Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wubetumi Agyina Atɛnkyea Ano!

Wubetumi Agyina Atɛnkyea Ano!

Wubetumi Agyina Atɛnkyea Ano!

HENA na wɔmfaa asɛmmɔne bi nnii no pɛn? Ɛtɔ mmere bi a ebia yɛde yɛn adwene bebu sɛ wɔne yɛn anni no yiye, ebi nso wɔ hɔ a na ɛyɛ nokware sɛ wɔne yɛn anni no yiye.

Bere biara a wɔde asɛmmɔne bi bedi yɛn no, yedi yaw wɔ yɛn mu, na sɛ yɛanhwɛ yiye a ebetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam. Ebia yɛbɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de siesie tebea no. Dɛn ntia? Ade biako ne sɛ yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn a “nkontompo nni no mu” anaa asisisɛm biara nni n’akwan mu no de su a ɛma nnipa bu atɛntrenee bɔɔ yɛn. (Deuteronomium 32:4; Genesis 1:26) Nanso yebetumi ahyia tebea bi a yɛbɛte nka sɛ wɔne yɛn anni no yiye. Onyansafo bi kae bere bi sɛ: “Mesan mehwɛɛ nhyɛso a ɛwɔ owia ase no nyinaa, na hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nusu, na wonni ɔwerɛkyekyefo bi, na nhyɛsofo nsam den no mu no, wonni ɔwerɛkyekyefo bi!” (Ɔsɛnkafo 4:1) Nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina atɛnkyea ano?

Dɛn Ankasa ne Atɛnkyea?

Nea atɛnkyea kyerɛ ne sɛ wɔne obi nni no yiye. Dɛn na wobegyina so abu atɛntrenee ama nnipa? Ɛda adi sɛ yɛn Bɔfo a ɔteɛ na ɔnsesa no wɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ yɛn nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ. Wɔ n’ani so no, “nkwa ahyɛde” mu a yɛbɛnantew no hwehwɛ sɛ ‘yɛrennyɛ amumɔyɛde’ anaa ade a ɛnteɛ. (Hesekiel 33:15) Enti bere a Yehowa bɔɔ onipa a odi kan no, Yehowa maa no ahonim a ebetumi aboa no ma wahu papa ne bɔne mu nsonsonoe. (Romafo 2:14, 15) Bio nso, Yehowa ma wɔkyerɛw nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho mmara wɔ n’Asɛm, Bible mu.

Na sɛ yɛte nka sɛ wɔne yɛn anni no yiye nso ɛ? Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛhwehwɛ asɛm no mu yiye hwɛ sɛ wɔne yɛn anni no yiye ampa. Fa tebea a Hebrini diyifo Yona kɔɔ mu no sɛ nhwɛso. Yehowa somaa no sɛ ɔnkɔ Niniwe nkɔka ɔsɛe a na ɔde reba wɔn so no ho asɛm nkyerɛ wɔn. Mfiase no, Yona guanee a wannyɛ adwuma a wɔde hyɛɛ ne nsa no. Nanso ewiee ase no, ɔkɔɔ Niniwe kɔbɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ ɔsɛe a na ɛreba no ho. Bere a wotiee kɔkɔbɔ no, Yehowa ansɛe kurow no ne emufo. Yona tee nka dɛn? “Ɛyɛɛ Yona ani so asɛmmɔne sɛ, na ne bo fuwii.” (Yona 4:1) Ɔtee nka sɛ Yehowa ne no anni no yiye koraa.

Ɛda adi sɛ Yehowa a ohu nea ɛwɔ nnipa koma mu na “ɔdɔ trenee ne atɛntrenee” no anni mfomso. (Dwom 33:5, NW) Nea na ɛsɛ sɛ Yona hu ara ne sɛ Yehowa buu atɛntrenee. Sɛ yɛte nka sɛ wɔne yɛn anni no yiye a, ebia yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘So ebetumi aba sɛ ɛnyɛ saa koraa na Yehowa hu asɛm no?’

Wogyinaa Atɛnkyea Ano

Bible ka mpɛn pii a wobuu nnipa binom ntɛnkyea ho asɛm. Sɛ yɛhwehwɛ sɛnea wogyinaa tebea a ɛyɛ den a wohyiae no ano mu a, yebetumi asua pii afi mu. Susuw Yosef a ne nuanom a na wɔn ani bere no no tɔn no kɔɔ nkoasom mu wɔ Misraim no ho hwɛ. Bere a na Yosef wɔ Misraim a ne wura yere bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa no ne no ada, na Yosef ampene so no, ɔbea no twaa atoro too no so sɛ anka Yosef pɛ sɛ ɔne no da. Eyi nti, wɔde Yosef kɔtoo afiase. Nanso na Yosef gyidi yɛ den sen dade nkɔnsɔnkɔnsɔn a wɔde guu no no. Wamma atɛnkyea a wobuu no no ansɛe ɔne Onyankopɔn ntam, na saa ara na wamma ahotoso a ɔwɔ wɔ Yehowa mu no anyɛ mmerɛw.—Genesis 37:18-28; 39:4-20; Dwom 105:17-19.

Ɔbarima foforo a wobuu no atɛnkyea ne Nabot. Israel hene Ahab yere Isebel faa ɔkwammɔne so sisii no. Ná ɔhene no pɛ Nabot abusua asase a ɛbɛn ahemfie no. Ná Israelni nni hokwan sɛ ɔtɔn abusua asase, enti Nabot ampene so sɛ ɔbɛtɔn ama ɔhene no. (Leviticus 25:23) Ɛbaa saa no, Ahab yere tirimɔdenfo no maa nkurɔfo twaa atoro too Nabot so sɛ wakasa atia Onyankopɔn ne ɔhene. Enti wokum Nabot ne ne mma. Susuw sɛnea Nabot bɛte nka bere a nkurɔfo no retase abo de akum no no ho hwɛ!—1 Ahene 21:1-14; 2 Ahene 9:26.

Nanso sɛ yɛde atɛnkyea a wobuu wɔn a yɛaka wɔn ho asɛm yi toto nea wɔde dii Kristo Yesu no ho a, ennu ho hwee. Wogyinaa atorodi so dii n’asɛm ɔkwammɔne so na wobuu no kumfɔ. Roma amrado a na ɔte atemmu agua so no antumi amfa ne nan ansi fam anhwɛ ma wɔanyɛ ade a ɛteɛ. (Yohane 18:38-40) Nokwarem no, Satan ma wobuu Kristo Yesu atɛnkyea sen nea wɔde abu obiara pɛn!

So nhwɛso ahorow yi kyerɛ sɛ na atɛnkyea a wobuu wɔn no mfa Yehowa ho anaa? Dabi! Yehowa ammu nsɛm yi sɛnea nnipa bu nsɛm no. (Yesaia 55:8, 9) Esiane sɛ wɔtɔn Yosef kɔɔ nkoasom mu nti, otumi gyee n’abusua nkwa. Ɔbɛyɛɛ aduan sohwɛfo wɔ Misraim ansa na ɔkɔm kɛse a ɛkaa n’abusua no bae. Susuw ho hwɛ, sɛ Yehowa amma kwan ma wɔammu Yosef atɛnkyea a, anka Yosef ankɔda afiase. Afiase hɔ na ɔkyerɛɛ nnipa baanu a ɔne wɔn da hɔ no dae ase. Wɔn mu baako na akyiri yi ɔkaa Yosef ho asɛm kyerɛɛ Farao ma enti Yosef bɛyɛɛ aduan sohwɛfo no.—Genesis 40:1; 41:9-14; 45:4-8.

Nabot nso ɛ? Eyi mu nso, bɔ mmɔden hwɛ asɛm no sɛnea Yehowa huu no no. Wɔ Yehowa a otumi nyan awufo fam no, bere a na Nabot awu da hɔ mpo no, na ɛte sɛ nea onwui. (1 Ahene 21:19; Luka 20:37, 38) Ɛsɛ sɛ Nabot twɛn kosi sɛ Yehowa benyan no aba nkwa mu bio, nanso ɛyɛ bere tiaa bi efisɛ awufo nnim biribiara. (Ɔsɛnkafo 9:5) Afei nso, Yehowa tɔɔ Ahab ne ne fiefo so werɛ maa Nabot, de buu wɔn atɛn.—2 Ahene 9:21, 24, 26, 35, 36; 10:1-11; Yohane 5:28, 29.

Wɔ Yesu fam no, owui. Nanso Onyankopɔn nyan no maa no dibea a ‘ɛkorɔn koraa sen aban ne tumi ne ahoɔden ne mpanyinni nyinaa, ne din biara a wɔbɔ.’ (Efesofo 1:20, 21) Atɛnkyea a Satan ma wobuu Kristo Yesu no antumi ansiw Yehowa kwan sɛ obehyira ne Ba no. Ná Yesu wɔ ahotoso sɛ sɛ na Yehowa pɛ a, anka bere a wɔrebɛkyere no ɔkwammɔne so no, obesi wɔn kwan amonom hɔ ara. Nanso na Kristo nim sɛ Yehowa wɔ bere a ɔbɛma Kyerɛwnsɛm no aba mu ne bere a obeyi atɛnkyea biara afi hɔ.

Nokwarem no, Satan ne ne nkurɔfo ma wobuu atreneefo atɛnkyea, nanso awiei koraa no, Yehowa siesiee asɛm no na oyii atɛnkyea no fii hɔ koraa. Saa ara na daakye nso obeyi afi hɔ. Enti sɛ yɛpɛ sɛ wodi yɛn asɛm ma yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛtwɛn Onyankopɔn.—Deuteronomium 25:16; Romafo 12:17-19.

Nea Enti a Yehowa Betumi Ama Kwan ma Wɔde Asɛmmɔne Adi Yɛn

Ebia Yehowa wɔ nea enti a onnii tebea bi ho dwuma. Bere a wɔretete yɛn sɛ Kristofo no, obetumi ama kwan ma wɔde asɛmmɔne adi yɛn. Ɛwom, ‘Onyankopɔn mfa nnebɔne nsɔ obiara nhwɛ.’ (Yakobo 1:13) Nanso obetumi ama kwan ma tebea bi akɔ so a ɔmfa ne ho nnye mu, na obetumi aboa wɔn a wogyina tebea a ɛte saa mu no. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ, “Sɛ muhu amane kakra a, adom nyinaa Nyankopɔn . . . no ankasa bewie mo ntetee, ɔbɛma mo ase atim, ɔbɛma moayɛ den.”—1 Petro 5:10.

Bio nso, sɛ Yehowa ma kwan ma wɔde asɛmmɔne bi di yɛn a, ebetumi ama wɔn a wɔyɛ yɛn bɔne no bere ma wɔde asakra. Wokum Yesu akyi nnawɔtwe kakraa bi no, Petro afotu a Yudafo binom tiei no ‘wowɔɔ wɔn kɔɔ wɔn komam.’ Wɔde anigye gyee Onyankopɔn asɛm no ma wɔbɔɔ wɔn asu.—Asomafo Nnwuma 2:36-42.

Ɛwom, ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ amumɔyɛde nyinaa na wɔbɛsakra. Ebia ebinom mpo bɛkɔ so ayɛ nneɛma bɔne a ɛsen saa. Nanso Mmebusɛm 29:1 ka sɛ: “Animka nipa a osen ne kɔn, wobebu no mpofirim, na ano nni aduru.” Nokwarem no, awiei koraa no Yehowa bɛsɛe wɔn a wɔkɔ so yɛ nneɛma bɔne no.—Ɔsɛnkafo 8:11-13.

Bere biara a ebegye ansa na wɔadi yɛn asɛm ama yɛn no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa nim sɛnea ɔbɛboa yɛn ma yɛagyina ano. Na akyinnye biara nni ho sɛ obeyi asɛmmɔne biara a ebia wɔde adi yɛn wɔ wiase bɔne yi mu afi hɔ. Bio nso, wahyɛ yɛn bɔ sɛ awiei koraa no, ɔde daa nkwa bɛma yɛn sɛ akatua wɔ wiase foforo a “trenee bɛtra” mu no mu.—2 Petro 3:13.

[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

Wohwɛ a Nabot bɛte nka dɛn bere a na wɔresiw no abo no?