Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hagai ne Sakaria Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Hagai ne Sakaria Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Hagai ne Sakaria Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

ƐYƐ afe 520 A.Y.B. mu. Ná mfe dunsia atwam fi bere a Yudafo a wɔsan fii Babilon nkoasom mu baa Yerusalem bɛhyɛɛ Yehowa asɔrefie no si ase no. Nanso, na wonsii asɔrefie no nwiei, na na wɔabara wɔn sɛ wonnyae ɔdan no si. Yehowa paw odiyifo Hagai, na asram abien akyi no, ɔsan paw odiyifo Sakaria nso sɛ wɔnka N’asɛm nkyerɛ Yudafo no.

Ná Hagai ne Sakaria nyinaa kura botae koro: Sɛ́ wɔbɛkanyan Yudafo no ma wɔasan atoa asɔrefie a na wɔresan asi no so. Nsɛm a adiyifo no kae no kanyan nkurɔfo no, na wowiee asɔrefie no si wɔ mfe anum akyi. Wɔakyerɛw nsɛm a Hagai ne Sakaria kae no wɔ Bible mu nhoma a wɔn din deda so no mu. Hagai kyerɛw ne nhoma no wiei wɔ afe 520 A.Y.B. mu, na Sakaria nso kyerɛw ne de no wiei wɔ afe 518 A.Y.B. mu. Sɛnea Hagai ne Sakaria yɛe no, yɛn nso yɛwɔ adwuma bi a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ yɛnyɛ ansa na wiase a ɛwɔ hɔ yi akɔ n’awiei. Yɛn adwuma no ne Ahenni no ho asɛm a yɛbɛka ne asuafoyɛ adwuma no. Ma yɛnhwɛ nkuranhyɛ nsɛm a yebetumi anya afi Hagai ne Sakaria nhoma no mu.

“MONHWƐ MO AKWAN YIYE”

(Hagai 1:1–2:23)

Hagai maa ɔkasa ahorow anan a ɛka koma yiye wɔ nnafua 112 ntam. Ɔkasa a edi kan no ne: “Monhwɛ mo akwan yiye. Momforo bepɔw nkɔfa nnua mmra mfa mmesi dan no, na ɛbɛyɛ me fɛ, na mayi m’anuonyam makyerɛ, [Yehowa, NW] na ose.” (Hagai 1:7, 8) Yudafo no tiee asɛm no wɔ aso pa mu. Ɔkasa a ɛto so abien no maa wɔn awerɛhyem sɛ: ‘Me Yehowa, mede anuonyam mɛhyɛ ofi yi ma.’—Hagai 2:7.

Ɔkasa a ɛto so abiɛsa no ma ɛdaa adi sɛ asɔrefie no a na ɛsɛ sɛ wɔsan si a wogyaw too hɔ no ama ‘nkurɔfo no ne wɔn nsa ano nnwuma nyinaa’ ho agu fĩ wɔ Yehowa anim. Nanso, sɛ wɔsan hyɛ ɔdan no si ase bio a, na Yehowa ‘behyira’ wɔn. Ɔkasa a ɛto so anan no nso ma wohui sɛ, Yehowa ‘bɛsɛe amanaman ahenni ahoɔden,’ na ɔde Amrado Serubabel ayɛ “nsɔanode.”—Hagai 2:14, 19, 22, 23.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:6—Dɛn na asɛm a ɛne “monom nsã, nanso mommow” no kyerɛ? Nea saa asɛm no kyerɛ ara ne sɛ, ná nsã ho bɛyɛ den. Esiane sɛ na Yudafo no nni Yehowa nhyira nti, ná wɔrennya nsã a ɛbɛso wɔn nom. Ɛda adi pefee sɛ, na wɔrennya nsã a ɛdɔɔso a wɔbɛnom ma abow wɔn.

2:6, 7, 21, 22—Hena anaa dɛn na ama amanaman nyinaa rewosow no, na dɛn na afi mu aba? Yehowa nam Ahenni no ho asɛm a yɛreka wɔ wiase nyinaa no so ‘rewosow amanaman nyinaa.’ Asɛnka adwuma no nso ama “amanaman nyinaa ade a wɔpɛ” aba Yehowa fie, na ɛde anuonyam ahyɛ ofie no ma. Bere bi akyi no, ‘asafo Yehowa’ bɛwosow “ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asase kesee,” na wɔnam so ayi wiase bɔne yi ne emu nneɛma nyinaa afi hɔ.—Hebrifo 12:26, 27.

2:9—Akwan bɛn so na na ‘ɔdan a edi akyiri no anuonyam bɛsen kan de no’? Anyɛ yiye koraa no, wɔ akwan abiɛsa so. Nea edi kan no, mfe dodow a asɔrefie no dii, nea ɛto so abien, onii a ɔkyerɛkyerɛe wɔ mu, ne nea ɛto so abiɛsa, nnipa a wɔkɔɔ hɔ kɔsom Yehowa no. Ɛwom sɛ Salomo asɔrefie fɛfɛ no dii mfe 420, fi afe 1027 A.Y.B. kosi afe 607 A.Y.B. de, nanso “akyiri de” no, anaa asɔrefie a wosii no akyiri no di boroo mfe 580, fi afe 515 A.Y.B. kosi afe 70 Y.B mu. Bio nso, Yesu Kristo a ɔno ne Mesia no kyerɛkyerɛe wɔ “akyiri de” no mu, na nnipa pii baa “akyiri de” no mu sen “kan de” no, anaa asɔrefie a wodii kan sii no mu bɛsom Onyankopɔn.—Asomafo Nnwuma 2:1-11.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:2-4. Sɛ nkurɔfo sɔre tia asɛnka adwuma a yɛreyɛ no a, ɛnsɛ sɛ ɛno ma yɛde ‘ahenni no a yɛbɛhwehwɛ kan’ no to nkyɛn, na yedi kan hwehwɛ nneɛma a yɛn ankasa yɛpɛ.—Mateo 6:33.

1:5, 7. Ɛyɛ papa sɛ ‘yɛhwɛ yɛn akwan yiye,’ na yesusuw sɛnea ɔkwan a yɛfa so bɔ yɛn bra no ka abusuabɔ a yɛne Onyankopɔn wɔ no ho.

1:6, 9-11; 2:14-17. Yudafo a wɔtraa ase wɔ Hagai bere so no yeree wɔn ho yɛɛ wɔn ankasa nnwuma, nanso wɔbrɛ gui kwa a wɔannya wɔn nnwuma no so mfaso biara. Wogyaee asɔrefie a na ɛsɛ sɛ wosi no, enti Onyankopɔn anhyira wɔn. Ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn som adwuma yɛ ade titiriw wɔ yɛn asetram, na yefi yɛn kra nyinaa mu som Onyankopɔn. Na ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, sɛ́ yɛwɔ ahode kakraa bi anaa pii no, ‘Yehowa nhyira na ɛma obi yɛ ɔdefo.’—Mmebusɛm 10:22.

2:15, 18. Yehowa ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ nna a ɛwɔ wɔn anim no na wonsusuw ho wɔ wɔn komam, na ɛnyɛ nna a na atwam a wɔyɛɛ anibiannaso no, na wɔmfa wɔn adwene nsi asɔrefie no a na wɔbɛsan asi no so mmom. Yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nea ɛwɔ yɛn anim a yebetumi ayɛ wɔ Onyankopɔn som mu no so.

ƐNYƐ AHOƆDEN SO, NA ME HONHOM SO

(Sakaria 1:1–14:21)

Asɛm a Sakaria ka de fii n’adwuma ase sɛ odiyifo no ne nea ɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ ‘wɔnsan mmra Yehowa nkyɛn’ no. (Sakaria 1:3) Anisoadehu awotwe a akyiri yi Sakaria nyae no maa Yudafo no awerɛhyem sɛ Yehowa taa asɔrefie a na wɔresan asi no akyi. (Hwɛ adaka a ɛne “Sakaria Ayɛsɛm mu Anisoadehu Awotwe” no mu.) “Ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ ahoɔden so” na na wɔde besi asɔrefie no awie, na mmom ‘Yehowa honhom so.’ (Sakaria 4:6) Ná ɔbarima bi a wɔfrɛ no Mfefɛwee na na “obesi [Yehowa, NW] asɔredan no,” na “watra n’agua so adi hene.”—Sakaria 6:12, 13.

Betelfo somaa nnipa bi sɛ wɔnkɔ asɔfo no hɔ nkobisa wɔn afahyɛ a wɔde kae Yerusalem sɛe no ho asɛm. Yehowa ka kyerɛɛ Sakaria sɛ ɔbɛdan awerɛhow a na wodi wɔ afahyɛ anan a na wɔde kae amanehunu a ɛtoo Yerusalem no mu ayɛ no “ahosɛpɛw ne anigye ne afahyɛ pa.” (Sakaria 7:2; 8:19) Ná nsɛm abien a edi hɔ a ɔkae no fa atemmu a etia amanaman no ne atoro adiyifo, nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Mesia no ho, ne asɛm a ɛfa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔbɛsan de wɔn aba wɔn asase so no ho.—Sakaria 9:1; 12:1.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

2:1—Dɛn nti na na ɔbarima bi de susuhama resusuw Yerusalem? Ɛda adi sɛ, Yerusalem a ná ɔresusuw no kyerɛ sɛ wɔbɛto ɔfasu de abɔ kurow no ho ban. Ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ ɔbarima a na ɔresusuw Yerusalem no sɛ, Yerusalem kurow no mu bɛtrɛw, na Yehowa bɛbɔ ho ban.—Sakaria 2:3-5.

6:11-13—So abotiri a wɔde bɔɔ Ɔsɔfopanyin Yosua ti no ma ɔbɛyɛɛ ɔhene a na ɔsan di sɔfo? Dabi, ná Yosua mfi Dawid ahene abusua no mu. Wɔ ɔkwan bi so no, abotiri a wɔde bɔɔ ne ti no ma ɔbɛyɛɛ obi a ná ogyina hɔ ma Mesia no wɔ nkɔmhyɛ kwan so. (Hebrifo 6:20) Nkɔmhyɛ a ɛfa “Mfefɛwee” ho no nyaa mmamu wɔ Yesu Kristo a ɔyɛ Ɔhene ne Ɔsɔfo no so. (Yeremia 23:5) Sɛnea Yosua somee Yudafo a wɔsan baa wɔn asase so no sɛ ɔsɔfopanyin wɔ asɔrefie a wɔsan sii no mu no, saa ara na Yesu nso som sɛ Ɔsɔfopanyin wɔ nokware som mu wɔ Yehowa honhom fam asɔrefie no mu.

8:1-23—Bere bɛn na nsɛm du a wɔaka wɔ Sakaria 8:1-23 no nyaa mmamu? Asɛm a wɔde wiee nsɛm no mu biara ne ‘sɛ́ Yehowa se ni,’ na na ɛno yɛ ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ ne nkurɔfo sɛ ɔbɛma wɔanya asomdwoe. Nsɛm no bi nyaa mmamu wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu, nanso ne nyinaa fii ase nyaa mmamu fii afe 1919 Y.B. mu, anaasɛ ɛrenya mmamu nnɛ. *

8:3—Dɛn nti na wɔfrɛɛ Yerusalem “nokware kurow”? Ansa na wɔresɛe Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B. mu no, ná Yerusalem yɛ “nhyɛsofo kurow” a adiyifo ne asɔfo a wɔn bra asɛe, ne nnipa a wonni nokware ahyɛ mu ma. (Sefania 3:1; Yeremia 6:13; 7:29-34) Nanso, afei a ná wɔasan asi asɔrefie no wɔ Yerusalem, ná nkurɔfo no fi wɔn koma nyinaa mu pɛ sɛ wɔsom Yehowa nti, wɔkaa ɔsom kronn ho nokwasɛm wɔ hɔ ma enti na wobetumi afrɛ Yerusalem sɛ “nokware kurow.”

11:7-14—Dɛn na poma a Sakaria twae a ɔfrɛɛ biako “Adɔeyɛ,” na ɔfrɛɛ nea ɛka ho no nso “Nkyekyebom” no kyerɛ? Wɔka Sakaria ho asɛm sɛ obi a wɔsomaa no sɛ ‘ɔnyɛn okum nguankuw no’ a wɔne nnipa a wɔte sɛ nguan a na wɔn akannifo didi wɔn ho no. Sakaria adwuma a ɔyɛe sɛ oguanhwɛfo no yɛ Yesu Kristo a wɔsomaa no wɔ nnipa a ná Onyankopɔn ne wɔn ayɛ apam no nkyɛn, nanso wɔantie Yesu no ho mfonini. “Adɔeyɛ” a wotwae no kyerɛ sɛ, Onyankopɔn betwa Mmara apam a na ɔne Yudafo no ayɛ no mu, na na ɔne wɔn renni no adɔe so bio. “Nkyekyebom” a na wobetwa no nso kyerɛ sɛ, na wɔbɛsɛe abusuabɔ a na Yehowa som nti Yuda ne Israel wɔ no.

12:11—Dɛn ne ‘abubuw a wɔbɔe wɔ Hadad-Rimon wɔ Megido bon mu’ no? Wokum Yuda hene Yosia wɔ “Megido bon mu” wɔ ako a ɔne Farao Neko a ofi Misraim dii no mu, na wɔhyehyɛɛ “kwadwom” de dii ne wu no ho awerɛhow mfe pii. (2 Beresosɛm 35:25) Enti, ɛbɛyɛ sɛ ‘abubuw a wɔbɔe wɔ Hadad-Rimon’ no fa awerɛhow a wodii wɔ Yosia wu ho no ho.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:2-6; 7:11-14. Yehowa ani sɔ wɔn a wogye nkaanim tom, nu wɔn ho, na wɔsan ba ne nkyɛn, na wofi wɔn kra nyinaa mu som no no. Na Yehowa ne wɔn san nya abusuabɔ bio. Nanso, Yehowa ntie wɔn a ‘wɔmpene sɛ wotie, na wɔsorow wɔn asõ na wɔnte’ no abisade.

4:6, 7. Yehowa honhom tumi dii akwanside biara so ma wɔsan sii asɔrefie no wiei. Yebetumi adi nsɛnnennen biara a ebia yebehyia wɔ ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no mu denam gyidi a yebenya wɔ Yehowa mu no so.—Mateo 17:20.

4:10. Serubabel ne ne nkurɔfo sii asɔrefie no wiei sɛnea na Onyankopɔn gyinapɛn a ɛkorɔn hwehwɛ sɛ wɔyɛ no. Bere a wɔreyɛ adwuma no nyinaa no, na Yehowa ani tua wɔn. Ɛnyɛ ade a ɛyɛ den dodoodo sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ bɛbɔ wɔn bra sɛnea Yehowa hwehwɛ.

7:8-10; 8:16, 17. Sɛ yebenya Yehowa anim dom a, ɛsɛ sɛ yebu atɛntrenee, yɛyɛ adɔe, yehu nnipa mmɔbɔ, na yɛka nokware kyerɛ yɛn ho yɛn ho.

8:9-13. Sɛ ‘yɛhyɛ yɛn nsa mu den,’ na yɛyɛ adwuma a Yehowa de ama yɛn sɛ yɛnyɛ no a, ohyira yɛn. Nhyira no bi ne asomdwoe ne ahobammɔ a yebenya, ne afei, abusuabɔ a emu yɛ den a yɛne Yehowa benya.

12:6. Ɛsɛ sɛ wɔn a wodi Yehowa nkurɔfo anim no yɛ te sɛ “gyatɛn,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde nnamyɛ soronko yɛ ɔsom adwuma no.

13:3. Ɛsɛ sɛ nokware a yedi ma Onyankopɔn ne n’ahyehyɛde no yɛ kɛse sen nokware a yedi ma onipa biara, ɛmfa ho mpo sɛ ɔyɛ yɛn busuani paa no.

13:8, 9. Ná awaefo a Yehowa apo wɔn no dɔɔso, na na wɔyɛ nnipa a wɔwɔ asase no so nkyem abien. Nnipa a wɔwɔ asase no so nkyem abiɛsa mu biako pɛ na wɔde wɔn faa ogya mu nanee wɔn. Ɛnnɛ, Yehowa apo Kristoman a wɔn na wɔdɔɔso wɔ nnipa a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo mu no. Nnipa kakraa bi pɛ a wɔne Kristofo a wɔasra wɔn no na ‘wɔabɔ Yehowa din,’ na wɔama kwan ma wɔanan wɔn. Wɔn a wɔasra wɔn no ne wɔn mfɛfo gyidifo mfa wɔn ano kɛkɛ nka sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo a Yehowa din da wɔn so, na mmom, wɔde wɔn nnwuma ne wɔn abrabɔ nso kyerɛ saa.

Ɛsɛ sɛ Ɛka Yɛn Ma Yɛyɛ Nsi

Ɔkwan bɛn so na Hagai ne Sakaria nsɛm a wɔkae no boa yɛn nnɛ? Sɛ yesusuw sɛnea wɔn nsɛm no kanyan Yudafo no ma wɔde wɔn adwene sii asɔrefie a na wɔresan asi no so no ho a, so ɛnka yɛn mma yɛmmfa nsi nnyɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no anaa?

Sakaria hyɛɛ nkɔm sɛ, Mesia no bɛba a “ɔte afurum so,” na wobeyi no ama de agye “nnwetɛbona aduasa,” na wɔbɛbɔ no ama ‘nguan no apete.’ (Sakaria 9:9; 11:12; 13:7) Hwɛ sɛnea nkɔm a Sakaria hyɛ faa Mesia no ho a anya mmamu no ho a yɛasusuw no ahyɛ yɛn gyidi den kɛse! (Mateo 21:1-9; 26:31, 56; 27:3-10) Ama ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa Asɛm ne nhyehyɛe a wayɛ a ɔnam so begye yɛn nkwa mu no mu ayɛ den.—Hebrifo 4:12.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Hwɛ January 1, 1996, Ɔwɛn-Aban kratafa 9-22.

[Adaka wɔ kratafa 11]

SAKARIA AYƐSƐM MU ANISOADEHU AWOTWE

1:8-17: Esii so dua sɛ wobewie asɔrefie no si, na na ɛkyerɛ sɛ wobehyira Yerusalem, ne Yuda nkurow foforo.

1:18-21: Ɛhyɛɛ bɔ sɛ ‘mmɛn anan a ɛbɔɔ Yuda petee’ no bɛba awiei, a nea na ɛkyerɛ ne sɛ wobeyi nniso a ɛsɔre tiaa Yehowa som no nyinaa afi hɔ.

2:1-13: Ɛkyerɛ sɛ wɔbɛtrɛw Yerusalem kurow no mu, na Yehowa bɛyɛ ‘ogya fasu atwa kurow no ho ahyia’ de abɔ ho ban.

3:1-10: Ɛkyerɛ sɛ ná Satan ka ho na wɔsɔre tiaa asɔrefie no si no, na wogyee Ɔsɔfopanyin Yosua, na wɔtew no ho.

4:1-14: Wɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ wobedwiriw akwanside a ɛte sɛ mmepɔw no nyinaa agu, na na Amrado Serubabel bewie asɔrefie no si.

5:1-4: Wɔdomee nnebɔneyɛfo a na wɔafa wɔn ho adi no.

5:5-11: Wɔhyɛɛ nkɔm sɛ abɔnefosɛm bɛba awiei.

6:1-8: Wɔhyɛɛ bɔ sɛ abɔfo bɛhwɛ wɔn so na wɔabɔ wɔn ho ban.

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Ná nsɛm a Hagai ne Sakaria kae no botae ne dɛn?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Ɔkwan bɛn so na wɔn a wodi Yehowa nkurɔfo anim no te sɛ “gyatɛn”?