Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa “Nsɛm a Ɛyɛ Dɛ” Hyɛ W’abusua Den

Fa “Nsɛm a Ɛyɛ Dɛ” Hyɛ W’abusua Den

Fa “Nsɛm a Ɛyɛ Dɛ” Hyɛ W’abusua Den

BERE a David te kar mu retwɛn ne yere no, kakra a, na wahwɛ nea abɔ, na ɛma ne bo fuwii kɛse. Bere a ne yere, Diane pue baa abɔnten no, wantumi anhyɛ n’abufuw so.

Ɔde abufuw kae sɛ, “Adɛn na woama matwɛn wo akyɛ saa? Da biara woka akyi! Enti da koro koraa nni hɔ a wubetumi ayɛ no ntɛm?”

Diane werɛ howee. Ɔde nusu yɛɛ ntɛm san wuraa fie. Ntɛm ara na David hui sɛ wanyɛ no yiye. N’abufuw no asɛe asɛm no koraa. Afei dɛn na ɔbɛyɛ? Osi fii kar no mu guu ahome kɛse, na odii ne yere akyi bɔkɔɔ kowuraa fie.

Mfatoho yi yɛ asɛm a esi ankasa, ɛnte saa? So woaka asɛm bi ma akyiri yi woanu wo ho pɛn? Sɛ yɛannwen ansa na yɛakasa a, yɛtaa ka nsɛm a akyiri yi yenu yɛn ho. Ɛfata sɛ Bible ka sɛ: “Ɔtreneeni koma dwen mmuae ho.”—Mmebusɛm 15:28.

Nanso ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebedwen asɛm ho yiye ansa na yɛaka, titiriw bere a yɛn bo afuw, ehu aka yɛn, anaa obi ayɛ biribi ma ahaw yɛn no. Ne titiriw no, sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne yɛn abusua muni a ɔbɛn yɛn paa bedi nkitaho a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛkasa atia no anaa yɛbɛbɔ no sobo. Ɛno betumi ahaw onii no anaa ɛde akyinnyegye aba.

Dɛn na yebetumi ayɛ ama nneɛma ayɛ yiye? Yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ yɛn abufuw so? Yebetumi anya afotu a ɛbɛboa yɛn afi Bible kyerɛwfo Salomo hɔ.

Susuw Nea Wobɛka ne Sɛnea Wobɛka no Ho

Bere a Salomo a ɔkyerɛw Ɔsɛnkafo nhoma a ɛwɔ Bible mu no kyerɛw sɛnea asetra mu nneɛma yɛ ahuhude ho asɛm anibere so no, ɛda adi sɛ na ɛho asɛm haw no paa. Ɔkae sɛ: “Asetra fonoo me.” Bere bi nso, ɔkae sɛ ɛyɛ “ahuhude mu ahuhude.” (Ɔsɛnkafo 2:17; 12:8) Nanso ɛnyɛ nneɛma a na ɛhaw Salomo nko na ɛwɔ Ɔsɛnkafo nhoma no mu. Ná osusuw sɛ ɛmfata sɛ ɔka abrabɔ mu ɔhaw nkutoo ho asɛm. Wɔ nhoma no awiei no, Salomo daa no adi sɛ ‘ɔhwehwɛe sɛ obehu nsɛm a ɛyɛ dɛ, na wakyerɛw trenee ne nokware nsɛm.’—Ɔsɛnkafo 12:10.

Ɛda adi sɛ Salomo hui sɛ na ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ne ho so. Sɛ yɛbɛka a, ɔkɔɔ so bisaa ne ho sɛ: ‘So nea mepɛ sɛ meka no yɛ nokware ankasa? Sɛ meka asɛm yi a, so ɛbɛyɛ afoforo dɛ na wɔagye atom?’ Esiane sɛ ɔhwehwɛɛ “nsɛm a ɛyɛ dɛ” a ɛyɛ nokware nti, wamma sɛnea na ɔte nka no anhyɛ ne nsusuwii so.

Nea efii mu bae ne sɛ Ɔsɛnkafo nhoma no mu nsɛm di mũ, na nyansa a efi Onyankopɔn hɔ a ɛma yehu nea enti a yɛte nkwa mu nso ahyɛ mu ma. (2 Timoteo 3:16, 17) Sɛ yɛfa ɔkwan a Salomo kaa ho asɛm no so susuw asɛm bi a ɛhyɛ abufuw paa ho a, so ebetumi aboa ma yɛne yɛn adɔfo adi nkitaho yiye? Susuw nhwɛso bi ho hwɛ.

Sua sɛ Wobɛhyɛ Wo Ho So

Sɛ nhwɛso no, yɛmfa no sɛ abarimaa bi afi sukuu aba fie a okura ne sɔhwɛ ho krataa a ne werɛ ahow. Ne papa hwɛ ne sɔhwɛ ho krataa no mu na ohu sɛ wammɔ mmɔden wɔ biako mu. Ɛhɔ ara papa no bo fuw, na ɔkaakae sɛ na ne ba no ntaa nyɛ sukuu dwumadi a wɔde ma no sɛ ɔmmɛyɛ wɔ fie no. Ɛyɛ ne papa no sɛ ɔnka nkyerɛ no sɛ: “Woyɛ ɔkwadwofo paa! Sɛ wokɔ so bɔ wo bra sei a, ɛrensi wo yiye da!”

Ansa na papa no bo befuw no, ɛfata sɛ obisa ne ho sɛ, ‘So nea meredwen ho yi yɛ nokware ankasa?’ Asɛmmisa yi betumi aboa no na ne bo amfuw ma wammu n’ani angu nokwasɛm a ɛwom so. (Mmebusɛm 17:27) Esiane sɛ ne ba no ammɔ mmɔden wɔ sɔhwɛ no biako mu nti, so ɛrensi no yiye ampa? So ɔyɛ akwadworɔ wɔ biribiara mu, anaasɛ nea ɔresua wɔ sukuu no mu bi yɛ den ma no sɛ ɔbɛte ase nti na ɔnyɛ dwumadi a wɔde ma no no? Bible ka no mpɛn pii sɛ mfaso wɔ so sɛ yebenya ntease wɔ nsɛm ho. (Tito 3:2; Yakobo 3:17) Sɛ ɔwofo betumi ahyɛ ne ba den a, ehia sɛ ɔka ‘nsɛm a ɛyɛ nokware.’

Hwehwɛ Nsɛmpa

Sɛ agya no hu nea ɔbɛka a, obetumi abisa ne ho sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn aka asɛm no ma ayɛ me ba no dɛ na wagye atom?’ Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebenya nsɛmpa aka. Nanso ehia sɛ awofo kae sɛ mmabun taa nya adwene sɛ sɛ wontumi nyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ a, na mfaso biara nni wɔn so. Ebia wɔbɛfa ade biako a wɔmmɔ mu mmɔden no aniberesɛm dodo ma ahyɛ wɔn so. Sɛ ɔwofo bi yɛ ade ma ɛboro so a, ebetumi ama ne ba no ate nka sɛ ne so nni mfaso biara. Kolosefo 3:21 ka sɛ: “Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuw na wɔn abam ammu.”

Nsɛm te sɛ “da biara” ne “da” a wɔde ka asɛm ho ka no yɛ nsɛm a wɔhããhãã ani ka. Sɛ ɔwofo bi ka kyerɛ ne ba sɛ, “Woremmɔ bra biara da” a, so ɛremmu abofra no abam? Sɛ wɔkasa tia abofra saa wɔ nneɛma pii mu a, abofra no besusuw sɛ ɛrensi no yiye da. Nokwarem no, eyi bu abam na ɛnyɛ nokware nso.

Mpɛn pii no, eye koraa sɛ yɛbɛka nneɛma pa a ɛwɔ tebea biara mu no ho asɛm mmom. Agya a ɔwɔ mfatoho a yɛaka ho asɛm no mu no betumi aka biribi sɛɛ: “Me ba, mihu sɛ sɔhwɛ biako a woammɔ mmɔden wom no ahaw wo. Minim sɛ womfa wo sukuu dwumadi nni agoru. Enti ma yɛnka nea woammɔ mu mmɔden no ho asɛm na yɛnhwɛ ɔkwan a wobɛfa so adi ɔhaw biara a ebia worehyia wɔ ho no so.” Nea ɛbɛyɛ na agya no ahu ɔkwan pa a obetumi afa so aboa ne ba no, obetumi abisa nsɛm pɔtẽẽ ahu sɛ ebia abofra no wɔ ɔhaw bi anaa.

Ɛda adi sɛ ayamye mu a ɔwofo no befi asusuw nsɛm ho yiye saa no bɛboa koraa asen sɛ ɔde abufuw bɛkasa. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ . . . ɔkra adɔkɔdɔkɔde ne nnompe akwahosan.” (Mmebusɛm 16:24) Mmofra ne abusua mufo nyinaa hia ofie a ɔdɔ ne asomdwoe wom na asi wɔn yiye.

“Nea Ayɛ Koma Mã Aboro So”

San susuw okunu a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no ho hwɛ. So anka ɛrenyɛ papa sɛ ɔbɛtɔ ne bo ase ahwehwɛ “nsɛm a ɛyɛ dɛ” a ɛyɛ nokware sen sɛ ɔde abufuw bɛkasa akyerɛ ne yere? Ɛsɛ sɛ okunu a ɔwɔ tebea a ɛte saa mu bisa ne ho sɛ: ‘Sɛ ehia sɛ me yere bɔ mmɔden sɛ obewie ntɛm mpo a, so ɛyɛ nokware paa sɛ da biara ɔka akyi? Saa bere yi yɛ bere pa a ɛsɛ sɛ meka eyi ho asɛm? So abufuw a mede bɛkasa atia ɔbea no bɛka no ma wayɛ nsakrae?’ Sɛ yebisa yɛn ho nsɛm a ɛte saa a, ɛremma yɛnhyɛ da nka nsɛm a ɛbɛhaw yɛn adɔfo.—Mmebusɛm 29:11.

Sɛ́ abusua no, sɛ yɛresusuw nsɛm ho na ɛtaa kowie akyinnyegye mu nso ɛ? Ebia ebehia sɛ yɛhwehwɛ mu kɔ akyiri, na yesusuw nea ɛma yɛkasa saa no ho. Nea yɛka bere a yɛahaw anaa bere a nneɛma ahyɛ yɛn so titiriw no betumi ama wɔahu nea ɛwɔ yɛn komam ankasa. Yesu kae sɛ: “Nea ayɛ koma mã no na ano ka.” (Mateo 12:34) Anaa nsɛm a yɛka taa ma nea ɛwɔ yɛn komam ankasa, nea yɛpɛ, ne yɛn su da adi.

So yɛwɔ anidaso sɛ nneɛma bɛyɛ yiye? Ɛnde, ɛnne a yɛde kasa ne nsɛm a yɛka wɔ yɛn nkɔmmɔbɔ mu bɛkyerɛ saa. So yɛn asɛm yɛ den anaa yɛwɔ afoforo ho adwene a ɛnteɛ? Sɛ saa a, ɛnde nsɛm a yɛka anaa sɛnea yɛkasa no betumi abu afoforo abam. Ebia yenhui sɛ yɛn nsusuwii ne nsɛm a yɛka mfata. Ebia yesusuw mpo sɛ adwene a yɛwɔ wɔ nneɛma ho no teɛ. Nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannaadaa yɛn ho.—Mmebusɛm 14:12.

Anigyesɛm ne sɛ yɛwɔ Onyankopɔn Asɛm. Bible betumi aboa yɛn ma yɛahwehwɛ yɛn nsusuwii mu na yɛahwɛ nea ɛteɛ ne nea ɛho hia sɛ yɛyɛ ho biribi. (Hebrifo 4:12; Yakobo 1:25) Ɛmfa ho su a wɔde woo yɛn anaa ntetee a ebia yenyae no, sɛ yɛpɛ a, yɛn nyinaa betumi asesa sɛnea yesusuw nneɛma ho ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade.—Efesofo 4:23, 24.

Bible a yɛde bedi dwuma akyi no, yebetumi ayɛ biribi foforo de ahwehwɛ sɛnea yɛne afoforo kasa mu. Yebetumi abisa afoforo. Sɛ nhwɛso no, bisa wo kunu anaa wo yere anaa wo ba ma ɔnka sɛnea wo ne afoforo kasa ho asɛm nkyerɛ wo. Anaa bisa w’adamfo a ne ho akokwaw na onim wo yiye. Ebegye ahobrɛase na woagye nea wɔbɛka akyerɛ wo no atom na woayɛ nsakrae biara a ebia ebehia.

Dwen Ansa na Woakasa!

Awiei koraa no, sɛ yɛmpɛ sɛ yɛbɛka asɛm ma ahaw afoforo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea Mmebusɛm 16:23 ka yi: “Mmadwemma [kyerɛ sɛ, anyansafo] dwen ansa na wɔakasa; ɛma nea wɔka no yɛ dɛ.” (Today’s English Version) Ɛnyɛ bere nyinaa na ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho so. Nanso sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛte afoforo ase sen sɛ yɛbɛbɔ wɔn sobo anaa yebebu wɔn animtiaa a, ɛnde ɛrenyɛ den sɛ yebenya nsɛmpa aka.

Nokwarem no, yɛn nyinaa tɔ sin. (Yakobo 3:2) Ɛtɔ mmere bi a yɛn nyinaa kasa a yennwen ho. (Mmebusɛm 12:18) Nanso Onyankopɔn Asɛm betumi aboa yɛn ma yɛasua sɛnea yebedwen ansa na yɛakasa, na yɛasusuw afoforo nkate ne nea wɔpɛ ho asen yɛn ankasa de. (Filipifo 2:4) Momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛhwehwɛ “nsɛm a ɛyɛ dɛ” na ɛyɛ nokware, titiriw bere a yɛne yɛn abusua mufo rekasa no. Sɛ yɛyɛ saa a, nsɛm a yɛka renhaw yɛn adɔfo na ɛremmu wɔn abam, na mmom ɛbɛsa wɔn yare na ahyɛ wɔn den.—Romafo 14:19.

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Dɛn na wobɛyɛ na woanka asɛm a akyiri yi wubenu wo ho?