Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yoel ne Amos Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yoel ne Amos Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Yoel ne Amos Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

YOEL ho asɛm a ɔka kyerɛ yɛn ara ne sɛ, ɔno ne “Petuel ba Yoel.” (Yoel 1:1) Yoel nka nneɛma foforo pii ho asɛm wɔ nhoma a ne din da so no mu, gye ne nkɔmhyɛsɛm a yentumi nkyerɛ bere pɔtee a ɔkyerɛwee no nko. Wɔkyerɛ sɛ, ɔkyerɛw ne nkɔmhyɛsɛm no bɛyɛ afe 820 A.Y.B. mu, bere a Yuda hene Usia bedii ade akyi mfe akron no. Dɛn nti na na Yoel mpɛ sɛ ɔka n’ankasa ho nsɛm pii? Ɛda adi sɛ, na asɛm a ɔreka no na na ɔpɛ sɛ osi so dua, na ɛnyɛ onipa a ɔreka asɛm no.

Wɔ Usia bere so nso, wɔpaw Amos a na ɔte Yuda a na ‘ɔyɛ mmoahwɛfo na ɔtetew ɔdɔma’ no sɛ odiyifo. (Amos 7:14) Bere a Yoel hyɛɛ nkɔm wɔ Yuda no, Amos de, wɔma ɔkɔhyɛɛ nkɔm wɔ Israel mmusuakuw du ahemman a ɛwɔ atifi fam no mu. Wɔkyerɛw Amos nhoma no wiei wɔ afe 804 A.Y.B. mu, wɔ bere a odiyifo no san kɔɔ Yuda asase so no mu. Wɔde nsɛm a asete nyɛ den na ɛkyerɛw Amos nhoma no, na wɔkyerɛw no te sɛ anwensɛm.

DƐN NTI NA ƆKAE SƐ “AO, ƐDA NO!”?

(Yoel 1:1–3:21)

Yoel huu hwidɔm anaa asã, mmoadabi, ne mmɛbɛw a wɔsɛe ade wɔ anisoadehu mu. Wɔka adesɛefo yi ho asɛm sɛ wɔyɛ “ɔman bi a wɔdɔɔso na wɔyɛ den” ne “nnɔmmarima.” (Yoel 1:4; 2:2-7) Yoel sii apini kae sɛ, “Ao, ɛda no! . . . [Yehowa, NW] da no abɛn, na ɛreba sɛ ɔsɛe tumi afi Otumfoɔ nkyɛn.” (Yoel 1:15) Yehowa tuu wɔn a wɔte Sion no fo sɛ: “Monsan mmra me nkyɛn, mo koma nyinaa . . . mu.” Sɛ wɔsan ba Yehowa nkyɛn a, ná Yehowa behu “ne man mmɔbɔ.” Ná ɔbɛma “benkum fam dɔm” a wɔne nkoekoemmoa a wɔde ɔhaw no ba no akɔ akyirikyiri. Nanso, ansa na Yehowa da kɛse no bɛba no, na Yehowa ‘behwie ne honhom agu ɔhonam nyinaa so,’ na wama “anwonwade aba ɔsoro ne asase so.”—Yoel 2:12, 18-20, 28-31.

Wɔka kyerɛɛ amanaman no sɛ: “Momfa mo nsɔw mmobɔ mfoa, na momfa mo nnare mmobɔ mpeaw,” na munsiesie mo ho mma ɔkõ. Wɔhyɛɛ wɔn sɛ, ‘wɔnsɔre ntu mmra Yehosafat bon no mu,’ na ɛhɔ na wobebu wɔn atɛn na wɔasɛe wɔn. “Na Yuda de, wɔbɛtra hɔ daa, na Yerusalem atra hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.”—Yoel 3:10, 12, 20.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:15; 2:1, 11, 31; 3:14—Dɛn ne ‘Yehowa da no’? Yehowa da no ne bere a Yehowa de atemmu bɛba n’atamfo so asɛe wɔn, na wagye ne nokware asomfo nkwa no. Sɛ nhwɛso no, saa da no bi bae wɔ tete Babilon so wɔ afe 539 A.Y.B. mu, bere a Mediafo ne Persiafo dii Babilon so nkonim no. (Yesaia 13:1, 6) ‘Yehowa da’ foforo abɛn, na ɛyɛ da a ɔde n’atemmu bɛba “Babilon Kɛse” a ɛno ne wiase nyinaa atoro som ahemman no so no.—Adiyisɛm 18:1-4, 21.

2:1-10, 28—Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a ɛfa nkoekoemmoa a wɔsɛe ade ho no anya mmamu? Asɛm biara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ nkoekoemmoa bi a wɔsɛe ade baa Yuda asase so pii sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Yoel nhoma no mu no. Enti, akyinnye biara nni ho sɛ, adesɛe a Yoel kaa ho asɛm no yɛ nkɔmhyɛ, na ɛbaam wɔ afe 33 Y.B. mu, bere a Yehowa fii ase hwiee ne honhom guu Kristo akyidifo a wodi kan no so, na wofii ase kaa asɛm no maa atoro som akannifo ho yeraw wɔn no. (Asomafo Nnwuma 2:1, 14-21; 5:27-33) Ɛyɛ hokwan na yɛanya sɛ yɛreyɛ adwuma a ɛte saa bi nnɛ.

2:32Yehowa din a yɛbɛbɔ’ no kyerɛ dɛn? Onyankopɔn din a yɛbɛbɔ no kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yehu edin no, yebu no kɛse, na yɛde yɛn ho to onii a ne din ne no no so, na yenya ne mu ahotoso.—Romafo 10:13, 14.

3:14—Dɛn ne “atemmu bon no”? Ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so bon bi a Onyankopɔn bebu atɛn wom. Wɔ Yuda hene Yehosafat a nea ne din kyerɛ ne “Yehowa Ne Ɔtemmufo” bere so no, Onyankopɔn maa basabasayɛ sii aman a na wɔatwa Yuda ho ahyia no asraafo dɔm mu de gyee Yuda nkwa. Enti, wɔsan frɛ saa bon no “Yehosafat bon.” (Yoel 3:2, 12) Wɔ yɛn bere yi so no, atemmu bon no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so beae bi a wobetiatia amanaman no so te sɛ nea wotiatia bobe so wɔ nsã-kyi-amoa so no.—Adiyisɛm 19:15.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:13, 14. Ɛho hia sɛ obi nu ne ho nokwarem, na ogye tom sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no, na ama wanya nkwagye.

2:12, 13. Ɛsɛ sɛ nokware ahonu yɛ nea efi komam. Ɛkyerɛ ‘yɛn koma a yebesunsuane mu,’ na ɛnyɛ yɛn “ntade mu.”

2:28-32. Nea ‘ɔbɛbɔ Yehowa din’ nkutoo na “wobegye no nkwa” wɔ “[Yehowa, NW] da kɛse a ɛyɛ hu no” mu. Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye sɛ Yehowa hwie ne honhom gu honam nyinaa so, na ɔma mmofra ne mpanyin, mmea ne mmarima, nyinaa yɛ nkɔmhyɛ adwuma no bi, a nea ɛno kyerɛ ne sɛ, wɔreka “Onyankopɔn nneɛma akɛse no” ho asɛm! (Asomafo Nnwuma 2:11) Bere a Yehowa da no rebɛn no, so ɛnsɛ sɛ yɛyɛ pii wɔ “abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu”?—2 Petro 3:10-12.

3:4-8, 19. Yoel hyɛɛ nkɔm sɛ, esiane sɛ aman a na wɔatwa Yuda ho ahyia no yɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo basabasa nti, wɔbɛtwe wɔn aso. Saa nkɔmhyɛ no baam, bere a Babilon hene Nebukadnesar sɛee Tiro kurow a na enni supɔw so no. Akyiri yi, Alexander Ɔkɛse no bɛtow hyɛɛ Tiro kurow a ɛwɔ supɔw so no so sɛee no, na wokunkum emu asraafo mpempem pii ne emu nnipa atitiriw, na wɔtɔn ɔmanfo no mu 30,000 kɔyɛɛ nkoa. Saa ara nso na Alexander ne wɔn a wobedii n’ade no sɛee Filistifo. Eduu afeha a ɛto so anan A.Y.B. mu no, na Edom adan amamfõ. (Malaki 1:3) Saa nkɔmhyɛ yi mmamu hyɛ Yehowa mu gyidi a yɛwɔ sɛ ɔno ne Onii a ɔma ne bɔhyɛ ahorow ba mu no mu den. Ɛsan nso ma yehu sɛnea Yehowa ne aman a wɔtaa n’asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ bedi nsɛm no.

3:16-21. ‘Ɔsoro ne asase bɛwosow,’ na Yehowa atemmu bɛba amanaman no so. ‘Nanso, Yehowa bɛyɛ guankɔbea ama ne man,’ na wama wɔn nkwa, na wama wɔatra baabi a ɛhɔ te sɛ paradise. So ɛnsɛ sɛ yesi yɛn bo denneennen sɛ yɛbɛbɛn Yehowa bere a ɛda a ɔde atemmu bɛba wiase bɔne yi so rebɛn no?

“SIESIE WO HO KOHYIA WO NYANKOPƆN”

(Amos 1:1–9:15)

Ná Amos wɔ asɛm bi ka kyerɛ Yuda ne Israel ne aman a wɔatwa Yuda ne Israel ho ahyia a wɔtan wɔn no. Esiane sɛ Siria, Filistea, Tiro, Edom, ne Moab yɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo ayayade nti, na wɔbɛsɛe wɔn. Na esiane sɛ Yudafo no ‘anni Yehowa ahyɛde so’ nti, na wɔbɛsɛe wɔn nso. (Amos 2:4) Ná dɛn na na ɛbɛba Israel mmusuakuw du ahemman no nso so? Ná bɔne a Israel ayɛ no bi ne ahiafo a wɔhyɛ wɔn so atirimmɔden so, ɔbrasɛe, ne Onyankopɔn adiyifo a na wɔyɛ wɔn basabasa. Amos bɔɔ kɔkɔ sɛ, Yehowa ‘bɛtwe Bet-El afɔremuka asõ,’ na “ɔbɛbobɔ awɔwbere fi ne ahohurubere fi.”—Amos 3:14, 15.

Asotwe ahorow a na Yehowa de aba Israelfo a na wɔresom abosom no so nyinaa akyi no, wɔkɔɔ so senee wɔn kɔn. Amos ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Siesie wo ho kohyia wo Nyankopɔn.” (Amos 4:12) Wɔ Israelfo fam no, na Yehowa da no a ɛbɛba wɔn so no bɛkyerɛ sɛ ‘wɔbɛkɔ Damasko akyi nohoa,’ a na nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔde wɔn bɛkɔ Asiria. (Amos 5:27) Ɔsɔfo bi a ɔwɔ Betel no sɔre tiaa Amos, nanso Amos ammɔ hu. Yehowa ka kyerɛɛ Amos sɛ: “Awiei no adu ama me man Israel, merenkɔ so mintwa wɔn ho bio.” (Amos 8:2) Ná asaman anaa mmepɔw mpo ntumi mmɔ wɔn ho ban mfi Onyankopɔn atemmu ho. (Amos 9:2, 3) Nanso, na Yehowa bɛma wɔasan aba wɔn asase no so. Yehowa kae sɛ: “Na mɛdan me man Israel nnommumfa no, na wɔabɛkyekyere nkurow agowagow no atra mu, na wɔatɛw bobe nturo na wɔadi mu aba.”—Amos 9:14.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

4:1—Henanom na wɔde Basan anantwibere” yɛ wɔn ho mfonini no? Basan bepɔw a ɛwɔ Galilea Po no atifi fam no yɛ baabi a na wɔyɛn mmoa a na anantwi ka ho ma wɔdɔɔso ntɛmntɛm na wɔn ho yɛ fɛ nso. Wura frɔmfrɔm a na ɛwɔ hɔ no ka ho bi na na ɛma ɛhɔ yɛ beae a wɔyɛn mmoa a ɛyɛ yiye no. Amos de Samaria mmea a wɔpɛ afɛfɛde no totoo Basan anantwibere ho. Akyinnye biara nni ho sɛ saa mmea yi hyɛɛ wɔn “wuranom,” anaa wɔn kununom so ma wosisii ahiafo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn kununom no benya nneɛma a wɔpɛ ama wɔn.

4:6—Dɛn na asɛm “memaa mo se so daa mpan” no kyerɛ? Esiane sɛ wɔkaa “aduankɔm” ho asɛm kaa wɔn sẽ so a ɛbɛda mpan ho nti, ebetumi akyerɛ sɛ aduan a na wɔrennya nni nti na na wɔn sẽ so bɛda mpan no.

5:5—Ɔkwan bɛn so na na ɛnsɛ sɛ Israelfo no ‘hwehwɛ Bet-El akyi kwan’? Ná Yerobeam ahyehyɛ nantwiba som wɔ Betel. Efi saa bere no, na kurow no abɛyɛ baabi a atoro som wɔ titiriw. Ɛbɛyɛ sɛ na Gilgal ne Beer-Seba nso abɛyɛ mmeae a wɔsom abosom. Sɛ na Israelfo no betumi aguan amanehunu a na Yehowa aka sɛ ɔde bɛba wɔn so no a, na ɛsɛ sɛ wogyae saa nkurow no a wɔkɔ mu kɔsom no, na wofi ase hwehwɛ Yehowa akyi kwan.

7:1—“Ɔhene wuratwa” no gyina hɔ ma dɛn? Ɛbɛyɛ sɛ na egyina hɔ ma tow a ɔhene no ma wotuae a na wɔde hwɛ n’apɔnkɔsotefo ne ne mmoa no. Ná ɛsɛ sɛ wotua saa tow yi wɔ bere a “adom wura fi ase fifi” no mu. Na ɛno akyi ansa na nkurɔfo no tumi twa wɔn nnɔbae. Nanso, wobetua tow no awie na wɔbɛka sɛ wɔretwa wɔn nnɔbae no, na mmoadabi abedi wɔn nnɔbae ne wura foforo a aka no nyinaa.

8:1, 2—Ná “kɛntɛn a ahohuru bere mu nnuaba wom” no kyerɛ dɛn? (NW) Ná ɛkyerɛ sɛ Yehowa da no abɛn. Sɛ twabere rebɛkɔ awiei a na na wɔtetew ahohuru bere mu nnuaba. Bere a Yehowa maa Amos huu “kɛntɛn a ahohuru bere mu nnuaba wom” no, na ɛkyerɛ sɛ, Israel awiei no abɛn. Enti, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Amos sɛ: “Awiei no adu ama me man Israel, merenkɔ so mintwa wɔn ho bio.”

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:3, 6, 9, 11, 13; 2:1, 4, 6. Ɛyɛ Yehowa bo a na afuw Israel, Yuda, ne aman asia a na wɔatwa Israelfo ne Yudafo ho ahyia no nti na Yehowa kae sɛ: “Merennan m’asotwe no.” Obiara rentumi nguan Yehowa atemmu da.—Amos 9:2-5

2:12. Ɛnsɛ sɛ yebu akwampaefo, ahwɛfo akwantufo, asɛmpatrɛwfo, anaa Betel abusua no mufo a wɔyɛ adwumaden no abam ka kyerɛ wɔn sɛ wonnyae bere nyinaa som adwuma no na wɔmpɛ adwuma bi nyɛ. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔkɔ so yɛ adwuma pa a wɔreyɛ no.

3:8. Sɛnea sɛ obi te sɛ gyata rebobom a ɔbɔ hu no, saa ara na bere a Amos tee sɛ Yehowa reka kyerɛ no sɛ: “Kɔ na kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me man” no, ɛkaa no ma ɔkaa asɛm no. (Amos 7:15) Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn suro ka yɛn ma yɛde nsi ka Ahenni no ho asɛm no.

3:13-15; 5:11. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, Amos a ɔyɛ ohiani a na ɔhwɛ mmoa so no ‘dii’ adefo a na wɔanya wɔn ho ma enti hwee mfa wɔn ho no “adanse.” Saa ara na Yehowa betumi atete yɛn ma yɛaka Ahenni asɛm no, ɛmfa ho sɛ ebia asasesin a yɛka asɛm no wom no mufo aso yɛ den no.

4:6-11; 5:4, 6, 14. Ɛwom sɛ Yehowa frɛɛ Israelfo no mpɛn pii sɛ wɔnsan mmra ne nkyɛn a ‘wɔankɔ’ de, nanso Yehowa kɔɔ so ka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘wɔnhwehwɛ Yehowa akyi kwan na wonnya nkwa.’ Bere tenten a Yehowa anya saa nhyehyɛe bɔne yi ho abotare a ɔnsɛee no no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka kyerɛ wɔn a wɔwom no sɛ wɔnsan mmra Onyankopɔn nkyɛn.

5:18, 19. Nyansa nnim sɛ ‘yɛbɛfe Yehowa da’ no bere a yensiesiee yɛn ho mmaa saa da no. Onipa biara a ɔyɛ saa no te sɛ obi a oguan fi gyata anim na okohyia osisi, na afei oguan fi osisi no anim ma ɔwɔ kɔka no. Nyansa wom sɛ yɛbɛkɔ so ‘awɛn’ wɔ Onyankopɔn som mu, na yɛama yɛn ani ada hɔ bere nyinaa.—Luka 21:36.

7:12-17. Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ hu, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru ka Onyankopɔn asɛm no.

9:7-10. Ɛwom sɛ na Israelfo asoɔdenfo no yɛ tete agyanom anokwafo no ne Onyankopɔn nkurɔfo a wogyee wɔn fii Misraim no asefo de, nanso ɛno amma Israelfo a wɔanni nokware no annya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim te sɛ Etiopiafo anaa Kusfo no ara pɛ. Gyinabea pa a yebenya wɔ Onyankopɔn a ɔnhwɛ nnipa anim no nnyina abusua bi a yefi mu so, na mmom egyina ‘suro a yebesuro Onyankopɔn, na yɛayɛ adetrenee so.’—Asomafo Nnwuma 10:34, 35.

Nea Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ

Ɛda a Onyankopɔn bebu Satan wiase atɛn no abɛn. Onyankopɔn ahwie ne honhom agu n’asomfo so, na watete wɔn ama wɔrebɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ ne da a ɛreba no ho. So ɛnsɛ sɛ yɛyere yɛn ho boa afoforo ma wobehu Yehowa na ‘wɔbɔ ne din’?—Yoel 2:31, 32.

Amos tu yɛn fo sɛ: “Montan bɔne na monnɔ papa, na momma atɛmpa ntim kurow apon mu.” (Amos 5:15) Ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛbɛn Yehowa na yɛatwe yɛn ho afi wiase bɔne yi ne emu ɔbrasɛe ho bere a Yehowa da no rebɛn no. Hwɛ nneɛma a mfaso wɔ so a yebetumi asua afi Bible mu nhoma ahorow a ɛne Yoel ne Amos no mu, na ama yɛatumi ayɛ saa!—Hebrifo 4:12.

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Yoel hyɛɛ nkɔm sɛ: ‘Yehowa da no abɛn’

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ hu, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru ka Onyankopɔn asɛm te sɛ Amos