Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wubetumi Anya Asetra a Edi Mũ!

Wubetumi Anya Asetra a Edi Mũ!

Wubetumi Anya Asetra a Edi Mũ!

BOTAE a nnipa pii wɔ wɔ asetram ne sɛ wobenya sika na wɔde atɔ nea wɔpɛ. Ebinom nso, edin a wobegye na ehia wɔn. Afoforo de, nea ehia wɔn ne sɛ wɔbɛyɛ mfonini a edi mũ. Nea ebinom nso yɛ ne sɛ, wɔboa afoforo. Nanso nnipa pii nnim nea wɔrehwehwɛ wɔ asetram anaa nea enti a wɔte ase.

Na wo nso ɛ? So woasusuw nea enti a wote ase no ho anibere so? Dɛn nti na wunsusuw nneɛma bi a nnipa ayɛ ho nhwɛ sɛ ɛma obi nya anigye ne akomatɔyam ankasa anaa? Dɛn na ɛma obi asetra di mũ?

Sika ne Anigyede wɔ Dwuma a Edi wɔ Asetram

Bible ka wɔ Ɔsɛnkafo 7:12 sɛ: “Nyansa onwini ase tra te sɛ sika onwini ase tra, na nimdeɛ yɛ mfaso, na nyansa gye ne wura nkwa.” Nokwarem no, sika so wɔ mfaso. Wuhia sika na woatumi atra ase, titiriw bere a wowɔ abusua a ɛsɛ sɛ wohwɛ wɔn no.—1 Timoteo 5:8.

Sɛ yenni sika a yɛde bɛyɛ nneɛma bi a ɛma yɛn ani gye a, anka yɛbɛyɛ dɛn wɔ asetra mu? Ɛwom sɛ Yesu Kristo a ɔde Kristosom bae no kae sɛ na onni baabi a ɔde ne ti to de, nanso ɛtɔ bere bi a, na odi aduan pa nom nsa pa. Bio nso, na ɔhyɛ atade a ne bo yɛ den.—Mateo 8:20; Yohane 2:1-11; 19:23, 24.

Nanso na ɛnyɛ anigye a Yesu benya ne ade titiriw a na ehia no wɔ asetram. Ɔde nneɛma a ɛho hia paa na esisii n’ani so. Yesu kae sɛ: “Sɛ onipa nya ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.” Afei ɔmaa mfatoho bi a ɛfa ɔdefo bi a n’asase sow aba pii ho. Na osusuw ho wɔ ne mu sɛ: “Dɛn na menyɛ, seesei a minni baabiara a mɛboaboa me nnɔbae ano yi? . . . Medwiriw m’asan agu na masi akɛse, na ɛhɔ na mɛboaboa m’awi ne me nneɛma pa nyinaa ano; na mɛka akyerɛ me kra sɛ: ‘Ɔkra, wowɔ nneɛma pa pii a woaboa ano ama mfe pii, dwudwo wo ho, didi, nom, gye w’ani.’” Mfomso bɛn na na ɛwɔ ɔbarima yi nsusuwii ho? Ɔtoaa mfatoho no so sei: “Onyankopɔn ka kyerɛɛ [ɔdefo no] sɛ, ‘Wo a wunni adwene, anadwo yi wɔregye wo kra afi wo nsam. Afei, hena na nneɛma a wode asie no bɛyɛ ne de?’” Sɛ ɔbarima no de ne nnɔbae no siei mpo a, bere a owui no na ɔrentumi mfa ahonyade a waboaboa ano no nyɛ hwee. Yesu de mfatoho no baa awiei no, ɔmaa n’atiefo no huu asuade a ɛwom. Ɔkae sɛ: “Saa ara na onipa a ɔhyehyɛ ademude fa nanso ɔnyɛ ɔdefo wɔ Nyankopɔn fam no te.”—Luka 12:13-21.

Nokwarem no, yehia sika, na anigyede nso wɔ dwuma a edi. Nanso ɛnyɛ sika anaa anigyede ne ade a ehia paa wɔ asetram. Ade a ɛho hia paa sɛ obi yɛ ne sɛ ɔbɛyɛ ɔdefo wɔ Onyankopɔn fam, kyerɛ sɛ, ɔbɛbɔ ne bra ma asɔ Onyankopɔn ani.

So Edin a Obi Begye Ho Hia?

Nnipa pii pɛ sɛ wogye din. Edin a wɔpɛ sɛ wogye, kyerɛ sɛ, wɔpɛ sɛ afoforo kae wɔn no nyɛ bɔne ankasa. Bible ka sɛ: “Din pa ye sen ngo pa, na owuda ye sen awoda.”—Ɔsɛnkafo 7:1.

Obi wuda na n’asetra mu nsɛm nyinaa da adi. Sɛ ɔyɛɛ nneɛma pa a, da a owui no yɛ da papa koraa sen da a wɔwoo no a na onnya mfii ne bra ase no.

Ɔhene Salomo na ɔkyerɛw Ɔsɛnkafo nhoma a ɛwɔ Bible mu no. Ná Salomo nuapanyin Absalom pɛ sɛ ogye din. Nanso ɛda adi sɛ ne mmabarima baasa a na anka ɛnam wɔn so bɛma ne din aka no annyinyin na wowuwui. Enti dɛn na Absalom yɛe? Kyerɛwnsɛm ka sɛ: ‘Absalom sii nkaedum bi wɔ ɔhene bon mu fae, na ose: Minni ɔbabarima a wɔde no bɛkae me din. Na ɔde ne din too odum no.’ (2 Samuel 14:27; 18:18) Seesei wonhu nkaedum yi. Absalom de, wɔn a wosua Bible no nim sɛ ogyee din bɔne sɛ otuatewfo a ɔbɔɔ pɔw sɛ obegye n’agya Dawid ahenni afi ne nsam.

Ɛnnɛ, nnipa pii nam nea wɔyɛ so pɛ sɛ wɔkae wɔn. Wɔhwehwɛ anuonyam fi nnipa a ɛnkyɛ koraa na wɔn adwene afi wɔn so no hɔ. Nanso anuonyam a ɛte saa no kosi he? Christopher Lasch kyerɛw wɔ nhoma bi mu sɛ: “Wɔ yɛn bere yi so no, nnipa dodow no ara gyina ɔbabun a obi yɛ, n’ahoɔfɛ, ne edin a wagye so na ɛkyerɛ sɛ asi no yiye, nanso anuonyam de, ɛnkyɛ na atwam, na wɔn a wogye din no bɔ mmɔden sɛ wɔremma ɔmanfo werɛ mfi wɔn.” (The Culture of Narcissism) Eyi nti, nnipa a wogye din no pii de wɔn ho hyɛ nnubɔnenom ne asanom bebree mu, na ɛtaa tew wɔn nkwa so. Nokwarem no, mfaso nni so sɛ obi bɛhwehwɛ sɛ obegye din.

Ɛnde, hena na ɛsɛ sɛ yegye din pa wɔ n’anim? Bere a Yehowa nam ne diyifo Yesaia so kaa ebinom a wodii ne Mmara so ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Mɛma wɔn me fi ne m’afasu mu afa ne din . . . Daa din a wɔrentwa nkyene na mede mɛma no.” (Yesaia 56:4, 5) Esiane sɛ wɔn a Onyankopɔn gye wɔn tom no tie no nti, wobenya ‘afasu ne edin.’ Onyankopɔn bɛkae wɔn din “daa” sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentwa wɔn nkyene. Ɛno ne edin a Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yennya—din pa a yebenya wɔ Yehowa, yɛn Bɔfo no anim no.

Ná Yesaia rehyɛ bere a anokwafo benya daa nkwa wɔ Paradise asase so no ho nkɔm. “Daa nkwa” wɔ saa Paradise no mu no ne “nkwa ankasa” no. Ɛyɛ nkwa a Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɔde bɛma nnipa bere a ɔbɔɔ wɔn no. (1 Timoteo 6:12, 19) Sɛ́ anka yɛbɛtra ase bere tiaa bi a yenni akomatɔyam no, so ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛhwehwɛ daa nkwa mmom?

Mfoniniyɛ Anaa Adɔeyɛ Nkutoo Mma Obi Nnya Akomatɔyam

Mfoniniyɛfo pii pɛ sɛ wɔyɛ wɔn adwuma yiye na wɔatumi anya nea wosusuw sɛ ɛyɛ mfonini a edi mũ. Asetra a ɛwɔ hɔ seesei no yɛ tiaa dodo sɛ wɔde bɛyɛ saa. Bere a Hideo a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu no wɔ ne mfe 90 mu no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obetu mpɔn wɔ mfoniniyɛ mu. Sɛ mfoniniyɛfo yɛ n’adwuma du baabi a ohu sɛ etu mpɔn mpo a, ebedu saa bere no na ebia ontumi nyɛ adwuma pii te sɛ bere a na ɔwɔ ahoɔden no. Nanso sɛ anka ɔwɔ daa nkwa ɛ? Susuw hokwan pii a anka obetumi anya de ama n’adwuma adi mũ no ho hwɛ!

Dɛn na yebetumi aka afa obi a ɔyɛ adɔe no ho? Sɛ obi yɛ n’adwene sɛ ɔde n’ahode bɛboa ahiafo a, ɔfata nkamfo. Bible ka sɛ: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Asomafo Nnwuma 20:35) Sɛ yɛma afoforo yiyedi ho hia yɛn a, ebetumi ama yɛanya akomatɔyam. Nanso sɛ obi tu ne ho si hɔ sɛ ɔbɛyɛ saa ne nkwa nna nyinaa mpo a, ahe ara na obetumi ayɛ? Sɛ́ nnipa no, nea yebetumi ayɛ de aboa nnipa a wɔrehu amane no sua. Honam fam nneɛma dodow biara a yɛde bɛboa wɔn a wobu wɔn ani gu ade titiriw a ehia wɔ wɔn asetram so no rentumi mma wonya akomatɔyam. Dɛn ne ahiade yi?

Ahiade a Ɛsɛ sɛ Yedi ho Dwuma

Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔkaa biribi a yefi awosu mu hia ho asɛm bere a ɔkae sɛ: “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade, efisɛ ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.” (Mateo 5:3) Ɛnde, sɛnea Bible kyerɛ no, anigye ankasa nnyina ahonyade, edin a obi begye, mfonini a obi bɛyɛ, anaa adɔe a obi bɛyɛ afoforo so. Mmom no, egyina yɛn honhom mu ahiade a yebehu so—Onyankopɔn a yɛbɛsom no.

Ɔsomafo Paulo hyɛɛ wɔn a na wonnim Ɔbɔadeɛ no nkuran sɛ wɔnhwehwɛ no. Paulo kae sɛ: “[Onyankopɔn yɛɛ] nnipa aman nyinaa fii nipa baako mu sɛ wɔntra asase nyinaa so, na ɔhyɛɛ mmere too hɔ de ahye nso totoo nnipa trabea, na wɔapɛ Onyankopɔn akyi kwan, ahwehwɛ no denneennen kosi sɛ wobehu no, nanso nokwasɛm ne sɛ ɔne yɛn mu biara ntam nware. Na ɛnam ne so na yɛwɔ nkwa na yɛkeka yɛn ho na yɛwɔ hɔ.”—Asomafo Nnwuma 17:26-28.

Nokware Nyankopɔn no a yɛbɛsom no de adi yɛn ahiade ho dwuma no ne ade titiriw a ɛbɛma yɛanya anigye ankasa wɔ asetram. Yɛn honhom mu ahiade a yebedi ho dwuma no nso ma yɛn anidaso sɛ yebenya “nkwa ankasa” no. Susuw Teresa nhwɛso yi ho hwɛ. Ogyee din wɔ television so wɔ ne man mu bere a ɔbɛyɛɛ Amerikani-Bibini a odi kan a na odi akoten wɔ agodie bi a n’ankasa kyerɛwee mu, a na woyi no ntoatoaso wɔ television so dɔnhwerew biako no. Nanso, ankyɛ na ogyaee eyi nyinaa akyidi. Dɛn ntia? Ɔkae sɛ: “Migye di sɛ Onyankopɔn Asɛm mu afotu a metie no ne ɔkwan a eye sen biara a metumi afa so abɔ me bra.” Ná Teresa mpɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ television so dwumadi a ɛhyɛ ɔbarima ne ɔbea nna ne basabasayɛ ho nkuran yi mu de sɛe ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ. Ogyaee television so dwumadi a na ɔyɛ no, nanso ɔhwehwɛɛ asetra a akomatɔyam wom ankasa, efisɛ ɔde ne bere nyinaa kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa afoforo ma wɔne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa.

Bere a Teresa yɛɛ n’adwene sɛ obegyae television so dwumadi no yɛ no, wɔkyerɛ sɛ wɔn a na ɔne wɔn bɔ no mu baako kae sɛ: “Me werɛ howee paa efisɛ na ɛyɛ me yaw sɛ ɔretow adwuma a misusuw sɛ ama asi no yiye no akyene. Nanso ɛda adi sɛ onyaa biribi a na ɛsom bo koraa na ɛma akomatɔyam.” Akyiri yi, Teresa wui. Nanso ne wu akyi no, saa onipa koro yi ara kae sɛ: “Ná Teresa wɔ anigye, na ɛno ara ne ade a yɛrehwehwɛ wɔ asetra mu. Yɛn mu baahe na yebetumi aka saa ara?” Wɔn a wɔma wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho hia wɔn kɛse nanso owu fa wɔn no wɔ anidaso a ɛyɛ anigye sɛ wobenya owusɔre wɔ Ahenni nniso ase.—Yohane 5:28, 29.

Ɔbɔadeɛ no nim nea enti a ɔbɔɔ asase ne nnipa a wɔte so no. Ɔpɛ sɛ wuhu atirimpɔw yi na wunya daa nkwa wɔ Paradise wɔ asase so. (Dwom 37:10, 11, 29) Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ wusua ɔsoro ne asase Bɔfo, Yehowa no, ne nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama wo no ho ade pii. Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woanya nimdeɛ a ɛte saa. Wubetumi ahwehwɛ wɔn anaa woakyerɛw wɔn a wɔyɛɛ nsɛmma nhoma yi.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Mfomso bɛn na na ɛwɔ adwene a ɔdefo a na ɔwɔ Yesu mfatoho no mu kura no ho?

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Wopɛ sɛ wunya daa nkwa wɔ Paradise wɔ asase so?