Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmabun—Momfa Botae A Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam Nsi Mo Anim

Mmabun—Momfa Botae A Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam Nsi Mo Anim

Mmabun—Momfa Botae A Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam Nsi Mo Anim

“Fa onyamesom pa si w’ani so fa tete wo ho.”—1 TIMOTEO 4:7.

1, 2. (a) Dɛn nti na Paulo kamfoo Timoteo? (b) Dɛn na mmerante ne mmabaa a wɔwɔ hɔ nnɛ reyɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔde ‘onyamesom pa asisi wɔn ani so de retete wɔn ho’?

“MINNI obiara a ne suban te sɛ ɔno a obeyi ne yam adi mo nsɛm ho dwuma saa. . . . Te sɛ abofra ne ne papa de trɛw asɛmpa no mu.” (Filipifo 2:20, 22) Ɔsomafo Paulo kaa asɛm a ɛyɛ anigye yi wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Filipi wɔ afeha a edi kan no mu no mu. Hena ho asɛm na na ɔreka no? Ná ɛyɛ Timoteo, aberantewa a na ɔka ne ho wɔ n’akwantu adwuma mu no. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ asɛm a Paulo ka de kamfoo Timoteo, na ɔnam so kyerɛe sɛ ɔwɔ ne mu ahotoso no maa Timoteo ani gyei!

2 Mmabun a wosuro Onyankopɔn a wɔte sɛ Timoteo no yɛ nnipa a wɔsom bo wɔ Yehowa nkurɔfo mu bere nyinaa. (Dwom 110:3) Ɛnnɛ, mmerante ne mmabaa pii wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu, na wɔresom sɛ daa akwampaefo, asɛmpatrɛwfo, wɔn a wɔatu wɔn ho ama resisi adan, ne Betel adwumayɛfo. Wɔn nso a wɔfata nkamfo paa ne wɔn a wɔde nsi resom wɔ asafo ahorow mu na wɔreyɛ nnwuma afoforo no. Saa mmerante ne mmabaa yi nya akomatɔyam ankasa a wɔn a wɔde botae a ɛhyɛ yɛn soro Agya Yehowa anuonyam de sisi wɔn ani so nya no bi. Nokwarem no, wɔde ‘onyamesom pa asisi wɔn ani so de retete wɔn ho.’—1 Timoteo 4:7, 8.

3. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ saa adesua yi mu?

3 Sɛ́ aberante anaa ababaa no, so wode botae pɔtee bi asi w’ani so wɔ Onyankopɔn som mu a worepere adu ho? Ɛhe na wubetumi anya mmoa ne nkuranhyɛ a ɛbɛma woatumi adu ho? Dɛn na wobɛyɛ na adwene a wiase yi wɔ wɔ ahonyade ho no annye w’adwene? Sɛ wode w’ani si botae ahorow a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam so a, nhyira bɛn na wubetumi ahwɛ kwan sɛ wubenya? Ma yensusuw Timoteo asetra ne n’adwuma ho mfa nhwehwɛ saa nsɛmmisa yi ho mmuae.

Timoteo Ho Nsɛm

4. Ka Kristofo som adwuma a Timoteo yɛe no ho asɛm tiawa.

4 Wɔtetee Timoteo wɔ Listra a ɛyɛ kurow ketewa bi a ɛwɔ Roma mantam a ɛne Galatia no mu. Ɛda adi sɛ, Timoteo huu Kristosom bere a na ɔyɛ abarimaa wɔ bere a Paulo kɔkaa asɛm no wɔ Listra bɛyɛ afe 47 Y.B. mu no. Ankyɛ koraa na Timoteo nyaa din pa wɔ ne nuanom Kristofo a na wɔwɔ hɔ no mu. Mfe abien akyi a Paulo san kɔɔ Listra na ohuu nkɔso a Timoteo anya no, Paulo faa no sɛ ɔmmɛka ne ho mma wɔnkɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma. (Asomafo Nnwuma 14:5-20; 16:1-3) Bere a Timoteo ho kokwawee wɔ Onyankopɔn som mu no, wɔde asɛyɛde akɛse pii hyehyɛɛ ne nsa, na na adwuma a ɛho hia a ɔyɛ no bi ne sɛ na wɔma ɔkɔhyɛ anuanom den. Bere a na Paulo da afiase wɔ Roma wɔ bɛyɛ afe 65 Y.B. mu a ɔkyerɛw krataa kɔmaa Timoteo no, na Timoteo resom sɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu wɔ Efeso.

5. Sɛnea 2 Timoteo 3:14, 15 kyerɛ no, nneɛma abien bɛn na ɛboaa Timoteo ma ɔde botae sisii n’ani so wɔ Onyankopɔn som mu?

5 Ɛda adi pefee sɛ Timoteo de botae sisii n’ani so wɔ Onyankopɔn som mu. Nanso, dɛn na ɛhyɛɛ no nkuran ma ɔyɛɛ saa? Paulo kaa nneɛma abien a ɛboaa Timoteo ma ɔyɛɛ saa no ho asɛm wɔ krataa a ɛto so abien a ɔkyerɛw kɔmaa Timoteo no mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Tra nea woasua na woabegye adi sɛ ɛyɛ nokware no mu, na wunim nnipa a wusua fii wɔn nkyɛn no, na wufi wo mmofraase nso nim nkyerɛwee kronkron no.” (2 Timoteo 3:14, 15) Ma yenni kan nsusuw nea Kristofo foforo yɛ de boaa Timoteo ma ɔde botae sisii n’ani so wɔ Onyankopɔn som mu no ho.

Ma Fekubɔ Pa Mmoa Wo

6. Nkyerɛkyerɛ bɛn na wɔde maa Timoteo, na dɛn na ɔyɛe wɔ ho?

6 Wɔtetee Timoteo wɔ abusua bi a na emufo nni ɔsom biako mu mu. Ná ne papa yɛ Helani, ɛnna ne maame Eunike ne nenabea Lois yɛ Yudafo. (Asomafo Nnwuma 16:1) Eunike ne Lois de Hebri Kyerɛwnsɛm mu nokware no kyerɛkyerɛɛ Timoteo fii ne mmofraase pɛɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ akyiri yi a wɔbɛyɛɛ Kristofo no, wɔboaa Timoteo ma ogyee Kristosom nkyerɛkyerɛ toom. Ɛda adi pefee sɛ, Timoteo tiee nea wɔde kyerɛkyerɛɛ no no, na ɛboaa no kɛse. Paulo kae sɛ: “Mekae gyidi a nyaatwom nnim a ɛwɔ wo mu, a edii kan traa wo nana Lois ne wo maame Eunike mu, a mewɔ ahotoso sɛ ɛwɔ wo nso wo mu no.”—2 Timoteo 1:5.

7. Dɛn na mmerante ne mmabaa pii wɔ, na ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi anya awofo ne nenanom a wosuro Onyankopɔn no so mfaso?

7 Ɛnnɛ, mmerante ne mmabaa pii a wɔwɔ awofo ne nenanom a wosuro Onyankopɔn te sɛ Lois ne Eunike no hu sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔde botae ahorow sisi wɔn ani so wɔ Onyankopɔn som mu. Sɛ nhwɛso no, Samira da so kae nkɔmmɔ pii a n’awofo ne no bɔe bere a na ɔyɛ ababaa no. Samira ka sɛ: “Maame ne Paapa kyerɛkyerɛɛ me sɛ minnya Yehowa adwene wɔ nneɛma ho, na memfa asɛnka adwuma no nyɛ ade a edi kan wɔ m’asetra mu. Wɔhyɛɛ me nkuran bere nyinaa sɛ memfa me ho nhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu.” Samira de n’awofo afotu no yɛɛ adwuma, na seesei wanya hokwan resom sɛ Betel abusua no muni wɔ ne man mu. Sɛ w’awofo hyɛ wo nkuran sɛ fa botae sisi w’ani so wɔ Onyankopɔn som mu a, susuw wɔn afotu no ho yiye. Efisɛ wɔpɛ sɛ esi wo yiye.—Mmebusɛm 1:5.

8. Ɔkwan bɛn so na Timoteo nyaa nnamfo pa a ɔfae wɔ Kristofo asafo mu no so mfaso?

8 Ɛho hia nso sɛ wofa nnamfo pa wɔ wo nuanom Kristofo mu. Ná Kristofo mpanyimfo a wɔne Timoteo wɔ asafo mu ne mpanyimfo a na wɔwɔ Ikoniom asafo a ɛwɔ akyiri bɛyɛ kilomita 30 mu no nyinaa nim Timoteo yiye. (Asomafo Nnwuma 16:1, 2) Timoteo faa Paulo a na ɔyɛ nnam wɔ Onyankopɔn som mu no adamfo denneennen. (Filipifo 3:14) Nkrataa a Paulo kyerɛw kɔmaa Timoteo no ma yehu sɛ na Timoteo tie afotu, na na ɔyɛ ntɛm suasua wɔn a wɔyɛ nhwɛso pa wɔ gyidi mu no. (1 Korintofo 4:17; 1 Timoteo 4:6, 12-16) Paulo kyerɛwee sɛ: “Wo de, nea woadi akyi pɛpɛɛpɛ ne me nkyerɛkyerɛ, m’asetra kwan, m’atirimpɔw, me gyidi, m’abodwokyɛre, me dɔ, me boasetɔ.” (2 Timoteo 3:10) Yiw, Timoteo dii Paulo nhwɛso akyi pɛpɛɛpɛ. Saa ara na wo nso sɛ wobɛn anuanom a wɔwɔ w’asafo mu a wɔmfa wɔn som nni agoru no a, wɔbɛboa wo ma wode botae a mfaso wɔ so asisi w’ani so wɔ Onyankopɔn som mu.—2 Timoteo 2:20-22.

Sua “Nkyerɛwee Kronkron No”

9. Nnamfo pa a wobɛfa akyi no, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na ama wode ‘onyamesom pa asi w’ani so de atete wo ho’?

9 So nnamfo pa kɛkɛ a wobɛfa no bɛma woadu botae a wode besisi w’ani so wɔ Onyankopɔn som mu no ho? Dabi. Ɛsɛ sɛ w’ankasa wohwehwɛ “nkyerɛwee kronkron no” mu te sɛ nea Timoteo yɛe no. Ebia woyɛ obi a w’ani nnye adesua ho, nanso kae sɛ ná ɛsɛ sɛ Timoteo de ‘onyamesom pa si n’ani so de tete ne ho.’ Mmirikatufo a wosi akan taa de asram pii na esiesie wɔn ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adu wɔn botae ho. Saa ara na wo nso sɛ wubetumi adu botae a wode asisi w’ani so wɔ Onyankopɔn som mu no ho a, ɛsɛ sɛ wode nneɛma bɔ afɔre na woyere ho paa sɛ wubedu ho. (1 Timoteo 4:7, 8, 10) Nanso, ebia wubebisa sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na Bible a mesua no betumi aboa me ma madu me botae ahorow ho?’ Ma yensusuw akwan abiɛsa ho nhwɛ.

10, 11. Dɛn nti na Kyerɛwnsɛm no betumi ahyɛ wo nkuran ma woatumi adu botae a wode asisi w’ani so wɔ Onyankopɔn som mu no ho? Ma ɛho nhwɛso bi.

10 Nea edi kan no, Kyerɛwnsɛm no bɛhyɛ wo nkuran. Kyerɛwnsɛm no ma yehu yɛn soro Agya no suban a ɛyɛ fɛ, ɔdɔ a ɛsen biara a wada no adi akyerɛ yɛn, ne anigye a ɔbɛma n’asomfo anokwafo anya daa no. (Amos 3:7; Yohane 3:16; Romafo 15:4) Bere a worenya Yehowa ho nimdeɛ pii no, saa ara na ɔdɔ a wowɔ ma no no nso bɛyɛ kɛse na ama ɔpɛ a wowɔ sɛ wubehyira wo nkwa so ama no no mu ayɛ den.

11 Kristofo mmerante ne mmabaa pii ka sɛ Bible a wɔn ankasa sua no daa no aboa wɔn ma wɔde wɔn ho ahyɛ nokware som mu. Sɛ nhwɛso no, wɔtetee Adele wɔ Kristofo abusua mu, nanso na ɔmfaa botae biara nsisii n’ani so wɔ Onyankopɔn som mu da. Adele ka sɛ: “Ná m’awofo de me kɔ Ahenni Asa so, nanso na m’ankasa minsua ade, na saa ara nso na sɛ yɛkɔ asafo nhyiam ahorow ase a na mintie hwee.” Bere a Adele nuabea panyin bɔɔ asu no, Adele maa n’ani beree paa sɛ obesua nokware no. Adele kae sɛ: “Mifii ase sɛ mɛkenkan Bible mũ no nyinaa. Sɛ mekenkan kakra a, na meyɛ kyerɛwtohɔ wɔ nea makenkan no ho. Kyerɛwtohɔ a meyɛe no nyinaa da so wɔ hɔ. Mekenkan Bible no wiei wɔ afe biako mu.” Saa a Adele yɛe no hyɛɛ no nkuran ma ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa. Ɛwom sɛ Adele adi dɛm bi de, nanso seesei ɔyɛ ɔkwampaefo anaa bere nyinaa ɔsɛmpakafo.

12, 13. (a) Nsakrae bɛn na Bible a aberante anaa ababaa bi besua no bɛboa no ma wayɛ wɔ n’asetra mu, na ɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa? (b) Ma nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ nyansa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no betumi aboa obi.

12 Nea ɛto so abien no, Bible bɛboa wo ma woasesa wo suban. Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ “nkyerɛwee kronkron no” ye “ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso, na Onyankopɔn nipa afata koraa a wɔasiesie no yiye ama adwuma pa biara.” (2 Timoteo 3:16, 17) Sɛ wususuw Onyankopɔn Asɛm no ho daa, na wode Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma a, ɛbɛma Onyankopɔn honhom aboa wo ma woanya suban pa. Ɛbɛma woanya suban pa te sɛ ahobrɛase, boasetɔ, ne nnamyɛ, na woanya ɔdɔ kann ama wo mfɛfo Kristofo. (1 Timoteo 4:15) Ná Timoteo wɔ saa su pa yi, na ɛno ma otumi boaa Paulo ne asafo ahorow a ɔno Timoteo somee no.—Filipifo 2:20-22.

13 Nea ɛto so abiɛsa no, nyansa pii wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. (Dwom 1:1-3; 19:7; 2 Timoteo 2:7; 3:15) Nyansa no bɛboa wo ma woapaw nnamfo pa, anigyede a ɛfata, na aboa wo ma woahu sɛnea wobɛyɛ w’ade wɔ nsɛnnennen foforo a wubehyia ho. (Genesis 34:1, 2; Dwom 119:37; 1 Korintofo 7:36) Ɛho hia sɛ wusisi gyinae nyansam nnɛ na aboa wo ma woadu botae a wode asisi w’ani so wɔ Onyankopɔn som mu no ho.

“Ko Gyidi Ko Pa No”

14. Dɛn nti na ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ wode botae besisi w’ani so wɔ Onyankopɔn som mu?

14 Nyansa wom paa sɛ wode botae a ɛhyɛ Yehowa anuonyam bedi kan asisi w’anim wɔ w’asetra mu, nanso ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ wobɛyɛ saa. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɛkɔba sɛ ɛsɛ sɛ wopaw adwuma a wobɛyɛ a, wubetumi ahyia nhyɛso pii afi w’abusuafo, w’atipɛnfo, ne akyerɛkyerɛfo a wosusuw sɛ nhomasua a ɛkɔ akyiri ne adwuma a ɛbɛma woanya sika pii nkutoo na ɛbɛma woadi yiye na woanya anigye wɔ w’asetra mu no hɔ. (Romafo 12:2) Ɛho behia sɛ ‘woko gyidi ko pa’ no te sɛ Timoteo, na ama woatumi aso “daa nkwa” a Yehowa de ahyɛ wo bɔ no mu “denneennen.”—1 Timoteo 6:12; 2 Timoteo 3:12.

15. Ɔsɔretia bɛn na ɛbɛyɛ sɛ Timoteo hyiae?

15 Sɛ w’abusuafo a wɔnyɛ Yehowa asomfo ani nnye botae a wode asisi w’ani so no ho a, wo sɔhwɛ no mu betumi ayɛ den paa. Ebetumi aba sɛ na ɛsɛ sɛ Timoteo gyina ɔsɔretia a ɛte saa ano. Sɛnea nhoma bi kyerɛ no, ɛbɛyɛ sɛ na abusua a Timoteo fi mu “yɛ nhomanimfo a na wodi yiye.” Ebetumi aba sɛ na ne papa hwɛ kwan sɛ obesua nhoma akɔ akyiri na wakɔ so ahwɛ abusua adwuma bi so. * Wode hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Timoteo papa yɛɛ n’ade bere a ohui sɛ Timoteo ani gye ho sɛ ɔne Paulo bɛyɛ asɛmpatrɛw adwuma, adwuma a asiane pii ne sikasɛm mu ahokyere wom no!

16. Ɛyɛɛ dɛn na aberante bi tumi gyinaa ɔsɔretia a ne papa de baa no so no ano?

16 Kristofo mmerante ne mmabaa a wɔwɔ hɔ nnɛ nso hyia nsɛnnennen a ɛte saa ara. Matthew a ɔsom wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea bi no kae sɛ: “Bere a mifii ase yɛɛ akwampae adwuma no, ɛhaw me papa yiye. Esiane sɛ mekɔyɛɛ adwuma sɛ obi a ɔprapra sɛnea ɛbɛma manya sika de ahwɛ me ho bere a mereyɛ akwampae adwuma no nti, ɔtee nka sɛ ‘mfaso’ amma sukuu a mekɔe no so. Ná ɔka sika kɛse a sɛ mede me bere nyinaa yɛɛ honam fam adwuma a anka menya no ho asɛm de di me ho fɛw.” Dɛn na Matthew yɛe de gyinaa saa ɔsɔretia yi ano? Matthew kae sɛ: “Meyeree me ho kenkan Bible, na mebɔɔ mpae daa, titiriw wɔ mmere a na anka ɛnyɛ den koraa sɛ me bo betumi afuw no.” Matthew anya gyinae a osii no so mfaso kɛse. Bere bi akyi no, ɔne ne papa ntam yɛɛ kama. Afei nso, Matthew abɛn Yehowa kɛse. Matthew ka sɛ: “Mahu sɛ Yehowa ama me nsa aka nea mihia nyinaa, na wahyɛ me den. Waboa me ma matumi asisi gyinae pa. Sɛ mamfa saa botae yi ansisi m’ani so wɔ Onyankopɔn som mu a, anka merennya saa nhyira yi nyinaa.”

Fa W’adwene Si Botae a Wode Asi W’ani so wɔ Onyankopɔn Som mu no So

17. Ɔkwan bɛn so na ebinom betumi adi mfomso abu wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ bere nyinaa som adwuma no abam? (Mateo 16:22)

17 Wo mfɛfo gyidifo mpo betumi akeka nsɛm bi a sɛ woanhwɛ yiye a ebetumi abu w’abam a ɛremma womfa w’adwene nsi botae a wode asisi w’ani so wɔ Onyankopɔn som mu no so. Ebinom betumi abisa wo sɛ, ‘Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ akwampae adwuma? Fa akwampaefo adwuma no to hɔ na yɛ ɔdawurubɔfo pa. Pɛ adwuma pa bi yɛ na wo ho ankyere wo wɔ sika fam daakye.’ Eyi bɛyɛ te sɛ nea ɛyɛ afotu pa, na sɛ wudi akyi a, so na wode onyamesom pa retete wo ho ankasa?

18, 19. (a) Wobɛyɛ dɛn atumi akɔ so de w’adwene asi botae a wode asisi w’ani so wɔ Onyankopɔn som mu no so? (b) Sɛ́ aberante anaa ababaa no, nneɛma bɛn na Ahenni no nti wode rebɔ afɔre?

18 Ɛbɛyɛ sɛ na Kristofo binom a wɔwɔ Timoteo bere so no kura adwene a ɛte saa. (1 Timoteo 6:17) Nea ɛbɛyɛ na Paulo ahyɛ Timoteo nkuran ma ɔde n’adwene asi botae a ɔde asi n’ani so wɔ Onyankopɔn som mu so no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔreyɛ asraafodwuma a ɔde ne ho hyehyɛ aguadisɛm mu, esiane sɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ nea ɔfaa no sraadi mu no ani nti.” (2 Timoteo 2:4) Ɛnsɛ sɛ ɔsraani a ogyina akono ma nneɛma a ɔmanfo yɛ twetwe n’adwene. N’ankasa nkwa ne afoforo de gyina n’ani a ɔbɛma ada hɔ na watie ahyɛde a ne sahene de bɛma no no so. Esiane sɛ wo nso woyɛ Kristo sraani nti, ɛsɛ sɛ wode w’ani si botae koro so, na ɛnsɛ sɛ wode wo ho tõatõa wiase nsɛm a ɛho nhia a ɛremma wuntumi nyɛ wo som adwuma a wode gye nnipa nkwa no mu.—Mateo 6:24; 1 Timoteo 4:16; 2 Timoteo 4:2, 5.

19 Sɛ́ anka wobɛhwehwɛ asetra a ahotɔ wom no, fa wo ho bɔ afɔre mmom. “Sɛ́ Kristo Yesu sraani no, mfa w’adwene nsi asetra a ahotɔ wom so.” (2 Timoteo 2:3, The English Bible in Basic English) Bere a na Timoteo ne Paulo nam no, osuae sɛ wɔ tebea a emu yɛn den paa mu mpo no, ɔbɛma n’ani asɔ nneɛma kakra a ɔwɔ no. (Filipifo 4:11, 12; 1 Timoteo 6:6-8) Wo nso wubetumi ayɛ saa ara. So ɛwɔ wo komam sɛ Ahenni no nti wode nneɛma bɛbɔ afɔre?

Nhyira a Wubenya no Nnɛ ne Daakye

20, 21. (a) Kyerɛ nhyira a sɛ obi de botae ahorow sisi n’ani so wɔ Onyankopɔn som mu a onya no bi. (b) Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

20 Timoteo ne Paulo nantewee bɛyɛ mfe 15. Timoteo ka ho bi na wɔhyehyɛɛ asafo afoforo bere a wɔtrɛw asɛmpa no mu ma anka ɛreyɛ adu Mediterranea atifi fam nyinaa no. Timoteo nyaa anigye ne abotɔyam wɔ n’asetram araa ma sɛ ɔyɛɛ honam fam adwuma a, anka ɔrennya no saa. Sɛ wo nso wode botae sisi w’ani so wɔ Onyankopɔn som mu a, wubenya Onyankopɔn hɔ nhyira a ɛso bi nni. Wobɛbɛn Yehowa, na wo mfɛfo Kristofo bɛdɔ wo na wɔabu wo. Sɛ́ anka wubedi honam fam nneɛma akyi na ama woadi yaw na woateetee no, ayamye a wobɛda no adi no bɛma woanya anigye ankasa. Nea ɛsom bo sen ne nyinaa no, wubeso “nkwa ankasa”—daa nkwa wɔ paradise asase so no mu “denneennen.”—1 Timoteo 6:9, 10, 17-19; Asomafo Nnwuma 20:35.

21 Sɛ wunnya nyɛɛ saa dedaw a, yɛhyɛ wo nkuran sɛ fa yɛ wo botae sɛ wubefi ase ntɛm de onyamesom pa asi w’ani so de atete wo ho. Wo ne wɔn a wɔwɔ asafo no mu a wobetumi aboa wo ma woadu botae a wode asisi w’ani so wɔ Onyankopɔn som mu no mmɔ fekuw, na ma wɔnkyerɛ wo nea woyɛ a ɛbɛma woadu wo botae no ho. Kenkan Onyankopɔn Asɛm no bere nyinaa. Si wo bo sɛ worenni wiase ahonyade a nkurɔfo atu agu so no akyi. Na kae bere nyinaa sɛ, sɛ wode botae ahorow a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam sisi w’ani so a, Onyankopɔn “a ɔma yɛn ade nyinaa ma ebu so ma yɛn ani gye no” ahyɛ wo bɔ sɛ obehyira wo pii nnɛ ne daakye.—1 Timoteo 6:17.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 15 Ná Helafo bu nhomasua sɛ ade a ɛsom bo paa. Ɔbarima bi a ɔtraa ase wɔ Timoteo bere so a wɔfrɛ no Plutarch kyerɛwee sɛ: “Sɛ obi nya nhomasua a edi mu a, ɛno na ɛma n’abrabɔ si no yiye. . . . Meka sɛ, ɛyɛ nhomasua na ɛboa obi ma onya su pa ne anigye. . . . Nneɛma foforo a aka wɔ nnipa asetra mu nyinaa tɔ sin, mfaso nni so, na ɛnsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn.”—Moralia, I, “The Education of Children (Mmofra Nhomasua).”

So Wokae?

• Ɛhe na mmerante ne mmabaa betumi anya mmoa a ɛbɛma wɔde botae asisi wɔn ani so wɔ Onyankopɔn som mu?

• Dɛn nti na Bible a obi besua no yiye no ho hia?

• Dɛn na mmerante ne mmabaa bɛyɛ na wɔanni wiase ahonyade a nkurɔfo atu di akyi no akyi?

• Nhyira bɛn na sɛ yɛde botae ahorow sisi yɛn ani so wɔ Onyankopɔn som mu a yenya?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Timoteo de botae a ɛyɛ papa sisii n’ani so

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Fekubɔ pa bɛn na ɛboaa Timoteo?

[Mfonini wɔ kratafa 26]

So wode botae ahorow resisi w’ani so wɔ Onyankopɔn som mu?