Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Woma Afoforo Nya Akomatɔyam?

So Woma Afoforo Nya Akomatɔyam?

So Woma Afoforo Nya Akomatɔyam?

BEPƆW Hermon a ne tenten yɛ anammɔn 9,232 no da Lebanon Mmepɔw no anafo fam. Nsukyenee mpa Hermon atifi, na huhuw a emu yɛ hyew a ɛbɔ fa hɔ anadwo no mu dwo ma ɛdan obosu. Obosu no tɔ gu nnua atenten ne nnua a ɛsow aba a esisi mmepɔw no ase ne bobe nturo a ɛwɔ bon mu no so. Sɛ edu ɔpɛ bere wɔ tete Israel a, na obosu titiriw na ɛma afifide nya nsu.

Wɔ dwom bi a Onyankopɔn ma wɔkyerɛwee mu no, wɔde biakoyɛ a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ Yehowa nkurɔfo mu no totoo “Hermon bosu a esian gu Sion mmepɔw so” no ho. (Dwom 133:1, 3) Sɛnea obosu a efi Bepɔw Hermon so ma afifide yɛ frɔmfrɔm no, saa ara na yebetumi ama nnipa a yehyia wɔn no koma atɔ wɔn yam. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

Yesu Nhwɛso a Ɛma Akomatɔyam

Nea Yesu Kristo yɛe nyaa afoforo so tumi kɛse. Sɛ na obi ne no bɔ bere tiaa bi mpo a, na obetumi anya akomatɔyam paa. Sɛ nhwɛso no, Asɛmpa kyerɛwfo Marko ka sɛ: “[Yesu bam] mmofra no, na ɔde ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.” (Marko 10:16) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa mmofra no koma tɔɔ wɔn yam!

Anadwo a etwa to wɔ Yesu asase so asetra mu sɛ onipa no, ɔhohoroo n’asuafo no nan ho. Ɛbɛyɛ sɛ n’ahobrɛase no kaa wɔn koma. Afei Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Magyaw mo nhwɛsode sɛ sɛnea mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.” (Yohane 13:1-17) Nokwarem no, na ɛsɛ sɛ wɔn nso nya ahobrɛase. Ɛwom sɛ asomafo no ante nea na Yesu pɛ sɛ ɔkyerɛ wɔn no ase ntɛm ara ma enti anadwo no ara wɔsan gyee nea ɔbɛyɛ wɔn mu kɛse ho akyinnye de, nanso ne bo amfuw wɔn. Mmom no, onyaa abotare ne wɔn susuw nsɛm ho. (Luka 22:24-27) Bere mpo a “wɔsopaa [Yesu] no, wanyɛ bi antua ka.” Nokwarem no, “bere a ɔrehu amane no, wanhunahuna obiara, na mmom ɔkɔɔ so de ne ho hyɛɛ nea obu atɛntrenee no nsa.” Ɛfata sɛ yesuasua Yesu nhwɛso a ɛma akomatɔyam no.—1 Petro 2:21, 23.

Yesu kae sɛ: “Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mo kra ho bedwo no.” (Mateo 11:29) Fa no sɛ Yesu ankasa na ɔrekyerɛkyerɛ wo. Bere a wɔn a wɔwɔ Yesu kurom tee sɛ ɔrekyerɛkyerɛ wɔ wɔn hyiadan mu no, wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔkae sɛ: “Ɛhe na onipa yi nyaa nyansa ne ahoɔdenne yi fii?” (Mateo 13:54) Yesu asetra ne ne som adwuma ho nsɛm a yɛbɛkenkan no betumi aboa yɛn ma yɛahu sɛnea yɛbɛma afoforo koma atɔ wɔn yam. Ma yensusuw sɛnea Yesu nam nsɛm a ɛhyɛ nkuran a ɔkae ne afoforo a ɔboaa wɔn no so yɛɛ nhwɛso a ɛkyɛn so maa yɛn no ho nhwɛ.

Ka Nsɛm a Ɛhyɛ Nkuran Bere Nyinaa

Ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wɔbɛsɛe ɔdan bi sen sɛ wobesi foforo. Saa ara na yɛn kasa nso betumi asɛe obi din anaa ahyɛ no nkuran. Sɛ́ nnipa a yɛnnyɛ pɛ no, yɛn nyinaa wɔ sintɔ ne mmerɛwyɛ. Ɔhene Salomo kae sɛ: “Onipa trenee bi nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne.” (Ɔsɛnkafo 7:20) Ɛnyɛ den koraa sɛ yebehu obi mfomso na yɛaka nsɛm yayaayaw de asɛe ne din. (Dwom 64:2-4) Nanso, egye mmɔdenbɔ na yɛatumi aka nsɛm a ɛhyɛ nkuran.

Yesu de ne kasa hyɛɛ nkurɔfo den. Ɔnam Ahenni ho asɛmpa a ɔka kyerɛɛ wɔn no so ma wonyaa Onyankopɔn Asɛm mu ntease. (Luka 8:1) Yesu daa ne soro Agya no adi kyerɛɛ wɔn a wɔbɛyɛɛ n’asuafo no nso ma wonyaa akomatɔyam. (Mateo 11:25-27) Ɛnyɛ nwonwa sɛ na nnipa tumi bɛn Yesu!

Nanso akyerɛwfo ne Farisifo no de, na wonnwen afoforo ahiade ho. Yesu kae sɛ: “Wɔpɛ mpanyin trabea wɔ anwummeduan ase ne hyiadan mu nkongua a ɛwɔ anim no.” (Mateo 23:6) Nokwarem no, wɔkaa asɛm a edi so yi de kyerɛe sɛ na wobu mpapahwekwaa animtiaa: “Nnipakuw a wonnim Mmara yi yɛ wɔn a wɔadome wɔn.” (Yohane 7:49) Akyinnye biara nni ho sɛ na wɔn suban no nhyɛ nkuran!

Mpɛn pii no, nsɛm a yɛka ma wohu nea yedwen ho ne sɛnea yebu afoforo. Yesu kae sɛ: “Onipa pa fi adepa a wakora so ne koma mu yi adepa adi, nanso ɔbɔnefo fi nnebɔne a wakora so mu yi adebɔne adi; efisɛ nea ayɛ koma mã aboro so no na n’ano ka.” (Luka 6:45) Ɛnde, dɛn na yebetumi ayɛ ama yɛn kasa ahyɛ afoforo nkuran?

Ade biako ne sɛ, yebetumi asusuw nea yɛpɛ sɛ yɛka ho ansa na yɛakasa. Mmebusɛm 15:28 ka sɛ: “Ɔtreneeni koma dwen mmuae ho.” Nsɛm a ɛte saa a yebedwennwen ho no nnye bere pii. Sɛ yegye bere kakra susuw nsɛm ho a, mpɛn pii no yebetumi ahu sɛnea yɛn nsɛm bɛka afoforo. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘So asɛm a merebɛka yi kyerɛ ɔdɔ? Ɛyɛ nokwasɛm, anaa ɛyɛ atesɛm ara kwa? So ɛyɛ “asɛm a wɔka ne bere mu?” Ɛbɛhyɛ wɔn a mɛka akyerɛ wɔn no den?’ (Mmebusɛm 15:23) Sɛ yehu sɛ asɛm a yɛrebɛka no mfata anaa ɛnyɛ bere a ɛfata sɛ yɛka a, yɛmmɔ mmɔden paa sɛ yɛrenka. Sɛ́ anka yɛbɛka asɛm a ɛte saa no, adɛn na yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛka asɛm a ɛhyɛ den na ɛfata mmom? Nsɛm a wonnwen ho a wɔka no te sɛ “nkrante nwowɔe,” nanso nsɛm a ɛhyɛ nkuran “sa yare.”—Mmebusɛm 12:18.

Ade foforo a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛde yɛn adwene besi nea ɛma yɛn mfɛfo gyidifo som bo wɔ Onyankopɔn ani so so. Yesu kae sɛ: “Obiara ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no.” (Yohane 6:44) Yehowa hu su pa a n’asomfo anokwafo mu biara wɔ—wɔn a yesusuw sɛ wɔn asɛm yɛ den mpo no. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu su pa a wɔwɔ a, yebenya nea yebegyina so aka wɔn ho asɛm pa.

Boa Afoforo

Yesu tee wɔn a na wɔhyɛ wɔn so no ase paa. Nokwarem no, “bere a ohuu nnipakuw no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔapirapira wɔn na wɔagyaw wɔn agu hɔ te sɛ nguan a wonni hwɛfo.” (Mateo 9:36) Nanso ɛnyɛ wɔn asɛm kɛkɛ na ɛyɛɛ Yesu mmɔbɔ; ɔyɛɛ biribi de boaa wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo.” Ɔsan maa wɔn awerɛhyem sɛ: “Me kɔndua yɛ mmerɛw na m’adesoa mu yɛ hare.”—Mateo 11:28, 30.

Ɛnnɛ, yɛte “mmere a emu yɛ den” mu. (2 Timoteo 3:1) “Wiase yi mu dadwen” hyɛ nnipa pii so. (Mateo 13:22) Afoforo nso wɔ wɔn ankasa haw. (1 Tesalonikafo 5:14) Yɛbɛyɛ dɛn ama nnipa a wɔahaw no anya akomatɔyam? Yebetumi aboa wɔn ma wɔn adesoa mu ayɛ hare sɛnea Kristo yɛe no.

Ebinom wɔ hɔ a, sɛ wɔka wɔn haw kyerɛ afoforo a, ɛma wɔn ho tɔ wɔn. Sɛ nkurɔfo a wɔn aba mu abu ba yɛn nkyɛn bɛhwehwɛ mmoa a, so yenya adagyew tie wɔn yiye? Sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yɛhyɛ yɛn ho so. Ɛhwehwɛ sɛ yɛde yɛn adwene si asɛm a onipa no reka so mmom sen sɛ yebedwen mmuae a yɛde bɛma no anaa sɛnea yebedi ɔhaw no ho dwuma ho. Sɛ yetie no yiye, yɛhwɛ n’anim, na sɛ yɛserew bere a ɛfata a, ɛkyerɛ sɛ yedwen ne ho.

Wɔ Kristofo asafo no mu no, yɛwɔ hokwan pii a yebetumi de ahyɛ yɛn mfɛfo gyidifo nkuran. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛkɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa so a, yebetumi ahwehwɛ wɔn a wɔreko yare bi no. Ɛtɔ bere bi a, nea ehia sɛ yɛyɛ de hyɛ wɔn den ara ne sɛ yɛde simma kakra bɛka nsɛm a ɛhyɛ nkuran ansa na nhyiam no afi ase anaa bere a yɛapɔn no. Yebetumi nso ahyɛ wɔn a wɔamma Asafo Nhoma Adesua kuw a yɛwom no nsow. Ebia yebetumi afrɛ wɔn wɔ telefon so aka sɛnea yedwen wɔn ho no akyerɛ wɔn anaa yɛaboa wɔn.—Filipifo 2:4.

Kristofo asafo no mu mpanyimfo wɔ asɛyɛde a emu yɛ duru. Yebetumi ne wɔn ayɛ biako na yɛabrɛ yɛn ho ase ayɛ adwuma biara a ebia wɔde bɛhyɛ yɛn nsa no de aboa wɔn ma wɔn adesoa mu ayɛ hare. Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Monyɛ osetie mma wɔn a wodi mo anim no na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔhwɛ mo kra so sɛ nnipa a wobebu akontaa; ɛno bɛma wɔde anigye ayɛ eyi, na ɛnyɛ ahomegu, anyɛ saa a ɛrensi mo yiye.” (Hebrifo 13:17) Sɛ yefi yɛn pɛ mu tie wɔn a “wodi nneɛma anim yiye no” a, yebetumi ama wɔn koma atɔ wɔn yam.—1 Timoteo 5:17.

Ka Nsɛm a Ɛhyɛ Nkuran na Boa Afoforo Bere Nyinaa

Osu a ɛsosɔ nketenkete pii a ɛte sɛ nea yenhu baabi a efi no na ɛbom yɛ obosu. Saa ara na akomatɔyam a yɛbɛma afoforo anya no nnyina ade pa biako pɛ a ebia yɛbɛyɛ ama wɔn so, na mmom egyina Kristo su a yɛbɛda no adi akyerɛ wɔn nkakrankakra bere nyinaa no so.

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma mo yam nhyehye mo mma mo ho wɔ onuadɔ mu. Munni kan mfa nidi mma mo ho mo ho.” (Romafo 12:10) Momma yɛmfa Paulo afotu no nyɛ adwuma. Momma yɛmfa yɛn kasa ne yɛn nneyɛe so mma afoforo nnya akomatɔyam ankasa.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16]

Bepɔw Hermon so obosu ma afifide yɛ frɔmfrɔm

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Nea otie asɛm yiye no ma afoforo koma tɔ wɔn yam