Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Daniel Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Daniel Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Daniel Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

NHOMA bi a wɔato din Holman Illustrated Bible Dictionary ka sɛ, “Daniel nhoma no yɛ Bible mu nhoma ahorow a emu nsɛm yɛ anigye paa no mu biako. Nokwasɛm a ɛnsesa da pii ahyɛ Daniel nhoma no mu ma.” Wɔhyɛɛ ase kyerɛw Daniel nhoma no wɔ afe 618 A.Y.B. mu. Ɛyɛ saa bere no na Babilon hene Nebukadnesar ne n’asraafo kɔɔ Yerusalem kotwaa kurow no ho hyiae na ɔtow hyɛɛ Yuda so ‘faa Israelfo’ no bi kɔɔ Babilon kɔyɛɛ nkoa no. (Daniel 1:1-3) Daniel a ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na ɔyɛ aberantewa no ka wɔn a wɔde wɔn kɔɔ Babilon no ho. Wɔkyerɛw Daniel nhoma no wiei no, na Daniel da so ara wɔ Babilon. Onyankopɔn hyɛɛ Daniel a saa bere no na ɔreyɛ adi mfe 100 no bɔ sɛ: ‘Wobɛkɔ akɔhome na woasɔre akonya wo kyɛfa, nna a edi akyiri no mu.’—Daniel 12:13.

Wɔkyerɛw Daniel nhoma no fã a edi kan no nnidiso nnidiso te sɛ nea obi na ɔka ma ɔkyerɛwee wɔ bere a nsɛm no sisii no mu. Nanso, ɔfã a etwa to no de, ɔkyerɛw no sɛnea ɔno ankasa na ɔrekasa. Daniel ankasa na ɔkyerɛw saa nhoma no, na nsɛm a ɛwom no fa wiase tumidi ahorow sɔre ne wɔn asehwe, bere a na Mesia no bɛba, ne nsɛm a ebesisi wɔ yɛn bere yi so ho. * Odiyifo a na wabɔ akwakoraa no kaa nsɛm a na asisi wɔ ne mmeranteberem ho asɛm, na ɔkaa emu bi a ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛkɔ so di nokware ma Onyankopɔn sɛ mmarima ne mmea. Daniel nhoma no mu nsɛm wɔ nkwa na tumi wom.—Hebrifo 4:12.

DƐN NA YESUA FI NSƐM A ESISII A WƆKYERƐW NO NNIDISO NNIDISO NO MU?

(Daniel 1:1–6:28)

Ɛyɛ afe 617 A.Y.B. mu. Ná Daniel ne n’ayɔnkofo mmerantewa baasa a wɔne Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego wɔ Babilon ahemfie. Mmerantewa no kɔɔ so dii Onyankopɔn nokware wɔ mfe abiɛsa a wɔde tetee wɔn wɔ ahemfie hɔ no mu. Bɛyɛ mfe awotwe akyi no, Ɔhene Nebukadnesar soo dae huhuuhu bi. Daniel kaa ne dae no kyerɛɛ no, na afei ɔkyerɛɛ no ase. Ɔhene no gye toom sɛ, Yehowa ne “anyame mu Nyame ne ahene wura ne nea oyi ahintasɛm adi.” (Daniel 2:47) Nanso, ɛte sɛ nea ankyɛ koraa na Nebukadnesar werɛ fii saa asɛm yi. Bere a Daniel ayɔnkofo baasa no ansom ohoni kɛse bi no, ɔhene no ma wɔtow wɔn guu fononoo bi a na ogya redɛw wom mu. Nanso, nokware Nyankopɔn no gyee mmerantewa baasa no, na ɛno maa Nebukadnesar kae sɛ, “Onyankopɔn bi nni hɔ a obetumi agye onipa sɛɛ.”—Daniel 3:29.

Nebukadnesar san soo dae soronko bi. Ohuu dua kɛse bi a wotwae a wɔamma amfefɛw. Daniel kyerɛɛ saa dae no ase. Dae no fã bi nyaa ne mmamu bere a Nebukadnesar bɔɔ dam na ne ho tɔɔ no no. Mfe pii akyi no, Ɔhene Belsasar too pon kɛse bi maa n’abirɛmpɔn, na ɔyɛɛ aniammɔnho ma wɔnom nkuruwa a wɔkɔfa fii Yehowa asɔrefie hɔ no ano. Saa anadwo no ara wokum Belsasar, na Mediani Dario faa ahenni no. (Daniel 5:30, 31) Wɔ Dario bere so, bere a na Daniel adi boro mfe 90 no, ahemfie hɔ adwumayɛfo a na odiyifo akwakoraa no ho yɛ wɔn ahi no bɔɔ pɔw sɛ wɔbɛma wɔakum no. Nanso, Yehowa gyee odiyifo no ‘fii agyata nsam.’—Daniel 6:27.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:11-15—So afumduan no na ɛmaa Yudafo mmerantewa baanan no anim yɛɛ fɛfɛɛfɛ no? Dabi, ɛnyɛ aduan no. Aduan biara nni hɔ a na ebetumi ama wɔn anim ayɛ fɛ saa wɔ dadu pɛ mu. Ɛyɛ Yehowa na ohyiraa Hebrifo mmerantewa no ma wɔn anim yɛɛ fɛfɛɛfɛ saa no, esiane sɛ wɔde wɔn ho too no so nti.—Mmebusɛm 10:22.

2:1—Bere bɛn na Nebukadnesar soo ohoni kɛse no ho dae no? Kyerɛwsɛm no ka sɛ, Nebukadnesar soo dae yi wɔ ‘n’ahenni afe a etia abien no’ mu. Nebukadnesar bɛyɛɛ ɔhene wɔ afe 624 A.Y.B. mu. Enti, na n’ahenni afe a ɛto so abien no befi ase wɔ afe 623 A.Y.B., na mfe pii twaam ansa na ɔrekɔko afa Yuda man no. Wɔ Nebukadnesar ahenni no mfiase mu no, na Daniel nni Babilon na ama wakyerɛ Nebukadnesar dae no ase. Enti, ɛda adi sɛ wɔkan “afe a etia abien no” fii afe 607 A.Y.B., bere a Babilon hene Nebukadnesar sɛee Yerusalem na ɔbɛyɛɛ wiase sodifo no.

2:32, 39—Ɔkwan bɛn so na ahenni a ɛyɛ dwetɛ no nnu sika ti no, na kɔbere ahenni no nso nnu dwetɛ de no? Ná Medo-Persia Ahemman no a wɔde ohoni no fã a ɛyɛ dwetɛ gyinaa hɔ mae no nnu Babilon a ɛyɛ sika ti no, efisɛ annya hokwan ansɛe Yuda man no. Wiase tumidi a ɛbae wɔ ɛno akyi ne Hela a wɔde kɔbere gyinaa hɔ mae no. Ná Hela nnu Medo-Persia te sɛ nea kɔbere nnu dwetɛ no ara pɛ. Ɛwom sɛ Hela Ahemman no kõ dii nsase pii so de, nanso annya hokwan annye Onyankopɔn nkurɔfo amfi nkoasom mu sɛnea Medo-Persia yɛe no.

4:8, 9—So Daniel ankasa bɛyɛɛ kurukyerɛwfo anaa ɔkɔmfo? Dabi. Ná asɛm a ɛne “kurukyerɛwfo panyin,” anaa ɔkɔmfo panyin no fa dibea a na Daniel wɔ sɛ “Babel anyansafo nyinaa so mpanyimfo mu titiriw” no ho kɛkɛ.—Daniel 2:48.

4:10, 11, 20-22—Dua kɛse a na ɛwɔ Nebukadnesar dae no mu no gyina hɔ ma dɛn? Mfiase no, na dua no gyina hɔ ma Nebukadnesar a na ɔyɛ wiase tumidi a na ɛwɔ hɔ no so hene no. Nanso, esiane sɛ ahenni no mu trɛw duu “asase ano” nti, na dua no begyina hɔ ama biribi a ɛkorɔn paa. Daniel 4:17 ka sɛ, dae no fa “Ɔsorosoroni” ahenni a odi wɔ nnipa so no ho. Ɛnde, dua no san gyina hɔ ma Yehowa amansan tumidi, titiriw, nea odi wɔ asase so no. Enti, na dae no wɔ mmamu abien, nea ɛfa Nebukadnesar nniso ne Yehowa tumidi ho.

4:16, 23, 25, 32, 33—Ná “mmere ason” no tenten yɛ ahe? Nsakrae a ɛbaa Ɔhene Nebukadnesar asetram nyinaa no hwehwɛ sɛ “mmere ason” no tenten boro nnafua ason. Wɔ Nebukadnesar fam no, na mmere no yɛ mfe ason a emu biara yɛ nnafua 360 anaa nnafua 2,520. Wɔ ne mmamu kɛse mu no, “mmere ason” no yɛ mfe 2,520. (Hesekiel 4:6, 7) Mmere ason no fii ase wɔ afe 607 A.Y.B. mu, bere a wɔsɛee Yerusalem no, na ɛbaa awiei wɔ afe 1914 Y.B. mu, bere a wɔde Yesu sii agua so wɔ soro sɛ Ɔhene no.—Luka 21:24.

6:6-10—Esiane sɛ wɔnhwehwɛ sɛ yegyina hɔ anaasɛ yɛkotow ansa na yɛabɔ Yehowa mpae nti, so anka ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ Daniel bɛbɔ mpae a ɔremma obiara nhu sɛ ɔrebɔ mpae kosi sɛ nnafua 30 no betwam? Ná ɔmanfo no nim ɔkwan a Daniel fa so bɔ mpae mprɛnsa da biara da no. Ɛno nti na wɔn a wɔbɔɔ no ho pɔw bɔne no ma wɔhyɛɛ mmara sɛ ɛnsɛ sɛ obiara bɔ mpae no. Enti, sɛ Daniel sesaa ɔkwan a na ɔfa so bɔ mpae daa no a, anka afoforo bebu no sɛ wagyae ɔsom kronn a ɔde ma Yehowa no.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

1:3-8. Sɛnea Daniel ne n’ayɔnkofo no sii wɔn bo dii nokware maa Yehowa no kyerɛ sɛnea mfaso kɛse wɔ ntetee a ɛbɛyɛ sɛ wonya fii wɔn awofo hɔ no so. Sɛ awofo a wosuro Onyankopɔn de Onyankopɔn som di kan wɔ wɔn asetram na wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔn nso yɛ saa ara a, ɛda adi paa sɛ mmofra no betumi ako atia sɔhwɛ ne nhyɛso ahorow a ebia wobehyia wɔ sukuu mu anaa baabi foforo no.

1:10-12. Daniel tee nea enti a na “apiafohene” no suro ɔhene no ase, na wankɔ so ansrɛ no hɔ ade bio. Nanso, akyiri yi Daniel kɔɔ “opiani” a na ɔhwɛ wɔn so a ebia na ɔno de ne tirim nyɛ den koraa no nkyɛn. Sɛ yɛredi tebea ahorow a emu yɛ den ho dwuma a, ɛsɛ sɛ yɛde nhumu, ntease, ne nyansa a ɛte saa ara yɛ adwuma.

2:29, 30. Ɛsɛ sɛ yesuasua Daniel na yɛde nimdeɛ, su pa ahorow, ne nneɛma a yetumi yɛ biara a ebia Bible a wɔde atete yɛn ama yɛanya no ho ayeyi nyinaa ma Yehowa.

3:16-18. Sɛ Hebrifo baasa no dii aduan a wɔde maa wɔn wɔ ahemfie hɔ mfiase no a, ɛda adi sɛ anka wɔrentumi mma mmuae a wɔde mae no. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛbɔ mmɔden ‘di biribiara mu nokware.’—1 Timoteo 3:11.

4:24-27. Ɛsɛ sɛ yenya gyidi ne akokoduru a Daniel daa no adi bere a na ɔreka asɛm a ɛrebɛto Nebukadnesar ne nea ɛsɛ sɛ ɔhene no yɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ne ‘yiyedi bɛkyɛ’ no bi, na ama yɛatumi aka Ahenni asɛm a Onyankopɔn atemmusɛm wom no akyerɛ afoforo.

5:30, 31. ‘Ɛbɛ a wobuu Babilon hene no’ baa mu. (Yesaia 14:3, 4, 12-15) Satan Ɔbonsam a ɔyɛ ahantan te sɛ Babilon ahemfo no nso awiei bɛyɛ animguase.—Daniel 4:30; 5:2-4, 23.

DƐN NA DANIEL ANISOADEHU NO MA YEHU?

(Daniel 7:1–12:13)

Bere a Daniel nyaa n’anisoadehu a edi kan wɔ dae mu wɔ afe 553 A.Y.B. mu no, na wadi boro mfe 70. Daniel huu mmoa akɛse anan a wɔde wɔn gyinaa hɔ maa wiase tumidi ahorow a na ɛbɛba nnidiso nnidiso fi ne bere so de besi yɛn bere yi so no. Wɔ ɔsoro ho anisoadehu bi a Daniel nyae mu no, ohuu “obi a ɔte sɛ onipa ba,” na wɔmaa no “daa tumi a ɛrentwam da.” (Daniel 7:13, 14) Mfe abien akyi no, Daniel nyaa anisoadehu bi a na ɛfa Medo-Persia, Hela, ne ɔhene foforo bi koraa a ɔbɛyɛɛ “ɔhene a n’ani yɛ den” ho.—Daniel 8:23.

Ɛyɛ afe 539 A.Y.B. mu. Ná Babilon ahwe ase ma Mediani Dario abɛyɛ Kaldea ahemman no so hene. Daniel bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma Israelfo no nsan nkɔ wɔn asase so. Bere a Daniel gu so rebɔ mpae no, Yehowa somaa ɔbɔfo Gabriel sɛ ɔnkɔma Daniel ‘nnya’ Mesia a ɔbɛba no ho “nhumu.” (Daniel 9:20-25) Bere kɔɔ anim koduu afe 536 ne afe 535 A.Y.B. mu. Saa bere no, na Israelfo nkaefo kakraa bi asan kɔ Yerusalem. Nanso, wohyiaa ɔsɔretia wɔ asɔrefie a na wɔresi no ho. Eyi gyaw Daniel adwennwen. Daniel bɔɔ ho mpae denneennen, na Yehowa somaa ɔbɔfo panyin bi kɔɔ ne nkyɛn. Bere a ɔbɔfo no hyɛɛ Daniel nkuran wiei no, ɔhyɛɛ nkɔm bi a na ɛfa aperepere a atifi fam hene ne anafo fam hene bedi wɔ tumidi ho no ho. Akodi a na ɛbɛkɔ so wɔ saa ahemfo baanu yi ntam no fii ase fii bere a Alexander Ɔkɛseɛ no asahene baanan no kyɛɛ n’ahenni no mu fae no, na ɛbɛkɔ akosi bere a Ɔbapɔmma Kɛse Mikael “bɛsɔre agyina.”—Daniel 12:1.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

8:9—“Asase fɛfɛ” no yɛ dɛn ho mfonini? Wɔ saa asɛm yi mu no, “asase fɛfɛ” no yɛ tebea a Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no wom wɔ Anglo-Amerika Wiase Tumidi no ase.

8:25—Hena ne “ahene mu hene” no? Nea Hebri asɛmfua sar, a wɔkyerɛ ase “ɔhene” no kyerɛ ankasa ne “otitiriw.” Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ abɔfo nyinaa a “mmapɔmma atitiriw no mu biako, Mikael” ka ho no so “Otitiriw” no nkutoo na wɔbɔ no abodin sɛ “ahene mu hene.”—Daniel 10:13.

9:21—Dɛn nti na Daniel frɛɛ ɔbɔfo Gabriel “ɔbarima”? Nea enti a Daniel frɛɛ Gabriel ɔbarima no ne sɛ Gabriel kɔɔ ne nkyɛn te sɛ onipa te sɛ nea na Daniel adi kan ahu no wɔ anisoadehu bi mu no.—Daniel 8:15-17.

9:27—Apam bɛn ‘na ɛkɔɔ so yɛɛ adwuma maa nnipa bebree’ kosii mfepɛn 70 no awiei, anaa afe 36 Y.B. mu no? Woyii Mmara apam no fii hɔ wɔ afe 33 Y.B. mu, bere a wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu no. Nanso, esiane sɛ Yudafo no yɛ Abraham asefo nti, Yehowa nam Abraham apam no a ɔma ɛkɔɔ so yɛɛ adwuma maa honam fam Israelfo no kosii afe 36 Y.B. mu no so daa mmɔborohunu soronko adi kyerɛɛ wɔn. Abraham apam no kɔɔ so yɛɛ adwuma maa “Nyankopɔn Israel no” nso.—Galatifo 3:7-9, 14-18, 29; 6:16.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

9:1-23; 10:11. Esiane sɛ na Daniel brɛ ne ho ase, ɔbɔ onyamesom pa ho mmɔden, osua Onyankopɔn asɛm daa, na ɔbɔ mpae bere nyinaa nti na na ɔyɛ obi a ‘wɔdɔ’ no no. Nneɛma a na Daniel yɛ yi boaa no ma odii Onyankopɔn nokware kosii sɛ owui. Momma yɛnyere yɛn ho nsuasua nea Daniel yɛe no.

9:17-19. Sɛ yɛbɔ mpae mpo sɛ Onyankopɔn wiase foforo no a emu na “trenee bɛtra” no mmra a, so ɛnsɛ sɛ yɛma Yehowa din ho a wɔbɛtew ne ne tumidi a wɔbɛma obiara ahu sɛ ɛno na ɛfata no ho hia yɛn kɛse sen sɛ yɛbɛka sɛ wɔmma ɔhaw ne nsɛnnennen a yɛrehyia no to ntwa?—2 Petro 3:13.

10:9-11, 18, 19. Ɛsɛ sɛ yesuasua ɔbɔfo no a ɔbaa Daniel nkyɛn no, na yɛboa yɛn ho yɛn ho ka nsɛm a ɛhyɛ nkuran de hyehyɛ yɛn ho yɛn ho den.

12:3. Wɔ nna a edi akyiri yi mu no, Kristofo a wɔasra wɔn a wɔne “mmadwemma” no ‘rehyerɛn sɛ akanea,’ na wɔadan ‘nnipa bebree kɔ trenee mu,’ na wɔn mu bi ne “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no. (Filipifo 2:15; Adiyisɛm 7:9; Yohane 10:16) Wɔn a wɔasra wɔn no ‘bɛhyerɛn sɛ nsoromma’ koraa wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu, saa bere no na wɔne Kristo de agyede no so mfaso bedi dwuma de atete adesamma asoɔmmerɛwfo a wɔbɛtra asase so no. Ɛsɛ sɛ “nguan foforo” no de nokwaredi kɔ so bata wɔn a wɔasra wɔn no ho, na wofi wɔn koma nyinaa mu boa wɔn wɔ wɔn dwumadi nyinaa mu.

Yehowa ‘Hyira Wɔn a Wosuro noNo

Dɛn na Daniel nhoma no ma yehu fa Onyankopɔn a yɛsom no no ho? Wode, susuw nkɔmhyɛ a ɛwom no, nea anya mmamu dedaw, ne nea ɛrebenya mmamu no ho hwɛ. Hwɛ sɛnea ɛka Yehowa ho asɛm pefee sɛ ɔno ne Onii a ɔma n’asɛm bam!—Yesaia 55:11.

Dɛn na nsɛm a esisii ankasa a Daniel kyerɛw ho asɛm wɔ ne nhoma no mu no ma yehu fa yɛn Nyankopɔn no ho? Hebrifo mmerantewa baanan a wɔamfa wɔn ho ammɔ Babilonfo no ho wɔ ahemfie hɔ no nyaa ‘nimdeɛ, nhumu, ne nyansa.’ (Daniel 1:17) Nokware Nyankopɔn no somaa ne bɔfo ma okogyee Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego fii fononoo a na ogya redɛw wom no mu. Wogyee Daniel fii agyata amoa mu. Yehowa yɛ ‘wɔn a wɔde wɔn ho to no so no boafo ne wɔn kyɛm,’ na ‘ohyira wɔn a wosuro no’ no.—Dwom 115:9, 13.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea wɔakyerɛkyerɛ Daniel nhoma no mu nkyekyɛm ahorow no mu mmiako mmiako a, hwɛ Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! a Yehowa Adansefo yɛe no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Dɛn nti na na Daniel yɛ obi a ‘wɔdɔ’ no?