkyerɛkyerɛ mu wɔ asɛm a edi hɔ no mu no, Bible ka nso sɛ Ɔbɔadeɛ no hyehyɛɛ yɛn asase fɛfɛ yi sɛ ɛntra hɔ afebɔɔ.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Okyinnsoromma a ɛte sɛ Asase a ɛwɔ yɛn okyinnsoromma kuw no mu no ne Mercury, Venus, ne Mars. Nea enti a ɛte sɛ asase ne sɛ abotan wɔ so. Jupiter, Saturn, Uranus, ne Neptune yɛ okyinnsoromma akɛse a ɛwɔ akyiri a abotan nni so.

[Mfonini wɔ kratafa 6]

“Sɛ wɔka kyerɛ me a meyɛ abotan ne dɔte ho nimdefo no sɛ menkyerɛkyerɛ nea nnɛyi nyansahufo nim wɔ nea ɛyɛe a asase ne nkwa bae mu nkyerɛ nguanhwɛfo awiɛmfoɔ, te sɛ mmusua a wɔkyerɛw Genesis nhoma no maa wɔn no a, anka nea mɛyɛ ara ne sɛ me de Genesis ti biako no mu nsɛm dodow no ara bɛkyerɛkyerɛ mu.”—Abotan ne dɔte ho nimdefo Wallace Pratt.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 7]

Ɛdeda Baabi A Ɛma Wotumi Sua Amansan Yi Ho Ade

Sɛ owia no da yɛn nsoromma kuw no fã foforo bi a, anka yɛrentumi nhu nsoromma yiye. Okyinnsoromma ho nhoma bi ka sɛ: “Yɛn okyinnsoromma kuw no wɔ baabi . . . a mfutuma ne hann pii nni, ma enti yetumi hu nsoromma a ɛbɛn ne amansan mu nneɛma a ɛwɔ akyirikyiri nyinaa yiye.”—The Privileged Planet.

Bio nso ɔsram no kɛse ne ɔkwan a ɛda ɛne asase ntam no yɛ nea ɛsɛ a etumi ma ɔsram no kata owia no so pɛpɛɛpɛ bere a ɔsram akyere owia no. Adeyɛ a ɛyɛ nwonwa a ɛntaa nsi yi boa nsoromma ho animdefo ma wosua owia no ho ade. Adesua a ɛte saa no boa wɔn ma wohu sɛnea nsoromma hyerɛn ho nneɛma bi a na wonnim.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Sɛnea ɔsram no kɛse te no na etumi ma asase no gyina ne nan so no

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Dɛn na ɛma nkwa tumi tra asase so? Nsu pii a ɛwɔ so, ɔhyew ne hann a ɛsɛ, asasebere, ne wim mframa

[Mfonini Fibea]

Asase mfonini: Based on NASA Photo; awi: Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.