Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Woasiesie Wo Ho Ama Yehowa Da No?

Woasiesie Wo Ho Ama Yehowa Da No?

Woasiesie Wo Ho Ama Yehowa Da No?

“[Yehowa, NW] da kɛse no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm sɛ.”—SEFANIA 1:14.

1-3. (a) Dɛn na Bible ka wɔ Yehowa da no ho? (b) ‘Yehowa da’ bɛn na ɛda yɛn anim?

YEHOWA da kɛse no nyɛ nnɔnhwerew 24 asɛm, na mmom ɛyɛ bere tenten bi a Onyankopɔn de atemmu bɛba abɔnefo so. Ntease wom sɛ wɔn a wɔnsom Onyankopɔn no besuro esum, anibere, abufuhyew, ahohia, ne amamfoyɛ da yi. (Yesaia 13:9; Amos 5:18-20; Sefania 1:15) Yoel nkɔmhyɛ no ka sɛ: “Ao, ɛda no! na [Yehowa, NW] da no abɛn, na ɛreba sɛ ɔsɛe tumi afi Otumfoɔ nkyɛn.” (Yoel 1:15) Nanso Onyankopɔn begye “koma mu teefo” nkwa saa da kɛse no.—Dwom 7:10.

2 Asɛm ‘Yehowa da,’ kyerɛ mmere horow a Onyankopɔn de atemmu ba abɔnefo so. Sɛ nhwɛso no, ‘Yehowa da’ baa Yerusalemfo so bere a ɔmaa Babilonfo sɛee wɔn wɔ afe 607 A.Y.B. mu no. (Sefania 1:4-7) Onyankopɔn atemmu a ɛte saa nso bae wɔ afe 70 Y.B. mu bere a Onyankopɔn nam Romafo so de atemmu baa Yuda man a wɔpoo ne Ba no so no. (Daniel 9:24-27; Yohane 19:15) Bible no san ka ‘Yehowa da’ a ɔne ‘amanaman no bɛko’ no ho asɛm. (Sakaria 14:1-3) Honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkae sɛ saa da no ne Kristo mmae no wɔ biribi yɛ. Saa da no fii ase bere a wɔde Yesu sii ade so wɔ soro sɛ Ɔhene wɔ afe 1914 mu no. (2 Tesalonikafo 2:1, 2) Bere a Yehowa da no rebɛn ntɛmntɛm no, Yehowa Adansefo afe asɛm ma afe 2007 no fata paa. Woyi fii Sefania 1:14, na ɛkenkan sɛ: “[Yehowa, NW] da kɛse no abɛn.”

3 Esiane sɛ Onyankopɔn da kɛse no abɛn nti, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ wusiesie wo ho. Wobɛyɛ dɛn asiesie wo ho ama saa da no? So ehia sɛ woyɛ nneɛma foforo bi de siesie wo ho ma Yehowa da no?

Siesie Wo Ho

4. Sɔhwɛ kɛse bɛn na Yesu siesiee ne ho mae?

4 Wɔ Yesu Kristo nkɔmhyɛ a ɛfa bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho mu no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Munsiesie mo ho.” (Mateo 24:44) Bere a Yesu kaa saa asɛm no, na n’ankasa asiesie ne ho ama sɔhwɛ kɛse a na ɛda n’anim—wu a na obewu de ne nkwa ayɛ agyede no. (Mateo 20:28) Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea na Yesu asiesie ne ho no mu?

5, 6. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ne nnipa ho dɔ boa yɛn ma yesiesie yɛn ho ma Yehowa da no? (b) Nhwɛso bɛn na Yesu yɛe wɔ ɔdɔ a ɛsɛ sɛ yenya ma nnipa no ho?

5 Ná Yesu fi ne koma nyinaa mu dɔ Yehowa ne Ne mmara a ɛteɛ no. Hebrifo 1:9 ka Yesu ho asɛm sɛ: “Wodɔɔ trenee, na wukyii mmarato. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurusi ngo sraa wo sen wo mfɛfo.” Esiane sɛ na Yesu dɔ ne soro Agya no nti, odii no nokware. Sɛ yɛwɔ ɔdɔ a ɔte saa ma Onyankopɔn na yedi ne mmara so a, ɔbɛbɔ yɛn ho ban. (Dwom 31:23) Ɔdɔ ne osetie a ɛte saa bɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho ama Yehowa da kɛse no.

6 Ná Yesu wɔ nnipa ho dɔ kɛse paa. Nokwarem no, “bere a ohuu nnipakuw no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔapirapira wɔn na wɔagyaw wɔn agu hɔ te sɛ nguan a wonni hwɛfo.” (Mateo 9:36) Enti Yesu kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn sɛnea ɔdɔ ka yɛn ma yɛka Ahenni no ho asɛm kyerɛ afoforo no ara pɛ. Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa ho dɔ ma yɛkɔ so yɛ nnam sɛ Kristofo, na ɛboa yɛn ma yesiesie yɛn ho ma Yehowa da kɛse no.—Mateo 22:37-39.

7. Bere a yɛretwɛn Yehowa da no, dɛn nti na yebetumi anya anigye?

7 Ná Yesu pɛ sɛ ɔyɛ Yehowa apɛde. (Dwom 40:8) Sɛ yɛwɔ su a ɛte saa a, yebenya anigye wɔ ɔsom kronn a yɛde ma Onyankopɔn no mu. Yɛbɛda ayamye adi te sɛ Yesu, na eyi bɛma yɛn ani agye ankasa. (Asomafo Nnwuma 20:35) Nokwarem no, “Yehowa mu anigye ne [yɛn] abannennen.” Anigye a ɛte saa bɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho ama Onyankopɔn da kɛse no.—Nehemia 8:10, NW.

8. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɛn Yehowa wɔ mpaebɔ mu?

8 Mpae a emu yɛ den a Yesu bɔɔ Onyankopɔn no boaa no ma osiesiee ne ho maa ne gyidi ho sɔhwɛ. Bere a Yohane bɔɔ no asu no, na ɔrebɔ mpae. Yesu bɔɔ mpae anadwo mũ nyinaa bere a ɔrepaw n’asomafo no. (Luka 6:12-16) Hena na sɛ ɔkenkan Bible a, n’ani nnye mpae a Yesu fi komam bɔe wɔ anadwo a etwa to wɔ n’asase so asetra mu no ho? (Marko 14:32-42; Yohane 17:1-26) Woyɛ obi a wotaa bɔ mpae te sɛ Yesu? Kɔ Yehowa anim mpɛn pii, gye bere fa bɔ mpae, hwehwɛ honhom kronkron no akwankyerɛ, na sɛ akwankyerɛ no da adi a, fa yɛ adwuma ntɛm. Abusuabɔ pa a yɛne yɛn soro Agya no benya no ho hia wɔ bere a emu yɛ den yi a Onyankopɔn da kɛse no rebɛn ntɛmntɛm no mu. Ɛnde sɛnea ɛte biara, kɔ so bɛn Yehowa wɔ mpaebɔ mu.—Yakobo 4:8.

9. Yehowa din a ɛho bɛtew no ho hia dɛn?

9 Sɛnea na Yehowa din kronkron a ɛho bɛtew no hia Yesu no nso boaa no ma osiesiee ne ho maa sɔhwɛ a ohyiae no. Nokwarem no, ɔkyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ sɛ wɔrebɔ Onyankopɔn mpae a, wɔmfa eyi nso nka ho: “Wo din ho ntew.” (Mateo 6:9) Sɛ yɛwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛtew Yehowa din ho anaa yebebu no sɛ ɛyɛ kronkron a, yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛrennyɛ biribiara a ebegu Yehowa din ho fĩ. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛasiesie yɛn ho yiye ama Yehowa da kɛse no.

So Ɛsɛ sɛ Woyɛ Nsakrae Bi?

10. Dɛn nti na ɛfata sɛ yɛhwehwɛ yɛn abrabɔ mu?

10 Sɛ Yehowa da no ba ɔkyena a, woasiesie wo ho? Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara hwehwɛ n’abrabɔ mu hwɛ sɛ ehia sɛ ɔyɛ nsakrae wɔ ne nneyɛe anaa ne su bi mu anaa. Esiane sɛ nnipa nkwa yɛ tiaa na yennim nea ebesi ɔkyena nti, ehia sɛ yɛn mu biara hwehwɛ akwan a ɔbɛfa so ahyɛ ɔne Yehowa ntam abusuabɔ mu den da biara. (Ɔsɛnkafo 9:11, 12; Yakobo 4:13-15) Enti momma yɛnhwɛ nneɛma bi a ebia ebehia sɛ yesusuw ho wɔ yɛn asetra mu.

11. Bible akenkan ho botae bɛn na wode asi w’ani so?

11 Ade a ɛho hia biako ne afotu a “akoa nokwafo” no de ma sɛ yɛnkenkan Bible da biara no. (Mateo 24:45) Wubetumi de ayɛ wo botae sɛ afe biara wobɛkenkan Kyerɛwnsɛm no afi Genesis akosi Adiyisɛm na woadwennwen ho. Sɛ wokenkan ti anan da biara a, afe bɛkɔ n’awiei no, na woatumi akenkan Bible no ti ahorow 1,189 no. Ná ɛsɛ sɛ Israel hene biara kenkan Yehowa Mmara “ne nkwa nna nyinaa.” Ɛda adi sɛ Yosua nso yɛɛ saa. (Deuteronomium 17:14-20; Yosua 1:7, 8) Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ asafo mu mpanyimfo kenkan Onyankopɔn Asɛm da biara, efisɛ eyi boa wɔn ma wɔde “nkyerɛkyerɛ pa” ma!—Tito 2:1.

12. Ɛsɛ sɛ Yehowa da a abɛn no ka wo ma woyɛ dɛn?

12 Ɛsɛ sɛ Yehowa da a abɛn no ka wo ma wokɔ Kristofo nhyiam daa na wode wo ho hyem kosi ase. (Hebrifo 10:24, 25) Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛboa wo ma woatu mpɔn sɛ Ahenni dawurubɔfo a ɔhwehwɛ sɛ ɔboa nnipa komapafo ma wonya daa nkwa. (Asomafo Nnwuma 13:48) Ebi nso a, wubetumi afa akwan horow so ayɛ pii wɔ asafo no mu de aboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim na woahyɛ mmofra nkuran. Hwɛ sɛnea saa a wobɛyɛ no betumi ama w’ani agye afa!

Wo ne Afoforo Ntam Abusuabɔ

13. Nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho wɔ nipasu foforo a yɛbɛhyɛ no ho?

13 Esiane sɛ Yehowa da no abɛn nti, so ehia sɛ wobɔ mmɔden kɛse ‘hyɛ nipasu foforo a wɔbɔɔ no sɛnea Onyankopɔn pɛ wɔ nokware trenee ne nokwaredi pintinn mu’ no? (Efesofo 4:20-24) Bere a worenya su a Onyankopɔn wɔ no bi no, ɛda adi sɛ afoforo behu sɛ ‘worenantew Onyankopɔn honhom mu’ na woreda honhom no aba adi. (Galatifo 5:16, 22-25) So wubetumi akyerɛ nneɛma pɔtẽẽ a wo ne w’abusua ayɛ de ahyɛ nipasu foforo no? (Kolosefo 3:9, 10) Sɛ nhwɛso no, so wonim wo sɛ obi a woda ayamye adi kyerɛ wo mfɛfo gyidifo ne afoforo? (Galatifo 6:10) Kyerɛwnsɛm a wubesua daa no bɛboa wo ma woanya su a Onyankopɔn wɔ no bi, na ɛbɛboa wo ma woasiesie wo ho ama Yehowa da no.

14. Bere a obi rebɔ mmɔden sɛ obenya ahosodi no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron?

14 Na sɛ wo bo fuw ntɛmntɛm na sɛ wuhu sɛ wuhia ahosodi pii nso ɛ? Saa su no ka aba a Onyankopɔn honhom betumi ama woasow no ho. Enti bɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron sɛnea Yesu kae no: “Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom na wobebue ama mo. . . . Sɛ mo a moyɛ abɔnefo mpo nim sɛnea mode akyɛde pa ma mo mma a, hwɛ mpɛn dodow ara a Agya a ɔwɔ soro no de honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no!”—Luka 11:9-13.

15. Sɛ wo ne wo yɔnko gyidini bi ntam nyɛ papa a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

15 Fa no sɛ wo ne yɔnko gyidini bi ntam nyɛ papa. Sɛ ɛte saa a, bɔ mmɔden biara sɛ wo ne no besiesie mo ntam na ama asomdwoe ne biakoyɛ a ɛwɔ asafo no mu no atra hɔ. (Dwom 133:1-3) Fa Yesu afotu a ɛwɔ Mateo 5:23, 24 anaa Mateo 18:15-17 no yɛ adwuma. Sɛ wotaa ma owia tɔ w’abufuw so a, yɛ ntɛm siesie nneɛma. Mpɛn pii no, nea ehia ara ne sɛ wubefi wo pɛ mu de bɔne afiri. Paulo kyerɛwee sɛ: “Mo ne mo ho nni no ayamye ne ayamhyehye so, na mumfi mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo koraa no.”—Efesofo 4:25, 26, 32.

16. Nneɛma bɛn mu na ehia sɛ awarefo da ayamhyehye adi?

16 Ehia sɛ awarefo da ayamhyehye adi, na ɛtɔ bere bi nso a, wɔde bɔne firi. Sɛ ehia sɛ woda ɔdɔ ne ayamhyehye kɛse adi kyerɛ w’aware mu hokafo a, bɔ mmɔden sɛ wobɛma Onyankopɔn ne n’Asɛm aboa wo ma woayɛ saa. So ehia sɛ woyɛ biribi na woatumi de asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 7:1-5 no ayɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛtew aware mu ɔhaw so, na mo mu bi amfi ne hokafo akyi? Akyinnye biara nni ho sɛ wɔ awaresɛm a ɛte saa mu no, ehia sɛ okunu anaa ɔyere da “ayamhyehye” adi.

17. Sɛ obi ayɛ bɔne a anibere wom a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

17 Na sɛ woayɛ bɔne a anibere wom wɔ ɔkwan bi so nso ɛ? Bɔ mmɔden siesie tebea no ntɛm ara. Hwehwɛ mmoa fi Kristofo asafo no mu mpanyimfo hɔ. Wɔn mpaebɔ ne afotu bɛboa wo ma wo ne Onyankopɔn asan anya abusuabɔ pa. (Yakobo 5:13-16) Fi ahonu mu bɔ Yehowa mpae. Sɛ woanyɛ saa a, w’adwene bebu wo fɔ, na w’ahonim bɛhaw wo. Saa na ɛtoo Dawid, nanso hwɛ sɛnea ne ho tɔɔ no bere a ɔkaa ne bɔne kyerɛɛ Yehowa no! Dawid kyerɛwee sɛ: “Nhyira ne nea wɔde ne mmarato afiri no, na wɔakata ne bɔne so. Nhyira ne onipa a [Yehowa, NW] mmu n’amumɔyɛ ngu no so, na nnaadaa nni ne honhom mu.” (Dwom 32:1-5) Yehowa de wɔn a wɔyɛ bɔne nanso wofi komam nu wɔn ho no bɔne firi wɔn.—Dwom 103:8-14; Mmebusɛm 28:13.

Nyɛ Wiase no Fã

18. Ɛsɛ sɛ wubu wiase no dɛn?

18 Akyinnye biara nni ho sɛ wohwɛ wiase foforo a anigye wom a yɛn soro Agya no ahyɛ ho bɔ no kwan. Ɛnde, wubu wiase bɔne a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho no dɛn? Satan a ɔyɛ “wiase sodifo no” annya Yesu Kristo so tumi. (Yohane 12:31; 14:30) Ɛda adi sɛ wompɛ sɛ Ɔbonsam ne ne wiase no nya wo so tumi, enti tie ɔsomafo Yohane asɛm yi: “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase.” Ɛno ne adepa a ɛsɛ sɛ woyɛ, efisɛ “wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:15-17.

19. Botae bɛn na wɔhyɛ Kristofo mmofra nkuran sɛ wɔmfa nsisi wɔn ani so?

19 So woreboa wo mma ma ‘wɔatwe wɔn ho afi wiase nkekae ho’? (Yakobo 1:27) Satan pɛ sɛ ɔtwetwe wo mma kɔ ne nkyɛn te sɛ nea obi de hama twe apataa fi nsu mu no. Wɔahyehyɛ akuw ahorow a ɛtwetwe mmofra ma wɔde wɔn ho hyɛ Satan wiase no mu. Nanso Yehowa asomfo wɔ ahyehyɛde bi mu a ɛno nkutoo na ɛbɛka bere a wɔasɛe wiase bɔne yi no. Enti ɛsɛ sɛ wɔhyɛ Kristofo mmofra nkuran ma ‘wɔyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu.’ (1 Korintofo 15:58) Ɛsɛ sɛ awofo a wɔsom Onyankopɔn boa wɔn mma ma wɔde botae a ɛbɛma wɔanya anigye na wɔabɔ bra a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam sisi wɔn ani so na aboa wɔn ma wɔasiesie wɔn ho ama Yehowa da no.

Susuw Nea Ebesi wɔ Yehowa Da Kɛse no Akyi Ho

20. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma daa nkwa tra yɛn adwenem?

20 Sɛ woma daa nkwa tra w’adwenem a, wubetumi de akomatɔyam atwɛn Yehowa da no. (Yuda 20, 21) Wohwɛ kwan sɛ wobɛtra ase daa wɔ Paradise, ma enti wowɔ anidaso sɛ wobɛsan anya ahoɔden te sɛ mmabun ne bere pii a wode bɛyɛ nneɛma pa a esi w’ani so na woasua Yehowa ho ade pii. Wubetumi akɔ so asua Onyankopɔn ho ade daa efisɛ ɛnnɛ “n’akwan ano ano” anaa ne nnwuma mu ketewaa bi pɛ na nnipa nim. (Hiob 26:14) Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn ara ni!

21, 22. Dɛn na wo ne wɔn a wobenyan wɔn no betumi abɔ ho nkɔmmɔ?

21 Wɔn a wobenyan wɔn aba Paradise no betumi aka nneɛma bi a esisii tete no a yennim ho asɛm akyerɛ yɛn. Yebehu Henok ma wakyerɛkyerɛ sɛnea onyaa akokoduru de kaa Yehowa asɛm kyerɛɛ nnipa abɔnefo no mu. (Yuda 14, 15) Noa nso bɛka sɛnea ɔyɛɛ adaka no ho asɛm. Abraham ne Sara betumi aka sɛnea wɔtee nka bere a na ɛsɛ sɛ wogyaw asetra pa a na wɔwɔ wɔ Ur no hɔ na wɔkɔtra ntamadan mu no ho asɛm. Susuw nsɛm a Ester bɛka wɔ sɛnea ogyinaa pintinn kasa maa ne manfo na ɔsɛee Haman pɔw bɔne a ɔbɔe wɔ wɔn ho no ho. (Ester 7:1-6) Fa w’adwene bu sɛnea Yona bɛka nnansa a odii wɔ apataa kɛse bi yam anaa sɛnea Yohane Osuboni no bɛka sɛnea ɔtee nka bere a ɔbɔɔ Yesu asu no ho asɛm hwɛ. (Luka 3:21, 22; 7:28) Hwɛ nneɛma ara a ɛyɛ anigye a yebesua!

22 Wɔ Kristo Mfe Apem Nniso ase no, ebia wubenya hokwan aboa wɔn a wobenyan wɔn no ma wɔanya “Onyankopɔn ho nimdeɛ.” (Mmebusɛm 2:1-6) Ɛnnɛ, hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yehu sɛ nnipa renya Yehowa Nyankopɔn ho nimdeɛ na wɔde reyɛ adwuma! Nanso susuw anigye a wubenya daakye, bere a Yehowa hyira mmɔden a wobɔ sɛ wobɛkyerɛkyerɛ nnipa a wɔtraa ase tete no, na wɔde koma pa tie no ho hwɛ!

23. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

23 Nhyira a yenya sɛ Yehowa nkurɔfo nnɛ no dɔɔso ara ma yentumi nkan mpo. (Dwom 40:5) Yɛn ani sɔ Onyankopɔn nsiesiei a wayɛ ama yɛn no paa. (Yesaia 48:17, 18) Ɛmfa ho tebea biara a yɛwom no, momma yemfi yɛn koma nyinaa mu nsom bere a yɛretwɛn Yehowa da kɛse no.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn ne ‘Yehowa da no’?

• Wobɛyɛ dɛn asiesie wo ho ama Yehowa da no?

• Bere a Onyankopɔn da kɛse no abɛn yiye no, nsakrae bɛn na ebia ebehia sɛ yɛyɛ?

• Dɛn na wohwɛ kwan bere a Yehowa da no akɔ awiei no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Yesu siesiee ne ho maa sɔhwɛ

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Hwɛ hokwan ara a yebenya aboa nnipa a wɔanyan wɔn no ma wɔanya Yehowa ho nimdeɛ!