Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ogyinaa Nokware Som Akyi

Ogyinaa Nokware Som Akyi

Suasua Wɔn Gyidi

Ogyinaa Nokware Som Akyi

ELIA hwɛɛ nnipadɔm no sɛ wɔnam mmɔbɔmmɔbɔ reforo Bepɔw Karmel. Ɛmfa ho mpo sɛ na ade nkyee papa no, na ɛda adi sɛ ohia ne ɔkɔm adosaw wɔn. Ná mfe abiɛsa a osu ntɔe no de ɔhaw pii abrɛ wɔn.

Ná Baal adiyifo 450 a ahomaso ahyɛ wɔn ma no di nnipakuw no mu bi. Ná wɔmpɛ Yehowa diyifo Elia asɛm korakora. Ná Ɔhemmaa Isebel akunkum Yehowa asomfo pii, na na Elia da so ara kasa tia Baal som denneennen. Nanso bere tenten ahe na na obetumi ayɛ saa? Ebia saa asɔfo no nyaa adwene sɛ ɔbarima baako pɛ ntumi nko ntia wɔn nyinaa. (1 Ahene 18:3, 19, 20) Ɔhene Ahab nso traa ne teaseɛnam mu bae. Ná ɔno nso mpɛ Elia asɛm.

Ná odiyifo yi a aka ɔno nkutoo no rebehu nsɛm a ɛyɛ nwonwa. Bere a Elia rehwɛ wɔn no, ohui sɛ bere reyɛ aso sɛ nnipa nyinaa hu nsonsonoe a ɛda nokware som ne atoro nsom ntam wɔ ɔkwan a ebi mmae saa da so. Saa da no bae no, ɔtee nka dɛn? Esiane sɛ ɔyɛ “onipa a ɔwɔ nkate te sɛ yɛn ara” nti, ehu kaa no. (Yakobo 5:17) Nea enti a yebetumi aka saa ni: Ná nnipa a wonni gyidi, wɔn hene a wawae, ne saa asɔfo awudifo no atwa Elia ho ahyia, enti ɔtee nka paa sɛ aka ne nko.—1 Ahene 18:22.

Nanso dɛn na na ama Israel akɔ tebea a emu yɛ den yi mu? Na dɛn na wubetumi asua afi asɛm yi mu nnɛ? Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhwɛ Onyankopɔn asomfo na ‘yensuasua wɔn gyidi.’ (Hebrifo 13:7) Afei susuw Elia nhwɛso no ho hwɛ.

Asɛm no mu Yɛɛ Den Paa

Ná Elia fi bere tenten ahu sɛnea ne nkurɔfo no apia Yehowa som a ɛyɛ ade titiriw wɔ ne man mu no ato nkyɛn a na wɔmfa nyɛ hwee. Ná ɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. Efi bere tenten na na Israel nhu sɛ wɔmpaw nokware som anaa atoro som, sɛ wɔnsom Yehowa Nyankopɔn anaa aman a atwa wɔn ho ahyia no abosom. Wɔ Elia bere so no, saa asɛm no mu yɛɛ den paa.

Ná Ɔhene Ahab aware Sidon hene babea Isebel. Isebel sii ne bo sɛ ɔbɛtrɛw Baal som mu wɔ Israel na wagu Yehowa som. Onyaa Ahab ma obedii n’akyi. Ahab sii asɔredan ne afɔremuka maa Baal, na odii anim ma wɔsom atoro nyame yi. Ɔyɛɛ Yehowa bɔne paa.—1 Ahene 16:30-33. *

Dɛn na ɛmaa Baal som yɛɛ akyide saa? Ɛdaadaa Israelfo no, na ɛtwetwee wɔn mu pii fii nokware Nyankopɔn no ho. Ná ɛyɛ ɔsom a asɛe na wodi atirimɔdensɛm wom nso. Ná mmarima ne mmea nyinaa si tuutuu wɔ asɔrefie hɔ, na wɔyɛ nna mu adapaade, na na wɔde mmofra mpo bɔ afɔre. Nea Yehowa yɛe wɔ eyi ho ne sɛ, ɔsomaa Elia kɔɔ Ahab nkyɛn sɛ ɔnkɔka nkyerɛ no sɛ osu rentɔ asase no so kosi sɛ Onyankopɔn diyifo bɛka sɛ osu ntɔ. (1 Ahene 17:1) Mfe pii twaam ansa na Elia san kɔɔ Ahab hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmoaboa nkurɔfo no ne Baal adiyifo no ano nkɔ Bepɔw Karmel so.

Dɛn na yebetumi asua afi asɛm yi mu nnɛ? Ebia ebinom besusuw sɛ Baal som ho asɛm ho nhia nnɛ, efisɛ yenhu Baal asɔredan ne n’afɔremuka biara. Nanso asɛm yi nyɛ abakɔsɛm bi kɛkɛ. (Romafo 15:4) Asɛmfua “Baal” kyerɛ “owura.” Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ wɔmpaw no sɛ wɔn “baal” anaa wɔn kunu. (Yesaia 54:5) Wunhu sɛ nkurɔfo da so ara som awuranom afoforo sen sɛ wɔbɛsom ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no? Nokwarem no, sɛ nkurɔfo de wɔn bere hwehwɛ sika, yɛ adwuma, gye wɔn ani, nya ɔbarima ne ɔbea nna mu anigye, anaasɛ wɔsom anyame pii a wɔwɔ hɔ no mu bi sen sɛ wɔbɛsom Yehowa a, na ɛkyerɛ sɛ ɛno ne wɔn wura. (Mateo 6:24; Romafo 6:16) Enti ɔkwan bi so no, nneɛma a na wɔyɛ wɔ Baal som mu no rekɔ so nnɛ paa. Enti ade a Elia yɛe ma wohui sɛ Yehowa anaa Baal ne nokware Nyankopɔn no betumi aboa yɛn ma yɛapaw onii a yɛbɛsom no.

‘Wohinhim’ wɔ Ɔkwan Bɛn So?

Sɛ wugyina Bepɔw Karmel atifi a mframa bɔ wɔ hɔ yiye no a, wutumi hu Israel baabiara—efi Kison bon mu kosi Po Kɛse (Mediterranea Po) a ɛbɛn hɔ no ho kɔfa Lebanon mmepɔw a ɛwɔ akyirikyiri wɔ atifi fam no. * Nanso bere a owia no bɔe saa anibere da yi no, na asase no nyɛ fɛ bio. Seesei, ɛte sɛ nea na asasebere a Yehowa de maa Abraham asefo no nsow aba bio. Esiane sɛ Onyankopɔn ankasa nkurɔfo ammɔ wɔn bra yiye nti, na owia abɔ asase no ma ɛso afifide nyinaa ahyew! Bere a nnipadɔm no behyiae no, Elia bɛn wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Da bɛn na mubehinhim nsɛm abien ntam akosi? Sɛ [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn a, munni n’akyi: sɛ Baal nso a, munni n’akyi ɛ!”—1 Ahene 18:21.

Dɛn na na Elia kyerɛ bere a ɔkae sɛ “da bɛn na mubehinhim nsɛm abien ntam akosi” no? Saa nkurɔfo no anhu sɛ na ɛsɛ sɛ wɔpaw sɛ wɔbɛsom Yehowa anaasɛ wɔbɛsom Baal. Wonyaa adwene sɛ wobetumi asom wɔn baanu nyinaa, kyerɛ sɛ wobetumi ayɛ wɔn amanne a ɛyɛ akyide no de asɔ Baal ani, na bere koro no ara wɔabisa Yehowa Nyankopɔn hɔ ade. Ebia wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ Baal behyira wɔn nnɔbae ne wɔn mmoa so, na “asafo [Yehowa, NW]” abɔ wɔn ho ban wɔ ɔko mu. (1 Samuel 17:45) Ná wɔn werɛ afi nokwasɛm titiriw a ɛne sɛ, Yehowa mpɛ sɛ wɔsom obi foforo ka ne ho no. Ɛnnɛ nso nnipa pii nhu no saa. Ɔhwehwɛ sɛ yɛsom ɔno nkutoo, na ɔfata saa. Sɛ yɛsom biribi foforo ka Yehowa ho a, n’ani nnye ho, na ɛyɛ n’akyide mpo!—Exodus 20:5.

Enti na saa Israelfo no ‘hinhim’ te sɛ ɔbarima bi a wakodu nkwanta so a onhu nea ɔmfa. Ɛnnɛ, nnipa pii di mfomso a ɛte saa ara. Wɔma nneɛma afoforo a ɛte sɛ “baal” kyerɛ wɔn nea wɔnyɛ, na wopia Nyankopɔn som to nkyɛn! Sɛnea Elia ka kyerɛɛ wɔn sɛ mma wonhinhim no betumi aboa yɛn ma yɛasan ahwehwɛ nneɛma a yɛn ani gye ho paa wɔ yɛn asetra ne yɛn som mu no mu.

Sɔhwɛ a Ewiee Biribiara

Nea edi hɔ no, Elia kae sɛ wɔnsɔ biribi nhwɛ. Ná ɛnyɛ den koraa. Ná ɛsɛ sɛ Baal asɔfo no si afɔremuka na wɔhyehyɛ nneɛma a wɔde bɛbɔ afɔre wɔ so; sɛ wowie a, na ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn nyame mpae ma ogya no sɔ. Ná Elia nso bɛyɛ saa ara. Ɔkae sɛ: “Onyame a ɔde ogya begye so no, ɔno ne [nokware] Nyankopɔn.” Ná Elia nim nea ɔyɛ nokware Nyankopɔn no yiye. Ná ne gyidi mu yɛ den araa ma wantwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛma Baal adiyifo no adi kan abɔ wɔn nyame no mpae. Ɔde hokwan biara maa n’atamfo no ma wɔpaw nantwinini a wɔde bɛbɔ afɔre no, na ɔma wodii kan frɛɛ Baal. *1 Ahene 18:24, 25.

Ɛnnɛ, wɔnyɛ anwonwade bio. Nanso Yehowa nsesae. Yebetumi anya Yehowa mu ahotoso te sɛ Elia. Sɛ nhwɛso no, sɛ nkurɔfo ne yɛn nyɛ adwene wɔ nea Bible kyerɛkyerɛ ho a, ɛho nhia sɛ yesuro sɛ yɛbɛma wɔakɔ so akyerɛ wɔn adwene. Sɛnea Elia yɛe no, yebetumi de yɛn ho ato nokware Nyankopɔn no so ma wadi yɛn asɛm ama yɛn. Yɛyɛ saa denam yɛn ho a yɛde to Onyankopɔn Asɛm a ‘ɛteɛteɛ nneɛma’ no so, na ɛnyɛ yɛn ankasa so.—2 Timoteo 3:16.

Baal adiyifo no hyehyɛɛ wɔn afɔre no ho nneɛma na wofii ase frɛɛ wɔn nyame no. Wɔfrɛɛ no frɛɛ no sɛ, “Baal, gye yɛn so!” Wɔkɔɔ so frɛɛ no da mu no nyinaa. Bible ka sɛ: “Nso wɔante ɛnne bi, na obi nso annye so.” Eduu owigyinae no, Elia fii ase dii wɔn ho fɛw, na oyii wɔn ahii sɛ sesɛɛ onni adagyew a ɔde begye wɔn so, kyerɛ sɛ ebia ɔkɔ baabi so, anaasɛ wada na ɛsɛ sɛ obi konyan no. Elia hyɛɛ saa atorofo no nkuran sɛ: “Momma mo nne so.” Ɛda adi sɛ ohui sɛ Baal som yi yɛ nnaadaa, na na ɔpɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo hu sɛ ɛyɛ nnaadaa ankasa.—1 Ahene 18:26, 27.

Afei, Baal asɔfo no ani beree kɛse mpo, na “wɔde nne kɛse teɛteɛɛm, na wɔde nkrante ne mpeaw bobɔɔ wɔn ho akam, sɛ wɔn amanne te no, kosii sɛ mogya guu wɔn so.” Ne nyinaa ankosi hwee! “Wɔante ɛnne bi, na obi nso annye so, na obi antie wɔn.” (1 Ahene 18:28, 29) Nokwarem no, na Baal biara nni hɔ. Ɛyɛ ɔkwan a Satan faa so sɛ ɔbɛtwe nkurɔfo afi Yehowa ho. Ɛnnɛ, sɛ obi anni Yehowa akyi na okodi owura foforo akyi a, ne nsa besi fam, na mpo n’anim begu ase sɛnea esii saa bere no.—Dwom 25:3; 115:4-8.

Nea Efi Sɔhwɛ no mu Bae

Ɛrekɔ anwummere no, eduu Elia so. Osiesiee afɔremuka a na wɔasi ama Yehowa a akyinnye biara nni ho sɛ na nokware som atamfo abu agu no. Ɔtasee abo 12, a ebia na ɔde rekae Israel mmusuakuw 10 no mu pii sɛ ɛda so ara yɛ wɔn asɛde sɛ wodi Mmara a wɔde maa mmusuakuw 12 no nyinaa so. Afei ɔhyehyɛɛ nea ɔde bɛbɔ afɔre no, na ohwiee nsu a ɛbɛyɛ sɛ onya fii Mediterranea Po a ɛbɛn hɔ no guu so. Ɔma wotwaa ɔkã wɔ afɔremuka no ho hyiae, na wɔde nsu hyɛɛ no ma. Sɛnea Elia maa Baal adiyifo no bɔɔ wɔn afɔre no, wanyɛ Yehowa de no saa, ɔde ne ho too Onyankopɔn so mmom.—1 Ahene 18:30-35.

Elia wiee biribiara no, ɔbɔɔ mpae. Mpae a emu da hɔ a Elia bɔe no maa nneɛma a ɛho hia no paa daa adi. Nea na ehia no kɛse paa ne sɛ ɔbɛma wɔahu sɛ Yehowa na ɔyɛ ‘Onyankopɔn wɔ Israel,’ na ɛnyɛ Baal. Nea edi hɔ no, na ɔpɛ sɛ obiara hu sɛ ɔyɛ Yehowa somfo kɛkɛ, enti ɛsɛ sɛ wɔde anuonyamhyɛ ne ayeyi biara ma Onyankopɔn. Nea etwa to no, ɔdaa no adi sɛ ɔda so ara dwen ne nkurɔfo ho, efisɛ na ɔpɛ sɛ Yehowa ma ‘wɔn koma san akyiri ba.’ (1 Ahene 18:36, 37) Nokware a wɔanni a enti ɛma wohyiaa amanehunu pii nyinaa akyi no, na Elia da so ara dɔ wɔn. Sɛ yɛn ankasa rebɔ mpae a, so yebetumi ada no adi sɛ Onyankopɔn din, ahobrɛase a yɛbɛda no adi, ne tema a yɛwɔ ma afoforo a wohia mmoa no ho hia yɛn?

Ansa na Elia rebɔ mpae no, ɛbɛyɛ sɛ na nnipadɔm no rehwɛ sɛ Yehowa nso bɛyɛ ɔtorofo te sɛ Baal anaa. Nanso bere a ɔbɔɔ mpae no wiei no, na ɛho nhia sɛ wɔn adwenem yɛ wɔn naa bio. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ɛnna [Yehowa, NW] gya duru bɛhyew ɔhyew afɔre no ne nnyina no ne abo ne dɔte no, na ɛyow nsu a ɛwɔ ɔkã no mu no.” (1 Ahene 18:38) Hwɛ sɛnea Yehowa buaa asɛm no ma ɛyɛɛ nwonwa! Nkurɔfo no yɛɛ wɔn ade dɛn?

Wɔn nyinaa teɛm sɛ: “[Yehowa, NW], ɔno ne [nokware] Nyankopɔn! [Yehowa, NW], ɔno ne [nokware] Nyankopɔn!” (1 Ahene 18:39) Afei de wohuu nokware a ɛwom. Nanso na wonnya nnaa gyidi biara adi. Nokwasɛm ne sɛ, hu a wohui sɛ Yehowa abua mpae no ama ogya afi soro aba, na wogye toom sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no nkyerɛ ankasa sɛ wɔwɔ gyidi. Enti Elia kae sɛ wɔmfa ɔkwan foforo so nkyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nea anka ɛsɛ sɛ wɔyɛ mfe pii a atwam no. Ɛne sɛ wobedi Yehowa Mmara so. Onyankopɔn Mmara kae sɛ ɛsɛ sɛ wokum atoro adiyifo ne abosonsomfo. (Deuteronomium 13:5-9) Ná Baal asɔfo yi yɛ Yehowa Nyankopɔn atamfo ankasa a wɔmpɛ sɛ n’atirimpɔw biara bam. So na ɛfata sɛ wohu wɔn mmɔbɔ? Esiane sɛ asɔfo no anhu mmofra a wɔn ho nni asɛm mmɔbɔ na wɔhyew wɔn animono de wɔn bɔɔ afɔre maa Baal nti, so na ɛfata sɛ wohu wɔn mmɔbɔ? (Mmebusɛm 21:13; Yeremia 19:5) Dabi, na ɛmfata sɛ wohu wɔn mmɔbɔ koraa. Enti Elia hyɛe sɛ wonkunkum wɔn, na wokunkum wɔn nso.—1 Ahene 18:40.

Ɛnnɛ, ebinom kasa tia sɛnea ade a wɔyɛe wɔ Bepɔw Karmel so kowiei no. Ebia ɛhaw ebinom sɛ anhwɛ a, wɔn a wɔyɛ katee wɔ ɔsom mu no begyina so de adi awu. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnnɛ, nnipa a wɔyɛ katee saa pii wɔ ɔsom ahorow mu. Nanso, na Elia nte saa. Ná ɔreyɛ nea Yehowa ahyɛ no sɛ ɔnyɛ, enti na ɛteɛ sɛ okunkum Baal asɔfo no. Bio nso, nokware Kristofo nim sɛ wontumi mfa nkrante nkunkum abɔnefo sɛnea Elia yɛe no. Mesia no bae akyi no, asɛm a Kristo ka kyerɛɛ Petro yi ma yehu mmara a ɛwɔ hɔ ma Yesu asuafo: “San fa wo nkrante no hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa bewu nkrante ano.” (Mateo 26:52) Yehowa nam ne Ba no so bebu atɛntrenee daakye.

Nokware Kristoni asɛde ne sɛ onya gyidi. (Yohane 3:16) Ɔkwan biako a obetumi afa so ayɛ saa ne sɛ obesuasua mmarima a wɔwɔ gyidi te sɛ Elia. Elia som Yehowa nkutoo, na ɔhyɛɛ afoforo nkuran sɛ wɔnyɛ saa ara. Ɔde akokoduru paa ɔsom bi a ɛyɛ nnaadaa a Satan faa so twetwee nkurɔfo fii Yehowa ho ntama. Na ɔde ne ho too Yehowa so sɛ obesiesie nsɛm sen sɛ ɔde ne ho bɛto n’ankasa nyansa so. Nokwarem no, Elia gyinaa nokware som akyi. Momma yɛn mu biara nsuasua ne gyidi!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 9 Sɛ wopɛ sɛnea Elia ne Ahab dii ho nsɛm pii a, hwɛ “So Wowɔ Gyidi a Ɛte sɛ Elia de No?” a ɛwɔ April 1, 1992, Ɔwɛn-Aban mu no.

^ nky. 13 Esiane sɛ po so mframa a emu yɛ nwini bɔ fa Bepɔw Karmel so, na ɛtaa ma osu tɔ hɔ na obosu gugu nti, bere nyinaa na ɛso yɛ frɔmm fɛfɛɛfɛ. Esiane sɛ na wosusuw sɛ Baal na ɔma osu tɔ nti, ɛda adi sɛ na Bepɔw yi so yɛ beae titiriw a wɔsom Baal. Enti na Karmel a ɛso afifide nyinaa ahyew no yɛ beae a ɛfata sɛ wɔpa Baal som ho ntama sɛ atoro som.

^ nky. 17 Ɛfata sɛ Elia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ogya na mommfa nngu” afɔre no “ase.” Nhomanimfo binom kyerɛ sɛ ɛtɔ mmere bi a, na abosonsomfo a wɔte saa no gyaw ɔkwan bi wɔ afɔremuka no ase baabi na ayɛ te sɛ nea onyame bi na wama ogya asɔ wɔ ase.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]

Sɛ obi anni Yehowa akyi na okodi owura foforo akyi a, ne nsa besi fam

[Mfonini wɔ kratafa 21]

“[Yehowa, NW] ɔno ne [nokware] Nyankopɔn!”