Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Obadia, Yona, ne Mika Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Obadia, Yona, ne Mika Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Obadia, Yona, ne Mika Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

“OBADIA anisoadehu ni.” (Obadia 1) Eyi ne asɛm a wɔde fii Bible mu nhoma a ɛne Obadia no ase. Odiyifo no nka n’ankasa ho asɛm biara wɔ nhoma a ɔkyerɛwee wɔ afe 607 A.Y.B. mu no mu gye ne din nkutoo. Odiyifo Yona kaa nea ɛtoo no wɔ n’asɛmpatrɛw adwuma no mu ho asɛm pefee wɔ ne nhoma a ɔkyerɛw wiei bɛboro mfe ahanu a ná atwam ansa na Obadia rekyerɛw ne nhoma no mu. Mika de mfe 60 hyɛɛ nkɔm wɔ bere a Obadia ne Yona hyɛɛ nkɔm no ntam hɔ. Ofii ase wɔ afe 777 A.Y.B. mu kosii afe 717 A.Y.B. mu. Asɛm a Mika ka faa ne ho ara ne sɛ, ofi akuraa bi a wɔfrɛ no ‘Moreset’ ase, na Yehowa asɛm baa ne nkyɛn wɔ “Yuda ahene Yotam, Ahas ne Hesekia bere so.” (Mika 1:1) Mfatoho a odiyifo Mika de sisii ne nsɛm so dua no ma yehu sɛ na onim akuraa ase asetra yiye.

‘WOBETWA EDOM AKYENE AKOSI DAA’

(Obadia 1-21)

Obadia kaa Edom ho asɛm sɛ: “Atirimɔden a wode bɔɔ wo nua Yakob nti na aniwu bɛkata wo ho, na wɔatwa wo akyene akosi daa.” Ná bɔne a Edomfo de yɛɛ Yakob mma a wɔne Israelfo a na ɛnkyɛe pii no da so ara wɔ odiyifo no adwenem yiye. Wɔ afe 607 A.Y.B. mu no, bere a Babilonfo sɛee Yerusalem no, Edomfo ‘gyinagyinaa ntentenso,’ na wɔne “ananafo” a wɔbɛtow hyɛɛ Yudafo no so no yɛɛ biako.—Obadia 10, 11.

Nanso, na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma Yakob fiefo no asan aba wɔn asase so bio. Obadia hyɛɛ nkɔm sɛ: “Sion bepɔw so de, mfimufo bɛtra hɔ, na ayɛ kronkronbea.”—Obadia 17.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

5-8—Ɔsɛe a na ɛbɛba Edom so a wɔde totoo anadwo adwowtwafo ne obobe abatewfo ho no kyerɛ dɛn? Sɛ akorɔmfo na wɔkɔɔ Edom so a, na anka wɔbɛfa nneɛma a wohia nkutoo. Saa ara na sɛ ɛyɛ wɔn a wɔrekotwa nnɔbae nso a, na anka wobegyaw nnɔbae no bi wɔ akyi ama Edomfo no akɔsesaw. Nanso, sɛ Babilonfo a Edomfo ne ‘wɔn yɛɛ apam’ no sɛe Edom a, na wobekyin ahwehwɛ Edomfo no agyapade na wɔasesaw ne nyinaa.—Yeremia 49:9, 10.

10Ɔkwan bɛn so na ‘wotwaa Edom kyenee kosii daa’? Sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no, wɔtɔree Edom man a na ɛwɔ nniso ne ɔmanfo a wɔte asase so beae pɔtee bi no ase. Babilon hene Nabonido dii Edom so nkonim wɔ bɛyɛ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu no mfinimfini mu hɔ. Eduu afeha a ɛto so anan A.Y.B. mu no, na Nabataefo akɔtra Edomfo asase no so. Enti, Edomfo kɔtraa Yudea anafo fam, beae bi a na wɔfrɛ no Negeb a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Idumea no. Bere a Romafo sɛee Yerusalem wɔ afe 70 Y.B. mu no, Edomfo yera fii asase so koraa.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

3, 4. Esiane sɛ na Edomfo te mmepɔw atenten a abo wɔ so na amoa donkudonku deda ho so nti, ná ɛyɛ den sɛ atamfo ne wɔn bɛko adi wɔn so nkonim. Ɛno nti, ɛbɛyɛ sɛ Edomfo dii mfomso susuwii sɛ wɔwɔ ahotɔ ne ahobammɔ. Nanso, obiara ntumi nguan Yehowa atemmu.

8, 9, 15. Nyansa ne ne tumi a nnipa wɔ no ntumi mmɔ wɔn ho ban wɔ ‘Yehowa da no’ mu.—Yeremia 49:7, 22.

12-14. Asɛm a ɛtoo Edomfo no yɛ kɔkɔbɔ ma wɔn a wodi ahurusi wɔ ɔhaw a ɛto Onyankopɔn asomfo ho no. Sɛ nkurɔfo yɛ Onyankopɔn asomfo basabasa a, Yehowa fa no aniberesɛm.

17-20. Nkɔmhyɛ a ɛkae sɛ Yakob mma bɛsan aba wɔn asase so no fii ase baa mu bere a Yudafo nkaefo bi fi Babilon san baa Yerusalem wɔ afe 537 A.Y.B. mu no. Yehowa Asɛm bam bere nyinaa. Yebetumi de yɛn ho ato Yehowa bɔhyɛ ahorow so koraa.

‘NINIWE BEBUTUW’

(Yona 1:1–4:11)

Sɛ́ anka Yona betie Onyankopɔn ahyɛde a ɛka sɛ “kɔ Niniwe kurow kɛse no mu, na pae” atemmusɛm “gu no so” no, Yona de n’ani kyerɛɛ baabi foforo mmom. Yehowa maa “ahum kɛse tui ɛpo no so,” na ɔmaa “apataa kɛse bi” menee Yona, na ɔnam saa a ɔyɛe no so maa Yona san n’akyi. Yehowa san ka kyerɛɛ Yona ne mprenu so sɛ ɔnsan nkɔ Asiriafo ahenkurow no mu.—Yona 1:2, 4, 17; 3:1, 2.

Yona kɔɔ Niniwe, na ofii ase kaa asɛm no kyerɛ wɔn tẽẽ sɛ: “Ɛha adaduanan na Niniwe abutuw.” (Yona 3:4) Ade a na Yona nhwɛ kwan a efii n’asɛnka no mu bae no maa “ne bo fuwii.” Yehowa de “adedenkuruma” kyerɛɛ Yona mmɔborohunu.—Yona 4:1, 6.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

3:3So na Niniwe kurow no trɛw araa ma na “nnansa na wɔde twa ho hyia” ankasa? Yiw. Ɛda adi sɛ tete no, na wɔfrɛ nkurow a ɛdeda Niniwe kurow no afasu akyi, efi Khorsabad a ɛda atifi fam kosi Nimrud a ɛda anafo fam no nyinaa Niniwe. Ná nkurow a wɔka bom frɛ no Niniwe no nyinaa kɛse anaa ne tɛtrɛtɛ yɛ kilomita 100.

3:4So na ɛsɛ sɛ Yona sua Asiria kasa ansa na watumi aka asɛm no akyerɛ Niniwefo no? Ebia na Yona te Asiria kasa dedaw, anaasɛ ebia Yehowa ma otumi kaa kasa no anwonwakwan so. Ebetumi aba nso sɛ ɔkaa n’asɛm no tẽẽ wɔ Hebri kasa mu ma obi kyerɛɛ ase. Sɛ ɔkaa asɛm no ma obi kyerɛɛ ase a, ɛnde ɛbɛyɛ sɛ ɛno maa nkurɔfo no tiee n’asɛm no paa.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:1-3. Sɛ yɛboapa yɛ nnwuma bi wɔ bere a anka ɛsɛ sɛ yɛkɔka Ahenni no ho asɛm na yɛyɛ asuafo no a, na ɛkyerɛ sɛ yenni adwempa. Sɛ obi yɛ saa a, yebetumi aka sɛ na ɔreguan afi adwuma a Onyankopɔn de ama no no ho.

1:1, 2; 3:10. Ɛnyɛ ɔman biako, abusuakuw bi, anaa nnipa titiriw bi nko na Yehowa yi ne mmɔborohunu adi kyerɛ wɔn. “[Yehowa, NW] ye ma nnipa nyinaa, na ne mmɔborohunu wɔ ne nnwuma nyinaa so.”—Dwom 145:9.

1:17; 2:10. Apataa kɛse bi yam a Yona dii nnansa awia ne anadwo no yɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Yesu wu ne ne wusɔre ho.—Mateo 12:39, 40; 16:21.

1:17; 2:10; 4:6. Yehowa gyee Yona fii ɛpo a na ɛrehuru kutukutu no mu. Onyankopɔn san maa ‘adedenkuruma fefɛw kataa Yona so ma n’atifi nyaa onwini, sɛ enyi no mfi n’ahohia no mu.’ Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi de wɔn ho ato Onyankopɔn ne n’adɔe so ma wabɔ wɔn ho ban, na wagye wɔn.—Dwom 13:5; 40:11.

2:1, 2, 9, 10. Yehowa tie n’asomfo mpaebɔ, na ɔyɛ aso ma wɔn adesrɛ.Dwom 120:1; 130:1, 2.

3:8, 10. Nokware Nyankopɔn no “nuu ne ho,” anaasɛ ɔsesaa n’adwene wɔ bɔne a na waka sɛ ɔde bɛba Niniwefo no so no ho, na “wanyɛ.” Dɛn ntia? Efisɛ, Niniwefo no ‘san fii wɔn akwammɔne no so.’ Saa ara na ɛnnɛ, sɛ ɔdebɔneyɛfo bi nu ne ho nokwarem wɔ ne bɔne ho a, Onyankopɔn betumi asesa n’adwene wɔ atemmu a ɔde reba no so no ho.

4:1-4. Onipa biara nni hɔ a obetumi akyerɛ nnipa ko a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn yi Ne mmɔborohunu adi kyerɛ wɔn. Enti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye, na yɛankasa antia akwan a Yehowa fa so da ne mmɔborohunu adi no.

4:11. Yehowa asi abotare ma wɔreka Ahenni no ho asɛm wɔ asase so nyinaa, efisɛ sɛnea nnipa 120,000 a na wɔwɔ Niniwe no asɛm yɛɛ no mmɔbɔ no, saa ara na wɔn a “wonnim nifa ne benkum” no nso asɛm yɛ no mmɔbɔ. So ɛnsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no asɛm yɛ yɛn mmɔbɔ ma yɛyere yɛn ho ka Ahenni no ho asɛm kyerɛ wɔn, na yɛyɛ asuafoyɛ adwuma no anaa?—2 Petro 3:9.

‘WƆN TIKWAW BƐTRƐW’

(Mika 1:1–7:20)

Mika kaa bɔne a na Israel ne Yuda ayɛ no kyerɛɛ wɔn, ɔhyɛɛ wɔn nhenkurow a na wɔbɛsɛe no no ho nkɔm, na ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ, wɔbɛsan aba wɔn asase so bio. Ná Samaria bɛdan “wuram abokuw.” Esiane sɛ Israel ne Yuda som abosom nti, na ɛfata sɛ wɔbɔ “tikwaw,” anaasɛ wɔn anim gu ase. Ná nkoasom mu a wɔde Israel ne Yuda bɛkɔ no bɛma wɔn tikwaw no atrɛw te “sɛ opete de.” Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ: “Mɛboaboa Yakob ano.” (Mika 1:6, 16; 2:12, NW) Esiane sɛ na Yerusalem akannifo bra asɛe, na n’adiyifo nso aso yɛ den nti, na ‘Yerusalem bɛdan abo akuwakuw.’ Nanso, na Yehowa ‘bɛboaboa nkurɔfo no ano.’ Ná “Israel sodifo no” befi “Bet-Lehem a ɛwɔ Efrata” mu na aba.—Mika 3:12; 4:12; 5:2.

So yebetumi aka sɛ Yehowa ne Israel anni no yiye? So na nneɛma a ɔhwehwɛ sɛ Israelfo yɛ no yɛ den dodo? Dabi. Nea na Yehowa hwehwɛ sɛ n’asomfo no yɛ ara ne sɛ ‘wɔbɛyɛ adetrenee, wɔapɛ adɔe,’ na wɔne Onyankopɔn anantew ‘ahobrɛase mu.’ (Mika 6:8) Nanso, na Mika beresofo no bra asɛe araa ma na “wɔn mu nipa pa te sɛ ohwirom, wɔn mu teefo sen nsɔe ban,” ma enti na wɔwowɔ anaa wopira obiara a ɔbɛn wɔn no. Nanso, odiyifo no bisae sɛ: “Onyankopɔn bɛn na ɔte sɛ wo [Yehowa]?” Ná Onyankopɔn behu ne nkurɔfo mmɔbɔ bio, na ‘watow wɔn bɔne nyinaa agu ɛpo bun mu.’—Mika 7:4, 18, 19.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

2:12—Bere bɛn na nkɔmhyɛ a ɛka sɛ ‘wɔbɛboaboa Israel nkae ano’ no baa mu? Edii kan baa mu wɔ afe 537 A.Y.B. mu, bere a Yudafo nkaefo bi fi Babilon nkoasom mu san kɔɔ wɔn asase so no. Wɔ yɛn bere yi so no, saa nkɔmhyɛ no anya mmamu wɔ “Nyankopɔn Israel” no so. (Galatifo 6:16) Efi afe 1919 reba no, wɔaboaboa Kristofo a wɔasra wɔn no ano ‘te sɛ nguan a wogu nguannan mu.’ Efi afe 1935 reba titiriw no, “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no abɛka wɔn a wɔasra wɔn no ho, na wɔabɛyɛ “nnipa dodow a wɔyɛ hoo.” (Adiyisɛm 7:9; Yohane 10:16) Wɔn nyinaa de nsiyɛ rema nkurɔfo ahu nokware som.

4:1-4Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘rebu aman pii atɛn, na ɔreka aman akɛse a ɛwɔ akyirikyiri no anim wɔ nna a edi akyiri yi mu’? Nsɛm a ɛne “aman akɛse” ne “aman pii” no mfa amanaman anaa amammui ahyehyɛde ahorow ho. Mmom no, ɛfa ankorankoro a wofi aman nyinaa mu a wɔabɛyɛ Yehowa asomfo no ho. Yehowa bu wɔn atɛn, na ɔka wɔn anim wɔ ne som mu.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:6, 9; 3:12; 5:2. Asiriafo sɛee Samaria wɔ afe 740 A.Y.B. mu wɔ Mika bere so. (2 Ahene 17:5, 6) Asiriafo no kɔɔ akyiri ara koduu Yerusalem wɔ ɔhene Hesekia bere so. (2 Ahene 18:13) Babilonfo hyew Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B. mu. (2 Beresosɛm 36:19) Sɛnea wɔhyɛɛ Mesia no ho nkɔm no, wɔwoo no wɔ “Bet-Lehem a ɛwɔ Efrata.” (Mateo 2:3-6) Yehowa nkɔmhyɛ bam bere nyinaa.

2:1, 2. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ asiane sɛ yɛbɛka sɛ yɛsom Onyankopɔn, nanso yebedi kan ahwehwɛ ahonyade sen sɛ yɛbɛhwehwɛ “ahenni no ne ne trenee” kan.—Mateo 6:33; 1 Timoteo 6:9, 10.

3:1-3, 5. Yehowa hwehwɛ sɛ wɔn a wodi ne nkurɔfo anim no bu atɛntrenee.

3:4. Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa tie yɛn mpaebɔ a, ɛnsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ bɔne anaasɛ yɛyɛ nyaatwom.

3:8. Gye sɛ Yehowa honhom kronkron no hyɛ yɛn den ansa na yɛatumi ayɛ adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnka asɛmpa no ne atemmusɛm a ɛka ho no nso.

5:5. Saa Mesia ho nkɔmhyɛ yi ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ Onyankopɔn nkurɔfo atamfo tow hyɛ wɔn so a, wɔbɛma “ahwɛfo baason [a egyina hɔ ma biribi a edi mũ]” ne “mmapɔmma baawɔtwe” a wɔyɛ mmarima a wɔdɔɔso na wɔyɛ den abedi Yehowa nkurɔfo anim.

5:7, 8. Nnipa pii bu Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no sɛ wɔte sɛ ‘obosu a efi Yehowa nkyɛn,’ anaa nhyira a efi Onyankopɔn hɔ. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yehowa ma wɔn a wɔasra wɔn no ka Ahenni no ho asɛm. “Nguan foforo” no nso reboa wɔn a wɔasra wɔn no denneennen ma wɔreyɛ asɛnka adwuma no de aboa nkurɔfo ma wɔabɛsom Onyankopɔn. (Yohane 10:16) Hwɛ sɛnea ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yɛbɛyɛ adwuma yi a yɛde boa afoforo ma wɔbɛsom Onyankopɔn no bi!

6:3, 4. Ɛsɛ sɛ yesuasua Yehowa Nyankopɔn, na yɛda ayamye adi kyerɛ wɔn a wɔn asɛm yɛ den, anaa wɔn a wɔayɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn som mu no mpo, na yɛma yɛn yam hyehye yɛn ma wɔn.

7:7. Sɛ yehyia ɔhaw ahorow wɔ wiase bɔne yi awiei mu a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu. Mmom no, ɛsɛ sɛ ‘yɛhwɛ yɛn Nyankopɔn kwan’ sɛnea Mika yɛe no.

7:18, 19. Esiane sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn nti, ɛsɛ sɛ yɛn nso yefi yɛn pɛ mu de bɔne a afoforo yɛ tia yɛn no kyɛ wɔn.

Monkɔ so ‘Nnantew Yehowa Din Mu’

‘Wobetwa’ wɔn a wɔko tia Onyankopɔn ne ne nkurɔfo no ‘akyene akosi daa.’ (Obadia 10) Nanso, sɛ yetie kɔkɔbɔ a Onyankopɔn de ma yɛn no, na ‘yɛsan fi yɛn akwammɔne no so’ a, Yehowa betumi ayi n’abufuw afi yɛn so. (Yona 3:10) “Wɔ nna a edi akyiri no mu” a nea ɛkyerɛ ne yɛn “nna a edi akyiri” yi mu no, wɔama nokware som so asen atoro som nyinaa, na nnipa asoɔmmerɛfo reba nokware som mu. (Mika 4:1; 2 Timoteo 3:1) Enti, momma yensi yɛn bo sɛ “yɛbɛnantew [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn din mu de akosi daa daa.”—Mika 4:5.

Hwɛ nneɛma a mfaso wɔ so a yɛasua afi Obadia, Yona, ne Mika nhoma no mu! Ɛwom sɛ bɛboro mfe 2,500 ni na wɔkyerɛw wɔn nhoma no de, nanso emu nsɛm no “wɔ nkwa, na tumi wɔ mu” wɔ yɛn bere yi so mpo.—Hebrifo 4:12.

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Obadia hyɛɛ nkɔm sɛ: “Wobetwa [Edom] afi hɔ koraa”

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Mika ‘twɛnee Yehowa,’ na wo nso wubetumi ayɛ saa ara

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Asɛnka adwuma no yɛ hokwan kɛse a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye ho