Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Dɔ Atɛntrenee

Yehowa Dɔ Atɛntrenee

Yehowa Dɔ Atɛntrenee

“Me Yehowa, medɔ atɛntrenee.”—YESAIA 61:8, NW.

1, 2. (a) Dɛn na nsɛmfua “atɛntrenee” ne “atɛnkyea” kyerɛ? (b) Dɛn na Bible ka fa Yehowa ne ne su a ɛne atɛntrenee no ho?

NEA atɛntrenee kyerɛ ne sɛ ‘wɔnhwɛ nnipa anim, wonsisi nnipa, na wɔne obi di wɔ ɔkwan a ɛteɛ na ɛyɛ papa so.’ Atɛnkyea kyerɛ nsisi, adwemmɔne a wonya wɔ nnipa ho, bɔne, ne sɛ wɔne afoforo nni no yiye.

2 Bɛyɛ mfe 3,500 a atwam ni no, Mose kyerɛw Amansan Hene, Yehowa ho asɛm sɛ: “N’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu.” (Deuteronomium 32:4) Eyi akyi bɛboro mfe 700 no, Onyankopɔn maa Yesaia kyerɛw nsɛm yi: “Me Yehowa, medɔ atɛntrenee.” (Yesaia 61:8, NW) Afei wɔ afeha a edi kan no mu no, Paulo kae sɛ: “So Onyankopɔn nteɛ? Dabida!” (Romafo 9:14) Saa bere no ara mu no, Petro nso kae sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.” (Asomafo Nnwuma 10:34, 35) Nokwarem no, “Yehowa dɔ atɛntrenee.”—Dwom 37:28, NW; Malaki 3:6.

Atɛnkyea Abu So

3. Ɛyɛɛ dɛn na nneɛma bɔne fii ase wɔ asase so?

3 Ɛnnɛ atɛntrenee nyɛ adwuma. Wobetumi de nneɛma bɔne adi yɛn wɔ baabiara—yɛn adwumam, sukuu mu, yɛne atumfoɔ nsɛnnii mu, ne akwan foforo so—wɔ abusua mu mpo. Nokwarem no, nneɛma bɔne a ɛte saa nyɛ ade foforo. Bere a honhom abɔde bi tew atua bɛyɛɛ Satan Ɔbonsam, na ɔmaa yɛn awofo a wodi kan tew atua na wɔtoo Onyankopɔn mmara no na ɛmaa nneɛma bɔne fii ase wɔ nnipa asetram. Akyinnye biara nni ho sɛ na ɛnteɛ sɛ Adam, Hawa, ne Satan de hokwan a Yehowa de maa wɔn sɛ wotumi paw nea wɔpɛ no di dwuma wɔ ɔkwammɔne so. Ná wɔn nneyɛe bɔne no de amanehunu kɛse ne owu na ɛbɛba adesamma nyinaa so.—Genesis 3:1-6; Romafo 5:12; Hebrifo 2:14.

4. Bere tenten ahe ni na nneɛma bɔne akɔ so wɔ nnipa asetra mu?

4 Nneɛma bɔne akɔ so wɔ nnipa asetra mu bɛyɛ mfe 6,000 ni fi bere a wɔtew atua wɔ Eden no. Ná nnipa betumi ahwɛ kwan sɛ eyi bɛba, efisɛ Satan ne wiase yi nyame. (2 Korintofo 4:4) Ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya, otwirifo ne obi a ɔsɔre tia Yehowa. (Yohane 8:44) Wama nneɛma bɔne akɔ so bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, ansa na Noa Nsuyiri no reba no, Satan nkɛntɛnso bɔne ka ho bi nti na Onyankopɔn kae sɛ, “nnipa bɔne dɔɔso pii asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.” (Genesis 6:5) Saa ara na na ɛte bere a na Yesu wɔ asase so no. Yesu kae sɛ: “Da biara mu bɔne ankasa dɔɔso ma da no,” kyerɛ sɛ da no mu haw ahorow, a ebi ne nneɛma bɔne a ɛkɔ so no dɔɔso. (Mateo 6:34) Bible ka no yiye sɛ: “Abɔde nyinaa kɔ so penepene, na wohu amane besi nnɛ.”—Romafo 8:22.

5. Dɛn nti na nneɛma bɔne pii kɔ so wɔ yɛn bere yi so sen bere biara a atwam?

5 Enti nneɛma bɔne a ɛde ntɛnkyea ba no akɔ so wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu. Ɛnnɛ tebea no asɛe sen bere biara. Dɛn ntia? Efisɛ nhyehyɛe bɔne a ɛwɔ hɔ yi wɔ ne “nna a edi akyiri” mu, na mfe pii ni a efii ase. Na bere a n’awiei rebɛn no, ahyɛn “mmere a emu yɛ den” mu. Bible ka too hɔ sɛ saa bere yi mu no, nnipa bɛyɛ “ahopɛ, sikanibere, ahohoahoa, ahantan, wɔn a wɔka abususɛm, . . . bonniayɛfo, wɔn a wonni nokware, wɔn a wonni tema, wɔn a wontumi ne wɔn nyɛ apam, ntwirifo, wɔn a wontumi nni wɔn ho so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, wɔn a woyi afoforo ma, wɔn a wɔyɛ asobrakye, wɔn a wɔyɛ ahomaso.” (2 Timoteo 3:1-5) Subammɔne a ɛte sɛɛ yi ma nneɛma bɔne ahorow nyinaa bi kɔ so.

6, 7. Bɔne akɛse bɛn na ahaw nnipa wɔ yɛn mmere yi mu?

6 Nneɛma bɔne akɔ so sen bere biara wɔ mfe ɔha a atwam ni no mu. Ade biako ne sɛ, wɔadi ako pii wɔ mfe yi mu. Sɛ nhwɛso no, abakɔsɛm akyerɛwfo binom bu akontaa sɛ wokunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 50 kosi 60 a na wɔn mu dodow no ara nyɛ asraafo wɔ Wiase Ko II nkutoo mu. Ná wɔyɛ mmarima, mmea ne mmofra a wɔn ho nni asɛm. Efi bere a saa ɔko no baa awiei no, nnipa ɔpepem pii awuwu wɔ akodi ahorow mu. Eyi mu nso, na dodow no ara nyɛ asraafo. Satan na ɔma nneɛma bɔne a ɛte saa no kɔ so efisɛ ne bo afuw paa na onim sɛ ɛrenkyɛ Yehowa beyi no afi hɔ koraa. Bible nkɔmhyɛ ka sɛ: “Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn a ne bo afuw denneennen, efisɛ onim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa.”—Adiyisɛm 12:12.

7 Seesei sika a wɔsɛe no wɔ sraadi mu afe biara wɔ wiase nyinaa no bɛyɛ dɔla ɔpepepepem biako. Asetra mu ahiade abɔ nnipa ɔpepem pii, enti susuw mfaso araa a sɛ anka wɔde sika yi yɛɛ nneɛma a ɛbɛma nnipa ho adwo wɔn a, yebenya no ho hwɛ! Nnipa bɛyɛ ɔpepepem baako nnya aduan a ɛbɛso wɔn nni bere a afoforo anya ma abu wɔn so. Amanaman Nkabom amanneɛbɔ bi ka sɛ, afe biara ɔkɔm kunkum mmofra bɛyɛ ɔpepem anum. Awerɛhosɛm bɛn ara ni! Afei nso, susuw nyinsɛn pii a wotu gu no ho hwɛ. Akontaabu kyerɛ sɛ afe biara wotu nyinsɛn ɔpepem 40 kosi 60 gu wɔ wiase nyinaa! Ahodwirisɛm bɛn ara ni!

8. Ɔkwan bɛn nkutoo so na wobebu atɛntrenee ankasa ama adesamma?

8 Wiase atumfoɔ ntumi nni ɔhaw pii a adesamma hyia nnɛ no ho dwuma; na saa ara nso na mmɔden biara a nnipa rebɔ no mma nneɛma nyɛ yiye. Onyankopɔn Asɛm kaa yɛn bere yi ho asɛm too hɔ sɛ “nnipa bɔne ne nnaadaafo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔneyɛ mu, wɔbɛdaadaa afoforo na wɔn nso wɔadaadaa wɔn.” (2 Timoteo 3:13) Nneɛma bɔne abu so wɔ nnipa asetram araa ma nnipa ntumi nyɛ ho hwee. Onyankopɔn a obu atɛntrenee no nkutoo na obetumi ayi afi hɔ. Ɔno nkutoo na obetumi ayi Satan, adaemone, ne nnipa abɔnefo afi hɔ.—Yeremia 10:23, 24.

Ntease Wom sɛ Ɛhaw Nkurɔfo

9, 10. Dɛn nti na Asaf abam bui?

9 Tete no, na Bible akyerɛwfo binom mpo nhu nea enti a Onyankopɔn mfaa ne ho nnyee adesamma nsɛm mu mfaa atɛntrenee ankasa ne trenee mmae. Fa ɔbarima bi a Bible ka ne ho asɛm no sɛ nhwɛso. Dwom 73 atifi asɛm no bɔ Asaf din. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ Lewini dwontofo a na wagye din wɔ Ɔhene Dawid bere so no ho asɛm na na ɛreka anaa egyina hɔ ma nnwontofo a na wɔwɔ fie a na Asaf di so panyin no. Asaf ne n’asefo hyehyɛɛ nnwom pii a wɔde dii dwuma wɔ ɔsom mu. Nanso bere bi nea ɔhyehyɛɛ dwom yi abam bui wɔ ne som mu. Ohuu sɛnea na abɔnefo di yiye no, na ɔhyɛɛ no nsow sɛ ɛte sɛ nea na wɔn ho adwo wɔn wɔ asetra mu a na wonhyia ɔhaw biara.

10 Yɛkenkan sɛ: “Metwee ahupoofo ho ninkunu, efisɛ mihuu abɔnefo yiye a wodi no. Wonhu owu mu aninyanne, na wɔwɔ ɔhonam ne ahoɔden. Ɔdesani haw de, wonni bi, nanso wonguan wɔn ho sɛ nnipa binom.” (Dwom 73:2-8) Nanso bere bi akyi no, Bible kyerɛwfo yi behui sɛ na ne nsusuwii no nyɛ papa. (Dwom 73:15, 16) Odwontofo no bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsesa n’adwene nanso na ɔnte nea enti a ɛte sɛ nea abɔnefo di bɔne fa wɔn ho di bere a atreneefo taa hu amane no ase.

11. Dɛn na odwontofo Asaf hui?

11 Awiei koraa no, saa ɔbarima nokwafo a ɔtraa ase tete bere mu no huu nea ɛbɛkɔ akowie abɔnefo no—kyerɛ sɛ awiei koraa no, Yehowa bedi asɛm no ho dwuma. (Dwom 73:17-19) Dawid kyerɛwee sɛ: “Twɛn [Yehowa, NW], na fa ne kwan so, na ɔbɛma wo so, na woanya asase no adi; sɛ wogu abɔnefo ase a, wubehu.”—Dwom 37:9, 11, 34.

12. (a) Dɛn na Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ wɔ abɔnefosɛm ne atɛnkyea ho? (b) Wote nka dɛn wɔ nea Yehowa bɛyɛ wɔ atɛnkyea ho no ho?

12 Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa abɔ ne tirim sɛ obeyi abɔnefosɛm ne atɛnkyea a afi mu aba no afi hɔ wɔ ne bere a ɛsɛ mu. Eyi yɛ asɛm a ɛsɛ sɛ nokware Kristofo mpo ma ɛtra wɔn adwenem bere nyinaa. Yehowa bɛsɛe wɔn a wɔnyɛ n’apɛde no, na obehyira wɔn a wotie n’asɛm. “N’ani tua mu, n’anisuatɛtɛ sɔ nnipa mma hwɛ. [Yehowa, NW] sɔ ɔtreneeni hwɛ, na ɔbɔnefo ne nea ɔpɛ [awudisɛm, NW] de, ne kra tan no. Ɔbɛma asraman aduru abɔnefo, ogya ne sufre ne mframa a ɛdɛw . . . Na [Yehowa, NW] yɛ ɔtreneeni, na ɔpɛ asɛntrenee.”—Dwom 11:4-7.

Wiase Foforo a Atɛntrenee Wom

13, 14. Dɛn nti na trenee ne atɛntrenee bɛyɛ adwuma wɔ wiase foforo no mu?

13 Sɛ Yehowa sɛe wiase bɔne yi a ɛhyɛ Satan tumi ase no a, ɔde wiase foforo a trenee te mu bɛba. Onyankopɔn soro Ahenni a Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ ho mpae no na ebedi so. Trenee ne atɛntrenee besi abɔnefosɛm ne atɛnkyea ananmu, efisɛ saa bere no na wobebua mpaebɔ yi koraa: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro.”—Mateo 6:10.

14 Bible kyerɛ yɛn nniso ko a yebetumi ahwɛ kwan, nniso a nnipa komapafo nyinaa yam a anka wɔanya. Afei Dwom 145:16 benya ne mmamu koraa: “[Wo Yehowa Nyankopɔn] wubue wo nsam, na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.” Bio nso, Yesaia 32:1 ka sɛ: “Hwɛ, trenee so na ɔhene bi [Kristo Yesu a ɔwɔ soro] bedi hene, na asafohene [Kristo ananmusifo a wɔwɔ asase so] nso, atemmu so na wobedi asafohene.” Yesaia 9:7 ka Ɔhene Yesu Kristo ho asɛm sɛ: “N’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba, Dawid ahengua so ne n’ahenni so, na ɔde atemmu ne trenee awowaw no atim no afi sesɛɛ de akosi daa. Asafo [Yehowa, NW] mmɔdenbɔ na ɛbɛyɛ eyi.” So wubetumi de w’ani abu sɛ wowɔ saa nniso a atɛntrenee wom no ase?

15. Dɛn na Yehowa bɛyɛ ama adesamma wɔ wiase foforo no mu?

15 Wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, ɛho renhia sɛ yɛka asɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 4:1 yi: “Mesan mehwɛɛ nhyɛso a ɛwɔ owia ase no nyinaa, na hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nusu, na wonni ɔwerɛkyekyefo bi, na nhyɛsofo nsam den no mu no, wonni ɔwerɛkyekyefo bi!” Nokwarem no, ɛyɛ den sɛ yɛde yɛn adwene a ɛtɔ sin no bebu sɛnea wiase foforo a trenee te mu no bɛyɛ. Bɔne befi hɔ; na nneɛma pa mmom na yebehu da biara. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa besiesie biribiara a atɔ kyima, na ɔbɛyɛ ma aboro sɛnea yesusuw mpo so. Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ Yehowa Nyankopɔn maa ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo, na eyi mu na trenee bɛtra”!—2 Petro 3:13.

16. Wɔahyehyɛ “ɔsoro foforo” no dɛn, na yɛbɛte “asase foforo” a wɔrehyehyɛ nnɛ no ase dɛn?

16 Nokwarem no, wɔde “ɔsoro foforo” no, Onyankopɔn soro nniso a ɛhyɛ Kristo nsa no asi hɔ dedaw. Wɔreboaboa nnipa komapafo, wɔn a wɔyɛ “asase foforo” no mufo a wɔde wɔn befi wiase foforo no ase ano wɔ nna a edi akyiri yi mu. Seesei wɔn dodow reyɛ adu ɔpepem ason, na wɔwɔ asafo ahorow bɛyɛ 100,000 mu wɔ nsase bɛyɛ 235 so. Nnipa ɔpepem yi resua Yehowa trenee ne n’akwan a ɛteɛ no ho ade ma enti Kristofo dɔ a wɔda no adi wɔ wiase nyinaa no ama wɔayɛ biako. Wɔ nnipa abakɔsɛm nyinaa mu no, wɔn biakoyɛ no ada adi kɛse na atra hɔ ara abesi nnɛ. Ɛyɛ biakoyɛ a Satan asefo nni bi. Ɔdɔ ne biakoyɛ a ɛte saa no yɛ mmere pa a ɛbɛba wɔ Onyankopɔn wiase foforo a trenee ne atɛntrenee bɛyɛ adwuma wom no ho mfonini.—Yesaia 2:2-4; Yohane 13:34, 35; Kolosefo 3:14.

Satan Bedi Nkogu

17. Dɛn nti na Satan bedi nkogu wɔ Yehowa nkurɔfo a ɔbɛtow ahyɛ wɔn so no mu?

17 Ɛrenkyɛ Satan ne n’akyidifo bɛtow ahyɛ Yehowa asomfo so, na wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛtɔre wɔn ase. (Hesekiel 38:14-23) Ɛno bɛyɛ nea Yesu frɛɛ no “ahohiahia kɛse a efi wiase mfitiase besi mprempren ebi nsii, na ebi nso nsi bio” no fã. (Mateo 24:21) So Satan bedi nkonim? Dabi. Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ: “[Yehowa dɔ atɛntrenee, NW], na ɔrennyaw n’ahotefo. Ɔhwɛ wɔn so daa, na abɔnefo asefo de, wobeyi wɔn hɔ. Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:28, 29.

18. (a) Dɛn na Onyankopɔn bɛyɛ wɔ tow a Satan bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no ho? (b) Dɛn nti na Bible mu asɛm a ɛfa atɛntrenee a ɛbɛyɛ adwuma daakye ho a yɛasan asusuw ho no aboa wo?

18 Tow a Satan ne ne dɔm bɛtow ahyɛ Yehowa asomfo so no ne adebɔne a etwa to a wɔbɛyɛ atia wɔn. Yehowa nam Sakaria so kae sɛ: “Nea ɔde ne nsa ka mo no, ɔde ne nsa aka m’ani kesua.” (Sakaria 2:8) Ɛte sɛ nea na obi de ne nsateaa rewɔ Yehowa ani kesua. Ɔbɛyɛ ade ntɛm so de ayi abɔnefo no afi hɔ. Yehowa asomfo yɛ nnipa a wɔwɔ ɔdɔ, biakoyɛ, wɔpɛ asomdwoe, na wodi mmara so sen nnipa biara wɔ asase so. Enti tow a Satan bɛtow ahyɛ wɔn so no mfata koraa na ɛnteɛ. Nea ‘ɔdɔ atɛntrenee’ sen obiara no remma eyi ho kwan. Di a Yehowa bedi ama ne nkurɔfo no bɛma wasɛe nnipa a wɔtan n’asomfo no afi hɔ koraa, na ama atɛntrenee ayɛ adwuma, na wagye wɔn a wɔsom nokware Nyankopɔn koro pɛ no nkwa. Nsɛm a ɛyɛ anigye na ɛyɛ nwonwa a ɛda yɛn anim bɛn ara ni!—Mmebusɛm 2:21, 22.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na nneɛma bɔne abu so saa?

• Dɛn na Yehowa bɛyɛ de adi atɛnkyea a ɛwɔ asase so no ho dwuma?

• Dɛn na aka wo koma wɔ atɛntrenee a ɛbɛyɛ adwuma a yɛasusuw ho wɔ adesua yi mu no ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ansa na Nsuyiri no reba no, na bɔne dɔɔso, na saa ara na adɔɔso wɔ “nna a edi akyiri” yi mu nso

[Mfonini wɔ kratafa 24, 25]

Atɛntrenee ne trenee besi abɔnefosɛm ananmu wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu