Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yɛnyɛ Nneɛma A Mfaso Wɔ So Wɔ Yɛn Asetram

Momma Yɛnyɛ Nneɛma A Mfaso Wɔ So Wɔ Yɛn Asetram

Momma Yɛnyɛ Nneɛma A Mfaso Wɔ So Wɔ Yɛn Asetram

“Momma nea ɛhome nyinaa nyi Yah ayɛ.”—DWOM 150:6.

1. Ka sɛnea aberante bi hwehwɛe sɛ ɔyɛ nneɛma a mfaso wɔ so wɔ n’asetram no ho asɛm.

ABERANTE bi a wɔfrɛ no Seung Jin * a wɔtetee no wɔ Korea kae sɛ: “Misuaa aduruyɛ ho ade efisɛ na mepɛ sɛ meboa nkurɔfo. Metee nka nso sɛ sɛ meyɛ oduruyɛfo a, menya anuonyam ne sika pii, na ɛno bɛma m’ani agye. Nanso, m’abam bui bere a mihui sɛ nnuruyɛfo ntumi mmoa wɔn a wohia mmoa no ahe biara no. Afei, mikosuaa sɛnea wɔyɛ mfonini, nanso nkurɔfo annya mfonini ahorow a meyɛe no so mfaso papa, na ɛno ma metee nka sɛ minnwen afoforo ho. Ɛno akyi no, migyae kɔkyerɛɛ ade, nanso ankyɛ na mihui sɛ nimdeɛ kɛkɛ na mema afoforo nya, na mintumi mma wɔn akwankyerɛ a ɛbɛma wɔanya anigye ankasa.” Nnipa pii na wɔpɛ sɛ wɔyɛ nneɛma a mfaso wɔ so wɔ wɔn asetram te sɛ Seung Jin.

2. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ yenim nea enti a yɛte ase? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ biribi nti na Ɔbɔadeɛ no de yɛn baa asase yi so?

2 Sɛ yehu nea enti a yɛwɔ wiase, nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ ankasa wɔ yɛn asetram, ne botae pɔtee a yɛde asi yɛn ani so a, na yenim nea enti a yɛte ase. So nnipa betumi anya atirimpɔw a ɛte saa ankasa? Yiw, wobetumi anya! Efisɛ nyansa, ahonim, ne sɛnea yetumi susuw nneɛma ho no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ biribi pa bi nti na Ɔbɔadeɛ no de yɛn baa asase so. Enti, sɛ yɛbɔ yɛn bra sɛnea Ɔbɔadeɛ no pɛ nkutoo a, ɛnna yebetumi ahu nneɛma a mfaso wɔ so sɛ yɛyɛ wɔ yɛn asetra mu.

3. Nneɛma a Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa yɛ no bi ne dɛn?

3 Bible ma yehu sɛ nneɛma a Onyankopɔn ayɛ ama yɛn no dɔɔso. Sɛ nhwɛso no, sɛnea Onyankopɔn yɛɛ yɛn ma ɛyɛ nwonwa no ma yehu sɛ ɔdɔ yɛn paa. (Dwom 40:5; 139:14) Ne saa nti, sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ afoforo sɛnea Onyankopɔn dɔ yɛn no a, na yɛrebɔ yɛn bra sɛnea Onyankopɔn pɛ. (1 Yohane 4:7-11) Ɛsan kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yedi Onyankopɔn akwankyerɛ ahorow a ɛboa yɛn ma yɛbɔ yɛn bra sɛnea ɔhwehwɛ no akyi.—Ɔsɛnkafo 12:13; 1 Yohane 5:3.

4. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya asetra a mfaso wɔ so? (b) Dɛn ne ade a mfaso wɔ so paa a obi betumi ayɛ wɔ n’asetra mu?

4 Onyankopɔn pɛ nso sɛ nnipa ne wɔn ho wɔn ho ne abɔde a aka nyinaa tra ase wɔ anigye ne asomdwoe mu. (Genesis 1:26; 2:15) Nanso, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛn ani agye, na yɛanya abotɔyam ne asomdwoe? Sɛnea sɛ abofra bi hu sɛ n’awofo bɛn no a, ɛma onya anigye ne abotɔyam no, saa ara na yɛn nso sɛ yɛne yɛn soro Agya no ntam yɛ papa a, ɛma yɛn asetra yɛ nea mfaso wɔ so ankasa. (Hebrifo 12:9) Nea Onyankopɔn ayɛ a ɛma yetumi ne no nya abusuabɔ a ɛte saa ne sɛ ɔma yetumi bɛn no, na otie yɛn mpaebɔ nso. (Yakobo 4:8; 1 Yohane 5:14, 15) Sɛ yɛne ‘Onyankopɔn nantew’ wɔ gyidi mu na yɛfa no adamfo a, yebetumi ayi yɛn soro Agya no ayɛ na yɛama n’ani agye. (Genesis 6:9; Mmebusɛm 23:15, 16; Yakobo 2:23) Eyi ne ade a mfaso wɔ so sen biara a obi betumi ayɛ wɔ n’asetra mu. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Momma nea ɛhome nyinaa nyi Yah ayɛ.”—Dwom 150:6.

Dɛn na Wopɛ sɛ Woyɛ wɔ W’asetra Mu?

5. Dɛn nti na nyansa nnim sɛ yɛde yɛn bere nyinaa bɛhwehwɛ ahonyade?

5 Nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ wɔ asetram no bi ne sɛ yɛbɛhwɛ yɛn ho ne yɛn mmusua yiye. Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ no bi ne sɛ yɛbɛma wɔn honam fam nneɛma a wohia, na yɛaboa wɔn ma wɔne Onyankopɔn ntam nso ayɛ papa. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkari pɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremma honam fam nneɛma nnye yɛn bere nyinaa, na amma yɛammu yɛn ani angu Onyankopɔn som a ɛho hia paa no so. (Mateo 4:4; 6:33) Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa dodow no ara na wɔama honam fam nneɛma agye wɔn bere nyinaa. Nanso, nyansa nnim sɛ yɛde yɛn bere nyinaa bɛpɛ honam fam nneɛma te sɛ gyama sɛ yenya ɛno a, na yɛanya ade nyinaa. Wɔ nsɛm bi a wobisabisaa adefo bi a wɔwɔ Asia nnansa yi mu no, wobehui sɛ ɛwom sɛ wɔn mu pii “wɔ anuonyam wɔ wiase yi mu, na nneɛma a wɔde wɔn ahode ayɛ ama wɔanya anigye bi de, nanso wɔda a wɔnna, na wɔn ho yeraw wɔn.”—Ɔsɛnkafo 5:11.

6. Afotu bɛn na Yesu de maa wɔn a wodi ahonyade akyi no?

6 Yesu kaa “ahonyade nnaadaa” ho asɛm. (Marko 4:19) Ɔkwan bɛn so na ahonyade yɛ nnaadaa? Ahonyade ma ɛyɛ te sɛ nea wɔn a wɔwɔ bi no wɔ anigye, nanso ɛnte saa koraa. Ɔhene Salomo nyansafo no kae sɛ: “Nea ɔpɛ sika no, sika mmee no.” (Ɔsɛnkafo 5:10) Nanso, so obi betumi de sikapɛ asi n’ani so na bere koro no ara wafi ɔkra nyinaa mu asom Onyankopɔn? Dabi, entumi nyɛ yiye saa. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu; efisɛ sɛ wantan baako na wannɔ ɔfoforo no a, ɔbɛbata baako ho na wabu ɔfoforo no animtiaa. Muntumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyade.” Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔhyehyɛ wɔn ademude wɔ asase so, na mmom wɔnhyehyɛ wɔn “ademude ɔsoro,” a nea kyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ wonya din pa wɔ Onyankopɔn a ‘onim nneɛma a ehia wɔn ansa koraa na wɔabisa no’ no anim.—Mateo 6:8, 19-25.

7. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aso “nkwa ankasa no mu denneennen”?

7 Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw ne yɔnko dwumayɛni Timoteo no, ɔde afotu bi a emu yɛ den mae wɔ ahonyade ho. Ɔka kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Kasa kyerɛ wɔn a wɔyɛ adefo . . . wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni nnyinaso so, na mmom wɔmfa nto Nyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ebu so ma yɛn ani gye no so; . . . , [sɛ] wommue wɔn nsam, na wɔnkyɛ ade, na wɔnto fapem pa nsie yiye mma daakye, na ama wɔatumi aso nkwa ankasa no mu denneennen.”—1 Timoteo 6:17-19.

Dɛn Ne “Nkwa Ankasa No”?

8. (a) Dɛn nti na nnipa pii pere sɛ wobenya ahonyade ne anuonyam? (b) Dɛn na nnipa a wɔte saa no ntumi nhu?

8 Sɛ wɔka “nkwa ankasa no” ho asɛm a, nea ɛba nnipa dodow no ara adwenem ne wiase afɛfɛde ne anigyede. Asiafo nsɛmma nhoma bi ka sɛ: “Nkurɔfo a wɔhwɛ sini anaa TV no ani tumi gye nneɛma a wohu wɔ so no ho, na wɔn yam a anka wɔwɔ bi.” Nea nnipa pii de asi wɔn ani so wɔ asetram ne sɛ wobenya ahonyade ne anuonyam wɔ wiase yi mu. Nnipa pii de wɔn mmabunbere, wɔn ahoɔden, bere a ɛsɛ sɛ wonya ma wɔn mmusua ne Onyankopɔn som kɔhwehwɛ saa nneɛma yi. Nnipa kakraa bi pɛ na wotumi hu sɛ saa afɛfɛde ne anigyede no yɛ “wiase honhom,” na ɛno ne ade a agye nnipa ɔpepepem pii a wɔwɔ asase so no adwene a ɛmma wɔnyɛ nneɛma a Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ wɔ yɛn asetram no. (1 Korintofo 2:12; Efesofo 2:2) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa a wɔwɔ wiase nnɛ no mu pii nni anigye!—Mmebusɛm 18:11; 23:4, 5.

9. Dɛn na nnipa ntumi nyɛ da, na dɛn ntia?

9 Na nkurɔfo a woyi wɔn yam boa afoforo, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa nnipa ma wɔanya aduan adi, asa wɔn a yare no yare, na wɔadi wɔn a wonni ɔkamafo asɛm ama wɔn no nso ɛ? Adwuma pa a wɔreyɛ ne wɔn ahofama no boa nnipa pii. Nanso, ɛmfa ho mmɔden biara a wɔbɔ no, wɔrentumi nsesa wiase yi mma ɛnyɛ yiye. Dɛn ntia? Nokwasɛm ne sɛ, “wiase nyinaa da ɔbɔnefo” a ɔne Satan “tumi mu,” na ɔmpɛ sɛ wiase yi yɛ yiye.—1 Yohane 5:19.

10. Bere bɛn na nnipa anokwafo benya “nkwa ankasa no”?

10 Sɛ saa wiase yi nkutoo na obi ani da so a, ɛnde hwɛ sɛnea anka n’asɛm yɛ mmɔbɔ fa! Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ nkwa yi mu nko na yɛanya Kristo mu anidaso a, ɛnde na yɛn na yɛyɛ mmɔbɔ paa wɔ nnipa nyinaa mu.” Nnipa a wogye di sɛ asetra yi ara ne nea yɛwom yi no ka sɛ: “Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.” (1 Korintofo 15:19, 32) Nanso, anidaso wɔ hɔ, efisɛ “sɛnea [Onyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo, na eyi mu na trenee bɛtra.” (2 Petro 3:13) Saa bere no, Kristofo betumi anya “nkwa ankasa no” a nea ɛkyerɛ ne sɛ, wobenya “daa nkwa,” na wɔayɛ pɛ wɔ soro anaa wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso a ɔdɔ wom no ase wɔ asase so!—1 Timoteo 6:12.

11. Dɛn nti na Onyankopɔn Ahenni no ho adwuma a yɛbɛyɛ ma anya nkɔso no yɛ ade a mfaso wɔ so?

11 Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebeyi adesamma haw afi hɔ koraa. Enti, adwuma a mfaso wɔ so sen biara a obi betumi ayɛ wɔ n’asetram ne sɛ ɔbɛyere ne ho ayɛ Onyankopɔn Ahenni no ho adwuma ma anya nkɔso. (Yohane 4:34) Sɛ yɛyɛ saa adwuma no a, ɛma yɛne yɛn soro Agya no nya abusuabɔ pa. Afei nso, yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Kristofo asafo no mu a yɛne wɔn reyɛ adwuma koro yi no ma yɛn ani gye.

Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ Afɔre a Ɛfata

12. Kyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ asetra a yɛwom yi ne “nkwa ankasa no” ntam no mu.

12 Bible ka sɛ wiase yi ne “n’akɔnnɔ retwam.” Wɔbɛsɛe Satan wiase no mu biribiara, na emu anuonyam ne agyapade nso ka ho, nanso “nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:15-17) “Nkwa ankasa no” a ɛno ne daa nkwa a yebenya wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no nte sɛ wiase yi mu ahonyade a enni nnyinaso, emu anuonyam a enni gyina, ne emu anigye a ɛntra hɔ daa no. Na mmom, biribiara a yebenya wɔ “nkwa ankasa no” mu de, ɛbɛtra hɔ daa, na biribiara a yɛde bɛbɔ afɔre ama yɛn nsa aka no fata, nanso ɛsɛ sɛ afɔre a yɛbɔ no yɛ nea ɛfata.

13. Ɔkwan bɛn so na awarefo bi bɔɔ afɔre a ɛfata?

13 Susuw Henry ne Suzanne ho hwɛ. Ná wɔwɔ Onyankopɔn bɔhyɛ mu gyidi koraa sɛ Onyankopɔn bɛboa wɔn a wɔde N’Ahenni di kan wɔ wɔn asetram no nyinaa. (Mateo 6:33) Enti, wosii gyinae sɛ wɔbɛtra ofie a ɛho ka nnɔɔso mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛho renhia sɛ wɔn baanu nyinaa bɛyɛ honam fam adwuma de atua ofie no ho ka, na ama wɔne wɔn mmabea baanu no anya bere pii de ayɛ Onyankopɔn som adwuma. (Hebrifo 13:15, 16) Wɔn adamfo bi a odwen wɔn ho ante gyinae a wosii no ase. Ɔka kyerɛɛ Suzanne sɛ: “Me nua, sɛ wopɛ sɛ wunya ofie papa tra mu a, ɛsɛ sɛ wode biribi bɔ afɔre ansa.” Nanso, na Henry ne Suzanne nim sɛ Yehowa som a wɔde bedi kan wɔ wɔn asetram no ‘kura nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛreba no ho bɔhyɛ.’ (1 Timoteo 4:8; Tito 2:12) Wɔn mmabea no nyinyin bɛyɛɛ bere nyinaa asɛmpakafo a wɔyɛ nsi. Abusua mũ no nyinaa nte nka sɛ wɔahwere biribi; mmom no, wɔahu sɛ “nkwa ankasa no” a wɔrehwehwɛ wɔ wɔn asetram no ama wɔanya mfaso kɛse.—Filipifo 3:8; 1 Timoteo 6:6-8.

Mommma ‘Wiase Yi Nnnye Mo Adwene’

14. Sɛ yɛma yɛn werɛ fi ade a mfaso wɔ so paa wɔ asetram no a, ɔhaw bɛn na ebetumi afi mu aba?

14 Nanso, sɛ yɛma yɛn werɛ fi ade a ɛho hia paa sɛ yɛyɛ wɔ yɛn asetram, na yɛankɔ so anso “nkwa ankasa no” mu a, nea ebefi mu aba no renyɛ papa. ‘Asetra yi mu dadwen ne ahonya ne anigye bɛtwetwe yɛn.’ (Luka 8:14) Sɛ yɛanhyɛ yɛn ho so na yedi wiase ahonyade akyi na yedwennwen yɛn asetrade ho pii a, ebetumi ama yɛde yɛn ho ahyɛ wiase yi mu fee. (Luka 21:34) Awerɛhosɛm ne sɛ, Kristofo binom ama sika a wobenya wɔ wiase yi mu agye wɔn adwene araa ma “wɔayera afi gyidi no ho ma wɔde yaw bebree awowɔ wɔn ho nyinaa,” na ama abusuabɔ a ɛsom bo a wɔne Yehowa wɔ no asɛe. Sɛ obi ankɔ so ‘anso nkwa ankasa no mu denneennen’ a, hwɛ sɛnea ɔbɛhwere ade kɛse!—1 Timoteo 6:9, 10, 12; Mmebusɛm 28:20.

15. Mfaso bɛn na abusua bi a ‘wɔamma wiase annye wɔn adwene no’ nyae?

15 Paulo tuu wɔn a “wɔde wiase nneɛma di dwuma no” fo sɛ, ‘wɔmmma wiase no nnnye wɔn adwene.’ (1 Korintofo 7:31) Keith ne Bonnie tiee saa afotu yi. Keith ka sɛ: “Aka kakra ma mawie sukuu a wosua ɛsẽ ho ade no na mebɛyɛɛ Yehowa Dansefo. Ná anka metumi ahwɛ ayarefo pii na manya me ho, nanso sɛ meyɛɛ saa a anka yɛrennya bere pii nsom Onyankopɔn. Misii gyinae sɛ merenhwɛ ayarefo pii sɛnea ɛbɛyɛ a menya bere pii de aboa me yere ne yɛn mmabea baanum a yɛwoo wɔn no ma wɔanya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. Ɛma minyaa bere ne wɔn susuw wɔn haw ahorow ho nso. Ɛwom sɛ na yennya sika pii a ɛbɛma yɛatumi de bi asie de, nanso yesuae sɛ yɛde sika kakra a yenya no bɛhwɛ yɛn ho, na na yɛn nsa ka nea yehia bere nyinaa. Ná biakoyɛ, ɔdɔ, ne anigye wɔ yɛn abusua no mu yiye. Awiei koraa no, yɛn nyinaa bɛyɛɛ bere nyinaa asomfo. Seesei, yɛn mmabea no awareware, na wɔn mu baasa wɔ mma. Wɔn mmusua no nso wɔ anigye efisɛ wɔakɔ so de Yehowa apɛde adi kan wɔ wɔn asetram.”

Nea Onyankopɔn Pɛ a Wode Bedi Kan Wɔ W’asetram

16, 17. Nnipa a na wɔwɔ nnwuma bi ho nimdeɛ bɛn na Bible ka wɔn ho asɛm, nanso dɛn na yɛde kae wɔn?

16 Bible ka nnipa bi a wɔyɛɛ nea wɔn ankasa pɛ wɔ wɔn asetram ne wɔn a wɔyɛɛ nea Onyankopɔn pɛ ho asɛm. Nnipa nyinaa betumi asua biribi afi wɔn nhwɛso ahorow no mu, ɛmfa ho mfe a wɔadi, abusua a wofi mu, anaa sɛnea wɔn nsɛm tebea te. (Romafo 15:4; 1 Korintofo 10:6, 11) Nimrod kyekyee nkurow akɛse, nanso ɔyɛɛ saa de sɔre tiaa Yehowa. (Genesis 10:8, 9) Nanso, afoforo yɛɛ nhwɛso pa. Sɛ nhwɛso no, Mose anyɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ onipa titiriw wɔ Misraim, mmom no, obuu adwuma a Onyankopɔn de maa no no sɛ ɛyɛ “ahonyade kɛse sen Misraim ademude.” (Hebrifo 11:26) Ɛbɛyɛ sɛ oduruyɛfo Luka saa Paulo ne afoforo yare. Nanso, adepa a ɛsen biara a Luka yɛ maa afoforo ne asɛnka adwuma ne Bible a ɔkyerɛw bi no. Ade titiriw a yɛde nim Paulo nso ne sɛ na ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo anaa ‘ɔsomafo ma amanaman no,’ na ɛnyɛ sɛ Mmaranimfo.—Romafo 11:13.

17 Ade titiriw a yɛde kae Dawid ne sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn “koma so barima,” na ɛnyɛ sɛ ɔsahene anaa obi a ɔhyehyɛ nnwom na onim nnwonto yiye. (1 Samuel 13:14) Ɛnyɛ adwuma a na Daniel yɛ wɔ Babilon ahemfie no na yɛde nim no, na mmom adwuma a na ɔyɛ sɛ Yehowa diyifo nokwafo no; Ester nso, ɛnyɛ Persia hemmaa a na ɔyɛ no na yɛde kae no, na mmom ne gyidi ne n’akokoduru no; Petro, Andrea, Yakobo, ne Yohane nso, ɛnyɛ nea yɛde kae wɔn ne mpataa a na wonim yi paa no, na mmom Yesu asomafo a na wɔyɛ no. Nea ɔyɛɛ nhwɛso a ɛsen biara ne Yesu ankasa, ɔno nso ɛnyɛ “duadwumfo” a na ɔyɛ no na yɛde kae no, na mmom yɛkae no sɛ “Kristo no.” (Marko 6:3; Mateo 16:16) Ná saa nnipa yi nyinaa nim pefee sɛ ɛmfa ho nimdeɛ, ahonyade, anaa dibea biara a wɔwɔ wɔ asetram no, ade a na ɛsɛ sɛ wɔma ɛho hia wɔn titiriw ne sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn, na ɛnyɛ sɛ wɔde wɔn nimdeɛ no bɛyɛ adwuma wɔ wiase no mu. Na wonim sɛ ade a ɛfata na mfaso wɔ so koraa wɔ asetram ne sɛ wɔbɛyɛ mmarima ne mmea a wɔsom Onyankopɔn.

18. Dɛn na Kristoni aberante bi sii gyinae sɛ ɔbɛyɛ wɔ n’asetram, na dɛn na obehui?

18 Awiei koraa no, Seung Jin a yɛadi kan aka ne ho asɛm no nso behuu ade a mfaso wɔ so paa sɛ ɔyɛ wɔ asetram. Ɔka sɛ: “Sɛ́ anka mede m’ahoɔden nyinaa bɛhwɛ ayarefo, ayɛ mfonini, anaa akyerɛ sukuufo ade no, misii gyinae sɛ mɛyɛ nneɛma a ɛno nti na mihyiraa me ho so maa Onyankopɔn no. Seesei, meresom wɔ beae a wohia Bible akyerɛkyerɛfo pii, na mereboa nkurɔfo ma wɔafa nkwa kwan no so. Ná misusuw sɛ sɛ meyɛ bere nyinaa somfo a, merennya nnwuma pii nyɛ. Seesei, mihu sɛ mewɔ pii yɛ wɔ m’asetram sen bere biara. Merebɔ mmɔden sɛ mɛkɔ so ama me su ayɛ papa na ama matumi ne nnipa a wofi mmusua foforo mu asua Bible. Mahu sɛ ade biako pɛ a sɛ yɛyɛ a, ɛbɛma yɛayɛ ade a mfaso wɔ so wɔ yɛn asetram ne sɛ yɛbɛyɛ nea Yehowa pɛ.”

19. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu nneɛma a mfaso wɔ so ankasa wɔ asetra mu no?

19 Wɔde nimdeɛ a ɛboa nkurɔfo ma wonya nkwa ho anidaso ahyɛ yɛn a yɛyɛ Kristofo no nsa. (Yohane 17:3) Enti, mommma ‘yennnye Onyankopɔn adom no mmma n’atirimpɔw nnyɛ kwa.’ (2 Korintofo 6:1) Mmom no, bere a yɛte ase yi, momma yɛmfa hokwan no nyi Yehowa ayɛ. Momma yɛmmoa nkurɔfo mma wonnya nimdeɛ a ɛbɛma wɔanya anigye ankasa no nnɛ, na ɛde wɔn akɔ daa nkwa mu. Sɛ yɛyɛ saa a, yebehu sɛ Yesu asɛm yi yɛ nokware. Ɔkae sɛ: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Asomafo Nnwuma 20:35) Enti, sɛ yɛyɛ nea yɛaka yi a, na ɛkyerɛ sɛ yɛahu nneɛma a mfaso wɔ so ankasa wɔ asetra mu no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 1 Wɔasesa din ahorow no bi.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn ne ade a mfaso wɔ so sen biara a obi betumi ayɛ wɔ n’asetra mu?

• Dɛn nti na nyansa nnim sɛ yɛde yɛn bere nyinaa bɛpɛ ahonyade?

• Dɛn ne “nkwa ankasa no” a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn bɔ no?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ nea Onyankopɔn pɛ wɔ asetra mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ afɔre a ɛfata