Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere Bɛn na Onyankopɔn Ahenni Bɛba?

Bere Bɛn na Onyankopɔn Ahenni Bɛba?

Bere Bɛn na Onyankopɔn Ahenni Bɛba?

“AWURADE, saa bere yi na wode ahenni no resan asi hɔ ama Israel anaa?” (Asomafo Nnwuma 1:6) Ná asomafo no ho pere wɔn sɛ wobehu bere a Yesu de n’Ahenni no besi hɔ. Bɛyɛ mfe 2,000 ni no, nnipa da so ara pɛ sɛ wohu: Bere bɛn na Onyankopɔn Ahenni no bɛba?

Esiane sɛ na Yesu asɛnka no asɛmti ne Ahenni no nti, ebia wubesusuw sɛ obuaa asɛmmisa yi. Ampa, ɔyɛɛ saa! Ɔkaa bere pɔtẽẽ bi a na nsɛm besisi a ɔfrɛɛ no sɛ ne “mmae” no ho asɛm mpɛn pii. (Mateo 24:37) Saa mmae no fa Mesia Ahenni a wɔde besi hɔ no ho paa. Dɛn ne mmae yi? Ma yensusuw nokwasɛm ahorow anan a Bible ma yehu fa Kristo mmae ho no ho.

1. Kristo wu akyi bere tenten bi na ne mmae no befi ase. Wɔ mfatoho bi a Yesu mae mu no, ɔde ne ho totoo ɔbarima bi a ‘otuu kwan kɔɔ asase bi so akyirikyiri sɛ ɔrekogye ahenni tumi aba’ ho. (Luka 19:12) Ɔkwan bɛn so na mfatoho a ɛyɛ nkɔmhyɛ yi baa mu? Yesu wui na wonyanee no; na afei otuu kwan kɔɔ “asase bi so akyirikyiri,” a ɛno ne ɔsoro. Sɛnea Yesu hyɛɛ ho nkɔm wɔ mfatoho foforo a ɛte saa mu no, na ɔbɛsan aba abedi tumi sɛ ɔhene wɔ “bere tenteenten” bi “akyi.”—Mateo 25:19.

Yesu kɔɔ ɔsoro mfe bi akyi no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔbarima yi [Yesu] bɔɔ afɔre biako maa bɔne afebɔɔ, na ɔkɔtraa Onyankopɔn nsa nifa, na efi saa bere no ɔretwɛn akosi sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ntiaso.” (Hebrifo 10:12, 13) Enti bere a Yesu koduu soro no, ɔtwɛn bere tenteenten bi. Bere tenten a ɔde twɛnee no baa awiei bere a Yehowa Nyankopɔn maa ne Ba no yɛɛ Mesia Ahenni a wɔhyɛɛ ho bɔ bere tenten no so Hene no. Saa bere no na Kristo mmae no fii ase. So na nnipa a wɔwɔ asase so de wɔn aniwa behu adeyɛ titiriw yi?

2. Nnipa ntumi mfa wɔn aniwa ankasa nhu Yesu mmae no. Kae sɛ Yesu kaa ne mmae ho sɛnkyerɛnne ho asɛm. (Mateo 24:3) Sɛ nnipa de wɔn aniwa na ebehu ne mmae no a, anka sɛnkyerɛnne bi ho behia? Mfatoho bi ni: Fa no sɛ woretu kwan akɔhwɛ po. Ebia wubehu agyiraehyɛde bi a esisi kwan ho a ɛrekyerɛ wo kwan, nanso sɛ wudu po no ano na wuhu sɛ ɛda hɔ kakraa a, so wobɛhwɛ kwan sɛ wubehu agyiraehyɛde foforo bi a wɔde nkyerɛwee akɛse akyerɛw “Po” wɔ so a ɛrekyerɛ wo sɛ po no ni? Dabida! Dɛn nti na ade a wubetumi de w’aniwa ahu no, ɛsɛ sɛ wɔma wo ho agyiraehyɛde?

Nea enti a Yesu kaa ne mmae ho sɛnkyerɛnne ho asɛm ne sɛ, ɛbɛboa nnipa ma wɔahu biribi a ebesi wɔ ɔsoro, na ɛnyɛ biribi a wɔde wɔn aniwa behu. Enti Yesu kae sɛ: “Onyankopɔn ahenni no remma mma wonhu no pefee.” (Luka 17:20) Ɛnde, na ɛbɛyɛ dɛn na sɛnkyerɛnne no ama nnipa a wɔwɔ asase so no ahu bere a Kristo mmae no fii ase?

3. Ɔhaw pii bɛba asase so wɔ Yesu mmae no mu. Yesu kae sɛ akodi, ɔkɔm, asasewosow, ɔyaredɔm, ne amumɔyɛ a ɛbɛba asase so no na ɛbɛkyerɛ sɛ waba, na ɔredi ade sɛ Ɔhene wɔ ɔsoro. (Mateo 24:7-12; Luka 21:10, 11) Dɛn na ɛde amanehunu yi nyinaa bɛba? Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ Satan, “wiase yi sodifo” no bo afuw paa efisɛ onim sɛ seesei a Kristo aba a wafi ase redi hene no, ne bere a aka yɛ tiaa koraa. (Yohane 12:31; Adiyisɛm 12:9, 12) Yehu adanse pii a ɛkyerɛ sɛ Satan bo afuw paa, na Kristo nso aba, wɔ yɛn bere yi mu. Adanse yi ada adi kɛse paa wɔ wiase nyinaa fi afe 1914 titiriw, afe a abakɔsɛm akyerɛwfo gye tom sɛ nneɛma ani danee koraa no.

Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ eyi nyinaa yɛ asɛmmɔne, nanso ɛnte saa. Ɛkyerɛ sɛ Mesia Ahenni no redi tumi wɔ soro seesei. Ɛrenkyɛ saa aban no bedi tumi wɔ asase nyinaa so. Nanso, ɛbɛyɛ dɛn na nkurɔfo ate Ahenni no ho asɛm na wɔagye ne nniso no atom abɛyɛ ne manfo?

4. Wɔbɛka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa wɔ Yesu mmae no mu. Yesu kae sɛ ne mmae no bɛyɛ sɛ “Noa nna no.” * (Mateo 24:37-39) Ɛnyɛ adaka nko na Noa pamee; ná ɔyɛ “trenee sɛnkafo” nso. (2 Petro 2:5) Noa bɔɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛ Onyankopɔn de atemmu reba. Yesu kae sɛ n’akyidifo a wɔwɔ asase so no bɛyɛ biribi a ɛte saa wɔ ne mmae no mu. Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14.

Sɛnea yehui wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, Onyankopɔn Ahenni beyi aban ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa afi hɔ. Asɛnka adwuma no ma nkurɔfo hu sɛ ɛrenkyɛ ɔsoro nniso yi bɛkeka ne ho, na ɛrema nnipa nyinaa anya hokwan aguan ɔsɛe a ɛreba no na wɔabɛyɛ Ahenni no manfo. Ɛnde asɛmmisa a ɛho hia ne sɛ, Wobɛyɛ dɛn wɔ ho?

So Onyankopɔn Ahenni de Biribi Pa Bɛbrɛ Wo?

Yɛrentumi mfa biribiara ntoto Yesu asɛnka no ho. Bere a wɔtew atua wɔ Eden wɔ mfe mpempem pii a atwam no mu no, Yehowa Nyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛma Ahenni bi abesiesie nneɛma, na ama adesamma anokwafo asan akɔ tebea a Onyankopɔn pɛe sɛ wɔtra mu fi mfiase no mu—sɛ́ wɔbɛtra ase daa wɔ paradise wɔ asase so ha. Dɛn na ebetumi ayɛ anigye asen hu a yehu sɛ nniso a wɔhyɛɛ ho bɔ bere tenteenten no redi tumi wɔ ɔsoro seesei? Ɛnyɛ nsusuwii hunu bi, na mmom ɛyɛ nokwasɛm ankasa!

Seesei Onyankopɔn Hene a wapaw no no redi tumi wɔ n’atamfo mfinimfini. (Dwom 110:2) Wɔ wiase a aporɔw a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho mu yi, Mesia no reyɛ n’Agya apɛde a ɛne sɛ ɔbɛhwehwɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wohu Onyankopɔn yiye na wɔsom no wɔ “honhom ne nokware mu” no. (Yohane 4:24) Nnipa a wofi mmusua nyinaa mu, ɛsono mfe a wɔadi, ne dibea a wɔwɔ wɔ asetra mu nyinaa betumi anya anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso no ase. (Asomafo Nnwuma 10:34, 35) Yɛhyɛ wo nkuran sɛ mma hokwan a ɛyɛ anigye saa mmɔ wo. Sua Onyankopɔn Ahenni ho ade nnɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi atra ase daa wɔ ne trenee nniso no ase!—1 Yohane 2:17.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Yesu asɛm yi boa yɛn ma yɛteɛ sɛnea Bible nkyerɛase ahorow bi nkyerɛ asɛmfua “mmae” ase yiye no. Nkyerɛase no bi kyerɛ ase “ɔreba,” anaa “sanba,” a ne nyinaa kyerɛ bere tiaa mu adeyɛ bi. Nanso hyɛ no nsow sɛ, Yesu amfa ne mmae no antoto Noa Nsuyiri no, biribi a esii wɔ bere pɔtẽẽ bi mu ho, na mmom ɔde totoo “Noa nna,” bere tenten bi a nsɛm akɛse sisii ho. Sɛnea na ɛte wɔ tete mmere no mu no, saa ara na nneɛma a nnipa yɛ da biara no begye wɔn bere wɔ Kristo mmae no mu ma enti wɔrentie kɔkɔbɔ a wɔde rema no.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8, 9]

Asɛmmɔne a yɛte da biara no kyerɛ sɛ nneɛma pa nam kwan so reba

[Asɛm Fibea]

Otuo: U.S. Army photo