Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ayamhyehye a Wɔda no Adi wɔ Wiase a Atirimɔdensɛm Wom Mu

Ayamhyehye a Wɔda no Adi wɔ Wiase a Atirimɔdensɛm Wom Mu

Ayamhyehye a Wɔda no Adi wɔ Wiase a Atirimɔdensɛm Wom Mu

ATIRIDIININI kyeree ɔbarima bi a ɔwɔ Burundi denneennen. Ná ehia sɛ wɔde no kɔ ayaresabea ntɛm ara. Nanso na wɔbɛyɛ dɛn de no akɔ? Ná kar biara nni hɔ a ɛde no bɛkɔ. Ne nnamfo baanu bɛboaa no. Wɔde no sii baesekre so piaa no faa mmepɔw so nnɔnhwerew anum. Wokoduu baabi no, wonyaa bɔs ma ɛde no kɔɔ ayaresabea a ɛbɛn hɔ. Nna kakra bi akyi no, ne ho tɔɔ no.

Wɔ wiase no fã foforo no, bere a ahum a wɔfrɛ no Katrina tui ma ɛsɛee mmeae bi a ɛwɔ Amerika mpoano wɔ August 2005 mu akyi no, nkurɔfo bi a wotuu wɔn ho mae kopuee ofie bi a na nnua abu agu so so. Ná atuhoamafo yi nnim ofiewura no koraa, nanso wɔde afiri a wɔde bu nnua yɛɛ adwuma da mũ no nyinaa twitwaa nnua no yiyi fii so. Ofiewura no kae sɛ: “Minhu nea menka mfa nna [nkurɔfo] yi ase mpo.”

Nsɛm ho amanneɛbɔfo taa ka ayayade ne atirimɔdensɛm a wɔde di afoforo ho nsɛm dodo. Nsɛm a ɛte saa a wɔka no taa bunkam ayamhyehye ne ayamye a wɔda no adi da biara no so. Nanso nokwasɛm ne sɛ, nnipa a wɔwɔ baabiara da so ara pɛ sɛ afoforo da ɔdɔ, tema, ne ayamhyehye adi kyerɛ wɔn. Yɛpɛ sɛ nkurɔfo da ayamhyehye adi kyerɛ yɛn! Ebia wɔbɛtaa aka nsɛm a ɛte saa wɔ Buronya bere mu, bere a nnipa pii ka ‘asomdwoe ne nnipa a wɔsɔ Onyankopɔn ani’ ho asɛm anaa wɔto ho dwom no.—Luka 2:14.

Ebia ɛrenyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛda ayamhyehye adi wɔ wiase a ɛte sɛ nea nnipa dodow no ara nna ɔdɔ ne ahɔhoyɛ adi wom no mu. Adwene a nnipa dodow no ara kura ne sɛ, sɛ wo tirim anyɛ den a, ensi wo yiye. Ɛte sɛ nea nnipa pii kyerɛ sɛ eye paa sɛ wo tirim bɛyɛ den sen sɛ wobɛda ayamhyehye adi. Adifudepɛ ne anuonyamhunupɛ nti, nkurɔfo nna ayamhyehye adi koraa.

Eyi nti, nnipa pii dwen wɔn nkutoo ho a wɔnte nka mma afoforo. Wɔtaa kamfo mmarima a wɔagye din wɔ agodie mu a wonni tema no sɛ wɔyɛ “mmarima ankasa.” Aman sodifo binom nso yɛ wɔn ade saa ara.

Enti ɛfata sɛ yebisa sɛ: Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda tema adi? So mfaso wɔ ayamhyehye a yɛbɛda no adi so? Na dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛada ayamhyehye adi? Nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 3]

•Sɛ obi da ayamhyehye adi a, ɛkyerɛ mmerɛwyɛ?

•So ayamhyehye so wɔ mfaso?

•Nneɛma bɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wowɔ tema?