Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So ɛfata sɛ Yehowa Dansefo bi bɛkɔ obusuani anaa ne yɔnko a ɔnyɛ Ɔdansefo ayeforohyia?

Ayeforohyia yɛ anigye bere, na ntease wom sɛ Kristoni bi bɛpɛ sɛ ɔkɔ bi. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ mmofra a wɔato nsa afrɛ wɔn no tie wɔn awofo anaa wɔn a wɔhwɛ wɔn a ɛsɛ sɛ wosi asɛm no ho gyinae koraa no. (Efesofo 6:1-3) Nanso sɛ ɔbarima a ɔnyɛ Yehowa Dansefo ka kyerɛ ne yere Kristoni sɛ ɔne no nkɔ ayeforohyia wɔ asɔredan mu nso ɛ? Ebia n’ahonim bɛka akyerɛ no sɛ ɔnkɔ, nanso mma ɔmfa ne ho nhyɛ ɔsom mu adeyɛ biara a ɛfa ayeforohyia no ho mu.

Ɛnde, sɛ́ obi bɛkɔ ayeforohyia bi anaa ɔrenkɔ no yɛ n’ankasa gyinaesi. Nanso ɛsɛ sɛ Kristoni biara kae sɛ obeyi ne ho ano wɔ Yehowa anim ma enti ɛsɛ sɛ osusuw Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow bi ho bere a ɔresi gyinae sɛ ɔbɛkɔ obi a ɔnyɛ Ɔdansefo ayeforohyia no.

Nea ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ Kristoni ma ɛtra n’adwenem ne sɛ obenya Onyankopɔn anim dom. Yesu kae sɛ: “Onyankopɔn yɛ Honhom, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom no no som no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:24) Ɛno nti, Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyɛ ɔsom afoforo adeyɛ te sɛ mpaebɔ, wɔn amanne, anaa wɔn afahyɛ ahorow a ɛne Bible no nhyia mu.—2 Korintofo 6:14-17.

Kristoni nim sɛ gyinae a obesi no betumi aka afoforo nso. Sɛ woyɛ w’adwene sɛ wobɛkɔ a, so ɛbɛhaw w’abusuafo sɛ wobɛkɔ na womfa wo ho nhyɛ ayeforohyia no ho biribiara a wɔyɛ mu? Ɛho hia nso sɛ wususuw sɛnea ɛbɛka wo mfɛfo gyidifo no ho. (Romafo 14:13) Sɛ wo anaa wo fiefo afoforo mpo ka sɛ mfomso biara nni ho sɛ wobɛkɔ obi a ɔnyɛ Ɔdansefo ayeforohyia a, so ebetumi ahaw wo nuanom Kristofo? So ebetumi ahaw ebinom ahonim?

Wɔn a wɔnyɛ Adansefo ayeforohyia betumi de nsɛnnennen aba. Sɛ wɔka sɛ bɛyɛ ayeforo no abaawa anaa ne kunu somfo nso ɛ? Anaa sɛ wo yere anaa wo kunu nyɛ Ɔdansefo na ɔpɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ ayeforohyia no mu biribiara mu nso ɛ? Sɛ ayeforohyia no yɛ mmara kwan so de a ɔtemmufo anaa aban nanmusini na ɔbɛyɛ a, ebia wokɔ bi a, ɛte sɛ nea worehwɛ mmara kwan so adeyɛ bi ara kwa.

Nanso ayeforohyia a wɔyɛ no wɔ asɔredan mu anaa ɔsɔfo bi na ɔyɛ no ma nsɛm a ɛho hia bi sɔre. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛma w’ahonim a Bible atete no akyerɛ wo kwan na worenyɛ biribiara a ɛne wo gyidi nhyia anaa worenyɛ biribi a ɛbɛhaw ayeforo no ne ne kunu ne wɔn awofo ne afoforo a wɔka ho no, wubetumi asi gyinae sɛ worenkɔ. (Mmebusɛm 22:3) Sɛ wudi kan kyerɛkyerɛ wo gyidi a egyina Bible so no mu kyerɛ w’abusuafo, na woma wohu baabi a wubetumi de wo ho ahyem akodu anaa wokyerɛ wɔn biribi foforo a wubetumi ayɛ de aboa a, ebetumi aboa wo ne wɔn nyinaa ma ɛremfa ɔhaw mma.

Sɛ Kristofo binom susuw eyinom nyinaa ho wie a, ebia wobesi gyinae sɛ ɛnyɛ mfomso sɛ wɔbɛkɔ obi a ɔnyɛ Ɔdansefo ayeforohyia ase akɔhwɛ bi ara kwa. Nanso, sɛ Kristoni bi hu sɛ ɛhɔ a ɔbɛkɔ no betumi asum no afiri ma wabu Onyankopɔn mmara so a, ebia obehu sɛ sɛ wankɔ a, eye koraa sen sɛ ɔbɛkɔ. Sɛ osi gyinae sɛ ɔrenkɔ ayeforohyia no na mmom ɔbɛkɔ apontow a wɔbɛyɛ wɔ ɛno akyi a wɔato nsa afrɛ no a, ɛsɛ sɛ osi ne bo sɛ ɔbɛyɛ ‘biribiara de ahyɛ Nyankopɔn anuonyam.’ (1 Korintofo 10:31) “Obiara bɛsoa n’ankasa adesoa” wɔ gyinaesi a ɛtete saa mu. (Galatifo 6:5) Enti, gyinae biara a wubesi no, kae sɛ ahonim pa a wubenya wɔ Yehowa Nyankopɔn anim ho hia.