Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Malaki Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Malaki Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Malaki Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

YERUSALEM asɔredan a wɔasan asi no foforo no asi hɔ bɛboro mfe 70 ni. Nanso saa bere yi nyinaa mu no, na Yudafo no ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ asɛe koraa. Ná asɔfo no mpo abrabɔ asɛe. Hena na na ɔbɛma wɔahu tebea ankasa a wɔakɔ mu no, na wabɔ mmɔden aboa wɔn ma wɔasan abɛn Onyankopɔn? Yehowa de adwuma yi hyɛɛ odiyifo Malaki nsa.

Malaki de nsɛm a tumi wom na ɛkyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm mu nhoma a etwa to a Onyankopɔn de ne honhom kaa no ma ɔkyerɛwee no. Sɛ yetie Malaki nkɔmhyɛ nsɛm no a, ebetumi aboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho ama “[Yehowa, NW] da kɛse a ɛyɛ hu,” bere a wiase bɔne a ɛwɔ hɔ yi akɔ n’awiei no.—Malaki 4:5.

ASƆFO NO AMA “NNIPA BEBREE AHINTIW”

(Malaki 1:1–2:17)

Yehowa ka sɛnea ɔte nka wɔ Israelfo no ho sɛ: “Madɔ mo.” Nanso na asɔfo no abu Onyankopɔn din animtiaa. Dɛn na wɔde yɛɛ saa? Wɔde ‘abodoo a ɛho akum brɛ no n’afɔremuka so,’ na wɔde aboa a ɔyɛ “apakye anaa ɔyarefo bi ba” bɛbɔ afɔre.—Malaki 1:2, 6-8.

Asɔfo no ama “nnipa bebree ahintiw mmara no.” Nkurɔfo no ‘twa wɔn ho nkontompo.’ Ebinom akɔware ananafo mmea. Afoforo nso atwa wɔn “mmerantebere mu yere” nkontompo.—Malaki 2:8, 10, 11, 14-16.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

2:2—Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘domee’ asɔfo a na wɔmfa Onyankopɔn mmara nyɛ adwuma no “nhyira”? Onyankopɔn yɛɛ saa, kyerɛ sɛ na nhyira a asɔfo a wɔte saa no srɛ no bɛdan nnome mmom.

2:3—Ná ‘sɛbew a wabɔ apete’ asɔfo no anim no kyerɛ dɛn? Ná Mmara no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde aboa a wɔde bɔ afɔre no sɛbew anaa ne bin kɔ nsra no akyi kɔhyew. (Leviticus 16:27) Ná sɛbew a wɔde pete asɔfo no anim no kyerɛ sɛ Yehowa mpɛ wɔn afɔrebɔ no na obu wɔn a wɔkɔbɔ afɔre no sɛ wɔmfata.

2:13—Henanom nusu na na akata Yehowa afɔremuka so no? Ná eyinom yɛ mmea awarefo a wɔbaa asɔrefie hɔ bɛkaa wɔn koma mu asɛm kyerɛɛ Yehowa no. Dɛn na ɛma wodii awerɛhow saa? Ná wɔn kununom a wɔyɛ Yudafo no agyina nsɛnhunu biara so agyae wɔn aware sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aware ananafo mmea a wɔyɛ mmabaa.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:10. Ná Yehowa ani nnye asɔfo adifudepɛfo a na wɔtoto apon mu anaa wɔsɔ afɔremuka so gya gye ho sika no afɔrebɔ. Hwɛ sɛnea ehia sɛ yɛma Onyankopɔn ne nnipa ho dɔ kanyan yɛn ma yɛsom, a nea yɛyɛ wɔ asɛnka mu nso ka ho sen sɛ yɛbɛhwehwɛ sika afi mu!—Mateo 22:37-39; 2 Korintofo 11:7.

1:14; 2:17. Yehowa ani nnye nyaatwom ho.

2:7-9. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ hokwan sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu no hwɛ hu sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ gyina Onyankopɔn Asɛm, Kyerɛw Kronkron no, ne Bible ho nhoma a “ofiepanyin nokwafo” no yɛ so.—Luka 12:42; Yakobo 3:11.

2:10, 11. Yehowa hwɛ kwan sɛ n’asomfo bɛfa afotu a ɛka sɛ wɔnware “Awurade mu nkutoo” no aniberesɛm.—1 Korintofo 7:39.

2:15, 16. Ɛsɛ sɛ nokware asomfo di apam a wɔne wɔn mmerantebere mu yere ayɛ no so.

‘AWURADE NOKWAFO NO BƐBA N’ASƆREFI’

(Malaki 3:1–4:6)

“Mpofirim na Awurade [Yehowa Nyankopɔn]” ne “apam bɔfo [Yesu Kristo] . . . bɛba n’asɔrefi.” Onyankopɔn ‘bɛbɛn ne nkurɔfo abebu atɛn’ na ɔbɛyɛ ɔdansefo a ne ho yɛ hare ahyɛ abɔnefo nyinaa. Bio nso, wɔbɛkyerɛw “nkae nhoma” ama wɔn a wosuro Yehowa no.—Malaki 3:1, 3, 5, 16.

Ɛda a “ɛbɛhyew sɛ ɔfononoo,” bɛba abɛsɛe abɔnefo nyinaa. Wɔbɛsoma odiyifo ma ‘wabɛdan agyanom koma aba mma so, ne mma koma aba agyanom so’ ansa na saa da no aba.—Malaki 4:1, 5, 6.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

3:1-3—Bere bɛn na ‘Awurade nokwafo’ ne “apam bɔfo” no baa asɔrefie hɔ, na hena na wodii kan somaa no? Yehowa nam n’anammusini so baa n’asɔrefie hɔ bɛtew ho wɔ Nisan 10, afe 33 Y.B. mu. Saa bere no na Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ kɔpam adetɔnfo ne adetɔfo no fii hɔ. (Marko 11:15) Bere a wɔsraa Yesu sɛ Ɔhene a Wɔapaw no mfe abiɛsa ne fã akyi na eyi sii. Nea ɛne eyi di nsɛ no, ɛte sɛ nea bere a wɔde Yesu sii ade so wɔ soro sɛ Ɔhene mfe abiɛsa ne fã akyi no, Yesu ne Yehowa baa honhom mu asɔrefie hɔ na wobehui sɛ ehia sɛ wɔtew Onyankopɔn nkurɔfo ho. Wɔ afeha a edi kan mu no, wɔsomaa Yohane Osuboni no ma okosiesiee Yudafo no adwene maa Yesu Kristo mmae. Ɛnnɛ mmere mu nso, wodii kan somaa obi ma obesiesiee kwan mu maa ba a Yehowa baa ne honhom mu asɔrefie no. Wɔ afe 1880 mfe no mu tɔnn na Bible asuafo kuw bi fii ase yɛɛ Bible nkyerɛkyerɛ adwuma bi a na ɛbɛma wɔde Bible mu nokware atitiriw pii akyerɛkyerɛ nnipa komapafo.

3:10—So “ntotoso du du no nyinaa” a yɛde bɛba no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde nea yɛwɔ nyinaa ma Yehowa? Yesu wu no beyii Mose Mmara no fii hɔ, enti Onyankopɔn nhwehwɛ sɛ yeyi yɛn sika mu ntotoso du du ma no. Nanso ntotoso du du gyina hɔ ma biribi. (Efesofo 2:15) Ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde nea yɛwɔ nyinaa ma Yehowa. Ɛwom sɛ na woyi ntotoso du du no afe afe de, nanso yɛn de, yɛde nea yɛwɔ nyinaa ma Yehowa pɛnkoro—bere a yehyira yɛn ho so ma no na yɛde nsu mu asubɔ yɛ ho sɛnkyerɛnne no. Efi saa bere no, biribiara a yɛwɔ no yɛ Yehowa dea. Nanso ɔma yɛn kwan ma yeyi nea yɛwɔ no bi de yɛ ne som adwuma. Ɛyɛ nea yɛn tebea ma yɛn kwan ne nea yɛn koma ka yɛn sɛ yɛmfa mma. Nneɛma a yɛde bɔ afɔre ma Yehowa no bi ne yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahode a yɛde yɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no. Kristofo nhyiam a yɛkɔ, yɛn mfɛfo gyidifo a wɔyare ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim a yɛkɔsra wɔn, ne sika a yeyi de boa nokware som no nso ka ho.

4:3—Ɔkwan bɛn so na Yehowa asomfo ‘betiatia abɔnefo so’? Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ asase so remfa wɔn nan ankasa ‘ntiatia abɔnefo so,’ kyerɛ sɛ, ɛnyɛ wɔne Onyankopɔn na ebebu wɔn atɛn. Mmom no, eyi kyerɛ sɛ Yehowa asomfo a wɔwɔ asase so bɛyɛ saa sɛnkyerɛnne kwan so bere a wofi wɔn koma nyinaa mu di Satan wiase a ɛbɛba awiei no ho ahurusi no.—Dwom 145:20; Adiyisɛm 20:1-3.

4:4—Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛkae Mose mmara no’? Kristofo nni saa Mmara no ase, nanso na ɛyɛ “nneɛma pa a ɛbɛba no sunsuma.” (Hebrifo 10:1) Enti sɛ yesusuw Mose Mmara no ho a, ebetumi aboa yɛn ma yɛahu sɛnea nsɛm a wɔakyerɛw wom no nya mmamu. (Luka 24:44, 45) Mmara no kura “ɔsoro nneɛma nsusuwso” nso. Sɛ yɛbɛte Kristofo nkyerɛkyerɛ ne wɔn abrabɔ ase a, ɛho hia sɛ yesua Mmara no.—Hebrifo 9:23.

4:5, 6—“Odiyifo Elia” gyina hɔ ma hena? Wɔhyɛɛ nkɔm sɛ “Elia” bɛba abɛtoto nneɛma, kyerɛ sɛ obesiesie nnipa koma. Wɔ afeha a edi kan mu no, Yesu Kristo kae sɛ Yohane Osuboni no yɛ “Elia.” (Mateo 11:12-14; Marko 9:11-13) Wɔadi kan asoma nea ogyina hɔ ma Elia nnɛ no “ansa na [Yehowa, NW] da kɛse a ɛyɛ hu no aba.” Ɛnnɛ, Elia nyɛ obiara sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no. (Mateo 24:45) Kristofo a wɔasra wɔn yi de nsi reboa nkurɔfo ma wɔne Onyankopɔn asan anya abusuabɔ.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

3:10. Sɛ yɛamfa nea eye sen biara amma Yehowa a, yɛrennya ne nhyira.

3:14, 15. Esiane asɔfo no nhwɛso bɔne nti, Yudafo no fii ase buu Onyankopɔn som sɛ ɛso nni mfaso ahe biara. Ɛsɛ sɛ wɔn a wodi Kristofo asafo no anim no yɛ nhwɛso pa.—1 Petro 5:1-3.

3:16. Yehowa kae wɔn a wosuro no na wodi no nokware no. Ɔkae wɔn, na sɛ ɔde Satan wiase no ba awiei a, ɔbɛkora wɔn so. Enti momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so adi Onyankopɔn nokware.—Hiob 27:5.

4:1. Sɛ edu Yehowa atemmu da no a, “ntini” ne “bãa” nyinaa—mmofra ne wɔn awofo nyinaa—benya atemmu koro. Hwɛ asɛyɛde ara a awofo wɔ wɔ wɔn mma nkumaa ho! Ɛsɛ sɛ agyanom ne ɛnanom a wɔyɛ Kristofo bɔ mmɔden yiye sɛ wobenya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim na wɔne no nya abusuabɔ pa.—1 Korintofo 7:14.

“Suro Onyankopɔn”

Hena na wobegye no wɔ “[Yehowa, NW] da kɛse a ɛyɛ hu no” mu? (Malaki 4:5) Yehowa ka sɛ: “Mo a musuro me din no, trenee wia bepue ama mo, na ɔyaresa wɔ ne ntaban ase, na mubefi adi ahuruhuruw sɛ anantwiforo a wɔadi adɔ.”—Malaki 4:2.

“Trenee wia,” Yesu Kristo, pue wɔn a wosuro Onyankopɔn din no so, na wonya Yehowa anim dom. (Yohane 8:12) Wonya “ɔyaresa wɔ ne ntaban ase” nso—wɔne Onyankopɔn nya abusuabɔ pa nnɛ, na wobenya nipadua, adwene ne nkate mu ayaresa koraa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. (Adiyisɛm 22:1, 2) Esiane sɛ wɔn ani agye na wɔredi ahurusi nti, wɔyɛ wɔn ade te sɛ “anantwiforo a wɔadi adɔ.” Bere a yɛrehwɛ nhyira a ɛte saa kwan no, momma yentie Ɔhene Salomo afotusɛm yi: “Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.”—Ɔsɛnkafo 12:13.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Odiyifo Malaki, Onyankopɔn somfo a ɔyɛ nsi na ɔwɔ ahofama

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nkyerɛkyerɛ gyina Bible so

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Yehowa asomfo di apam a wɔne wɔn aware mu hokafo ayɛ so