Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Mu Nnipa Pii Bisa Ade Koro

Wiase Mu Nnipa Pii Bisa Ade Koro

Wiase Mu Nnipa Pii Bisa Ade Koro

WO DE susuw ho hwɛ sɛ nnipa ɔpepem pii rebisa ade koro. Wɔrebisa nea ɔwɔ tumi sen biara wɔ amansan yi mu sɛ onni wɔn abisade pɔtẽẽ bi ho dwuma mma wɔn. Nanso wɔn mu kakraa bi pɛ na wonim ade a wɔrebisa no. Wugye di sɛ ebetumi aba saa? Nokwarem no, esi da biara. Dɛn na nnipa yi nyinaa rebisa? Wɔpɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni ba!

Akontaabu bi kyerɛ sɛ, ɔsom ahorow bɛyɛ 37,000 a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no gye di sɛ Yesu Kristo ne wɔn Kannifo. Nnipa bɛboro ɔpepepem abien na wɔwɔ ɔsom ahorow yi mu. Wɔn mu pii bɔ mpae a wɔtaa frɛ no Yɛn Agya a Ɔwɔ Soro anaa Awurade Mpaebɔ no. Wunim saa mpaebɔ yi? Sɛnea Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no, efi ase sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro.”—Mateo 6:9, 10.

Mfe pii ni na nyamesomfo aka saa nsɛm no mpɛn pii wɔ wɔn asɔre ahorow mu. Mmusua ne ankorankoro nso aka, na nkurɔfo ka bere a wɔn ani agye ne bere a wɔn werɛ ahow. Wofi wɔn koma nyinaa mu aka saa nsɛm no. Nnipa afoforo pii akyere agu wɔn tirim na wɔka no kɛkɛ a wonnwen ho. Ɛnyɛ ɔsom ahorow a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo yi nkutoo na wɔahwɛ Onyankopɔn Ahenni kwan na wɔabɔ ho mpae.

Wɔn a Wɔnyɛ Kristofo Nso Bisa Ade Koro no Ara

Yudasom mu mpae a nkurɔfo nim no yiye no ne nea wɔbɔ no daa wɔ wɔn hyiadan mu anaa bere a obi busuani a ɔbɛn no awu no. Ɛwom sɛ ɛmfa owu anaa awerɛhodi ho de, nanso wɔtaa ka bere a obi awu no. Mpae no ka sɛ: “[Onyankopɔn] mma n’Ahenni mmra wɔ wo bere so . . .  ɔmma ɛmmra ntɛm.” * Mpae foforo a na wɔbɔ no hyiadan mu tete no ka Mesia Ahenni a wɔn ani da so a na ɛnam Dawid abusua so bɛba no ho asɛm.

Afoforo a wɔnyɛ Kristofo nso ani gye Onyankopɔn Ahenni no ho. India atesɛm krataa, The Times of India kyerɛ sɛ, India som mu kannifo bi a ogyee din wɔ afeha a ɛto so 19 no mu a na ɔpɛ sɛ ohu ade a ɛka Hindufo, Nkramofo, ne Kristofo bom no kae sɛ: “Sɛ nnipa a wɔwɔ atɔe ne apuei fam anka ammom a, Onyankopɔn ahenni ankasa remma da.” Na ɔpanyin a ɔhwɛ Nkramofo sukuu bi a ɛwɔ Strathfield, Australia so no kyerɛw wɔ atesɛm krataa bi mu nnansa yi sɛ: “Sɛnea Nkramofo nyinaa gye di no, migye di sɛ Yesu bɛsan aba de Onyankopɔn Ahenni ankasa abesi hɔ.”

Akyinnye biara nni ho sɛ, nnipa ɔpepem pii na seesei wɔrehwɛ Onyankopɔn Ahenni kwan na wɔrebɔ ho mpae. Nanso susuw nokwasɛm yi ho hwɛ.

Ebia wunim sɛ yɛn, Yehowa Adansefo a yetintim nsɛmma nhoma yi kɔ afie ne afie mu wɔ wo mpɔtam hɔ ne nkurɔfo kosusuw Bible no ho. Yɛrekyerɛw asɛm yi na yɛreyɛ adwuma yi wɔ wiase nyinaa wɔ nsase 236 so wɔ kasa bɛboro 400 mu. Ade titiriw a yɛreka ho asɛm ne Onyankopɔn Ahenni no. Nokwarem no, hyɛ no nsow sɛ nsɛmma nhoma yi din ne Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ. Yɛtaa bisa nkurɔfo sɛ ebia wɔbɔ saa Ahenni no ho mpae anaa. Wɔn mu dodow no ara bua sɛ, yiw. Nanso sɛ yebisa wɔn sɛ saa Ahenni no yɛ dɛn a, mmuae a nnipa dodow no ara de ma kyerɛ sɛ ‘wonnim,’ anaa mmuae a wɔde ma no mu nna hɔ.

Dɛn nti na nnipa pii bisa ade a wontumi nkyerɛkyerɛ mu? So ɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛyɛ den a wontumi nte ase ntia? Dabi. Wɔakyerɛkyerɛ Ahenni no mu yiye ma emu ada hɔ wɔ Bible mu. Bio nso, Ahenni no ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no betumi ama woanya anidaso ankasa wɔ mmere a ɔhaw wom yi mu. Yebehu sɛnea Bible kyerɛkyerɛ saa anidaso no mu wɔ asɛm a edi hɔ no mu. Afei yebehu bere a wobebua Yesu mpae a ɛka sɛ Ahenni no mmra no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Yudasom mu mpae a wɔbɔ no nso ka sɛ Onyankopɔn din ho ntew saa ara sɛnea ɛwɔ Yesu mpae a ɔkyerɛe no mu no. Nkurɔfo adwene ntumi nhyia wɔ sɛ ebia na wɔbɔ Yudafo mpae no wɔ Kristo bere so ansa na ɔreba no ho de, nanso ɛnsɛ sɛ sɛnea ɛne Yesu mpae a ɔkyerɛe no di nsɛ no yɛ yɛn nwonwa. Ná Yesu mpae no mu nsɛm nyɛ biribi foforo biara. Ná abisade biara a ɛwom no gyina Kyerɛwnsɛm a na Yudafo nyinaa wɔ bi saa bere no so. Ná Yesu rehyɛ ne mfɛfo Yudafo no nkuran sɛ wɔmmɔ nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wɔbɔ ho mpae fi teteete no ho mpae.