Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔkae sɛ n’akoa nokwafo no bɛyɛ “ɔbadwemma” no?

Yesu bisae sɛ: “Hena ankasa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan bere a ɛsɛ mu no?” (Mateo 24:45) “Akoa” a ɔrema honhom fam “aduan” no ne Kristofo a wɔasra wɔn no asafo no. Dɛn nti na Yesu frɛɛ wɔn ɔbadwemma? *

Yɛnam Yesu ankasa nkyerɛkyerɛ so na ɛbɛte nea na ɔrepɛ akyerɛ bere a ɔde asɛmfua “ɔbadwemma” no yɛɛ adwuma no ase yiye. Sɛ nhwɛso no, bere a Yesu kaa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ho asɛm no, ɔmaa mfatoho bi, na na ɛfa mmabun du a na wɔretwɛn ayeforokunu bi ho. Mmabun no ma yɛkae Kristofo a na wɔwɔ hɔ ansa na afe 1914 reba no. Ná saa Kristofo no de anigye retwɛn bere a Ayeforokunu kɛse a ɔne Yesu Kristo no bɛba. Bere a ayeforokunu no bae no, na mmabun du no mu baanum nni ngo a ɛdɔɔso ma enti wɔantumi ankɔ ayeforohyia no ase. Mmabun baanum a wɔaka no daa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ mmadwemma. Wɔyɛɛ nhyehyɛe faa ngo pii kaa nea na wɔwɔ no ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn akanea no betumi akɔ so ahyerɛn bere a ayeforokunu no aba no, na wɔma wɔkɔɔ ayeforohyia no ase.—Mateo 25:10-12.

Bere a wɔde Ahenni no maa Yesu wɔ afe 1914 mu no, ná Kristofo a wɔasra wɔn no mu pii rehwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ akɔka Yesu ho wɔ soro saa bere no ara. Nanso, na adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ asase so, na na wɔn mu binom nsiesiee wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ saa adwuma no. Ná wonnii kan nhyɛɛ wɔn ho den wɔ Onyankopɔn som mu te sɛ mmabun nkwasea no ara pɛ, enti na wonsiesiee wɔn ho sɛ wɔbɛma wɔn akanea akɔ so ahyerɛn. Nanso, na wɔn mu dodow no ara ayɛ wɔn ade sɛ mmadwemma, na na wɔde nyansa ne nhumu ayɛ adwuma de ahyɛ wɔn ho den wɔ Onyankopɔn som mu. Bere a wohui sɛ adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ no, wɔde anigye fii ase yɛe. Enti, wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma.”

Susuw sɛnea Yesu de asɛmfua ɔbadwemma no yɛɛ adwuma wɔ Mateo 7:24 no nso ho hwɛ. Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, wɔde no bɛtoto ɔbadwemma bi a osii ne fie sii ɔbotan so ho.” Esiane sɛ na ɔbadwemma no nim sɛ na mframa a ano yɛ den betumi abɔ nti, osii ne dan no sii ɔbotan so. Nanso, ɔkwasea no sii ne dan no wɔ anhwea so, na ne dan no bubui. Enti, Yesu kyidifo a ɔyɛ ɔbadwemma ne obi a otumi hu sɛ asiane wom sɛ ɔde ne ho bɛto onipa nyansa so. Nhumu a ɔde yɛ adwuma ne nneɛma ho a osusuw kɔ akyiri no ma ɔde ne gyidi, ne nneyɛe, ne ne nkyerɛkyerɛ gyina Yesu nkyerɛkyerɛ so pintinn. Saa ara nso na “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no yɛ n’ade.

San hyɛ sɛnea wɔde asɛmfua “ɔbadwemma” no ayɛ adwuma wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no afã pii no nsow. Sɛ nhwɛso no, Farao paw Yosef sɛ ɔnhwɛ aduan so wɔ Misraim. Ná eyi ka nhyehyɛe a Yehowa yɛe de maa ne nkurɔfo aduan no ho. Dɛn nti na Yosef na wɔpaw no sɛ ɔnyɛ saa adwuma no? Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: ‘Obiara nni hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma ne onyansafo sɛ wo.’ (Genesis 41:33-39; 45:5) Saa ara na Bible ka sɛ na Abigail “wɔ adwempa.” Abigail maa Dawid a na Yehowa asra no no ne ne mmarima no aduan. (1 Samuel 25:3, 11, 18) Wobetumi aka sɛ na Yosef ne Abigail nyinaa yɛ mmadwemma, efisɛ wotumi huu nea Onyankopɔn pɛ de nhumu yɛɛ adwuma, na wosusuw nneɛma ho kɔɔ akyiri.

Enti, bere a Yesu frɛɛ akoa nokwafo no sɛ ɔbadwemma no, nea na ɔrekyerɛ ne sɛ, wɔn a wobegyina hɔ sɛ akoa no bɛda nhumu adi na wɔasusuw nneɛma ho akɔ akyiri, efisɛ wɔde wɔn gyidi, wɔn nneyɛe, ne wɔn nkyerɛkyerɛ gyina Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware no so.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ɔbadwemma” no ne phroʹni·mos. Nhoma a wɔato din Word Studies in the New Testament, a M. R. Vincent yɛe no ka sɛ, wɔtaa kyerɛ saa asɛmfua yi ase sɛ nyansa ne anidahɔ.