Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ogye A Yebenya Afi Ofirisumfo No Mfiri Mu

Ogye A Yebenya Afi Ofirisumfo No Mfiri Mu

Ogye A Yebenya Afi Ofirisumfo No Mfiri Mu

“[Yehowa, NW] na obegye wo afi ofirisumfo afiri mu.”—DWOM 91:3.

1. Hena ne “ofirisumfo” no, na dɛn nti na ne ho yɛ hu?

NOKWARE Kristofo nyinaa ne ɔtamfo bi a n’ani atew na onim nyansa sen nnipa redi asi. Wɔaka ne ho asɛm wɔ Dwom 91:3 sɛ ɔyɛ “ofirisumfo.” Hena ne saa ɔtamfo yi? Efi Ɔwɛn-Aban a ɛbae wɔ June 1, 1883 mu no so tɔnn na wɔama yɛahu sɛ ɔno no ne Satan Ɔbonsam. Saa ɔtamfo a ɔwɔ tumi yi nam anifere kwan so bɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa Yehowa nkurɔfo na wasum wɔn afiri te sɛ nea ofirisumfo sum anomaa bi afiri no.

2. Dɛn nti na wɔde Satan toto ofirisumfo ho?

2 Tete no, esiane nnomaa sũ a ɛyɛ dɛ ne wɔn ahoɔfɛ nti na na nkurɔfo kyere wɔn. Nnomaa bi nso wɔ hɔ a na wokum wɔn we, na na wɔde ebi nso bɔ afɔre. Nanso, nnomaa yɛ mmoa a wɔhwɛ wɔn ho yiye na wɔn ani da hɔ, na na ɛno ma ɛyɛ den sɛ wɔbɛkyere wɔn. Enti, wɔ bere a na wɔrekyerɛw Bible no mu no, na ofirisumfo bi gye bere de sua sɛnea nnomaa a ɔpɛ sɛ ɔkyere wɔn no yɛ wɔn ade ansa na ɔde anifere asum mfiri a ɔde beyi wɔn no. Saa ara na Bible de Satan toto ofirisumfo ho de boa yɛn ma yehu ne mfiri no. Ɔbonsam sua sɛnea yɛn mu biara yɛ n’ade yiye. Ɔhwɛ yɛn su ne yɛn nneyɛe, na ɔde anifere sum ne mfiri a ɔpɛ sɛ ɔde yi yɛn no. (2 Timoteo 2:26) Sɛ Ɔbonsam afiri no yi yɛn a, ɛsɛe yɛne Onyankopɔn ntam, na ɛno betumi de yɛn akɔ ɔsɛe mu. Enti, ɛsɛ sɛ yehu “ofirisumfo” no mfiri ahorow no, na amma wannya yɛn.

3, 4. Bere bɛn na akwan a Satan fa so sum yɛn afiri no yɛ te sɛ gyata ne ahurutoa de?

3 Nea ɛbɛyɛ na yɛahu Satan akwan yiye no, odwontofo no san de sɛnea ɔyɛ n’ade no toto gyataforo anaa ahurutoa ho. (Dwom 91:13) Ɛtɔ mmere bi a, Satan nam ɔtaa anaa mmara a nniso ahorow hyehyɛ tia Yehowa Adansefo so tow hyɛ yɛn so tẽẽ te sɛ nea gyata tow hyɛ aboa bi so no. (Dwom 94:20) Sɛ Satan tow hyɛ yɛn so te sɛ gyata a, etumi ma yɛn mu kakraa bi gyae Yehowa som. Nanso, mpɛn pii no, saa ɔsɔretia no nyɛ adwuma, na ɛma Onyankopɔn nkurɔfo yɛ biako mmom. Na Satan afiri a ɔfa nnɛɛdɛe kwan so sum te sɛ nea ahurutoa tow hyɛ aboa bi so no nso ɛ?

4 Ɔbonsam de ne nyansa a ɛsen nnipa de no daadaa nkurɔfo, na ɔtow hyɛ wɔn so di wɔn awu te sɛ ɔwɔ bi a ofi baabi a wahintaw ka obi no. Ɔbonsam nam saa kwan yi so asɛe Onyankopɔn nkurɔfo binom adwene, na wadaadaa wɔn ma wɔayɛ nneɛma a ɔno Ɔbonsam pɛ mmom sen sɛ wɔbɛyɛ nea Yehowa pɛ. Na nea afi mu aba no yɛ awerɛhow yiye. Anigyesɛm ne sɛ, yenim Ɔbonsam adwene. (2 Korintofo 2:11) Afei, momma yensusuw mfiri a edi awu a “ofirisumfo no” de yɛ adwuma no mu anan ho nhwɛ.

Onipa Ho Suro

5. Dɛn nti na “onipa ho suro” yɛ afiri a eyi nnipa pii?

5 “Ofirisumfo” no nim sɛ onipa biara pɛ sɛ afoforo ani gye ne ho na wogye no tom. Kristofo yɛ nnipa a sɛ nkurɔfo a wɔne wɔn te yɛ nneɛma bi de kyerɛ sɛ wɔn ani nnye wɔn ho a, etumi haw wɔn. Esiane sɛ Ɔbonsam nim saa nti, ɔpɛ sɛ ɔfa adwene a nkurɔfo kura wɔ Kristofo ho so de sum wɔn afiri. Sɛ nhwɛso no, Ɔbonsam de “onipa ho suro” asum Onyankopɔn asomfo bi afiri anya wɔn. (Mmebusɛm 29:25) Sɛ ɛkɔba sɛ onipa ho suro nti, Onyankopɔn asomfo ne nnipa binom kɔyɛ nneɛma a Yehowa kyi anaasɛ wɔanyɛ nneɛma a Onyankopɔn Asɛm ka sɛ wɔnyɛ no a, ɛnde na “ofirisumfo” afiri no ayi wɔn.—Hesekiel 33:8; Yakobo 4:17.

6. Nhwɛso bɛn na ɛma yehu sɛnea “ofirisumfo” no afiri betumi ayi abofra bi?

6 Sɛ nhwɛso no, abofra bi mfɛfo sukuufo betumi adaadaa no ma wanom sigaret. Ebetumi aba sɛ bere a ɔrefi fie akɔ sukuu saa da no, na enni n’adwenem koraa sɛ ɔbɛnom sigaret. Nanso, n’ani bɛba ne ho so no, na ɔreyɛ biribi a Onyankopɔn ani nnye ho na ebetumi abɔ no yare nso. (2 Korintofo 7:1) Ɛyɛɛ dɛn na wotumi daadaa no? Ebia, ɔde ne ho kɔbɔɔ n’atipɛnfo bi a wɔn bra asɛe ho, na na osuro sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛremma ne nnamfo no ani rennye no ho. Mmofra, mommma “ofirisumfo” no nnnaadaa mo, na n’afiri no anyi mo! Monhwɛ yiye na moanyɛ nneɛma nketenkete mpo a munim sɛ ɛyɛ bɔne, na n’afiri no anyi mo. Muntie kɔkɔbɔ a Bible de ma sɛ montwe mo ho mfi fekubɔne ho no.—1 Korintofo 15:33.

7. Ɔkwan bɛn so na Satan betumi ama awofo binom abu wɔn ani agu Onyankopɔn som so?

7 Kristofo a wɔyɛ awofo bɔ mmɔden paa sɛ wobedi Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde a wɔwɔ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde honam fam nneɛma ma wɔn mmusua no so. (1 Timoteo 5:8) Nanso, Satan ayɛ n’adwene sɛ ɔbɛma Kristofo de wɔn ani asi honam fam nneɛma a wɔde bɛma wɔn mmusua no nkutoo so. Ebia, esiane sɛ Kristofo binom ma wɔn adwumawuranom hyɛ wɔn ma wɔka adwumam bere a ɛsɛ sɛ wɔpɔn nti, wɔtaa toto asafo nhyiam mu. Ebia ehu nti, wɔrensrɛ kwan nkɔ ɔmantam nhyiam bi nyinaa, na ama wɔne wɔn nuanom akɔsom Yehowa. Ade a ebetumi aboa wɔn a ɛremma saa afiri yi renyi wɔn ne sɛ wɔde wɔn ho ‘bɛto Yehowa so.’ (Mmebusɛm 3:5, 6) Bio nso, sɛ yɛkae sɛ yɛn nyinaa yɛ Yehowa fiefo, na wafa ato no ho so sɛ ɔbɛhwɛ yɛn a, ɛbɛboa yɛn ma yɛremfa yɛn adwene nsi honam fam nneɛma nkutoo so. Awofo, so mowɔ gyidi sɛ sɛ moyɛ nea Yehowa pɛ a, sɛnea ɛte biara no ɔbɛhwɛ mo ne mo mmusua? Anaasɛ, onipa ho suro nti, mobɛma Ɔbonsam anya mo ma moayɛ nea ɔpɛ? Yɛhyɛ mo nkuran sɛ momfa mpaebɔ nsusuw saa nsɛmmisa yi ho.

Ahonyade Sum Afiri

8. Ɔkwan bɛn so na Satan de ahonyade daadaa nnipa?

8 Satan de ahonyade nso sum yɛn afiri. Aguadifo a wɔwɔ wiase yi mu no taa hyɛ nnwuma bi a ɛma obi nya sika bum bere tiaa bi a ɔmmrɛ ho no ho nkuran, na wobetumi adaadaa Onyankopɔn asomfo binom mpo. Ɛtɔ mmere bi a, wobetumi aka akyerɛ onipa bi sɛ: “Yere wo ho yɛ adwuma nnɛ. Na sɛ wunya wo ho wie a, wubetumi adwudwo wo ho na woagye w’ani. Wubetumi ayɛ akwampae adwuma mpo.” Kristofo asafo no mufo binom a wonni adwempa, na wodidi wɔn nuanom ho no na wobetumi akeka nsɛm a ɛte saa. Susuw sika a wɔka sɛ wubetumi anya na woadwudwo wo ho daakye no ho yiye. So saa nsɛm a wɔkeka no nkyerɛ sɛ wokura adwene a ná ɔdefo a ‘onni adwene’ a ɔwɔ Yesu mfatoho no mu kura no bi?—Luka 12:16-21.

9. Dɛn nti na nneɛma a Kristofo binom ani bɛbere no betumi ama ofirisumfo no afiri ayi wɔn?

9 Sɛnea Satan yɛ n’ade wɔ wiase bɔne a odi so yi mu no daadaa nkurɔfo ma wɔn ani bere nneɛma a ɛwom no. Anibere a ɛte saa no betumi asɛe Kristoni bi asetra nkakrankakra, na ebemia asɛm no ma ‘ɛrensow aba’ wɔ ne mu. (Marko 4:19) Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ sɛ yenya nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, yɛmma ɛno ara nnɔɔso mma yɛn. (1 Timoteo 6:8) Nanso, esiane sɛ nnipa pii susuw sɛ saa afotu no mfa wɔn ho nti, “ofirisumfo” no afiri yi wɔn. So ebetumi aba sɛ ahantan na ɛma wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wonya wɔn ho no? Na yɛn ankasa nso ɛ? So esiane sɛ yɛpɛ sɛ yenya yɛn ho nti na ɛma yɛde nokware som to nkyɛn no? (Hagai 1:2-8) Awerɛhosɛm ne sɛ, bere a na ebinom sikasɛm nkɔ yiye no, wɔde Onyankopɔn som too nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ so adi yiye na wɔanya nneɛma bi a wɔn ani gye ho. Sɛ yɛma yɛn ani gye ahonyade ho saa a, ɛma “ofirisumfo” no ani gye!

Anigyede a Ɛmfata Sum Afiri

10. Nhwehwɛmu bɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni biara yɛ wɔ ne ho?

10 Ɔkwan foforo a “ofirisumfo” no fa so ne sɛ ɔbɛsɛe nkurɔfo adwene sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhu nsonsonoe a ɛwɔ papa ne bɔne mu. Nnwumakuw a wɔyɛ anigyede no mu dodow no ara abenya adwene a na Sodomfo ne Gomorafo kura no bi. Nsɛm ho amanneɛbɔ a wɔde to gua wɔ television so ne nea wɔka ho asɛm wɔ nsɛmma nhoma mu no si basabasayɛ so dua, na wɔma nkurɔfo nya ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ a ɛmfata nso. Anigyede a woyi kyerɛ no mu dodow no ara ama nkurɔfo abɛyɛ nnipa a wontumi nhu “papa ne bɔne mu nsonsonoe.” (Hebrifo 5:14) Nanso, kae asɛm a Yehowa nam odiyifo Yesaia so kae no. Ɔkae sɛ: “Wonnue, wɔn a wɔfrɛ bɔne sɛ papa, ne papa sɛ bɔne.” (Yesaia 5:20) So “ofirisumfo” no nam anigyede a ɛmfata a ɛte saa so resɛe w’adwene nkakrankakra? Ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu hwɛ.—2 Korintofo 13:5.

11. Kɔkɔbɔ bɛn na Ɔwɛn-Aban bi de mae wɔ sini a woyi no nkakrankakra wɔ TV so no ho?

11 Bɛyɛ mfe 25 a atwam ni no, Ɔwɛn-Aban bi fi ɔdɔ mu bɔɔ Onyankopɔn asomfo anokwafo kɔkɔ wɔ sini a woyi no nkakrankakra wɔ TV so no ho. * Wɔkaa asɛm a edi so yi faa sɛnea sini a woyi no nkakrankakra a agye din no nya nkurɔfo so nkɛntɛnso bɔne ho. Ɛkae sɛ: “Ɔdɔfo a obi rehwehwɛ nti, ɛma wɔn a wɔhwɛ no bu nneyɛe biara a obi da no adi wɔ sini no mu sɛ ɛyɛ nea asɛm biara nni ho. Sɛ nhwɛso no, ababaa bi a ɔnwaree a wanyinsɛn ka kyerɛ n’adamfo bi sɛ: ‘Medɔ Victor, enti nea obiara bɛka biara mfa me ho. . . . Nea ehia me ara me ne sɛ me no bɛwo ba!’ Dwom a wɔbɔ wɔ sini no mu bɔkɔɔ no mma wɔn a wɔrehwɛ no mu biara adwene mma so sɛ nea ababaa no reyɛ no yɛ ɔbrasɛe. Wo a worehwɛ sini no nso ani begye Victor ho. Ababaa no asɛm yɛ wo mmɔbɔ. ‘Wote ababaa no ase.’ Ɔbea bi a ɔhwɛɛ sini no bi a n’ani baa ne ho so akyiri yi no kae sɛ, ‘Wubetumi abu nea wɔreyɛ no sɛ ɛyɛ nea mfomso biara nni ho ma ayɛ wo nwonwa.’ Yenim sɛ aguamammɔ nye. . . . Nanso, mihui sɛ na me ne wɔn reyɛ adwene wɔ me komam.”

12. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ kɔkɔbɔ a wɔde rema yɛn nnɛ wɔ TV so dwumadi bi ho no yɛ nea ɛfata?

12 Efi bere a wɔkyerɛw saa asɛm yi no, wɔayɛ sini a ɛma nnipa ani tumi gye ɔbrasɛe ho no pii. Wɔ mmeae pii no, woyi sini a ɛte saa no nnɔnhwerew 24 da biara da. Mmarima, mmea, ne mmabun pii taa hwɛ sini a ɛte saa de sɛe wɔn adwene ne wɔn koma. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛn nso yedi mfomso a ɛte saa de daadaa yɛn ho. Ɛbɛyɛ mfomso sɛ yebenya adwene sɛ sɛ obi hwɛ nneyɛe a ɛma nkurɔfo ani begye ɔbrasɛe ho wɔ sini mu a, ɛnyɛ hwee, ɛnte sɛ nea wode w’ani behu sɛ obi reyɛ dekode no ankasa. So Kristoni bi betumi abu no sɛ ɛnyɛ mfomso ankasa sɛ ɔbɛma nnipa bi a ɔrento nsa mfrɛ wɔn mma ne fie da begyigye n’ani wɔ TV so?

13, 14. Nsɛm bɛn na ebinom akeka wɔ sɛnea wonyaa kɔkɔbɔ a wɔde mae wɔ TV so dwumadi ahorow ho no so mfaso?

13 Bere a nnipa pii tiee saa kɔkɔbɔ a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de mae no, wonyaa so mfaso. (Mateo 24:45-47) Bere a ebinom kenkan afotu a egyina Bible so a emu da hɔ no, wɔkyerɛw krataa kɔmaa wɔn a wɔkyerɛw Ɔwɛn-Aban no kaa sɛnea afotu no aka wɔn ankasa koma no ho asɛm. * Wɔn mu biako kae sɛ: “Mfe 13 na mede hwɛɛ sini a ɛte saa ma ne hwɛ kaa me hɔ. Ná misusuw sɛ esiane sɛ mekɔ Kristofo nhyiam na mekɔ asɛnka bere ne bere mu nti, ɛrentumi nsɛe me ne Onyankopɔn ntam. Nanso, sini a na mehwɛ no ma mibenyaa adwene bi a ɛnteɛ sɛ, sɛ wo kunu yɛ wo basabasa anaa wote nka sɛ ɔnnɔ wo a, ɛnyɛ bɔne sɛ wobɛsɛe aware, ɛyɛ ɔbarima no ara na ɔpɛ na wama aba saa. Enti, bere a metee nka sɛ ‘ɛfata’ sɛ meyɛ saa no, mesɛee aware de yɛɛ bɔne tiaa Yehowa ne me kunu.” Wotuu saa ɔbea yi fii asafo no mu. Bere bi akyi no, ɔbea yi ani san baa ne ho so, onuu ne ho, na wɔsan gyee no baa asafo no mu. Kɔkɔbɔ a Ɔwɛn-Aban no de mae wɔ TV so dwumadi a woyi no nkakrankakra ho no na ɛmaa ɔbea no tumi sii gyinae sɛ ɔrenhwɛ ade a Yehowa kyi bio no.—Amos 5:14, 15.

14 Obi a ɔno nso kenkan Ɔwɛn-Aban no ma ɛkaa ne koma no kae sɛ: “Bere a mekenkan asɛm no, misui, efisɛ mihui sɛ na me koma nni mu bio wɔ Yehowa ho. Mehyɛɛ Onyankopɔn bɔ sɛ merenhwɛ saa sini no bio.” Bere a Kristoni bea bi kyerɛɛ saa afotu no ho anisɔ wiei no, ogye toom sɛ wahwɛ sini no ara ma ne hwɛ aka no hɔ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ná minnim sɛ . . . ebetumi asɛe me ne Yehowa ntam. Sɛ minim saa a, anka ɛbɛyɛ dɛn na me ne ‘nnipa’ a wɔwɔ sini no mu afa nnamfo, na masan aka sɛ meyɛ Yehowa adamfo?” Sɛ TV so dwumadi a ɛte saa tumi sɛee nkurɔfo koma wɔ mfe 25 a atwam ni no mu a, ɛnde nkɛntɛnso bɛn na ɛrenya wɔ nkurɔfo so nnɛ? (2 Timoteo 3:13) Ɛsɛ sɛ yehu Satan afiri a ɛne anigyede a ɛmfata ahorow no nyinaa, sɛ́ ɛyɛ sini a woyi wɔ TV so nkakrankakra, video so agodie a basabasayɛ wom, anaa video so nnwom a wɔde kanyan aguamammɔ no.

Nsɛmnsɛm a Ɛsɔre wɔ Nnipa Ntam Sum Afiri

15. Ɔkwan bɛn so na Ɔbonsam afiri ayi ebinom?

15 Satan de nsɛmnsɛm a ɛsɔre wɔ nnipa ntam no sum afiri, na ɔnam so de mpaapaemu ba Yehowa nkurɔfo mu. Ɛmfa ho ɔsom hokwan biara a yɛwɔ no, saa afiri yi betumi ayi yɛn. Ɔbonsam afiri ayi ebinom efisɛ wɔama kwan ma wɔne afoforo ntam nsɛmnsɛm asɛe asomdwoe, biakoyɛ, ne nkɔso a Yehowa ama ne nkurɔfo anya wɔ ne som mu no.—Dwom 133:1-3.

16. Anifere kwan bɛn na Satan nam so rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe yɛn biakoyɛ?

16 Wɔ Wiase Ko I no mu no, Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛtow ahyɛ Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no so asɛe no, nanso anyɛ yiye. (Adiyisɛm 11:7-13) Efi saa bere no, Satan afa anifere kwan so sɛ ɔbɛsɛe biakoyɛ a yɛwɔ no. Sɛ yɛma nsɛmnsɛm a ɛsɔre wɔ yɛn ntam no sɛe yɛn biakoyɛ no a, na yɛama “ofirisumfo” no anya yɛn ho kwan. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛremma Onyankopɔn honhom kronkron no ntumi nyɛ adwuma wɔ yɛn ankasa asetra mu ne asafo no mu. Sɛ ɛba saa a, Satan ani begye, efisɛ sɛ asomdwoe ne biakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam no sɛe a, ɛremma yentumi nyɛ asɛnka adwuma no yiye.—Efesofo 4:27, 30-32.

17. Dɛn na ebetumi aboa wɔn a wɔne afoforo wɔ asɛm no ma wɔasiesie wɔn ntam?

17 Sɛ wo ne wo yɔnko Kristoni bi wɔ asɛm a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Nokwarem no, nea ɛde nsɛmnsɛm no ba no gu ahorow. Ɛwom sɛ nneɛma pii na ɛkɔfa ɔhaw ahorow ba de, nanso biribiara nni hɔ a enti ɛnsɛ sɛ yesiesie nsɛmnsɛm a ɛsɔre wɔ yɛn ntam no. (Mateo 5:23, 24; 18:15-17) Onyankopɔn honhom na wɔde kyerɛw afotu a ɛwɔ N’Asɛm mu no, enti ɛyɛ pɛ. Sɛ yɛde Bible mu afotu yɛ adwuma a, ɛrenni yɛn huammɔ da. Ɛyɛ adwuma bere nyinaa!

18. Dɛn nti na sɛ yesuasua Yehowa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛne afoforo asiesie yɛn ntam nsɛmnsɛm?

18 Yehowa ‘de firi,’ na ɔno na ‘fafiri wɔ no’ ankasa. (Dwom 86:5; 130:4) Sɛ yesuasua Yehowa a, na yɛreda yɛn ho adi sɛ yɛyɛ ne mma a yɛdɔ no. (Efesofo 5:1) Yɛn nyinaa yɛ abɔnefo, na yehia Yehowa hɔ fafiri paa. Enti, sɛ yɛayɛ yɛn adwene sɛ yɛremfa bɔne a obi ayɛ atia yɛn no mfiri no a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa. Yebetumi abɛyɛ te sɛ akoa a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ ne mfatoho bi mu no. Saa akoa no amfa ɛka a na ne yɔnko akoa bi de no no ankyɛ no. Ná ɛka a ne yɔnko no de no no yɛ ne de a na ne wura de akyɛ no no mu fã ketewaa bi pɛ. Bere a akoa no wura tee asɛm no, ɔma wɔde no kɔtoo afiase. Yesu de mfatoho no baa awiei sɛ: “Saa ara na mo nso sɛ moamfi mo komam amfa amfiri mo nuanom a me soro Agya ne mo bedi.” (Mateo 18:21-35) Sɛ yɛne yɛn nua bi resiesie yɛn ntam nsɛmnsɛm, na yesusuw saa mfatoho no ne mpɛn dodow a Yehowa de afiri yɛn no ho a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛboa yɛn!—Dwom 19:14.

Hwehwɛ Ahobammɔ wɔ “Ɔsorosoroni no Hintabea”

19, 20. Ɛsɛ sɛ yebu Yehowa “hintabea” ne ne “nwini” no dɛn wɔ mmere a emu yɛ hu yi mu?

19 Yɛte mmere a emu yɛ hu mu. Sɛ ɛnyɛ sɛ Yehowa na ofi ɔdɔ mu bɔ yɛn ho ban a, anka Satan asɛe yɛn nyinaa. Enti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tra baabi a ahobammɔ wɔ a ɛno ne “ɔsorosoroni no hintabea,” ne “Tweaduampɔn nwini ase,” sɛnea ɛbɛyɛ a “ofirisumfo” no afiri no renyi yɛn.—Dwom 91:1.

20 Ɛsɛ sɛ yebu Yehowa nkaesɛm ne n’akwankyerɛ sɛ ɛyɛ ahobammɔ bere nyinaa, na ɛnsɛ sɛ yebu no sɛ ɔde hyɛ yɛn so da. Yɛn nyinaa ne ɔtamfo bi a onim nyansa sen nnipa redi asi. Sɛ ɛnyɛ Yehowa na ofi ɔdɔ mu boa yɛn a, anka ɔtamfo no afiri no ayi yɛn nyinaa. (Dwom 124:7, 8) Enti, momma yɛmmɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa begye yɛn afi “ofirisumfo” no mfiri mu!—Mateo 6:13.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 11 December 1, 1982, Borɔfo Ɔwɛn-Aban kratafa 3-7.

^ nky. 13 December 1, 1983, Borɔfo Ɔwɛn-Aban kratafa 23.

So Wokae?

• Dɛn nti na “onipa ho suro” yɛ afiri a edi awu?

• Ɔkwan bɛn so na Ɔbonsam de ahonyade daadaa nkurɔfo?

• Ɔkwan bɛn so na Satan de anigyede a ɛmfata asum ebinom afiri?

• Afiri bɛn na Ɔbonsam de sɛe yɛn biakoyɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 27]

“Onipa ho suro” asum ebinom afiri

[Mfonini wɔ kratafa 28]

So nneɛma a Yehowa kyi na wode gyigye w’ani?

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Sɛ wo ne wo yɔnko Kristoni bi wɔ asɛm a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?