Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nahum, Habakuk, ne Sefania Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Nahum, Habakuk, ne Sefania Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Nahum, Habakuk, ne Sefania Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

NÁ Asiria a edi wiase nyinaa so tumi no asɛe Samaria a ɛyɛ Israel mmusuakuw du ahemman no ahenkurow dedaw. Afei nso na Asiria fi bere tenten ahunahuna Yuda. Ná odiyifo Nahum a ofi Yuda no wɔ asɛm bi ka fa Asiria ahenkurow, Niniwe ho. Nsɛm yi na ɛwɔ Bible mu nhoma a wɔfrɛ no Nahum, a wɔkyerɛwee ansa na afe 632 A.Y.B. reba no mu.

Ná wiase tumidi a ebedi hɔ aba ne Babilon Ahemman a ɛtɔ mmere bi a na Kaldea ahemfo di so no. Habakuk nhoma a ɛbɛyɛ sɛ wɔkyerɛw wiei wɔ afe 628 A.Y.B. no kaa sɛnea Yehowa de Babilon tumidi no bedi dwuma de abu atɛn ne nea na awiei koraa no ɛbɛto Babilon no ho asɛm.

Odiyifo Sefania a ofi Yuda no dii kan hyɛɛ nkɔm ansa na Nahum ne Habakuk reba. Ɔhyɛɛ nkɔm bɛyɛ mfe 40 ansa na wɔresɛe Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B. mu, na ɔkaa sɛe a na wɔbɛsɛe Yuda ne anidaso a ɛwɔ hɔ ma wɔn no ho asɛm. Aman afoforo nso ho atemmusɛm wɔ Sefania nhoma a ɛwɔ Bible mu no mu.

“DUE, MOGYA KUROW!”

(Nahum 1:1–3:19)

“Niniwe ho atemmusɛm” fi Yehowa Nyankopɔn a ne “bo kyɛ fuw, na n’ahoɔden sõ” no hɔ. Ɛwom sɛ Yehowa yɛ “guankɔbea hia da mu” ma wɔn a woguan kɔtoa no no de, nanso na ɔbɛsɛe Niniwe.—Nahum 1:1, 3, 7.

“[Yehowa, NW] de Yakob kɛseyɛ resan aba.” Nanso te sɛ ‘gyata a ɔtetew nam mu’ no, na Asiria ahunahuna Onyankopɔn nkurɔfo. Ná Yehowa ‘bɛma Niniwe nteaseɛnam ahyew owusiw mu, na afoa bedi n’agyataforo no.’ (Nahum 2:2, 12, 13) “Due, mogya kurow!”—Niniwe. “Obiara a ɔte [no] nka no bɔ ne nsam,” na odi ahurusi.—Nahum 3:1, 19.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua

1:9—Ná Niniwe a “obewie no korakora” no bɛka Yuda dɛn? Ná ɛremma Asiriafo nhaw wɔn bio; “ahohia rensɔre mpɛn abien.” Bere a na Nahum reka Niniwe ho asɛm te sɛ nea wɔasɛe no dedaw no, ɔkyerɛwee sɛ: “Hwɛ, mmepɔw so na asɛmpakafo nan wɔ, wɔreka asomdwoesɛm. Yuda di wo nnapɔnna.”—Nahum 1:15.

2:6—‘Nsubɔnten ano aponkɛse’ bɛn na wobuebuei no? Ná aponkɛse yi yɛ ntokuru a Tigris Asubɔnten no ma ɛbɛdedaa Niniwe afasu mu no. Bere a Babilonfo ne Mediafo asraafo kaa wɔn ho bɔɔ mu kɔtow hyɛɛ Niniwe so wɔ afe 632 A.Y.B. mu no, biribiara ampusuw no. Esiane sɛ na wɔato afasu atenten atwa Niniwe ho ahyia nti, obuu ne ho sɛ kurow a obiara ntumi mmu mma mu. Nanso osu kɛse bi tɔe ma Tigris asubɔnten no yirii. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Diodorus kyerɛ no, “nsu no yiri faa kurow no fã maa afasu no fã kɛse no ara bubui.” Eyi maa nsubɔnten ano aponkɛse no buei sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no, na wɔsɛee Niniwe ntɛm ara te sɛ nea ogya hyew nwura a aguan no.—Nahum 1:8-10.

3:4—Ɔkwan bɛn so na na Niniwe te sɛ aguaman? Niniwe daadaa aman ahorow hyɛɛ wɔn bɔ sɛ ɔne wɔn bɛfa nnamfo aboa wɔn, nanso nhyɛso na ɔde baa wɔn so. Sɛ nhwɛso no, bere a Siria ne Israel kaa wɔn ti pam ho bɔɔ Yuda hene Ahas ho pɔw bɔne no, Asiria boaa Ahas. Nanso awiei koraa no, “Asiria hene . . . baa [Ahas] so behiahiaa no ho.”—2 Beresosɛm 28:20.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:2-6. Yehowa atamfo a wɔampɛ sɛ wɔsom ɔno Yehowa nkutoo a ɔtɔɔ wɔn so were no kyerɛ sɛ ɔhwɛ kwan sɛ n’asomfo bɛsom ɔno nkutoo.—Exodus 20:5.

1:10. Afasu akɛse ne abantenten pii a Niniwefo totoe no antumi ammɔ wɔn ho ban amfi nea Yehowa asɛm kae sɛ ɛbɛto wɔn no ho. Wɔn a wɔtan Yehowa asomfo nnɛ nso rentumi nguan Onyankopɔn atemmu.—Mmebusɛm 2:22; Daniel 2:44.

‘ƆTRENEENI BENYA NKWA’

(Habakuk 1:1–3:19)

Ti abien a edi kan wɔ Habakuk nhoma no mu no yɛ odiyifo no ne Yehowa Nyankopɔn ntam nkɔmmɔbɔ. Esiane sɛ na nea ɛrekɔ so wɔ Yuda no haw Habakuk nti, obisaa Onyankopɔn sɛ: “Ɛdɛn nti na woma mihu abusude, na wohwɛ ɔhaw yi?” Yehowa buaa no sɛ: “Merehwanyan Kaldeafo, ɔman a wɔn tirim yɛ den na wɔn ho yɛ hare.” Bere a Onyankopɔn kae sɛ ɔnam “nkɔnkɔnsafo” anaa nkontompofo so bɛtwe Yuda aso no, ɛyɛɛ odiyifo no nwonwa. (Habakuk 1:3, 6, 13) Wɔmaa Habakuk awerɛhyem sɛ ɔtreneeni bɛkɔ so atra ase, nanso ɔtamfo no rentumi nguan asotwe. Bio nso, Habakuk kyerɛw amanehunu anum a na wɔde bɛba Kaldeafo a wɔyɛ atamfo no so.—Habakuk 2:4.

Wɔ mpae bi a Habakuk bɔe de hwehwɛɛ mmɔborohunu mu no, ɔde awerɛhow kaee sɛnea Yehowa daa ne tumi kɛse adi wɔ Po Kɔkɔɔ no mu, sare no so, ne Yeriko wɔ bere a atwam no mu. Odiyifo no san kaa sɛnea Yehowa bɛda n’abufuhyew adi de asɛe abɔnefo wɔ Harmagedon ho asɛm. Owiee ne mpaebɔ no sɛ: “Onyankopɔn, [Yehowa, NW] no, ne m’ahoɔden, na ɔma m’anan yɛ sɛ aforote de, na ɔma menantew me sorɔnsorɔmmea.”—Habakuk 3:1, 19.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:5, 6—Dɛn nti na na ɛte sɛ nea Yudafo no nnye nni sɛ Kaldeafo no na wɔbɛhwanyan wɔn ma wɔasɛe Yerusalem? Bere a Habakuk fii ase hyɛɛ nkɔm no, na Yuda abɛhyɛ Misraim tumidi a na ɛyɛ den no ase. (2 Ahene 23:29, 30, 34) Ɛwom sɛ na Babilonfo no renya tumi kɛse de, nanso na n’asraafo ntumi nnii Farao Neko so. (Yeremia 46:2) Bio nso, na Yehowa asɔrefie wɔ Yerusalem, na na Dawid abusua da so ara di ade wɔ hɔ. Wɔ Yudafo a na wɔwɔ hɔ saa bere no fam no, na ɛte sɛ nea ntease nnim sɛ Onyankopɔn bɛma Kaldeafo no “adwuma” ma wɔasɛe Yerusalem. Nanso, sɛ́ wogyee Habakuk nsɛm no dii anaa wɔannye anni no, Yerusalem a na Babilonfo bɛsɛe no no ho anisoade a Habakuk nyae no ‘baa’ mu wɔ afe 607 A.Y.B.—Habakuk 2:3.

2:5, NW—Hena ne “ɔbarima” no, na dɛn nti na ‘ɔrennu ne botae ho’? Babilonfo a na wɔn asraafo aben wɔ akodi mu a wodii aman horow so no ne “ɔbarima” no. Nkonim a odii no ma ɔyɛɛ te sɛ obi a nsã abow no. Nanso na ɔrentumi mmoaboa aman nyinaa ano mma ne nkyɛn efisɛ na Yehowa bɛma Mediafo ne Persiafo adi no so nkonim. Ɛnnɛ, amammui atumfo no na wobom yɛ “ɔbarima” no. N’ankasa mu ahotoso a ɔwɔ, ahantan a ɔyɛ, ne adifudepɛ a ahyɛ no ma no abow no sɛ nsã. Nanso ɔrennu ne botae a ɛne sɛ ‘ɔbɛboaboa amanaman ano aba ne nkyɛn’ no ho. Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ɛbɛka adesamma abom.—Mateo 6:9, 10.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:1-4; 1:12–2:1. Habakuk fi ne komam bisaa nsɛm, na Yehowa buaa no. Nokware Nyankopɔn no tie mpae a n’asomfo anokwafo bɔ no.

2:1. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛma yɛn ani da hɔ na yɛyere yɛn ho wɔ Yehowa som mu te sɛ Habakuk. Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho nso sɛ sɛ wɔde nteɛso ma yɛn a, yebegye atom na yɛayɛ nsakrae.

2:3; 3:16. Bere a yɛde gyidi retwɛn Yehowa da a ɛreba no, momma yɛnyere yɛn ho denneennen wɔ Yehowa som mu.

2:4. Sɛ yebenya yɛn ti adidi mu wɔ Yehowa atemmu da a ɛreba no mu a, ɛsɛ sɛ yɛde nokwaredi gyina pintinn.—Hebrifo 10:36-38.

2:6, 7, 9, 12, 15, 19. Nea ɔpɛ mfaso bɔne, basabasayɛ, abosonsom, anaa obu brabɔne no nnue. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛanyɛ nneɛma a ɛtete saa.

2:11. Sɛ yɛampa nneɛma bɔne a wɔyɛ wɔ wiase no ho ntama a, “ɔbo . . . bɛteɛm.” Ɛho hia sɛ yɛkɔ so de akokoduru ka Ahenni no ho asɛm!

3:6. Biribiara nni hɔ a ebetumi asiw Yehowa atemmu kwan. Nnipa ahyehyɛde a ɛte sɛ nea etim hɔ sɛ mmepɔw ne nkoko mpo ntumi nsiw no kwan.

3:13. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɛnyɛ obiara kɛkɛ na wɔbɛsɛe no wɔ Harmagedon. Yehowa begye n’asomfo anokwafo nkwa.

3:17-19. Ɛwom sɛ yebetumi akɔ ahokyere mu ansa na Harmagedon aba ne bere a aba no mu de, nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛma yɛn ‘ahoɔden’ bere a yɛde anigye kɔ so som no no.

‘YEHOWA DA NO ABƐN’

(Sefania 1:1–3:20)

Ná Baal som atrɛw wɔ Yuda. Yehowa nam ne diyifo Sefania so kae sɛ: “Mɛteɛ me nsa, Yuda so ne Yerusalemfo nyinaa so.” Sefania bɔ kɔkɔ sɛ: “[Yehowa, NW] da no abɛn.” (Sefania 1:4, 7, 14) Wɔn a wɔyɛ nea Onyankopɔn pɛ nkutoo na ‘wɔbɛkora’ wɔn so saa da no.—Sefania 2:3.

“Due, . . . nhyɛsofo kurow”—Yerusalem! “Monhwɛ me kwan, [Yehowa, NW] asɛm ni, nkosi da a mɛsɔre mabegye asade. Na ɛyɛ m’atemmude sɛ meboa amanaman ano . . . na mahwie m’abohuru, . . . agu wɔn so.” Nanso Onyankopɔn ka sɛ: “Mede mo mɛyɛ din ne ayeyi, asase so aman nyinaa mu, ɛbere a mede mo nnommumfa mɛsan maba, mo aniwa mu no.”—Sefania 3:1, 8, 20.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

3:9, NW—Dɛn ne “kasa kronn” no, na wɔka no dɛn? Ɛno ne Onyankopɔn ho nokwasɛm a ɛwɔ n’Asɛm, Bible mu no. Bible nkyerɛkyerɛ nyinaa ka ho. Sɛ yegye nokware no di, yɛde kyerɛkyerɛ afoforo yiye, na yɛbɔ yɛn bra sɛnea Onyankopɔn pɛ a, na yɛreka kasa kronn no.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:8. Ɛda adi sɛ na ebinom a wɔwɔ Sefania bere so no pɛ sɛ wɔhyɛ “ananafo atade” sɛnea ɛbɛyɛ a aman a atwa wɔn ho ahyia no begye wɔn atom. Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa ɔkwan a ɛte saa ara so asuasua wiase no!

1:12; 3:5, 16. Yehowa kɔɔ so ara somaa n’adiyifo ma wɔkaa n’atemmusɛm kyerɛɛ ne nkurɔfo de bɔɔ wɔn kɔkɔ. Ɔyɛɛ saa ɛmfa ho mpo sɛ Yudafo no pii amfa asɛm no anyɛ hwee na wodwudwoo wɔn ho te sɛ nsã a ne puw ada ase no. Bere a Yehowa da kɛse no rebɛn no, sɛ́ anka yɛbɛma anibiannaso a nkurɔfo yɛ ‘ama yɛn nsam ahodwo’ na yɛadwudwo yɛn ho no, ehia sɛ yɛkɔ so ka Ahenni ho asɛm no.

2:3. Yehowa nkutoo na obetumi agye yɛn wɔ n’abufuw da no mu. Sɛ yɛbɛkɔ so anya n’anim dom a, ɛsɛ sɛ ‘yɛhwehwɛ Yehowa’ denam n’Asɛm, Bible a yɛbɛtɔ yɛn bo ase asua; mpae a yɛbɛbɔ de ahwehwɛ n’akwankyerɛ; na yɛabɛn no no so. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ ɔbra pa de ‘hwehwɛ trenee.’ Na ehia sɛ yenya odwo su de ‘hwehwɛ ahobrɛase.’

2:4-15; 3:1-5. Da a Yehowa bebu atɛn no, Kristoman ne aman a ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no nyinaa behyia wɔn awiei te sɛ nea ɛtoo tete Yerusalem ne aman a na atwa wɔn ho ahyia no. (Adiyisɛm 16:14, 16; 18:4-8) Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de akokoduru ka Onyankopɔn atemmu ho asɛm.

3:8, 9. Bere a yɛretwɛn Yehowa da no, yɛnam yɛn ho so a yehyira ma no no so ka ‘kasa kronn,’ na ‘yɛbɔ Onyankopɔn din’ de siesie yɛn ho ma nkwagye. Afei nso yɛne Yehowa nkurɔfo de “ɔnokoro” som no, na yɛbɔ no “ayeyi afɔre.”—Hebrifo 13:15.

“Ɛreba Ntɛm Sɛ”

Odwontofo no kae sɛ: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabea a, na onni hɔ.” (Dwom 37:10) Sɛ yedwennwen nkɔm a wɔhyɛ faa Niniwe ho wɔ Nahum nhoma no mu ne nea na ɛfa Babilon ne Yuda a na wawae no ho wɔ Habakuk nhoma no mu ho a, yenim sɛ odwontofo no nsɛm bɛba mu ɔkwan biara so. Nanso, bere tenten ahe na ɛsɛ sɛ yɛtwɛn?

Sefania 1:14 ka sɛ: “[Yehowa, NW] da kɛse no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm sɛ.” Sefania nhoma no nso kyerɛ yɛn sɛnea wobetumi akora yɛn so saa da no ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnɛ de siesie yɛn ho ma nkwagye. Nokwarem no, “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.”—Hebrifo 4:12.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8]

Niniwe afasu atenten no antumi ansiw Nahum nkɔmhyɛ no mmamu kwan

[Asɛm Fibea]

Randy Olson/National Geographic Image Collection