Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Yehowa Ka Biara Ba Mu

Nea Yehowa Ka Biara Ba Mu

Nea Yehowa Ka Biara Ba Mu

“MENE Nyankopɔn, na nea ɔte sɛ me nni hɔ koraa. Me a mifi mfiase meka awiei asɛm, na mifi tete mmere no meka nea wɔnyɛe no.” (Yesaia 46:9, 10) Saa na Yehowa a otumi ka daakye asɛm ma ɛba mu pɛpɛɛpɛ no ka.

Wonim wɔ baabiara sɛ nnipa ntumi nka daakye asɛm mma ɛmma mu pɛpɛɛpɛ. Esiane sɛ Bible yɛ nkɔmhyɛ nhoma nti, ɛsɛ sɛ ɛka wɔn a wɔrehwehwɛ nokware no nyinaa ma wɔpɛɛpɛe ka a ɛka sɛ ɛyɛ Onyankopɔn nhoma no mu. Ma yensusuw Bible mu nkɔmhyɛ no bi a aba mu dedaw no ho nhwɛ.

Tete Aman

Onyankopɔn hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛsɛe Babilon, Edom, Moab, ne Amon korakora. (Yeremia 48:42; 49:17, 18; 51:24-26; Obadia 8, 18; Sefania 2:8, 9) Sɛnea wɔtɔree nkurɔfo yi ase sɛ aman no ma yehu sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no yɛ nokware.

Ɛwom, ebia obi bɛka sɛ obiara betumi ahyɛ ɔman bi ho nkɔm sɛ bere rekɔ so no, ɛbɛbɔ ɛmfa ho tumi a ɛwɔ. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ Bible no kaa nsɛm a ɛho hia pii kaa ho. Sɛ nhwɛso no, ɛkaa sɛnea wɔbɛsɛe Babilon. Bible ka too hɔ sɛ Mediafo na wɔbɛsɛe kurow no. Ɛkae nso sɛ Kores na obedi asraafo a wɔbɛkɔ akɔsɛe kurow no anim, na asubɔnten a atwa kurow no ho ahyia no bɛyow.—Yesaia 13:17-19; 44:27–45:1.

Ɛnyɛ mmere nyinaa na Bible hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛsɛe ɔman bi korakora. Bere a Onyankopɔn reka sɛ Babilonfo bɛsɛe Yerusalem no, ɔkae sɛ wɔbɛsan akyekye kurow no ɛmfa ho sɛ na Babilonfo mmara kyerɛ sɛ, sɛ wɔfa nkurɔfo nkoa a, ɛnsɛ sɛ wogyae wɔn da no. (Yeremia 24:4-7; 29:10; 30:18, 19) Eyi baa mu, na Yudafo asefo da so ara wɔ hɔ besi nnɛ.

Yehowa hyɛɛ nkɔm nso sɛ wobetu Misraim a na edi wiase so tumi no agu, nanso “ɛno akyi na wɔbɛtra so sɛ tete nna no.” Bere bi akyi no, tete ɔman yi a edi wiase so tumi no ‘bɛyɛ ahenni a abrɛ ase.’ (Yeremia 46:25, 26; Hesekiel 29:14, 15) Eyi nso baa mu. Bio nso, Yehowa hyɛɛ nkɔm sɛ wobetu Hela ahemman a na edi wiase so tumi no agu, nanso wanka da sɛ saa ɔman yi bɛbɔ. Dɛn na yesua fi aman a Yehowa hyɛɛ wɔn ho nkɔm sɛ wɔbɛsɛe wɔn afi hɔ korakora no ne aman afoforo a wanka sɛ wɔbɛtɔre wɔn ase no mu? Nea yesua fi mu ne sɛ, nkɔmhyɛ a ɛyɛ nokware na ɛba mu bere nyinaa wɔ Onyankopɔn Asɛm mu.

Nkɔmhyɛ no ho Nsɛm a Ɛyɛ Nwonwa

Sɛnea yɛahu no, Yehowa kaa ɔkwan a wɔbɛfa so asɛe Babilon kurow no ho nsɛm pii. Saa ara na bere a Hesekiel nhoma no reka sɛ wɔbɛsɛe Tiro no, ɛkae sɛ wɔde n’abo, ne nnua, ne ne dɔte ‘begu nsu mu.’ (Hesekiel 26:4, 5, 12) Nkɔmhyɛ yi baa mu wɔ afe 332 A.Y.B., bere a Alexander Ɔkɛseɛ maa n’asraafo pae kwan too Tiro kurow no fã a na adan amamfõ mu kɔɔ ne fã a ɛwɔ supɔw so a wɔsɛee ɛno nso saa bere no.

Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 8:5-8, 21, 22 ne 11:3, 4 no nso kaa sɛnea “Hela hene” ɔkɛse bi a na ne so bi mmae da bɛba ho nsɛm a ɛyɛ nwonwa. Ná ɔhene yi bewu bere a n’ahenni no adu ne mpɔmpɔnso no, na ɛno akyi no wɔbɛkyekyɛ n’ahenni no mu anan, nanso wɔmfa mma n’asefo. Wɔkyerɛw nkɔmhyɛ yi wiei mfe 200 akyi no, Alexander Ɔkɛseɛ na ɔbɛyɛɛ ɔhene a ɔwɔ tumi saa no. Abakɔsɛm ka kyerɛ yɛn sɛ owuu ɔpatuwu na n’asahene baanan kyekyɛɛ n’ahemman no mu fae, na mmom ɛnyɛ n’asefo.

Akyinnyegyefo akyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ nkɔmhyɛ yi baa mu ansa na wɔrekyerɛw. Nanso san hwɛ kyerɛwtohɔ a yɛaka ho asɛm a ɛwɔ Daniel nhoma no mu no. Sɛ wofa no sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ a, emu nsɛm no yɛ nwonwa. Nanso sɛ wofa no sɛ ɛyɛ abakɔsɛm a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ a, so ɛrenyɛ te sɛ nea nsɛm pii kaa mu? Sɛ ɛyɛ obi a ɔtraa ase wɔ Alexander akyi na ɔpɛ sɛ nkurɔfo hu sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ a, dɛn nti na wanka sɛ Alexander wu akyi pɛɛ no, ne mmabarima baanu bɛbɔ mmɔden sɛ wobedi hene nanso wobekum wɔn? Dɛn nti na wanka sɛ mfe pii akyi na Alexander asahene baanan no nyinaa bɛkyekyɛ n’ahemman no mu adi so? Na dɛn nti na wammobɔ ɔhenkɛse no ne n’asahene baanan no din?

Efi tete na wɔakyerɛ sɛ Bible mu nkɔmhyɛ no sisii ansa na wɔrekyerɛw, nanso wonni nnyinaso biara. Efisɛ ansa na wɔbɛhwehwɛ ɛho adanse mu no, na wɔayɛ wɔn adwene sɛ Bible ntumi nka asɛm a ebesi daakye ma ɛmma mu. Esiane sɛ wonnye Bible nni sɛ Onyankopɔn Asɛm nti, wɔde wɔn adwene na ɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu. Nanso Onyankopɔn maa ne honhom kaa Bible akyerɛwfo ma wɔkyerɛw nkɔmhyɛ dodow a ɛsɛ na ama yɛahu sɛ ɔno na Bible nkɔmhyɛ fi no. *

Sɛ wugye bere dwennwen Bible mu nkɔmhyɛ pɔtẽẽ ne sɛnea ɛbaa mu ho a, ebetumi ahyɛ wo gyidi den. Dɛn nti na wunsua Bible mu nkɔmhyɛ no? Nsɛm a wɔahyehyɛ a ɛwɔ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa nhoma no kratafa 200 no betumi aboa wo ma woayɛ eyi. * Sɛ wode saa nyansahyɛ yi yɛ adwuma a, fa yɛ wo botae sɛ wopɛ sɛ wode hyɛ wo gyidi den. Mpere wo ho nkenkan kɛkɛ. Mmom no, susuw nokwasɛm a ɛyɛ sɛ asɛm biara a Yehowa ka ba mu pɛpɛɛpɛ no ho.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 13 Sɛ wopɛ nsɛm pii a ɛbɔ Bible nkɔmhyɛ a wɔka sɛ esii ansa na wɔrekyerɛw no gu a, hwɛ Is There a Creator Who Cares About You? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 106-111.

^ nky. 14 Yehowa Adansefo na wontintimii.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 24]

NNYINASOSƐM A YƐDE BƆ YƐN BRA

Eyi nso yɛ asɛm a ɛsɛ sɛ wudwennwen ho. Onyankopɔn a ɔhyɛɛ aman a na ɛbɛsɔre adi wiase so tumi ne wɔn sɛe ho nkɔm ma ɛbaa mu pɛpɛɛpɛ no nso na ɔma wɔkyerɛw Bible nnyinasosɛm a yɛde bɔ yɛn bra no. Eyinom bi ni:

Nea wugu na wutwa.Galatifo 6:7.

Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.Asomafo Nnwuma 20:35.

Sɛ obi hu ne honhom mu ahiade a, na ɛma onya anigye.Mateo 5:3.

Sɛ wode nnyinasosɛm yi bɔ wo bra a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ ɛbɛma woanya anigye na ebesi wo yiye.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 22, 23]

Onyankopɔn Asɛm hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛsɛe aman yi korakora . . .

EDOM

BABILON

. . . nanso eyinom nka ho

HELA

MISRAIM

[Nsɛm Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

WHO photo by Edouard Boubat

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Alexander Ɔkɛseɛ