Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Boaa Yɛn Ma Yegyinaa Kankabi Nniso Ano

Yehowa Boaa Yɛn Ma Yegyinaa Kankabi Nniso Ano

Asetram Nsɛm

Yehowa Boaa Yɛn Ma Yegyinaa Kankabi Nniso Ano

Sɛnea Henryk Dornik ka kyerɛe

WƆWOO me wɔ afe 1926 mu, ná m’awofo yɛ Katolekfo a wɔn ani gye wɔn som ho yiye. Ná wɔte Ruda Slaska. Ɛyɛ kurow bi a wotu fagude wom a ɛbɛn Katowice wɔ Poland anafo fam. Wɔkyerɛkyerɛɛ me ne me nuabarima panyin Bernard; me nuabeanom nkumaa Róża ne Edyta; sɛ yɛmmɔ mpae, nkɔ asɔre, na yɛnkɔ bɔneka nso.

Wɔde Bible Mu Nokware Baa Yɛn Fie

Da koro bi, wɔ January 1937 mu, bere a na madi mfe du no, Paapa fi kurom baa fie no, na n’ani agye paa. Ná okura nhoma kɛse bi a Yehowa Adansefo de ama no. Paapa ka kyerɛɛ yɛn sɛ, “Mmofra, monhwɛ, manya Kyerɛw Kronkron!” Ná minhuu Bible da.

Ná Katolek Asɔre no akɛntɛn Ruda Slaska ne nkurow a ɛdeda ho no mufo so bere tenteenten. Ná asɔfo no ne fagude adwuma no wuranom no afa nnamfo denneennen, na na wɔhwehwɛ sɛ adwumayɛfo no ne wɔn mmusua tie asɔfo no asɛm wɔ biribiara mu. Sɛ odwumayɛni bi ankɔ Mass anaa bɔneka a, na wobu no sɛ ɔyɛ obi a onnye nni, na na wɔbɔ no to hɔ sɛ wobeyi no adi afi adwuma no mu. Esiane sɛ Paapa de ne ho bɔɔ Yehowa Adansefo nti, ankyɛ koraa na wɔbɔɔ no too hɔ sɛ wobeyi no adi. Nanso, bere a ɔsɔfo bi baa yɛn fie no, Paapa kaa nyaatwom a ɔyɛ wɔ nyamesom mu no ho asɛm ma obiara tee bi. Ɔsɔfo a na n’ani awu no ampɛ sɛ Paapa kɔ so gu n’anim ase bio, enti wamma wɔanyi Paapa adi amfi adwuma mu.

Nea ɛkɔɔ so wɔ Paapa ne ɔsɔfo no ntam a metee no hyɛɛ me den wɔ me bo a na masi sɛ mesua Bible no mu. Nkakrankakra, mebɛdɔɔ Yehowa, na me ne no ntam abusuabɔ mu yɛɛ den. Paapa ne ɔsɔfo no kasae akyi asram kakraa bi no, yɛkɔɔ Kristo wu Nkaedi ase. Ɛhɔ na wɔde Paapa kyerɛɛ kuw bi a emufo yɛ 30 sɛ Paapa yɛ “Yonadabni.” Ankyɛ koraa na mibehui sɛ sɛ́ ná “Yonadabfo” no yɛ Kristofo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase yi so, na na wɔn dodow bɛkɔ anim. *2 Ahene 10:15-17.

“Aberante, Wunim Nea Asubɔ Kyerɛ?”

Bere a Paapa gyee nokware no, ogyaee asanom, na ɔbɛyɛɛ okunu pa ne agya pa. Nanso, Maame annye Paapa gyidi ahorow no antom, na na ɔtaa ka sɛ n’ani begye ho mmom sɛ Paapa bɛkɔ so atra ne bra a na ɔwɔ mu dedaw no mu na wakɔ so ayɛ Katolekni. Nanso, bere a Wiase Ko II no fii ase no, maame hui sɛ asɔfo a na wɔabɔ mpae sɛ Poland nni Germanfo a na wɔabɛtow ahyɛ yɛn so no so nkonim no ara san bɔɔ mpae daa ase sɛ Hitler adi nkonim! Akyiri yi, wɔ afe 1941 mu no, Maame bɛkaa yɛn ho ne yɛn som Yehowa.

Ná madi kan aka sɛ mepɛ sɛ mebɔ asu de da no adi sɛ m’ahyira me ho so ama Onyankopɔn, nanso na asafo no mu mpanyimfo susuw sɛ misua dodo. Wɔka kyerɛɛ me sɛ mentwɛn. Awiei koraa no, wɔ December 10, 1940 no, Konrad Grabowy (onuabarima bi a odii nokware kosii owu mu wɔ nneduaban mu) de me kɔɔ ɔdan ketewa bi mu de anifere kobisabisaa me nsɛm. Obisaa me nsɛm anum, na bere a ohui sɛ mabua nsɛmmisa no yiye no, ɔbɔɔ me asu. Nsɛm a obisaa me no mu biako ne, “Aberante, wunim nea asubɔ kyerɛ?” Foforo nso ne, “Wunim sɛ seesei a ɔko rekɔ so yi, ɛrenkyɛ biara ɛho behia sɛ wusi gyinae sɛ wubedi Hitler akyi anaasɛ wubedi nokware ama Yehowa, na gyinae a wubesi no betumi ama wɔakum wo?” Mantwentwɛn me nan ase koraa na mekae sɛ, “Minim.”

Ɔtaa Fii Ase

Dɛn nti na Konrad Grabowy bisaa me nsɛm pɔtee a ɛte saa? Ná German asraafo atow ahyɛ Polandfo so wɔ afe 1939 mu, na ɛno akyi no, wɔsɔɔ yɛn gyidi ne yɛn nokwaredi hwɛɛ yiye. Bere a yɛtee sɛ wɔakyere yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea, atwa ebinom asu, na wɔde ebi nso akogu afiase anaa nneduaban mu no, ɛmaa yɛn ho yeraw yɛn bere nyinaa. Yehui sɛ ɛrenkyɛ koraa na yɛn nso yɛahyia sɔhwɛ a ɛte saa ara.

Ná Nasifo no pɛ sɛ mmabun a na wɔwɔ hɔ saa bere no a na me ne me nuanom a na yɛyɛ baanan no nso ka ho no nyinaa di Hitler aban no akyi. Esiane sɛ wɔfrɛɛ Maame ne Paapa mpɛn pii sɛ wɔmmɛkyerɛw wɔn din wɔ nhoma bi a na wɔato din Volkslist (a na wɔakyerɛw nkurɔfo a wɔasesa abɛyɛ Germanfo ne wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔyɛ bi din wom) mu na wɔanyɛ nti, wogyee yɛn fii wɔn nsam. Wɔde Paapa kɔtoo nneduaban mu wɔ Auschwitz. Wɔ February 1944 mu no, wɔde me ne me nuabarima kɔɔ mmofrabɔne sukuu a ɛwɔ Grodków (Grottkau) a ɛbɛn Nysa, na wɔde me nuabeanom no nso kɔɔ Katolekfo nyamekyerɛ sukuu a ɛwɔ Czarnowąsy (Klosterbrück) a ɛbɛn Opole no mu. Ná atumfo no botae ne sɛ wɔbɛma yɛagyae nkyerɛkyerɛ bi a wosusuw sɛ ɛyɛ “atosɛm bi a yɛn awofo de adua yɛn mu” no mu. Maame nkutoo na ɔkaa fie.

Anɔpa biara, na wɔtwetwe German frankaa kɔ soro wɔ mmofrabɔne sukuu no adiwo hɔ, na na wɔhyɛ yɛn sɛ yɛmma yɛn nsa nifa so na yenkyia frankaa no nka sɛ “Hitler Mo.” Ná ɛyɛ yɛn gyidi ho sɔhwɛ a emu yɛ den, nanso me ne Bernard gyinaa pintinn, na yɛanyɛ ade a yenim sɛ enye no. Ɛno nti, wɔhwee yɛn paa efisɛ wɔkae sɛ “yemmu ade.” Wɔbɔɔ mmɔden mpɛn pii sɛ wobebu yɛn abam, na ɛno nso anyɛ yiye. Enti awiei koraa no, SS asraafo no ka kyerɛɛ yɛn sɛ, “Ɛsɛ sɛ mode mo ho bɔ German man no, na moyɛ Wehrmacht [German asraafo], anyɛ saa a, yɛde mo bɛkɔ nneduaban mu.”

Wɔ August 1944 mu, bere a atumfo no kae sɛ wɔmfa yɛn nkɔ nneduaban mu no, wɔkyerɛw asɛm bi faa yɛn ho sɛ: “Ɛyɛ den paa sɛ yɛbɛma saa mmofra yi ayɛ biribi a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ. Sɛ wɔn som nti wɔyɛ wɔn ayayade a, ɛma wɔn ani gye. Wɔn asoɔden no betumi asɛe mmofra a wɔwɔ mmofrabɔne sukuu hɔ nyinaa.” Ɛwom sɛ na m’ani nnye ho sɛ me som nti mehu amane de, nanso akokoduru ne nidi a mede gyinaa amanehunu ano dii nokware maa Yehowa no maa m’ani gyei. (Asomafo Nnwuma 5:41) Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔhyɛɛ me den a, anka m’ankasa mintumi nnyina amane a na merebehu no ano da. Nanso, mpae a mifi me komam bɔɔ no daa no ma mebɛnee Yehowa kɛse, na ɔbɛyɛɛ Ɔboafo a mitumi de me ho to no so.—Hebrifo 13:6.

Wɔ Nneduaban Mu

Ankyɛ na wɔde me kɔɔ Gross-Rosen nneduaban mu wɔ Silesia. Wɔmaa me deduani nɔma ne ahinasa afasebiri agyiraehyɛde a na ɛma wohu me sɛ meyɛ Yehowa Dansefo. SS asraafo no de hokwan bi maa me. Wɔkae sɛ sɛ meyɛ ade biako bi a, wobeyi me afi afiase, na wɔama mabɛyɛ Nasi ɔsraani panyin mpo. Wɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛsɛ sɛ wopo Bible Asuafo no nkyerɛkyerɛ a etia Hitler Nniso no.” Nneduafo foforo biara nni hɔ a wɔde hokwan a ɛte saa maa wɔn. Yehowa Adansefo nkutoo na wɔmaa wɔn kwan sɛ sɛ wɔpɛ a wobetumi afi nneduaban no mu. Nanso, me ne Adansefo foforo mpempem pii poo saa “hokwan” no. Asraafo no ka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ fononoo a wɔde hyew nnipa no mu wusiw a ɛrepue fi wusikwan no mu no yiye. Susuw ho anibere so, anyɛ saa a, saa wusikwan yi mu nkutoo na wobɛfa apue.” Mampene nea wɔkae no so saa bere yi nso, na “Nyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so” no hyɛɛ me ma saa bere no.—Filipifo 4:6, 7.

Mesrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me mma minhu me mfɛfo Adansefo a wɔwɔ nneduaban mu hɔ no. Ɔboaa me ma mihuu wɔn. Saa Kristofo no bi ne onuabarima nokwafo bi a wɔfrɛ no Gustaw Baumert a ofi ɔdɔ ne ayamye mu hwɛɛ me no. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa yɛɛ “ahummɔbɔ Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” maa me.—2 Korintofo 1:3.

Asram kakraa bi akyi no, esiane sɛ na Russia asraafo reba baabi a na yɛn nneduaban no wɔ nti, Nasifo no yɛɛ ntɛm yii yɛn fii hɔ. Bere a na yɛreboaboa yɛn ho afi hɔ no, yɛn a na yɛyɛ anuanom mmarima no de yɛn nkwa too asiane mu kɔɔ mmea nneduaban mu kɔhwɛɛ sɛnea yɛn nuanom Kristofo mmea bɛyɛ 20 a na wɔwɔ hɔ a wɔn mu bi ne Elsa Abt ne Gertrud Ott no ho te. * Anuanom mmea no huu yɛn no, wɔyɛɛ ntɛm tuu mmirika behyiaa yɛn, na bere a yɛhyehyɛɛ yɛn ho yɛn ho nkuran bere tiaa bi akyi no, wɔtoo Ahenni dwom a emu nsɛm bi ne: “Gyidini a odi nokware no, remma ehu nka ne kra da.” * Afei, obiara bu n’ani a, na nusu waa!

Wɔde Yɛn Kɔɔ Nneduaban Foforo Mu

Nasifo no de yɛn a na yɛyɛ nneduafo bɛyɛ 100 kosi 150 guu adaka a wɔde biriw gu mu a esi keteke so mu, wɔamma yɛn aduan ne nsu, na yetwaa kwan faa osu a ano yɛ nwini a na ɛretɔ ne sukyerɛmma mu. Ná awɔw ne osukɔm rekum yɛn. Bere a nneduafo a wɔyare ne wɔn a wɔabrɛ no wuwui no, yɛn ho hanee yɛn kakra wɔ adaka no mu. Me nan ne m’apɔw so honhonoe, na na mintumi nnyina hɔ mpo. Bere a yetwaa kwan dadu akyi no, wɔde nneduafo kakraa bi a yɛanwuwu no koguu Mittelbau-Dora a ɛwɔ Nordhausen a ɛbɛn Weimar wɔ Thuringia. Anigyesɛm ne sɛ, anuanom a yetuu kwan a ɛyɛ hu no mu biako mpo anwu.

Me ho fii ase sɛ ɛretɔ me wɔ akwantu no akyi ara pɛ na konkurowa tew sii nneduaban no mu. Ɔyare no kaa anuanom binom, na ɛkaa me nso. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ mma yɛnnom nkwan a wɔde ma yɛn wɔ nneduaban mu hɔ no, na mmom yenni paanoo a wɔatõtõ nkutoo. Meyɛɛ saa, na ankyɛ na me ho tɔɔ me. Wɔ March 1945 mu no, yɛtee sɛ na afe asɛm no yɛ Mateo 28:19 a ɛne sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo.” Ná ɛda adi sɛ ɛrenkyɛ na wɔayi yɛn afi nneduaban no mu ama yɛakɔ so aka asɛmpa no! Ɛno ma yenyaa anidaso, na yɛn ani gyei, efisɛ na yesusuw sɛ Wiase Ko II no bɛkɔ akowie Harmagedon mu. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ Yehowa hyɛɛ yɛn den wɔ mmere a na emu yɛ den no nyinaa mu!

Wogyee Yɛn Fii Nneduaban Mu

Wɔ April 1, 1945 no, aman a wɔko tiaa Germany no asraafo totow atopae guu SS asraafo no atrae ne nneduaban bi a na ɛbɛn baabi a yɛwɔ no so. Nnipa pii pirapirae, na ebi nso wuwui. Ade kyee no, wɔtotow atopae pii guu yɛn nneduaban no so, na saa bere no, ɔtopae bi a ano yɛ den a wɔtowee no maa me so kɔɔ wim de me kɔhwee baabi.

Yɛn nuanom no mu biako a wɔfrɛ no Fritz Ulrich bɛboaa me. Oyiyii adan a na adwiriw sum hɔ mu abo no, na na ogye di sɛ minwui. Awiei koraa no, ohuu me, na ɔtwee me fii abo no mu. Bere a m’ani so tetew me no, mihui sɛ na mapirapira wɔ m’anim ne me honam nyinaa, na na obi kasa a mente. Ná ɔtopae no dede no ama m’aso mu ayɛ den. M’aso kɔɔ so haw me mfe pii ansa na me ho retɔ me.

Nneduafo mpempem a na yɛwɔ nneduaban mu hɔ no, yɛn mu kakraa bi pɛ na yenyaa yɛn ti didii mu wɔ atopae a wɔtotowee no mu. Yɛn nuanom no bi wuwui, na na wɔn mu biako ne Gustaw Baumert a na yɛdɔ no no. M’apirakuru no maa me ho yɛɛ hyehyeehyew, nanso ankyɛ na aman a wɔko tiaa Germany no asraafo behuu yɛn na wogyee yɛn. Saa bere no, nneduafo a na wɔawuwu anaa wɔakunkum wɔn no afunu a na ɛreporɔw no maa yare bi a ɛte sɛ atiridiinini tew sii yɛn mu, na ebi yɛɛ me. Wɔde yɛn a na yɛyare no kɔɔ ayaresabea bi, nanso ɛmfa ho mmɔden biara a nnuruyɛfo no bɔe no, yɛn mu baasa pɛ na yenyaa nkwa. Hwɛ aseda a mede maa Yehowa sɛ ɔhyɛɛ me den ma midii nokware wɔ mmere a na emu yɛ den no nyinaa mu! Mesan daa Yehowa ase nso sɛ wɔ me fam no, Yehowa hui sɛ ɛfata sɛ ogye me fi owu ‘sum kabii bon’ mu.—Dwom 23:4.

Awiei Koraa Mesan Kɔɔ Fie!

Bere a Germanfo no gye toom sɛ wɔadi nkogu no, misusuwii sɛ ɛrenkyɛ biara na makɔ fie, nanso anyɛ mmerɛw sɛnea na mehwɛ kwan no. Nneduafo bi a na wɔyɛ Katolek Kuw bi mufo huu me, wɔteɛteɛɛm sɛ, “Munkum no!” Na wosum me hwee fam tiatiaa me so. Ɔbarima bi baa hɔ begyee me fii wɔn nsam, nanso ɛkyɛe paa ansa na me ho retɔ me, efisɛ pira a na m’apirapira ne yare bi a ɛte sɛ atiridiinini a ɛyɛɛ me no maa meyɛɛ mmerɛw. Nanso, awiei koraa no, mitumi kɔɔ fie. Hwɛ anigye ara minyae sɛ mekɔkaa m’abusuafo ho! Wɔn nso ani gyei paa sɛ wohuu me, efisɛ na wosusuw sɛ mawu.

Ankyɛ koraa na yɛsan fii asɛnka adwuma no ase, na nnipa pii a na wɔrehwehwɛ nokware no tiee asɛm no. Wɔmaa me adwuma sɛ menkyekyɛ Bible ho nhoma mma asafo ahorow no. Me ne onuabarima foforo bi nyaa hokwan kohyiaa Germany baa dwumadibea no ananmusifo wɔ Weimar, na yefii hɔ no, yɛde Ɔwɛn-Aban baa Poland, na na eyi ne nea edi kan koraa wɔ ɔko no akyi. Yɛkyerɛɛ ase ntɛm ara ma wotintimii. Na bere a yɛn baa dwumadibea a ɛwɔ Lodz no fii ase hwɛɛ adwuma a wɔyɛ wɔ Poland so koraa no, asafo ahorow no nyaa wɔn Bible ho nhoma daa. Mifii ase yɛɛ ɔkwampaefo titiriw anaa bere nyinaa ɔsɛmpakafo, na meyɛɛ adwuma wɔ Silesia asasesin kɛse no a saa bere no na ɔfã kɛse no ara yɛ Poland man no asase no mu.

Nanso, ankyɛ na wɔsan de ɔtaa baa Yehowa Adansefo so bio. Saa bere yi de, na ɛyɛ Komunis nniso foforo a wɔahyehyɛ wɔ Poland no na wɔde ɔtaa no baa yɛn so. Esiane sɛ meyɛ Kristoni na memfa me ho nhyɛ amanyɔsɛm mu nti, wɔde me too afiase mfe abien wɔ afe 1948 mu. Bere a na meda afiase no, mitumi boaa nneduafo pii ma wɔbɛn Onyankopɔn. Wɔn mu biako gyee nokware no, na akyiri yi, ohyiraa ne ho so maa Yehowa, na wɔbɔɔ asu.

Wɔ afe 1952 mu no, wɔsan de me kɔtoo afiase, saa bere yi de, wɔbɔɔ me sobo sɛ mekeka Poland man no mu nsɛm kyerɛ United States! Bere a meretwɛn ma wɔadi m’asɛm no, wɔde me kɔtoo ɔbaakofo nneduaban mu, na wobisabisaa me nsɛm awia ne anadwo. Nanso, Yehowa san gyee me fii wɔn a wɔtaa me no nsam, na efi saa bere no, wɔamfa me anto ɔbaakofo afiase anteetee me saa bio.

Nea Ɛboaa Me Ma Migyinaa Amanehunu Ano

Sɛ misusuw sɔhwɛ ne amanehunu a mafa mu wɔ mfe pii mu no ho a, metumi akyerɛ nneɛma titiriw bi a ɛhyɛɛ me nkuran. Nea edi kan koraa no, minyaa ahoɔden a mede gyinaa amanehunu ano no fii Yehowa hɔ, na n’Asɛm Bible no nso boaa me. “Awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no a mifi komam bɔɔ no mpae bere nyinaa, ne n’Asɛm a misuaa no daa no boaa me ne afoforo ma yɛkɔɔ so kuraa yɛn gyidi mu. Ɔwɛn-Aban no a na wɔde nsa akyerɛw no nso hyɛɛ yɛn gyidi den kɛse. Wɔ bere a na meda nneduaban mu no, me mfɛfo gyidifo a na wɔpɛ sɛ wɔboa me no hyɛɛ me den yiye.

Nhyira foforo a minya fii Yehowa hɔ ne me yere Maria. Yɛwaree wɔ October 1950 mu, na akyiri yi, yɛwoo yɛn babea Halina a onyin bɛdɔɔ Yehowa na ɔsom no no. Me ne Maria waree mfe 35 ansa na ɔyare bi rebɔ no bere tenteenten ma wawu. Ne wu no ma midii awerɛhow ne ɛyaw kɛse. Ɛwom sɛ metee nka te sɛ nea ‘wɔatow me akyene’ de, nanso ‘wɔansɛe me.’ (2 Korintofo 4:9) Wɔ saa mmere a emu yɛ den no mu no, me babea a ɔda me koma so, ne kunu, ne ne mma a wɔyɛ me mmanananom a wɔn nyinaa resom Yehowa no kyekyee me werɛ.

Mayɛ adwuma wɔ Poland baa dwumadibea fi afe 1990 mu. Betel abusua no mufo a wɔwɔ ɔdɔ a me ne wɔn bɔ no ayɛ nhyira kɛse ama me. Ɛtɔ mmere bi a, m’ahoɔden a ɛso retew no ma mete nka te sɛ ɔkɔre bi a otu fãã a ontumi mmɔ n’ataban mu. Nanso, mede ahotoso hwɛ daakye kwan, na ‘mɛto Yehowa dwom sɛ wayɛ me yiye’ abedu saa bere yi. (Dwom 13:5) Merehwɛ bere a Yehowa a ɔyɛ me Boafo no beyi ɔhaw a Satan nniso bɔne de aba no nyinaa afi hɔ no kwan.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 8 Hwɛ January 1, 1998, Ɔwɛn-Aban, kratafa 13, nkyekyɛm 6.

^ nky. 20 Hwɛ Elsa Abt asetram nsɛm a ɛwɔ Borɔfo Ɔwɛn-Aban, April 15, 1980, kratafa 12-15.

^ nky. 20 Ɛyɛ dwom 101 a ɛwɔ Ayeyi Nnwom a Wɔto Ma Yehowa, nnwom nhoma a Yehowa Adansefo yɛɛ no wɔ afe 1928 mu no mu. Wɔ dwom nhoma a yɛde di dwuma seesei mu no, ɛyɛ dwom a ɛto so 56.

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Wɔmaa me nɔma ne ahinasa afasebiri yi wɔ nneduaban mu

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Me ne me yere Maria wɔ afe 1980 mu