Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mma, Muntie Mo Awofo Asɛm”

“Mma, Muntie Mo Awofo Asɛm”

“Mma, Muntie Mo Awofo Asɛm”

“Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu, na eyi na ɛteɛ.”—EFESOFO 6:1.

1. Ɔkwan bɛn so na osetie betumi abɔ wo ho ban?

EBIA osetie a yɛyɛe nti na yɛte ase nnɛ, bere a afoforo awuwu esiane osetie a wɔanyɛ nti. Dɛn na ɛsɛ sɛ yetie? Sɛ nhwɛso no, yɛn nipadua a wɔyɛe ma ɛyɛɛ “nwonwa” no bɔ yɛn kɔkɔ. (Dwom 139:14) Yehu nsu a amuna, na yɛte aprannaa a ɛbobom. Afei mframa nso bɔ denneennen ma ehu ka yɛn. Wɔn a wɔakyerɛ wɔn asiane a eyinom betumi de aba no nim sɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛrebɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnkɔpɛ baabi nhintaw efisɛ osu a ɛrebɛtɔ a anyinam ne asukɔtweaa ka ho no betumi akunkum nnipa.

2. Dɛn nti na mmofra hia kɔkɔbɔ, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ wotie wɔn awofo?

2 Mo a moyɛ mmofra no hia kɔkɔbɔ wɔ nneɛma a ebetumi de mo nkwa ato asiane mu ho, na ɛyɛ mo awofo asɛyɛde sɛ wɔma muhu. Ebia wokae sɛ wɔaka akyerɛ wo sɛ: “Mfa wo nsa nka gya no, ɛbɛhye wo.” “Nkɔ asubɔnten no ho, efisɛ ebetumi afa wo.” “Sɛ woretwa kwan mu a, di kan hwɛ benkum ne nifa ansa.” Awerɛhosɛm ne sɛ, esiane osetie a mmofra binom anyɛ nti, wɔapirapira anaa wɔawuwu. Osetie a wobɛyɛ ama w’awofo no yɛ nea “ɛteɛ,” kyerɛ sɛ ɛfata, ɛyɛ ne kwan so na nyansa nso wom. (Mmebusɛm 8:33) Kyerɛwsɛm foforo nso ka sɛ “eyi na ɛsɔ” yɛn Awurade Yesu Kristo “ani.” Nokwarem no, Onyankopɔn hyɛ wo sɛ tie w’awofo.—Kolosefo 3:20; 1 Korintofo 8:6.

Osetie so Mfaso

3. Dɛn ne “nkwa ankasa” a yɛn mu dodow no ara benya no, na dɛn na mmofra betumi ayɛ na ama wɔn nsa aka?

3 Sɛ wutie w’awofo asɛm a, ɛbɔ wo “nkwa” ho ban nnɛ, na saa ara nso na ebetumi ama woanya nkwa a “ɛreba no” a wɔfrɛ no “nkwa ankasa no.” (1 Timoteo 4:8; 6:19) Yɛn mu dodow no ara benya nkwa ankasa, a ɛyɛ nkwa a enni awiei no wɔ asase so wɔ Onyankopɔn wiase foforo a ɔde ahyɛ wɔn a wofi nokwaredi mu di ne mmara so bɔ no. Mmara no mu nea ehia biako ka sɛ: “‘Di wo papa ne wo maame ni’; na ɛno ne mmara a edi kan a bɔhyɛ wɔ mu: ‘Na asi wo yiye, na woatra ase akyɛ wɔ asase so.’” Enti sɛ wutie w’awofo a, w’ani begye. Ebesi wo yiye daakye, na ebia wubenya daa nkwa wɔ paradise wɔ asase so!—Efesofo 6:2, 3.

4. Dɛn na mmofra betumi ayɛ de adi Onyankopɔn ni na wɔnam so anya so mfaso?

4 Sɛ wutie w’awofo asɛm de di wɔn ni a, na woredi Onyankopɔn nso ni efisɛ ɔno na wahyɛ wo sɛ tie wɔn. Bere koro no ara nso wunya so mfaso. Bible ka sɛ: “Me [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo.” (Yesaia 48:17; 1 Yohane 5:3) Mfaso bɛn na wubenya afi osetie a wobɛyɛ so? Ɛma wo maame ne wo papa ani gye, na ɛma wɔn nso yɛ nneɛma a ɛbɛma w’ani agye yiye wɔ asetram ma wo. (Mmebusɛm 23:22-25) Nea ehia sen eyinom no, osetie a woyɛ no ma wo soro Agya no ani gye, na obehyira wo pii! Ma yɛnhwɛ sɛnea Yehowa hyiraa Yesu na ɔbɔɔ ne ho ban. Yesu kaa n’ankasa ho asɛm sɛ: “Meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa.”—Yohane 8:29.

Ná Yesu Pɛ Adwuma

5. Nneɛma bɛn na yebetumi agyina so agye adi sɛ na Yesu mfa n’adwuma nni agoru?

5 Ná Yesu yɛ ne maame, Maria abakan. Ná Yosef a ogyee Yesu sɛ ɔba no yɛ duadwumfo. Yesu nso bɛyɛɛ duadwumfo, na ɛda adi sɛ osuaa fii Yosef hɔ. (Mateo 13:55; Marko 6:3; Luka 1:26-31) Wususuw sɛ na Yesu yɛ duadwumfo bɛn? Bere a ɔwɔ soro ansa na ne maame a ɔyɛ ɔbaabun rebenyinsɛn no anwonwakwan so wɔ asase so no, sɛ́ onipa a wɔka ne ho asɛm sɛnkyerɛnne kwan so sɛ nyansa no, ɔkae sɛ: “Na mewɔ [Onyankopɔn] nkyɛn sɛ [odwumayɛni a ne ho akokwaw, NW] na meyɛ n’adɔde daa daa.” Onyankopɔn ani sɔɔ adwumaden a Yesu yɛe bere a na ɔwɔ soro no. Wunnye nni sɛ bere a na ɔyɛ abofra wɔ asase so no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ adwumaden sɛ duadwumfo a ɔmfa n’adwuma nni agoru?—Mmebusɛm 8:30; Kolosefo 1:15, 16.

6. (a) Dɛn nti na wususuw sɛ ɛbɛyɛ sɛ Yesu yɛ abofra no, na ɔyɛ adwuma wɔ fie? (b) Akwan bɛn so na mmofra betumi asuasua Yesu?

6 Akyinnye biara nni ho sɛ bere a na Yesu yɛ abofra no, ɛtɔ mmere bi a, na odi agoru sɛnea Bible mpo ka sɛ mmofra yɛe wɔ tete mmere mu no. (Sakaria 8:5; Mateo 11:16, 17) Nanso wubetumi ahu sɛ, sɛ́ ɔba panyin a ɔda abusua kɛse a wonni sika mu no, na ɔyɛ nnwuma afoforo ka duadwumfo adwuma a Yosef kyerɛɛ no no ho. Akyiri yi, Yesu bɛyɛɛ ɔsɛmpakafo na ɔde ne bere nyinaa yɛɛ ne som adwuma no, na mpo ɔde nneɛma a ɛbɛma wanya ahotɔ wɔ asetram bɔɔ afɔre. (Luka 9:58; Yohane 5:17) Woahu akwan a wubetumi afa so asuasua Yesu no? So ɛyɛ a w’awofo ka kyerɛ wo sɛ siesie wo dan mu anaa yɛ nnwuma afoforo? Wɔhyɛ wo nkuran sɛ fa wo ho hyɛ Onyankopɔn som mu denam Kristofo nhyiam a wobɛkɔ ne wo gyidi ho asɛm a wobɛka akyerɛ afoforo no so? Wudwen sɛ sɛ wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔnyɛ saa nneɛma yi a, anka ɔbɛyɛ?

Ná Ɔyɛ Obi a Osua Bible ne Ɔkyerɛkyerɛfo Pa

7. (a) Ɛbɛyɛ sɛ henanom na Yesu ne wɔn tuu kwan kodii Twam no? (b) Bere a na afoforo resan akɔ fie no, ɛhe na na Yesu wɔ, na dɛn nti na na ɔwɔ hɔ?

7 Wɔhyɛɛ mmarima a na wɔwɔ Israelfo mmusua mu nyinaa sɛ sɛ Yudafo redi wɔn afahyɛ abiɛsa wɔ afe no mu a, wɔnkɔ Yehowa asɔrefie nkɔsom no. (Deuteronomium 16:16) Bere a Yesu dii mfe 12 no, ɛbɛyɛ sɛ ɔne n’abusua nyinaa boom kɔɔ Yerusalem kodii Twam no. Ebia na Yosef ne Maria mmabarima ne mmabea a wɔaka no ka ho. Nanso, ɛbɛyɛ sɛ wɔn a wɔkaa Yesu abusua ho ne wɔn kɔe no bi ne Salome, a ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ Maria nuabea, ne ne kunu Sebedeo ne wɔn mmabarima Yakobo ne Yohane a akyiri yi wɔbɛyɛɛ asomafo no. * (Mateo 4:20, 21; 13:54-56; 27:56; Marko 15:40; Yohane 19:25) Bere a wɔresan aba no, ɛbɛyɛ sɛ Yosef ne Maria nyaa adwene sɛ Yesu ne abusuafo a aka no na ɛnam, enti mfiase no wɔanhu sɛ ɔnka wɔn ho. Nnansa akyi no, bere a Maria ne Yosef huu Yesu no, na ɔte asɔrefie hɔ wɔ “akyerɛkyerɛfo no mfinimfini retie wɔn bisabisa wɔn nsɛm.”—Luka 2:44-46.

8. Dɛn na Yesu yɛe wɔ asɔrefie hɔ, na dɛn nti na nkurɔfo ho dwiriw wɔn?

8 Ɔkwan bɛn so na na Yesu ‘rebisabisa’ akyerɛkyerɛfo no ‘nsɛm’? Ɛnyɛ sɛ ebia na ɔrebisabisa wɔn nsɛm de apɛ biribi mu ahu ara kɛkɛ. Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no betumi afa nsɛm a wobisabisa obi bere a wɔredi n’asɛm wɔ asɛnnibea no ho. Bere a na Yesu yɛ abofra mpo no, na wasua Bible no yiye ara ma ne ho yɛɛ nyamesom akyerɛkyerɛfo a na wonim nhoma no nwonwa! Bible ka sɛ: “Sɛnea n’adwenem dɔ na oyi nsɛm ano no maa wɔn a wɔretie no no ho dwiriw wɔn.”—Luka 2:47.

9. Dɛn na wubetumi ayɛ de asuasua Yesu wɔ sɛnea osuaa Bible no ho?

9 Dɛn nti na wususuw sɛ Yesu yɛ abofra no, otumi maa akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw no mpo ho dwiriw wɔn wɔ Bible mu nimdeɛ a na ɔwɔ no ho? Nokwarem no, na ɔwɔ awofo a wosuro Nyankopɔn a wɔkyerɛkyerɛɛ no Onyankopɔn asɛm fi ne mmofraase. (Exodus 12:24-27; Deuteronomium 6:6-9; Mateo 1:18-20) Yebetumi aka sɛ Yesu yɛ abofra no, na Yosef de no kɔ hyiadan mu kotie Kyerɛwnsɛm no a wɔkenkan na wosusuw ho no. So wo nso wowɔ awofo a wɔne wo sua Bible na wɔne wo kɔ Kristofo nhyiam ahorow? So w’ani sɔ mmɔden a wɔbɔ te sɛ nea Yesu ani sɔɔ nea n’awofo yɛe no? So woka nea wusua no ho asɛm kyerɛ afoforo sɛnea Yesu yɛe no?

Ná Yesu Brɛ ne Ho Ase

10. (a) Dɛn nti na anka ɛsɛ sɛ Yesu awofo hu baabi a na ɔwɔ? (b) Nhwɛso pa bɛn na Yesu yɛ maa mmofra?

10 Wususuw sɛ Maria ne Yosef tee nka dɛn bere a nnansa akyi no, wohuu Yesu wɔ asɔrefie hɔ no? Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn ho tɔɔ wɔn paa. Nanso ɛyɛɛ Yesu nwonwa sɛ na n’awofo nnim baabi a ɔwɔ. Ná wɔn baanu nyinaa nim sɛnea wɔwoo Yesu anwonwakwan so no. Bio nso, ɛmfa ho sɛ na wonnim Yesu ho nsɛm nyinaa no, ɛbɛyɛ sɛ na wonim dwuma a daakye obedi sɛ Agyenkwa ne Onyankopɔn Ahenni no Sodifo no ho biribi. (Mateo 1:21; Luka 1:32-35; 2:11) Enti Yesu bisaa wɔn sɛ: “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mukyin hwehwɛ me? So munnim sɛ etwa sɛ metra m’Agya fie?” Nanso Yesu yɛɛ osetie ne n’awofo san kɔɔ Nasaret. Bible ka sɛ: “Ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase hyɛɛ wɔn ase.” Bio nso, “ne maame nso de nsɛm yi nyinaa siee ne koma mu.”—Luka 2:48-51.

11. Osetie ho ade bɛn na wubetumi asua afi Yesu hɔ?

11 So ɛyɛ mmerɛw ma wo sɛ wubesuasua Yesu, atie w’awofo asɛm bere nyinaa? Anaa wususuw sɛ wɔn bere atwam na wunim pii sen wɔn? Ɛwom, ebia wowɔ nneɛma bi te sɛ telefon a aba so yi, kɔmputa, anaa abɛɛfo nneɛma foforo ho nimdeɛ pii sen wɔn. Nanso susuw Yesu a na “sɛnea n’adwenem dɔ na oyi nsɛm ano no” maa akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw no ho dwiriw wɔn no ho hwɛ. Ebia wubegye atom sɛ sɛ wɔde wo toto Yesu ho a, wunnim hwee. Nanso Yesu brɛɛ ne ho ase maa n’awofo. Eyi nkyerɛ sɛ na ɔne wɔn yɛ adwene bere nyinaa. Ne nyinaa akyi no, bere a ɔyɛ abofra no “ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase hyɛɛ wɔn ase.” Wususuw sɛ dɛn na wubetumi asua afi ne nhwɛso no mu?—Deuteronomium 5:16, 29.

Ɛnyɛ Mmerɛw sɛ Wobɛyɛ Osetie

12. Ɔkwan bɛn so na osetie betumi agye wo nkwa?

12 Ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ wobɛyɛ osetie, sɛnea esii mfe kakra a atwam ni bere a mmeawa baanu bi yɛe sɛ wobetu mmirika atwa ɔkwantempɔn bi mu sen sɛ wɔbɛfa baabi a wɔakyerɛ sɛ nnipa mfa ntwa kwan no mu no. Wɔka kyerɛɛ John a na ɔka wɔn ho a na ɔrekɔfa baabi a wɔakyerɛ sɛ wɔmfa ntwa ɔkwan no mu no sɛ, ‘Bra ma yentwam.’ Bere a ɔtwetwee ne ho no, abeawa baako dii ne ho fɛw sɛ: “Woyɛ ohufo papa!” Ɛwom sɛ na John nsuro de, nanso ɔkae sɛ: “Mede, mepɛ sɛ mitie me maame asɛm.” Bere a John nam baabi a wɔakyerɛ sɛ wɔmfa ntwa kwan no mu no, ɔtee sɛ kar bi abɔ obi. Onkotwa n’ani a, mmeawa yi na kar abɔ wɔn yi. Mmeawa no baako wui na ɔfoforo no nso pirae paa ma wotwaa ne nan. Akyiri yi mmeawa no maame a na waka akyerɛ wɔn sɛ wɔmfa baabi a wɔakyerɛ sɛ nnipa mfa no ka kyerɛɛ John maame sɛ: “Sɛ wotiee m’asɛm te sɛ wo ba no a, anka ɛbɛyɛ me dɛ paa.”—Efesofo 6:1.

13. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mutie mo awofo asɛm? (b) Bere bɛn na ɛrenyɛ papa sɛ abofra bi betie n’awofo?

13 Dɛn nti na Onyankopɔn ka sɛ: “Mma, muntie mo awofo asɛm”? Sɛ mutie mo awofo a, na moretie Onyankopɔn nso. Bio nso mo awofo wɔ osuahu pii sen mo. Sɛ nhwɛso no, mfe anum ansa na akwanhyia a yɛaka ho asɛm no resi no, na kar abɔ John maame adamfo bi ba a ɔbɔɔ mmɔden sɛ obetwa kwan koro no ara mu no! Nokwarem no, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ mubetie mo awofo, nanso Onyankopɔn ka sɛ monyɛ saa. Nanso sɛ mo awofo anaa afoforo ka kyerɛ mo sɛ munni atoro, munwia ade, anaa monyɛ ade foforo a Onyankopɔn mpɛ a, ɛsɛ sɛ “[mutie] Nyankopɔn mmom sen nnipa.” Ɛno nti na bere a Bible kae sɛ “muntie mo awofo asɛm” no, ɛde kaa ho sɛ wɔ “Awurade mu” no. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ mutie mo awofo wɔ biribiara a ɛne Onyankopɔn mmara hyia ho.—Asomafo Nnwuma 5:29.

14. Dɛn nti na ɛnyɛ den sɛ obi a ɔyɛ pɛ bɛyɛ osetie, nanso dɛn nti na ɛho hia sɛ osua?

14 So wususuw sɛ sɛ woyɛ pɛ, kyerɛ sɛ ‘efĩ nni wo ho, na womfra abɔnefo mu’ te sɛ Yesu a, anka ɛbɛyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ wubetie w’awofo asɛm? (Hebrifo 7:26) Sɛ woyɛ obi a woyɛ pɛ a, anka wunnya adwene sɛ wobɛyɛ bɔne, sɛnea seesei wutumi yɛ bɔne no. (Genesis 8:21; Dwom 51:5) Nanso na ɛsɛ sɛ Yesu mpo sua biribi fi osetie mu. Bible ka sɛ: “Ɛwom sɛ na [Yesu yɛ] Ɔba de, nanso osuaa osetie fii amane a ohui no mu.” (Hebrifo 5:8) Ɔkwan bɛn so na amanehunu boaa Yesu ma osuaa osetie, ade a na ɛho nhia sɛ osua wɔ soro?

15, 16. Ɔkwan bɛn so na Yesu suaa osetie?

15 Bere a Yesu yɛ abofra no, Yehowa maa Yosef ne Maria bɔɔ Yesu nkwa ho ban. (Mateo 2:7-23) Nanso bere rekɔ so no, Onyankopɔn amfa anwonwakwan so ammɔ Yesu ho ban bio. Yesu huu amane araa ma Bible ka sɛ “ɔnam nteɛm a emu yɛ den ne nusu so de adesrɛ ne nkotɔsrɛ” kɔɔ Onyankopɔn anim. (Hebrifo 5:7) Bere bɛn na eyi sii?

16 Esii wɔ Yesu asase so asetra bere a etwa to no mu, titiriw bere a na Satan awe ahinam so sɛ ɔbɛma Yesu agyae ne mudi mu no. Ɛda adi sɛ sɛnea na Yesu bewu sɛ obi a wobu no sɛ ɔbɔnefo ma aka n’Agya din no haw n’adwene araa ma enti “ɔbɔɔ mpae denneennen [wɔ Getsemane turom]; na ne ho fifiri yɛɛ sɛ mogya a ɛresosɔ gu fam.” Bere tiaa bi akyi no, ɔkwan a Yesu faa so wui wɔ asɛndua so no yɛɛ no yaw araa ma ‘ɔde nusu teɛɛm denneennen.’ (Luka 22:42-44; Marko 15:34) Enti “osuaa osetie fii amane a ohui no mu” na ɔnam so maa n’Agya ani gyei. Seesei a Yesu wɔ soro no, onim sɛnea yɛte nka bere a yɛreyere yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ osetie no.—Mmebusɛm 27:11; Hebrifo 2:18; 4:15.

Munsua Sɛnea Wɔyɛ Osetie

17. Ɛsɛ sɛ yebu nteɛso a wɔde ma yɛn no dɛn?

17 Sɛ wo papa ne wo maame teɛ wo so a, ɛkyerɛ sɛ wɔpɛ wo yiye, na wɔdɔ wo. Bible bisa sɛ: “Ɔba bɛn na ne papa ntwe n’aso?” Sɛ w’awofo nnɔ wo a ɛbɛma wɔagye bere abɔ mmɔden ateɛ wo so a, anka ɛnyɛ awerɛhosɛm? Saa ara na esiane sɛ Yehowa dɔ wo nti, ɔteɛ wo so. “Ampa, asotwe biara nni hɔ a seesei de ɛyɛ anigye, na mmom ɛyɛ awerɛhow, nanso akyiri yi ɛsow asomdwoe aba a ɛne trenee ma wɔn a atete wɔn no.”—Hebrifo 12:7-11.

18. (a) Nteɛso a wofi ɔdɔ mu de ma kyerɛ dɛn? (b) Akwan a mfaso wɔ so bɛn na woahu sɛ nteɛso aboa nkurɔfo?

18 Ɔhene bi a ɔtraa ase wɔ tete Israel a ne nyansa nti Yesu kaa ne ho asɛm no kaa hia a ehia sɛ awofo fi ɔdɔ mu de nteɛso ma ho asɛm. Salomo kyerɛwee sɛ: “Nea ɔkora n’abaa tan ne ba, na nea ɔdɔ no no teɛ no so ntɛmso.” Salomo kae mpo sɛ obi a wɔteɛ no so wɔ ɔdɔ mu no begye ne kra afi owu mu. (Mmebusɛm 13:24; 23:13, 14; Mateo 12:42) Kristoni bea bi ka sɛ, ɔyɛ abofra no, sɛ ɔyɛ asoɔden wɔ Kristofo nhyiam ase a, na ne papa ka kyerɛ no sɛ sɛ wɔkɔ fie a, ɔbɛteɛ no so. Seesei ɛyɛ no dɛ sɛ ne papa fi ɔdɔ mu teɛɛ no so, na aboa no wɔ n’asetram.

19. Dɛn titiriw nti na ɛsɛ sɛ wutie w’awofo?

19 Sɛ wowɔ awofo a ɔdɔ nti, wonya wo ho bere bɔ mmɔden teɛ wo so a, da wɔn ase. Tie wɔn, sɛnea yɛn Awurade Yesu Kristo tiee n’awofo, Yosef ne Maria no. Nanso nea enti a ɛsɛ sɛ wutie wɔn titiriw ne sɛ, wo soro Agya, Yehowa Nyankopɔn na ɔka sɛ yɛ saa. Wonam so benya mfaso, na “asi wo yiye, na woatra ase akyɛ wɔ asase so.”—Efesofo 6:2, 3.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Hwɛ Insight on the Scriptures, Po 2, kratafa 841, a Yehowa Adansefo tintimii no.

Wubebua Dɛn?

• Sɛ mmofra tie wɔn awofo a, mfaso bɛn na wobenya?

• Sɛ́ abofra no, ɔkwan bɛn so na Yesu tiee n’awofo de yɛɛ nhwɛso maa mmofra?

• Ɔkwan bɛn so na Yesu suaa osetie?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Ná Yesu a wadi mfe 12 no nim Kyerɛwnsɛm no yiye

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ɔkwan bɛn so na Yesu suaa osetie fii amane a ohui mu?