Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Wɔakyerɛw Ama Yɛn Nkyerɛkyerɛ”

“Wɔakyerɛw Ama Yɛn Nkyerɛkyerɛ”

“Wɔakyerɛw Ama Yɛn Nkyerɛkyerɛ”

“NHOMA bebree yɛ nni awiei.” (Ɔsɛnkafo 12:12) Nhoma pii a wɔakyerɛw a ɛwɔ hɔ nnɛ no ama saa asɛm no ayɛ nokware nnɛ te sɛ nea na ɛte bere a wɔkyerɛwee no ara pɛ. Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na ɔkenkanfo a ɔyɛ nyiyim wɔ nhoma a ɔkenkan mu no atumi asi gyinae apaw nea ɛfata sɛ ɔkenkan?

Sɛ nnipa pii resi gyinae wɔ nhoma a ɛfata sɛ wɔkenkan ho a, ɛyɛ a na wɔpɛ sɛ wohu biribi fa onipa a ɔkyerɛw nhoma no ho. Wɔn a wotintim nhoma tumi de nsɛm kakraa bi hyɛ nhoma no mu a ɛma akenkanfo hu kurow a nhoma kyerɛwfo no fi mu, abodin a ɔwɔ wɔ nhomasua mu, ne nhoma ahorow a wakyerɛw din. Ehia sɛ nkurɔfo behu onipa a ɔkyerɛw nhoma bi, eyi te saa efisɛ mfehaha pii a atwam no, na mmea a wɔkyerɛw nhoma taa de mmarima din hyɛ nhoma no mu de kyerɛ sɛ ɛyɛ ɔbarima na ɔkyerɛwee sɛnea a ɛbɛyɛ a akenkanfo no remmu nhoma no sɛ nea mfaso nni so esiane sɛ ɔbea na ɔkyerɛwee nti.

Awerɛhosɛm ne sɛ, sɛnea yɛkae wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, nea ɛma ebinom bu wɔn ani gu Hebri Kyerɛwnsɛm no so ne sɛ, wogye di sɛ Onyankopɔn a wɔka ne ho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no yɛ onyame bi a ne tirim yɛ den a ɔsɛee n’atamfo atirimɔden so. * Ma yensusuw nea Hebri Kyerɛwnsɛm ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ka fa Bible Kyerɛwfo no ho nhwɛ.

Bible Kyerɛwfo no Ho Nsɛm

Sɛnea Hebri Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israel man no sɛ: “Me [Yehowa, NW] mensakra.” (Malaki 3:6) Bɛyɛ mfe 500 akyi no, Yakobo a ɔno nso ka wɔn a wɔkyerɛw Bible no ho no kaa Onyankopɔn ho asɛm sɛ: “Sunsuma a ɛsakra na ɛdannan nni ne mu.” (Yakobo 1:17) Ɛnde, dɛn nti na nnipa bi susuw sɛ ɛsono Onyankopɔn a wɔka ne ho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu ne Onyankopɔn a wɔka ne ho asɛm wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no?

Mmuae no ara ne sɛ, wɔka Onyankopɔn nipasu ahorow ho asɛm wɔ Bible no afã horow. Wɔ Genesis nhoma no nkutoo mu no, wɔka ne ho asɛm sɛ, ‘odii yaw ne komam,’ “ɔyɛ ɔsoro ne asase wura,” ne “nea obu asase nyinaa atɛn.” (Genesis 6:6; 14:22; 18:25) So Onyankopɔn koro no ara na wɔka ne ho asɛm wɔ akwan horow yi so no? Yiw, ɛyɛ ɔno ara.

Mfatoho bi ni: Nkurɔfo a wɔakɔ ɔtemmufo bi anim wɔ asɛnnibea no betumi abu no sɛ ɔyɛ ɔtemmufo a ɔde mmara yɛ adwuma katee. Nanso, ne mma betumi abu no sɛ ɔyɛ agya a ɔwɔ ɔdɔ na ne yam ye. Ne nnamfo paa betumi abu no sɛ ɔyɛ obi a ɔwɔ adamfofa su, na otumi yi aseresɛm. Onipa biako no ara yɛ ɔtemmufo, agya, ne adamfo. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɔda ne nipasu ahorow adi wɔ tebea ahorow mu.

Saa ara na Hebri Kyerɛwnsɛm no ka Yehowa ho asɛm sɛ, “Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii.” Na yehu nso sɛ “bem na ɔmma ɔbɔnefo nni.” (Exodus 34:6, 7) Saa su abien yi ma yɛte nea Onyankopɔn din kyerɛ no ase. Nea edin “Yehowa” kyerɛ ankasa ne “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Ɛno kyerɛ sɛ, Onyankopɔn tumi yɛ nea ehia biara ma ne bɔhyɛ ahorow ba mu. (Exodus 3:13-15) Nanso, ɔyɛ Onyankopɔn koro no ara. Yesu kae sɛ: “Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa baako.”—Marko 12:29.

So Wɔasesa Hebri Kyerɛwnsɛm No?

Ɛnnɛ, sɛ nkurɔfo yɛ nhwehwemu foforo, anaasɛ sɛ ɔmanfo nya nneɛma bi ho adwene foforo a, wɔtaa sesa nhoma ahorow a wɔde kyerɛ sukuufo ade no. So wɔde Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no besii Hebri Kyerɛwnsɛm no ananmu? Dabi.

Sɛ na Yesu adwene ne sɛ wɔde ne som adwuma ho kyerɛwtohɔ ne n’asuafo no de rebesi Hebri Kyerɛwnsɛm no ananmu a, anka ɔbɛka. Nanso, bere a aka kakra ma Yesu aforo akɔ soro no, Luka kyerɛwtohɔ no ka ne ho asɛm sɛ: “Ɔde fi Mose ne Adiyifo [a wɔn ho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu] no nyinaa so kyerɛkyerɛɛ [n’asuafo no mu baanu] nsɛm a ɛfa ne ho mu wɔ Kyerɛwnsɛm no nyinaa mu.” Akyiri yi, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ n’asomafo anokwafo no ne afoforo. Kyerɛwtohɔ no kɔ so ka sɛ: “Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Eyi ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo bere a na meda so ka mo ho no, sɛ etwa sɛ nea wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mose mmara ne Adiyifo no ne Nnwom no mu nyinaa ba mu.’” (Luka 24:27, 44) Sɛ na Hebri Kyerɛwnsɛm no bere atwam a, dɛn nti na na Yesu da so ara de reyɛ adwuma wɔ n’asase so som adwuma no awiei mu?

Bere a wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no akyi no, Yesu akyidifo no kɔɔ so de Hebri Kyerɛwnsɛm no kaa nkɔmhyɛ ahorow a na ennyaa mmamu no ho asɛm. Wɔde Mose Mmara no mu nnyinasosɛm kyerɛkyerɛe, na wɔde Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase tete no nhwɛso pa ho nsɛm nso hyɛɛ Kristofo nkuran ma wɔkɔɔ so kuraa wɔn gyidi mu. (Asomafo Nnwuma 2:16-21; 1 Korintofo 9:9, 10; Hebrifo 11:1–12:1) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Kyerɛwnsɛm nyinaa fi Nyankopɔn honhom mu, na eye.” * (2 Timoteo 3:16) Ɔkwan bɛn so na ada adi sɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no so wɔ mfaso nnɛ?

Afotu a Yɛde Bɔ Bra Da Biara Da

Susuw nnipa mu nyiyim a ɛwɔ hɔ nnɛ no ho hwɛ. Etiopiani barima bi a wadi mfe 21 kae wɔ Europa Apuei fam kurow bi mu sɛ: “Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ baabi a, gye sɛ yɛboaboa yɛn ho ano ansa na yɛakɔ. Yesusuw sɛ sɛ yɛdɔɔso a, ebia wɔrentow nhyɛ yɛn so.” Ɔtoaa so sɛ: “Yentumi mpue nkɔ abɔnten bere a abɔ anwummere nnɔn 6, titiriw, yentumi mfa keteke a ɛfa asase ase no. Sɛ nkurɔfo hwɛ yɛn a, nea wohu ara ne sɛ yɛyɛ abibifo.” So Hebri Kyerɛwnsɛm no de ɔhaw yi a wonhu ɔkwan a wɔmfa so nni so no ho afotu ma?

Wɔka kyerɛɛ tete Israelfo no sɛ: “Sɛ ɔhɔho bi bɛsoɛ mo asase so a, monnhyɛ no so. Ɔhɔho a wabɛtra mo mu nyɛ mo sɛ mo kuroni bi, na dɔ no sɛ wo ho, efisɛ moyɛɛ Misraim asase so ahɔho.” (Leviticus 19:33, 34) Nokwarem no, wɔ tete Israel no, na saa mmara no hwehwɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma atubrafo, anaa “ahɔho,” na wɔakora saa mmara no so wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. So wunnye nni sɛ nnyinasosɛm a ɛwɔ saa mmara no mu no betumi aboa ma wɔayi nnipa mu nyiyim afi hɔ nnɛ?

Ɛwom sɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no mfa sikasɛm ho afotu a ɛkɔ akyiri mma de, nanso ɛde sɛnea wɔde sika di dwuma nyansam ho akwankyerɛ a mfaso wɔ so ma. Sɛ nhwɛso no, yɛkenkan wɔ Mmebusɛm 22:7 sɛ: “Nea ɔbɔ bosea no yɛ akoa ma nea ɔde no ka no.” (The Bible in Basic English) Sikasɛm ho animdefo pii ka sɛ, sɛ obi taa firifiri ade sɛnea ɛnsɛ a, ebetumi ahia no buburoo.

Afei nso, adefo a wɔsen biara a wɔatra ase pɛn mu biako a ɔne Ɔhene Salomo no kaa nea efi ahonyade a nnipa de wɔn bere ne wɔn ahoɔden nyinaa di akyi sɛnea nnipa pii reyɛ wɔ wiase nnɛ no mu ba no ho asɛm pefee. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nea ɔpɛ sika no, sika mmee no, na nea ɔpɛ adedodow no nnya mu mfaso. Eyi nso yɛ ahuhude.” (Ɔsɛnkafo 5:10) Kɔkɔbɔ a nyansa wom bɛn ara ni!

Ɛma Yenya Anidaso sɛ Ɛbɛyɛ Yiye Daakye

Bible no asɛmti yɛ biako, na ɛno ne: Wɔde Onyankopɔn Ahenni a Yesu Kristo di so no na ɛbɛtew Yehowa din ho na ama obiara ahu sɛ Onyankopɔn tumidi na ɛfata.—Daniel 2:44; Adiyisɛm 11:15.

Yɛnam Hebri Kyerɛwnsɛm no so hu sɛnea asetra bɛyɛ wɔ Onyankopɔn Ahenni ase, ɛma yenya awerɛkyekye, na ɛtwe yɛn bɛn Onii a ɔkyekye yɛn werɛ a ɔne Yehowa Nyankopɔn no kɛse. Sɛ nhwɛso no, odiyifo Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ asomdwoe bɛba mmoa ne nnipa ntam. Ɔkae sɛ: “Ɛnna habɔdɔm ne oguanten ba bɛtra, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtra faako, na abofra ketewa aka wɔn.” (Yesaia 11:6-8) Akwanhwɛ a ɛyɛ anigye bɛn ara ni!

Dɛn na Hebri Kyerɛwnsɛm no ka fa nnipa a mmusua mu nyiyim, yare a emu yɛ den, anaa sikasɛm mu nsɛnnennen a wontumi nyɛ ho hwee no ama wɔn asɛm ayɛ mmɔbɔ no ho? Hebri Kyerɛwnsɛm no hyɛ Kristo Yesu ho nkɔm sɛ: “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa.” (Dwom 72:12, 13) Mfaso wɔ bɔhyɛ ahorow a ɛte sɛ eyi so, efisɛ ɛma wɔn a wɔde wɔn ani to so no de ahotoso hwɛ kwan sɛ nneɛma bɛyɛ yiye daakye.—Hebrifo 11:6.

Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Onyankopɔn honhom maa ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ, na yɛnam yɛn boasetɔ ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso”! (Romafo 15:4) Nokwarem no, Hebri Kyerɛwnsɛm no da so ara yɛ Onyankopɔn Asɛm Bible a wɔde ne honhom kyerɛwee no fã a ɛho hia. Ɛso wɔ mfaso ankasa ma yɛn nnɛ. Yɛhwɛ kwan sɛ wobɛbɔ mmɔden asua nea Bible mũ no nyinaa kyerɛkyerɛ no ho ade pii, na wonam so abɛn Bible no Kyerɛwfo a ɔne Yehowa Nyankopɔn no kɛse.—Dwom 119:111, 112.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Yɛbɛfrɛ Apam Dedaw no sɛ Hebri Kyerɛwnsɛm wɔ asɛm yi mu. (Hwɛ asɛm a ɛne “Apam Dedaw Anaasɛ Hebri Kyerɛwnsɛm?” a ɛwɔ adaka a ɛwɔ kratafa 6 no mu no.) Saa ara na Yehowa Adansefo taa frɛ Apam Foforo no Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm.

^ nky. 13 Nnyinasosɛm a ɛso wɔ mfaso pii nnɛ wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Kristofo nhyɛ Mmara a Onyankopɔn nam Mose so de maa Israel man no ase.

[Adaka wɔ kratafa 6]

APAM DEDAW ANAASƐ HEBRI KYERƐWNSƐM?

Ɛnnɛ, nkurɔfo taa frɛ Kyerɛw Kronkron Bible mu nhoma 39 a edi kan no “Apam Dedaw.” Yehu asɛm a ɛne “apam dedaw” no wɔ 2 Korintofo 3:14Union Bible no mu. Wɔ saa kyerɛwsɛm no mu no, asɛmfua “apam” no gyina hɔ ma Hela asɛmfua di·a·theʹke. Ɛha no, na ɛnyɛ sɛ ɔsomafo Paulo reka Kyerɛwnsɛm a Onyankopɔn honhom ma wɔkyerɛwee ansa na Kristo reba no nyinaa ho asɛm. Dɛn nti na yɛreka saa?

Nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛwfo Edward Robinson kae sɛ: “Esiane sɛ wɔakyerɛw apam a Yehowa ne tete Israelfo yɛe no wɔ Mose nhoma no mu nti, [di·a·theʹke] kyerɛ apam nhoma, Mose nhoma, anaasɛ mmara no.” Wɔ 2 Korintofo 3:14 no, na ɔsomafo Paulo reka Mose Mmara no a ɛyɛ Kyerɛwnsɛm a wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ ansa na Kristo reba no ho asɛm.

Enti, edin bɛn paa na ɛfata sɛ yɛde to Kyerɛw Kronkron Bible mu nhoma 39 a edi kan no so? Sɛ́ anka Yesu Kristo ne n’akyidifo no bɛka sɛ Bible no fã yi bere atwam anaasɛ ayɛ dedaw no, wɔfrɛɛ no “Kyerɛwnsɛm no,” ne “Kyerɛw kronkron.” (Mateo 21:42; Romafo 1:2) Enti, nea ɛne saa asɛm yi a Onyankopɔn honhom ma wɔkyerɛwee hyia no, Yehowa Adansefo frɛ Apam Dedaw no Hebri Kyerɛwnsɛm, efisɛ Hebri kasa titiriw na wodii kan de kyerɛw Bible mu nhoma a wɔfrɛ no Apam Dedaw no. Saa ara na wɔfrɛ ɔfã a nkurɔfo frɛ no Apam Foforo no Hela Kyerɛwnsɛm, efisɛ Hela kasa na mmarima a Onyankopɔn honhom ma wɔkyerɛw saa Bible no fã no de dii dwuma.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4]

Nkurɔfo betumi abu ɔbarima bi sɛ ɔyɛ ɔtemmufo a ɔde mmara yɛ adwuma katee, agya a ɔwɔ ɔdɔ, ne adamfo

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Yesu de Hebri Kyerɛwnsɛm no yɛɛ adwuma wɔ ne som adwuma no nyinaa mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Bible mu nnyinasosɛm bɛn na ebetumi aboa obi ma wasisi gyinae pa?