Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti Na Ɛnsɛ Sɛ Yɛyɛ Ade Ma Ɛtra So?

Dɛn Nti Na Ɛnsɛ Sɛ Yɛyɛ Ade Ma Ɛtra So?

Dɛn Nti Na Ɛnsɛ Sɛ Yɛyɛ Ade Ma Ɛtra So?

OBIARA nni hɔ a ɔkari pɛ sen Yehowa. “N’adeyɛ yɛ pɛ,” na esiane sɛ ɔyɛ mmɔborohunufo nti, ommu atɛn atirimɔden so. (Deuteronomium 32:4) Ne dɔ wɔ nnyinaso, efisɛ ɔde mmara a ɛyɛ pɛ na ɛyɛ adwuma. (Dwom 89:14; 103:13, 14) Wɔbɔɔ yɛn awofo a wodi kan no ma wɔkarii pɛ wɔ biribiara mu. Ná wɔrenyɛ biribiara ma ɛntra so. Nanso bɔne a wɔyɛe no ma wonyaa “nkekae” a ɛne sintɔ, ma enti wɔantumi ankari pɛ bio.—Deuteronomium 32:5.

Mfatoho bi ni: So woatra kar bi a ne tae abam mu pɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ kar no tae a abam no amma emu tra anyɛ wo dɛ na ɛma ɛyɛɛ hu nso. Ɛho hia sɛ wosiesie tae a ɛte saa ansa na asɛe koraa anaasɛ adwo. Saa ara na esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti yebetumi ayɛ nneɛma a ɛmfata. Sɛ yɛanhwɛ anni yɛn sintɔ no ho dwuma a, ebetumi ama yɛn ho akyere yɛn paa, na mpo ɛde yɛn nkwa ato asiane mu.

Ɛtɔ da bi a, suban pa a yɛwɔ anaa nneɛma a yɛbɔ mu mmɔden betumi ama yɛayɛ ade atra so. Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ na Mose Mmara no hwehwɛ sɛ Israelfo hyɛ ntade a wɔayɛ ano nnwow de, nanso Farisifo a wɔwɔ Yesu bere so a na wɔpɛ sɛ wɔda nsow wɔ nnipa mu no ‘yɛɛ wɔn ntade ano tɛtrɛɛ’ ma ɛtraa so. Adwene a na ɛwɔ akyi ne sɛ afoforo behu wɔn sɛ wɔyɛ kronkron sen wɔn mfɛfo.—Mateo 23:5; Numeri 15:38-40.

Ɛnnɛ nnipa binom bɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa kwan biara so anaa wɔbɛyɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa na ama afoforo adwene aba wɔn so. Ebia nea wɔpɛ sɛ wɔka ankasa ne sɛ: “Me nso mewɔ hɔ! Me nso meyɛ onipa!” Nanso ɛnyɛ ade a yɛbɛyɛ ma atra so wɔ yɛn ntadehyɛ, yɛn suban, ne yɛn nneyɛe mu no na ɛbɛma wɔahu sɛ yɛyɛ Kristofo.

Ɛsɛ sɛ Yɛkari Pɛ wɔ Adwumayɛ Mu

Ɛmfa ho nnipa kõ a yɛyɛ ne baabi a yɛte no, adwuma pa a yɛyɛ no ne ade biako a ɛma yɛn asetra di mũ. Wɔbɔɔ yɛn sɛ yɛn ani nnye wɔ adwuma a ɛte saa mu. (Genesis 2:15) Ne saa nti, Bible kasa tia anihaw. Ɔsomafo Paulo kaa no pen sɛ: “Obiara a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adwuma no, mma onnnidi nso.” (2 Tesalonikafo 3:10) Nokwarem no, sɛ yɛyɛ anihaw wɔ adwumayɛ ho a, ebetumi ama yɛadi hia na yɛn ani rennye, na afei nso ɛbɛma yɛahwere Onyankopɔn anim dom.

Wɔ nnipa pii fam no, wɔma adwuma di wɔn ti araa ma ɛde wɔn yɛ nkoa. Wofi fie anɔpatutuutu na wɔba fie anadwo, ebia wɔbɛka sɛ wɔn mmusua yiyedi nti na wɔyɛ saa. Nanso ebia na wɔn mmusua rehu amane esiane wɔn nnwuma a wɔama ayɛ wɔn nkoa nti. Ɔbea bi a ne kunu mpɔn adwuma ntɛm ka sɛ: “Sɛ me kunu nya bere ma me ne yɛn mma no a, anka mepɛ no saa koraa sen nneɛma pa a ahyɛ ofie yi mu ma yi.” Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma tra so no susuw Ɔhene Salomo asɛm yi ho anibere so: “Medan m’ani mehwɛɛ me nnwuma a me nsa yɛe no nyinaa ne me brɛ a mebrɛ meyɛe no, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.”—Ɔsɛnkafo 2:11.

Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ anihaw anaa yɛma adwuma di yɛn ti dodo. Yebetumi ayɛ nsi wɔ yɛn adwumayɛ mu, nanso bere koro no ara, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ sɛ yɛma adwuma de yɛn yɛ nkoa a, yɛn ani rennye na ebia ɛbɛma yɛahyia ɔhaw afoforo nso.—Ɔsɛnkafo 4:5, 6.

Nya Anigyede Ho Adwene a Ɛfata

Bible ka too hɔ sɛ: “Nnipa bɛyɛ . . . wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.” (2 Timoteo 3:2, 4) Anigyede abɛyɛ Satan nneɛma titiriw a ɔde twe nnipa fi Onyankopɔn nkyɛn no mu biako. Nnipa dodow no ara de wɔn ho rehyɛ anigyede te sɛ, agodie a ɛyɛ hu mu kɛse. Agodie a ɛtete saa ne nnipa a wɔde wɔn ho rehyɛ mu no dɔ ara na ɛredɔɔso. Dɛn nti na agye din saa? Esiane sɛ nnipa pii ani nnye wɔ asetram nti, wɔkɔ so hwehwɛ biribi a ɛbɛma wɔn ani agye kɛse. Nanso asiane pii bata anigye a ɛte saa a wobenya ho. Obu a Kristofo a wɔyɛ ahwɛyiye wɔ ma nkwa ne Nkwamafo no nti, wɔmfa wɔn ho nhyɛ agodie a asiane wom saa mu.—Dwom 36:9.

Bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa baanu a wodi kan no, ɛhefa na ɔde wɔn trae? Ɔde wɔn traa Eden turom, a wɔ mfitiase kasa mu no ɛkyerɛ “anigye.” (Genesis 2:8) Akyinnye biara nni ho sɛ na anigye a nnipa benya wɔ asetra mu no ka nea enti a Yehowa bɔɔ nnipa no ho.

Yesu gyaw yɛn nhwɛso pa wɔ anigyede a ɛkari pɛ ho. Ná nea ehia no paa ne sɛ ɔbɛyɛ Yehowa apɛde, na wammu Onyankopɔn mmara so da. Onyaa bere maa wɔn a ahia wɔn, bere a na wabrɛ mpo. (Mateo 14:13, 14) Nkurɔfo too nsa frɛɛ Yesu ma ɔne wɔn kodidii na ogyee bere de homee nso. Nokwarem no, na onim sɛ n’atamfo binom kasa tia no esiane saa nneɛma a ɔyɛe no nti. Wɔkaa ne ho asɛm sɛ: “Hwɛ! Ɔbarima didifo ne ɔsanomfo.” (Luka 7:34; 10:38; 11:37) Nanso na ɛnyɛ Yesu adwene ne sɛ sɛ obi som Onyankopɔn a, ɛnsɛ sɛ ogye n’ani koraa.

Ɛda adi pefee sɛ, nyansa nnim sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ anigyede biara mu atra so. Sɛ yɛma anigyede yɛ ade titiriw wɔ yɛn asetram a, ɛno remma yennya anigye ankasa da. Ebetumi ama yɛabu yɛn ani agu nneɛma a ɛho hia paa te sɛ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ so. Ne nyinaa akyi no, ɛnsɛ sɛ yɛde anigyede kame yɛn ho, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia afoforo a wogye wɔn ani wɔ ɔkwan a ɛfata so no.—Ɔsɛnkafo 2:24; 3:1-4.

Kari Pɛ wɔ Asetram na Nya Anigye

Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii.” (Yakobo 3:2) Ebia yebehu sɛ asɛm yi yɛ nokware bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛrennyɛ nneɛma ntra so no. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakari pɛ? Ehia sɛ yehu yɛn mmerɛwyɛ ne nneɛma a yɛbɔ mu mmɔden. Nanso ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebehu eyi. Yebetumi ayɛ ade ma atra so a yɛn ani nna yɛn ho so. Ɛnde na nyansa wom sɛ yɛbɛbɛn Kristofo a wɔn ho akokwaw na afei yɛyɛ aso tie afotu pa. (Galatifo 6:1) Yebetumi agye afotu pa a ɛte saa afi yɛn adamfo bi a yɛwɔ ne mu ahotoso wɔ asafo no mu anaa asafo mu panyin bi a ne ho akokwaw hɔ. Kyerɛwnsɛm no ne afotu a egyina Bible so a ɛte saa a yebenya no betumi ayɛ sɛ “ahwehwɛ” a ɛbɛma yɛahu sɛnea yɛte ankasa wɔ Yehowa anim.—Yakobo 1:22-25.

Ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ yɛrentumi nkari pɛ wɔ yɛn asetram. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden a, yebetumi akari pɛ na yɛanya anigye. Yɛnam saayɛ so bɛma yɛne yɛn nuanom Kristofo abusuabɔ mu ayɛ den, na wɔn a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no mpo betumi ahwɛ yɛn asuasua yɛn. Ne nyinaa mu no, yebesuasua yɛn Nyankopɔn, Yehowa a ɔyɛ ɔdɔ na ɔkari pɛ no yiye.—Efesofo 5:1.

[Mfonini wɔ kratafa 28]

©Greg Epperson/age fotostock