Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suasua Nea Waben Wɔ Asuafoyɛ Mu No

Suasua Nea Waben Wɔ Asuafoyɛ Mu No

Suasua Nea Waben Wɔ Asuafoyɛ Mu No

“Monhwɛ sɛnea mutie asɛm yiye.”—LUKA 8:18.

1, 2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wusua sɛnea Yesu ne afoforo dii nsɛm wɔ ne som adwuma mu no?

BERE a Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ, “Monhwɛ sɛnea mutie asɛm yiye” no, na ɔreyɛ n’adwuma sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse ne Obi a Waben wɔ asuafoyɛ mu. (Luka 8:16-18) Saa nnyinasosɛm no fa asɛnka adwuma a woyɛ sɛ Kristoni no ho. Sɛ wutie Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ na wode yɛ adwuma a, wubetu mpɔn wɔ Ahenni ho asɛm a woka no mu. Ɛwom, wuntumi nte Yesu nne nnɛ nanso wubetumi akenkan nea ɔkae na ɔyɛe a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu no. Dɛn na eyi ma yehu wɔ sɛnea Yesu ne nnipa dii nsɛm wɔ ne som adwuma no mu ho?

2 Ná Yesu yɛ ɔsɛmpakafo a ɔkyɛn so ne Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛfo a ɔda nsow. (Luka 8:1; Yohane 8:28) Asuafoyɛ adwuma no hwehwɛ sɛ yɛyɛ asɛnkafo ne akyerɛkyerɛfo, nanso ɛyɛ den ma Kristofo binom a wɔn ano atew no sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma atu mpɔn. Bere a asɛnka hwehwɛ sɛ yɛbɔ asɛm bi ho dawuru no, Yehowa ne n’atirimpɔw ho ade a yɛbɛkyerɛkyerɛ afoforo no taa hwehwɛ sɛ yɛne wɔn nya abusuabɔ. (Mateo 28:19, 20) Sɛ yebetumi ayɛ eyi a, gye sɛ yesuasua Yesu Kristo, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse ne Nea Waben wɔ asuafoyɛ mu no.—Yohane 13:13.

3. Ɔkwan bɛn so na Yesu a wubesuasua no no betumi aboa wo wɔ asuafoyɛ adwuma no mu?

3 Sɛ wusuasua akwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe no a, na woredi ɔsomafo Paulo afotusɛm yi so: “Monkɔ so nnantew nyansam wɔn a wɔnka mo ho no mu, na montɔ bere a mubenya biara. Momma mo kasa ho mmra nyam bere nyinaa na nkyene mmra mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.” (Kolosefo 4:5, 6) Egye mmɔdenbɔ na woasuasua Yesu wɔ asuafoyɛ adwuma no mu, nanso ɛbɛma wo nkyerɛkyerɛ atu mpɔn efisɛ ɛbɛboa wo ma ‘woahu sɛnea wubebua obiara.’

Yesu Hyɛɛ Afoforo Nkuran Ma Wɔkasae

4. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na Yesu yɛ otiefo pa?

4 Efi Yesu mmofraase no, na ɔtaa tie afoforo na ɔhyɛ wɔn nkuran ma wɔkyerɛ wɔn adwene. Sɛ nhwɛso no, bere a odii mfe 12 no, n’awofo kohuu no wɔ asɔrefie sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo no mfinimfini “retie wɔn bisabisa wɔn nsɛm.” (Luka 2:46) Yesu ankɔ asɔrefie hɔ sɛ ɔde ne nimdeɛ rekɔhyɛ akyerɛkyerɛfo no aniwu. Ɛwom sɛ obisaa nsɛm de, nanso ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekotie asɛm. Ɛbɛyɛ sɛ otiefo pa a na ɔyɛ nti na ɛma onyaa Onyankopɔn ne nnipa anim dom no.—Luka 2:52.

5, 6. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesu tiee wɔn a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no adwene?

5 Bere a wɔbɔɔ Yesu asu na wɔsraa no sɛ Mesia no akyi no, na ɔda so ara wɔ ɔpɛ sɛ obetie nkurɔfo. Wamma nea na ɔrekyerɛkyerɛ no anni ne ti araa ma ne werɛ amfi wɔn a wɔba betiee no no. Ná ɔtaa gyinagyina wɔ ne kasa mu bisa wɔn adwene, na otie wɔn mmuae. (Mateo 16:13-15) Sɛ nhwɛso no, bere a Marta nuabarima Lasaro wui no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara a ɔte ase a onya me mu gyidi no renwu da.” Afei obisaa no sɛ: “Wugye eyi di?” Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu tiee mmuae a Marta de mae yi: “Yiw, Awurade; migye di sɛ wone Kristo, Onyankopɔn Ba” no. (Yohane 11:26, 27) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yesu koma tɔɔ ne yam bere a Marta kaa ne gyidi ho asɛm saa no!

6 Bere a Yesu akyidifo pii gyaw no hɔ no, na ɔpɛ sɛ ohu n’asomafo no adwene. Enti obisaa wɔn sɛ: “Mo nso mopɛ sɛ mokɔ anaa?” Simon Petro buae sɛ: “Awurade, hena nkyɛn na yɛnkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm; na yɛagye adi na yɛabehu sɛ wone Ɔkronkronni a ofi Nyankopɔn hɔ.” (Yohane 6:66-69) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ saa nsɛm no maa Yesu ani gyei! Sɛ Bible suani bi nso ka ne gyidi ho asɛm saa a, akyinnye biara nni ho sɛ w’ani begye.

Yesu Fi Obu mu Tiee Afoforo

7. Dɛn nti na Samariafo pii gyee Yesu dii?

7 Ade foforo a ɛmaa Yesu tuu mpɔn wɔ asuafoyɛ mu ne sɛ, na odwen nkurɔfo ho, na na ofi obu mu tie wɔn. Sɛ nhwɛso no, bere bi Yesu dii Samariani ɔbea bi adanse wɔ Yakob nsubura a ɛwɔ Sikar no ho. Ɛnyɛ Yesu nkutoo na ɔkasae bere a na wɔrebɔ nkɔmmɔ no; otiee ɔbea no nso. Bere a Yesu retie ɔbea no, ohui sɛ na n’ani gye ɔsom ho, enti ɔka kyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn rehwehwɛ wɔn a wɔbɛsom No wɔ honhom ne nokware mu. Yesu kyerɛe sɛ obu ɔbea no na odwen ne ho, enti ɔbea no kaa Yesu ho asɛm kyerɛɛ afoforo, na “Samariafo a wofi saa kurow no mu no mu pii gyee no dii esiane asɛm a ɔbea no ka de dii adanse yi nti.”—Yohane 4:5-29, 39-42.

8. Esiane sɛ nnipa taa pɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn adwene nti, dɛn na ɛbɛboa wo ma woafi nkɔmmɔbɔ ase wɔ asɛnka mu?

8 Nnipa taa pɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn adwene. Sɛ nhwɛso no, na nnipa a wɔte tete Atene no ani gye ho sɛ wɔkyerɛ wɔn adwene na wotie nsɛm foforo. Eyi na ɛmaa ɔsomafo Paulo maa ɔkasa a etu mpɔn wɔ Areopago wɔ saa kurow no mu. (Asomafo Nnwuma 17:18-34) Ɛnnɛ, sɛ wo ne ofiewura bi fi nkɔmmɔbɔ ase wɔ asɛnka mu a, wubetumi aka sɛ, “Nea enti a maba ha ne sɛ, mepɛ sɛ mihu w’adwene wɔ [asɛm bi ho].” Tie onipa no adwene, na ka ho asɛm anaa bisa ho asɛm bi. Afei fi ayamye mu kyerɛ nea Bible ka wɔ asɛm no ho.

Ná Yesu Nim Sɛnea Wofi Nkɔmmɔbɔ Ase

9. Dɛn na Yesu yɛe ansa na ‘ɔrekyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu akyerɛ’ Kleopa ne nea na ɔka ne ho no?

9 Ná Yesu nim nea ɔbɛka bere nyinaa. Otiefo pa a na ɔyɛ akyi no, mpɛn pii no na onim nea ɛwɔ nkurɔfo adwenem, na na onim asɛm pɔtee a ɛsɛ sɛ ɔka. (Mateo 9:4; 12:22-30; Luka 9:46, 47) Mfatoho bi ni: Yesu wusɔre akyi bere tiaa bi no, na n’asuafo no baanu fi Yerusalem rekɔ Emaus. Asɛmpa no ho kyerɛwtohɔ ka sɛ, “Bere a wɔrebɔ nkɔmmɔ na wɔresusuw ho no, Yesu ankasa bɛtoo wɔn ne wɔn bɔɔ anan nantewee; nanso wɔamma wɔamfa wɔn aniwa anhu sɛ ɛyɛ ɔno. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Dɛn asɛm na monam kwan so resusuw ho yi?’ Na wogyinae a wɔn anim ayɛ bosaa. Wɔn mu baako a ne din de Kleopa bua see no sɛ: ‘Wo nkutoo na wote Yerusalem a woyɛ hɔho a enti wunnim asɛm a asi hɔ nnansa yi?’ Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Asɛm bɛn?’” Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no tiei bere a wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, Yesu Nasareni no kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo, ɔyɛɛ anwonwade, na wokum no. Afei na ebinom reka sɛ wɔanyan no afi awufo mu. Yesu maa Kleopa ne nea ɔka ne ho no kyerɛɛ wɔn adwene. Ɛno akyi no, ɔkyerɛkyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ wohu mu, na ‘ɔkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛɛ’ wɔn.—Luka 24:13-27, 32.

10. Sɛ wuhyia obi wɔ asɛnka mu a, wobɛyɛ dɛn atumi ahu nea ogye di?

10 Ebia na wunnim nea ofiewura bi gye di. Nea ɛbɛyɛ na woahu no, wubetumi aka sɛ wopɛ sɛ wuhu nkurɔfo adwene wɔ mpaebɔ ho. Afei wubetumi abisa sɛ, “Wususuw sɛ obi wɔ hɔ ankasa a otie mpaebɔ?” Onii no mmuae bɛma woahu n’adwene ne nea ogye di. Sɛ n’ani gye nyamesom ho a, wubetumi abisa nea edi so yi de ahu n’adwene, “Wususuw sɛ Onyankopɔn tie mpaebɔ nyinaa anaa mpaebɔ bi wɔ hɔ a ontie?” Nsɛmmisa a ɛtete saa betumi ama moabɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Sɛ ɛfata sɛ wokenkan Kyerɛwnsɛm bi kyerɛ no a, wubetumi afa anifere kwan so ayɛ saa bere a worenkasa ntia onii no gyidi. Sɛ n’ani gye ho sɛ otie wo a, ebia ɔbɛpɛ sɛ wosan ba. Nanso sɛ obisa asɛm bi a wuntumi mmua nso ɛ? Wubetumi akɔyɛ nhwehwɛmu de asiesie wo ho na akyiri yi woasan akɔ akɔka ‘anidaso a wowɔ no ho asɛm, nanso yɛ no wɔ odwo ne obu a emu dɔ mu.’—1 Petro 3:15.

Yesu Kyerɛkyerɛɛ Wɔn a Wɔfata

11. Dɛn na ɛbɛboa wo ma woahu wɔn a wɔfata sɛ wokyerɛkyerɛ wɔn no?

11 Ná Yesu, onipa a ɔyɛ pɛ no wɔ nhumu a ɛma ohuu wɔn a wɔfata sɛ ɔkyerɛkyerɛ wɔn. Ɛyɛ den paa ma yɛn sɛ yebehu wɔn a “wɔpɛ daa nkwa” no. (Asomafo Nnwuma 13:48) Saa ara na na ɛyɛ den ma asomafo a Yesu kaa asɛm yi kyerɛɛ wɔn no: “Kurow anaa akuraa biara a mobɛhyɛn mu no, monhwehwɛ obi a ɔfata wɔ mu.” (Mateo 10:11) Sɛnea Yesu asuafo no yɛe no, ɛsɛ sɛ wo nso wohwehwɛ nkurɔfo a wɔpɛ sɛ wotie Bible mu nokware no na wokyerɛkyerɛ wɔn. Sɛ wotɔ wo bo ase tie nkurɔfo mmaako mmaako, na wohwɛ sɛnea wɔn mu biara yɛ n’ade a, wubehu wɔn a wɔfata no.

12. Wobɛyɛ dɛn akɔ so aboa obi a ɔkyerɛ asɛm no ho anigye?

12 Bere a woagyaw obi a wakyerɛ Ahenni asɛm no ho anigye hɔ kɔ no, ɛsɛ sɛ wokɔ so susuw Bible mu nokware a ɛsɛ sɛ wokyerɛ no no ho. Sɛ wo ne obi bɔ asɛmpa no ho nkɔmmɔ wie, na wokyerɛw nea wuhu faa ne ho a, eyi bɛma woakɔ so aboa onii no ma wanya nkɔso. Sɛ woreyɛ sankɔhwɛ a, ehia sɛ wutie onii no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu nea ogye di, ne su, anaa tebea a ɔwom ho nsɛm pii.

13. Dɛn na ebetumi aboa wo ma woahu sɛnea obi te nka wɔ Bible no ho?

13 Wobɛyɛ dɛn ahyɛ nkurɔfo nkuran ma wɔaka sɛnea wɔte nka wɔ Onyankopɔn Asɛm ho akyerɛ wo? Wɔ mmeae bi no, sɛ wubisa sɛ, “Ɛyɛ wo den sɛ wobɛte Bible no ase?” a, nkurɔfo tie. Saa asɛmmisa no ho mmuae taa ma wuhu adwene a onii no wɔ wɔ Onyankopɔn ho. Ɔkwan foforo nso ne sɛ wobɛkenkan kyerɛwsɛm bi na woabisa sɛ, “Wote asɛm yi ase dɛn?” Nsɛm a ɛfata a wubebisa no betumi ama woayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu te sɛ Yesu. Nanso ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye.

Yesu Bisaa Nsɛm a Etu Mpɔn

14. Wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wudwen afoforo ho bere a wummisa wɔn nsɛm te sɛ nea woresɔ wɔn ahwɛ no?

14 Kyerɛ afoforo adwenkyerɛ ho anigye bere a wonhyɛ wɔn aniwu. Di Yesu nhwɛso akyi. Ná ommisa nsɛm biara kɛkɛ, na mmom na obisa nsɛm a ɛma nkurɔfo tumi dwen. Afei nso na Yesu yɛ obi a ɔtɔ ne bo ase tie nnipa komapafo ma wɔn ho dwo wɔn na wɔn koma tɔ wɔn yam. (Mateo 11:28) Nnipa ahorow nyinaa ansuro sɛ wɔbɛka wɔn haw akyerɛ no. (Marko 1:40; 5:35, 36; 10:13, 17, 46, 47) Sɛ ɛbɛyɛ mmerɛw ama nkurɔfo sɛ wɔbɛka sɛnea wɔte nka wɔ Bible ne nea ɛkyerɛkyerɛ ho a, ɛnsɛ sɛ yebisabisa wɔn nsɛm te sɛ nea yɛresɔ wɔn ahwɛ.

15, 16. Wobɛyɛ dɛn anya nkurɔfo ne wɔn abɔ ɔsom ho nkɔmmɔ?

15 Nsɛm a etu mpɔn a wubebisa akyi no, wubetumi aka asɛm bi a ɛyɛ anigye na woatie nea onii no bɛka de ahyɛ nkɔmmɔbɔ ho nkuran. Sɛ nhwɛso no, Yesu ka kyerɛɛ Nikodemo sɛ: “Sɛ wɔansan anwo obi bio a, ontumi nhu Nyankopɔn ahenni no.” (Yohane 3:3) Saa nsɛm no yɛɛ Nikodemo nwonwa araa ma ne ho peree no sɛ obetie Yesu. (Yohane 3:4-20) Wo nso wubetumi afa ɔkwan a ɛte saa ara so ne nkurɔfo abɔ nkɔmmɔ.

16 Ɛnnɛ, wɔka ɔsom afoforo pii a aba wɔ mmeae bi te sɛ Afrika, Europa Apuei Fam, ne Latin Amerika ho asɛm. Wɔ mmeae a ɛtete saa no, wubetumi aka asɛm yi de afi nkɔmmɔbɔ ase: “Sɛnea ɔsom pii aba no haw m’adwene. Nanso mewɔ anidaso sɛ ɛrenkyɛ nnipa a wofi aman nyinaa mu de biakoyɛ bɛsom nokware mu. Sɛ ɛbaa saa a, wopɛ?” Sɛ woka biribi a ɛyɛ nwonwa fa w’anidaso ho a, ebia wubenya nkurɔfo ma wɔakyerɛ wɔn adwene. Sɛ wubisa asɛm a mmuae no yɛ abien a ɛbɛma wɔapaw emu biako a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wobebua. (Mateo 17:25) Sɛ ofiewura bi bua w’asɛmmisa no wie a, w’ankasa fa kyerɛwsɛm biako anaa abien kyerɛkyerɛ mu. (Yesaia 11:9; Sefania 3:9) Sɛ woyɛ aso tie onii no mmuae yiye a, wubetumi ahu nea wo ne no besusuw ho bere foforo a wobɛsan akɔ hɔ no.

Yesu Tiee Mmofra

17. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yesu ani gye mmofra ho?

17 Ná ɛnyɛ mpanyimfo nko na Yesu ani gye wɔn ho, na n’ani gye mmofra nso ho. Ná onim agoru a mmofra di ne nsɛm a wɔka. Ɛtɔ bere bi a na ɔto nsa frɛ mmofra sɛ wɔmmra ne nkyɛn. (Luka 7:31, 32; 18:15-17) Ná mmofra pii ka nnipakuw a na wotie Yesu no ho. Bere a mmarimaa de nne kɛse yii Mesia no ayɛ no, Yesu hui na ɔkyerɛe sɛ Kyerɛwnsɛm no hyɛɛ eyi ho nkɔm. (Mateo 14:21; 15:38; 21:15, 16) Ɛnnɛ, mmofra pii reyɛ Yesu asuafo. Enti wobɛyɛ dɛn aboa wɔn?

18, 19. Wobɛyɛ dɛn aboa wo ba ma wabɛyɛ Yesu suani?

18 Sɛ wubetumi aboa wo ba ma wabɛyɛ osuani a, ɛsɛ sɛ wutie no. Ɛho hia sɛ wuhu nsusuwii bi a ɔwɔ a ebia ɛne Yehowa adwene nhyia. Ɛmfa ho nea wo ba bɛka no, nyansa wom sɛ wudi kan kamfo no! Afei wubetumi de kyerɛw nsɛm a ɛfata aboa wo ba no ma wahu Yehowa adwene wɔ nsɛm ho.

19 Nsɛmmisa boa ma wuhu mmofra adwene. Nanso sɛnea mpanyimfo te no, saa ara na mmofra nso mpɛ sɛ wobisabisa wɔn nsɛm te sɛ nea wɔresɔ wɔn ahwɛ. Sɛ́ anka wubebisa wo ba nsɛm bi a ɛbɛyɛ den ama no sɛ obebua no, dɛn nti na wonka wo ho asɛm tiawa bi nkyerɛ no? Wubetumi agyina asɛm ko a moresusuw ho no so aka sɛ na wote nka wɔ ɔkwan bi so, na woakyerɛ nea enti. Afei wubetumi abisa sɛ: “Wo nso wote nka saa ara?” Mmuae a wo ba no de bɛma no betumi aboa ma wo ne no abɔ Bible mu nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran.

Kɔ So Suasua Nea Waben wɔ Asuafoyɛ mu No

20, 21. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ otiefo pa wɔ asuafoyɛ adwuma no mu?

20 Sɛ́ ebia wo ne wo ba anaa obi foforo na ɛresusuw asɛm bi ho no, ɛho hia sɛ woyɛ otiefo pa. Nokwarem no, saa a wobɛyɛ no kyerɛ ɔdɔ. Sɛ wutie afoforo a, ɛkyerɛ sɛ wobrɛ wo ho ase, na ɛbɛkyerɛ nso sɛ wudi nea ɔrekasa no ni na wufi ɔdɔ mu dwen ne ho. Ɛwom, sɛ́ wubetie no hwehwɛ sɛ wode w’adwene si nea onipa no reka so.

21 Bere a woreyɛ Kristofo asɛnka adwuma no, kɔ so tie afiewuranom yiye. Sɛ wowɛn w’aso tie wɔn yiye a, ɛbɛma woahu Bible mu nokware a wɔn ani begye ho no titiriw. Afei bɔ mmɔden fa akwan horow a Yesu faa so kyerɛkyerɛe no so boa wɔn. Bere a woreyɛ saa no, wubenya anigye ne akomatɔyam efisɛ na woresuasua Nea Waben wɔ asuafoyɛ mu no.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na Yesu yɛ de hyɛɛ afoforo nkuran ma wɔkyerɛɛ wɔn adwene?

• Dɛn nti na Yesu tiee wɔn a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no?

• Wobɛyɛ dɛn de nsɛmmisa adi dwuma wɔ asɛnka mu?

• Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa mmofra ma wɔabɛyɛ Yesu asuafo?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Sɛ woreka asɛm no a, bɔ mmɔden tie afoforo

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Sɛ yɛboa mmofra ma wɔbɛyɛ Yesu asuafo a, na yɛresuasua Yesu