Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nya Su Ahorow A Ebetumi Aboa Wo Ma Woayɛ Asuafo

Nya Su Ahorow A Ebetumi Aboa Wo Ma Woayɛ Asuafo

Nya Su Ahorow A Ebetumi Aboa Wo Ma Woayɛ Asuafo

“Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo.”—MATEO 28:19.

1. Nimdeɛ ne su ahorow bɛn na na Onyankopɔn asomfo binom a wɔtraa ase tete no hia?

ƐTƆ mmere bi a, ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo nya nimdeɛ ne su ahorow a ɛbɛboa wɔn ma wɔayɛ n’apɛde. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham ne Sara sɛ wontu mfi Ur kurow a na emufo di yiye no mu. Ewiee ase no, na ebehia sɛ wonya su ne nimdeɛ a ebetumi ama wɔatra ntamadan mu. (Hebrifo 11:8, 9, 15) Bere a na Yosua redi Israelfo no anim akɔ Bɔhyɛ Asase no so no, na ehia sɛ onya akokoduru, Yehowa mu ahotoso, ne ne Mmara ho nimdeɛ. (Yosua 1:7-9) Na ɛmfa ho nimdeɛ a ebia na Besaleel ne Oholiab anya dedaw no, ɛda adi sɛ Onyankopɔn honhom boaa saa mmarima yi ma wonyaa nimdeɛ pii na ama wɔatumi de wɔn ho ahyɛ ntamadan no ne ɛho adwuma mu, na wɔahwɛ nso ma wɔasi no yiye.—Exodus 31:1-11.

2. Asuafoyɛ adwuma no ho nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

2 Mfe pii akyi no, Yesu Kristo de ahyɛde yi maa n’akyidifo sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, . . . monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Nnipa nnyaa hokwan soronko nyɛɛ adwuma kɛse a ɛte sɛɛ da. Su ahorow bɛn na ehia na yɛatumi ayɛ asuafoyɛ adwuma no? Yɛbɛyɛ dɛn anya su a ɛtete saa?

Da Onyankopɔn Ho Dɔ a Emu Yɛ Den Adi

3. Hokwan bɛn na ahyɛde a ɛne sɛ yɛmma afoforo mmɛyɛ asuafo no ma yenya?

3 Sɛ yebetumi akasa akyerɛ nkurɔfo na yɛabɔ mmɔden anya wɔn ma wɔasom nokware Nyankopɔn no a, ehia sɛ yenya Yehowa ho dɔ a emu yɛ den. Ná Israelfo no betumi afi wɔn koma mu adi Onyankopɔn ahyɛde so, abɔ afɔre a ɛsɔ ani, na wɔato dwom de ayi no ayɛ de akyerɛ sɛ wɔdɔ no. (Deuteronomium 10:12, 13; 30:19, 20; Dwom 21:13; 96:1, 2; 138:5) Sɛ́ nnipa a yɛma afoforo bɛyɛ asuafo no, yɛn nso yedi Onyankopɔn mmara so, nanso yɛnam Yehowa ne n’atirimpɔw a yɛka ho asɛm no so nso kyerɛ sɛ yɛdɔ no. Ɛsɛ sɛ yɛde ahotoso kasa, na yɛpaw nsɛm a ɛfata de da sɛnea yɛte nka wɔ anidaso a Onyankopɔn de ama yɛn no ho adi.—1 Tesalonikafo 1:5; 1 Petro 3:15.

4. Dɛn nti na Yesu ani gyee ho sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo Yehowa ho asɛm?

4 Esiane sɛ na Yesu wɔ Yehowa ho dɔ a emu yɛ den nti, na n’ani gye ho paa sɛ ɔbɛka Onyankopɔn atirimpɔw, n’Ahenni, ne nokware som ho asɛm. (Luka 8:1; Yohane 4:23, 24, 31) Nokwarem no, Yesu kae sɛ: “M’aduan ne sɛ mɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde na mawie n’adwuma.” (Yohane 4:34) Odwontofo no nsɛm yi fa Yesu ho: “Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ nea wo, me Nyankopɔn, wopɛ, na wo mmara wɔ me komam. Maka trenee ho asɛmpa asafo kɛse mu, hwɛ, meremmua m’ano, [Yehowa, NW] wunim.”—Dwom 40:8, 9; Hebrifo 10:7-10.

5, 6. Su titiriw bɛn na wɔn a wɔma afoforo bɛyɛ asuafo no hia?

5 Ɛtɔ mmere bi a, Onyankopɔn ho dɔ a ɛka nkurɔfo a afei na wɔasua Bible mu nokware no ma wɔde ahotoso ka Yehowa ne Ahenni no ho asɛm ma wotumi nya afoforo ma wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu. (Yohane 1:41) Onyankopɔn ho dɔ ne ade titiriw a ɛka yɛn ma yɛyɛ asuafoyɛ adwuma no. Enti momma yɛnkɔ so nkenkan n’Asɛm na yennwennwen ho mfa nhyɛ ɔdɔ a ɛte saa mu den.—1 Timoteo 4:6, 15; Adiyisɛm 2:4.

6 Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ho dɔ a Yesu Kristo wɔ no boaa no ma ɔde nsi kyerɛkyerɛe. Nanso ɛnyɛ ɛno nkutoo na ɛma otuu mpɔn sɛ Ahenni ho ɔsɛmpakafo. Ɛnde, su foforo bɛn na ɛmaa Yesu tumi yɛɛ asuafo yiye?

Fi Ɔdɔ mu Dwen Afoforo Ho

7, 8. Yesu buu nkurɔfo dɛn?

7 Ná Yesu dwen afoforo ho, na na n’ani kũ wɔn ho paa. Bere mpo a na ɔyɛ Onyankopɔn ‘dwumayɛni a ne ho akokwaw’ wɔ soro no, na n’ani gye nneɛma a nnipa yɛ ho. (Mmebusɛm 8:30, 31, NW) Yesu wɔ asase so no, na ɔwɔ tema ma nkurɔfo, na ɔmaa wɔn a wɔbaa ne nkyɛn no ho dwoo wɔn. (Mateo 11:28-30) Yesu daa ɔdɔ ne tema a Yehowa wɔ no bi adi, na eyi twetwee nkurɔfo ma wɔsom nokware Nyankopɔn koro pɛ no. Nnipa ahorow nyinaa bi tiee Yesu efisɛ na ofi ɔdɔ mu dwen wɔne wɔn tebea a na wɔwom no ho.—Luka 7:36-50; 18:15-17; 19:1-10.

8 Bere a ɔbarima bi bisaa nea ehia na watumi anya daa nkwa no, “Yesu hwɛɛ no na ɔdɔɔ no.” (Marko 10:17-21) Yɛkenkan nkurɔfo bi a Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn Betania no ho asɛm sɛ: “Na Yesu dɔ Marta ne ne nuabea ne Lasaro.” (Yohane 11:1, 5) Ná Yesu dwen nkurɔfo ho araa ma enti bere a na ɛsɛ sɛ ogye n’ahome mpo no, ɔde kyerɛkyerɛɛ wɔn. (Marko 6:30-34) Ɔdɔ a emu yɛ den a na Yesu wɔ ma ne yɔnko nnipa ne sɛnea na odwen wɔn ho no ma otuu mpɔn kɛse sen obiara wɔ sɛnea wɔtwe nkurɔfo ba nokware som mu no ho.

9. Su bɛn na na Paulo wɔ a ɛma ɔboaa afoforo ma wɔbɛyɛɛ asuafo?

9 Ná ɔsomafo Paulo nso dwen nkurɔfo a ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn no ho yiye. Sɛ nhwɛso no, ɔka kyerɛɛ nkurɔfo a wɔbɛyɛɛ Kristofo wɔ Tesalonika no sɛ: “Esiane sɛ yɛwɔ ayamhyehye ma mo nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛn ani gyee ho yiye sɛ yɛde bɛma mo, na mmom yɛn ankasa kra nso, efisɛ mobɛyɛɛ yɛn adɔfo.” Esiane mmɔden a Paulo fi ɔdɔ mu bɔe nti, ebinom a wɔwɔ Tesalonika ‘dan wɔn ho fii wɔn ahoni ho bɛsom Onyankopɔn teasefo no.’ (1 Tesalonikafo 1:9; 2:8) Sɛ yefi ɔdɔ mu dwen nkurɔfo ho sɛnea Yesu ne Paulo yɛe no a, yɛn nso ani begye sɛ yebehu sɛ asɛmpa a yɛka no ka wɔn “a wɔpɛ daa nkwa” no koma.—Asomafo Nnwuma 13:48.

Da Ahofama Adi

10, 11. Dɛn nti na ehia sɛ yɛda ahofama adi bere a yɛrebɔ mmɔden ama nkurɔfo abɛyɛ asuafo no?

10 Wɔn a wotu mpɔn wɔ asuafoyɛ mu no wɔ ahofama. Ɛda adi sɛ wommu ahonyade sɛ ade titiriw wɔ wɔn asetra mu. Nokwarem no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Hwɛ den ara a ɛbɛyɛ ama wɔn a wɔwɔ sika no sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu!” Asuafo no ho dwiriw wɔn sɛ wɔtee eyi, nanso Yesu toaa so sɛ: “Mma, monhwɛ sɛnea ɛyɛ den sɛ obi bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu! Ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bɛfa paane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Nyankopɔn ahenni mu.” (Marko 10:23-25) Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmma wɔn asetra nnyɛ kyenkyerenn na wɔatumi de wɔn adwene asi asuafoyɛ adwuma no so. (Mateo 6:22-24, 33) Dɛn nti na ahofama su boa yɛn ma yɛma afoforo bɛyɛ asuafo?

11 Egye mmɔdenbɔ paa na yɛatumi akyerɛkyerɛ nea Yesu hyɛe nyinaa. Obi a ɔpɛ sɛ ɔma afoforo bɛyɛ asuafo no bɔ mmɔden sɛ ɔne obi a n’ani gye asɛm no ho besua Bible no nnawɔtwe biara. Nea ɛbɛyɛ na Ahenni adawurubɔfo binom anya wɔn a wɔwɔ koma pa no, wɔasesa adwuma a wɔyɛ na ama wɔanya bere pii de ayɛ saa. Kristofo pii asua kasa foforo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aka asɛm no akyerɛ wɔn a wɔka kasa foforo wɔ wɔn mpɔtam hɔ no. Afoforo nso atu akɔ beae foforo wɔ wɔn man mu anaa ɔman foforo so de wɔn ho akɔhyɛ otwa adwuma no mu kɛse. (Mateo 9:37, 38) Eyi nyinaa hwehwɛ sɛ yenya ahofama. Nanso pii ho hia na obi atumi atu mpɔn wɔ asuafoyɛ mu.

Nya Abotare Nanso Nsɛe Bere

12, 13. Dɛn nti na abotare ho hia paa wɔ asuafoyɛ adwuma no mu?

12 Abotare yɛ su foforo a ɛboa yɛn ma yɛma nkurɔfo bɛyɛ asuafo. Sɛ́ Kristofo no, asɛm a yɛka no hwehwɛ sɛ nkurɔfo yɛ ho biribi ntɛm, nanso asuafoyɛ adwuma no taa gye bere ne abotare. (1 Korintofo 7:29) Yesu nyaa ne nua Yakobo ho abotare. Ɛwom sɛ na Yakobo nim asɛnka adwuma a na Yesu yɛ no yiye de, nanso biribi nti egyee bere kakra ansa na ɔrebɛyɛ ne suani. (Yohane 7:5) Nanso ɛda adi sɛ Yakobo bɛyɛɛ osuani wɔ bere tiaa a na ɛda Kristo wu ne Pentekoste 33 Y.B. ntam no mu, efisɛ Kyerɛwnsɛm ka biribi a ɛkyerɛ sɛ ɔne ne maame, ne nuanom, ne asomafo no hyiaa mu bɔɔ mpae. (Asomafo Nnwuma 1:13, 14) Yakobo nyaa honhom mu nkɔso, na akyiri yi odii asɛyɛde a emu yɛ duru ho dwuma wɔ Kristofo asafo no mu.—Asomafo Nnwuma 15:13; 1 Korintofo 15:7.

13 Sɛnea sɛ akuafo dua nneɛma a ennyin prɛko pɛ no, saa ara na Onyankopɔn Asɛm a Kristofo reboa asuafo ma wɔate ase, na wɔanya Yehowa ho dɔ, ne Kristo su no nso mma prɛko pɛ. Eyi gye ntoboase. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Anuanom, munnya ntoboase nkosi Awurade mmae. Hwɛ! Okuafo kɔ so ara twɛn asase so aba a ɛsom bo no, na ɔtɔ ne bo ase wɔ ho kosi sɛ obenya osukan ne adonsu. Mo nso munnya ntoboase; momma mo koma nnyina pintinn, efisɛ Awurade mmae abɛn.” (Yakobo 5:7, 8) Ná Yakobo rehyɛ ne mfɛfo gyidifo nkuran sɛ ‘wonnya ntoboase nkosi Awurade mmae.’ Sɛ na Yesu asuafo no nte biribi ase a, na ɔtɔ ne bo ase kyerɛkyerɛ mu anaa ɔma wɔn mfatoho. (Mateo 13:10-23; Luka 19:11; 21:7; Asomafo Nnwuma 1:6-8) Seesei a Awurade aba yi, ɛho hia sɛ yɛn nso yenya abotare bere a yɛrebɔ mmɔden ama afoforo abɛyɛ asuafo no. Ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase kyerɛkyerɛ wɔn a wɔbɛba abɛyɛ Yesu akyidifo wɔ yɛn bere yi mu no.—Yohane 14:9.

14. Ɛwom sɛ yɛwɔ abotare de, nanso yɛbɛyɛ dɛn de yɛn bere adi dwuma yiye ama afoforo abɛyɛ asuafo?

14 Ɛwom sɛ yɛwɔ abotare de, nanso ɛnyɛ nnipa a yɛne wɔn sua Bible no nyinaa na asɛm no sow aba wɔ wɔn mu. (Mateo 13:18-23) Enti, bere a yɛabɔ mmɔden sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɛboa wɔn no, yɛrensɛe bere pii wɔ nnipa a wɔte saa no ho na mmom yɛbɛhwehwɛ wɔn a ɛda adi sɛ wobegye Bible mu nokware atom no. (Ɔsɛnkafo 3:1, 6) Ɛwom, ebia ebegye bere kakra na nnipa a wɔn ani gye Bible mu nokware ho no mpo asesa wɔn nsusuwii, wɔn su, ne nneɛma a ɛho hia wɔn paa wɔ asetra mu. Enti sɛnea Yesu nyaa asuafo a na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobenya su pa no ho abotare no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ.—Marko 9:33-37; 10:35-45.

Hu Sɛnea Wobɛma Wo Nkyerɛkyerɛ Atu Mpɔn

15, 16. Dɛn nti na sɛ yɛreyɛ asuafoyɛ adwuma no a, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho yiye na yɛn nsɛm mu da hɔ?

15 Onyankopɔn ho dɔ, nkurɔfo ho a yedwen, ahofama, ne abotare ho hia paa wɔ asuafoyɛ adwuma no mu. Ehia nso sɛ yehu sɛnea wɔkyerɛkyerɛ, efisɛ ɛboa yɛn ma yɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu ma emu da hɔ fann. Sɛ nhwɛso no, na Yesu Kristo, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no nkyerɛkyerɛ tu mpɔn efisɛ na ɛnyɛ den sɛ nkurɔfo bɛte ase. Ebia wokae Yesu nsɛm bi te sɛ nea edidi so yi: “Monhyehyɛ ademude mma mo ho ɔsoro.” “Mommfa akronkronne mmma akraman.” “Nyansa nam ne nnwuma so di bem.” “Muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.” (Mateo 6:20; 7:6; 11:19; 22:21) Nokwarem no, ɛnyɛ nsɛm ntiantiaa nko na Yesu kae. Sɛ ɛfata a, na Yesu kyerɛkyerɛ nsɛm mu ma emu da hɔ. Wobɛyɛ dɛn asuasua sɛnea Yesu kyerɛkyerɛe no?

16 Sɛ obi betumi akyerɛkyerɛ ma emu ada hɔ fann a, ehia paa sɛ osiesie ne ho yiye. Ɔdawurubɔfo a onsiesiee ne ho yiye no taa kasa pii. Anhwɛ a ɔbɛka nea onim nyinaa wɔ asɛm bi ho araa ma emu nsɛntitiriw no ayera. Nanso ɔdawurubɔfo a wasiesie ne ho yiye no susuw onii a ɔrekyerɛkyerɛ no no ho, dwennwen asɛm no ho, na ɔka nea ɛho hia nkutoo. (Mmebusɛm 15:28; 1 Korintofo 2:1, 2) Osusuw nea osuani no nim dedaw ne nsɛm a ɛsɛ sɛ osi so dua bere a ɔreyɛ adesua no ho. Ebia na ɔdawurubɔfo no nim ade a wɔresua no ho nsɛm pii de, nanso sɛ n’asɛm no mu bɛda hɔ a, gye sɛ oyiyi nsɛm a ɛho nhia pii no fi mu.

17. Yɛbɛyɛ dɛn aboa nkurɔfo ma wɔasusuw Kyerɛwnsɛm no ho?

17 Yesu san boaa nkurɔfo ma wosusuw nsɛm ho sen sɛ ɔbɛka nokwasɛm akyerɛ wɔn kɛkɛ. Bere bi obisae sɛ: “Simon, wodwene ho dɛn? Hena nkyɛn na asase so ahemfo no gye amanne anaa tow no? Wɔn mma anaa ahɔho nkyɛn?” (Mateo 17:25) Ebia yɛbɛpɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ Bible no mu kɔ akyiri, nanso ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so na yɛma osuani no kyerɛ n’adwene bere a yɛreyɛ Bible adesua no. Ɛnsɛ sɛ yɛde nsɛmmisa pii puapua wɔn. Mmom no, sɛ yɛyɛ anifere, yɛma mfatoho a ɛfata, na yesusuw nsɛm a yebebisa wɔn no ho a, yebetumi aboa wɔn ma wɔate Bible mu nsɛm a ɛwɔ yɛn nhoma mu no ase.

18. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛn ‘nkyerɛkyerɛ atu mpɔn’?

18 Kyerɛwnsɛm no ka “ɔkyerɛkyerɛ a etu mpɔn” ho asɛm. (2 Timoteo 4:2; Tito 1:9) Nkyerɛkyerɛ a ɛte saa no hwehwɛ pii sen sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ma wɔakyere nsɛm agu wɔn tirim kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden boa Bible asuafo ma wohu nsonsonoe a ɛda nokware ne atoro, papa ne bɔne, nyansa ne nkwaseasɛm ntam. Bere a yɛyɛ eyi na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde Yehowa ho dɔ bedua obi koma mu no, ebetumi ama wahu nea enti a ɛsɛ sɛ otie No.

Yɛ Nsi wɔ Asuafoyɛ Adwuma no Mu

19. Ɔkwan bɛn so na Kristofo nyinaa boa ma nkurɔfo bɛyɛ asuafo?

19 Kristofo asafo no yɛ ahyehyɛde a wɔboa afoforo ma wɔbɛyɛ asuafo. Sɛ obi ba bɛyɛ osuani a, ɛnyɛ Yehowa Dansefo a onyaa no na ɔboaa no ma osuaa nea Bible kyerɛkyerɛ no nkutoo na n’ani gye. Sɛ wotu nnipa sɛ wɔnkɔhwehwɛ abofra bi a wayera a, ebetumi aba sɛ onipa baako pɛ na obehu abofra no. Nanso sɛ awofo no san hu wɔn ba no a, wɔn a na wɔrehwehwɛ no no nyinaa ani gye. (Luka 15:6, 7) Saa ara na asafo no nyinaa nso boa ma afoforo bɛyɛ asuafo. Kristofo nyinaa boa ma wɔhwehwɛ wɔn a wobetumi abɛyɛ Yesu asuafo. Sɛ obi fi ase kɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa so a, Kristofo a wɔahyiam wɔ hɔ no nyinaa boa no ma onya nokware som ho anisɔ. (1 Korintofo 14:24, 25) Enti Kristofo nyinaa ani gye sɛ afe biara wonya nnipa afoforo mpempem pii ma wɔbɛyɛ asuafo.

20. Sɛ wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ afoforo Bible mu nokware a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

20 Kristofo anokwafo pii ani gye ho sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ obi ma wabehu Yehowa ne ne nokware som no. Nanso ɛmfa ho mmɔden biara a wɔbɔ no, ebia ɛrenkosi hwee. Sɛ saa na ɛte wɔ wo fam a, kɔ so hyɛ Yehowa ho dɔ a wowɔ no mu den, dwen nkurɔfo ho, nya ahofama, nya abotare, na hwehwɛ akwan a wobɛfa so ama wo nkyerɛkyerɛ atu mpɔn. Nea ɛsen ne nyinaa no, bɔ ɔpɛ a wowɔ sɛ wode nokware no bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo no ho mpae. (Ɔsɛnkafo 11:1) Nya awerɛhyem sɛ biribiara a woyɛ wɔ Yehowa som adwuma mu no boa asuafoyɛ adwuma a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam no.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn nti na asuafoyɛ adwuma no ma yɛda ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no adi?

• Su ahorow bɛn na wɔn a wɔma afoforo bɛyɛ asuafo no hia?

• Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛn ‘nkyerɛkyerɛ atu mpɔn’?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Kristofo nam asuafoyɛ adwuma no so da Onyankopɔn ho dɔ a emu yɛ den adi

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔrema afoforo abɛyɛ asuafo no dwen afoforo ho?

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Su a wɔn a wɔrema afoforo abɛyɛ asuafo no hia no bi ne dɛn?

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Kristofo nyinaa di asuafoyɛ adwuma a ɛresow aba no ho ahurusi