Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Onyankopɔn Ahenni Wɔ Wo Komam?

So Onyankopɔn Ahenni Wɔ Wo Komam?

Nsɛm a Akenkanfo Bisa

So Onyankopɔn Ahenni Wɔ Wo Komam?

Nnipa pii gye di sɛ asɛmmisa yi ho mmuae yɛ yiw. Sɛ nhwɛso no, The Catholic Encyclopedia ka sɛ: “Onyankopɔn ahenni kyerɛ sɛ . . . Onyankopɔn na odi yɛn koma so.” Asɔfo taa kyerɛkyerɛ saa. So Bible kyerɛkyerɛ ankasa sɛ Onyankopɔn Ahenni wɔ nnipa komam?

Ebinom susuw sɛ Yesu ankasa na odii kan hyɛɛ adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn Ahenni wɔ nnipa komam no ho nkuran. Ɛyɛ ampa sɛ Yesu kae sɛ: “Onyankopɔn ahenni no wɔ mo mfinimfini.” (Luka 17:21) Bible nkyerɛase ahorow bi kyerɛ asɛm yi ase sɛ: “Onyankopɔn ahenni no wɔ mo mu” anaa mpo “ɛhyɛ mo mu.” So wɔkyerɛɛ Yesu asɛm a ɔkae no ase yiye? So na ɔrepɛ akyerɛ ankasa sɛ Onyankopɔn Ahenni wɔ nnipa komam?

Nea edi kan no, susuw nea onipa koma yɛ no ho hwɛ. Sɛ Bible ka koma no ho asɛm a, ná ɛkyerɛ sɛnea obi te ankasa, baabi a onii no nsusuwii, ne su, ne ne nkate wɔ. Ebia nnipa ani begye adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn Ahenni yɛ biribi a ɛkorɔn a ɛwɔ nnipa komam—wɔ sɛnea etumi sesa nnipa na ɛhyɛ wɔn anuonyam—no ho, nanso ntease wom saa?

Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ.” (Yeremia 17:9) Yesu ankasa kae sɛ: “Onipa mu, ne koma mu, na nsusuwii bɔne fi ba: aguamansɛm, korɔnbɔ, awudisɛm, awaresɛe, adifudepɛ, [ne] amumɔyɛsɛm.” (Marko 7:20-22) Susuw ho hwɛ: So yɛrentumi nka sɛ esiane sɛ nnipa koma yɛ bɔne nti na nnɛ yehu amane pii wɔ wiase saa no? Enti ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn Ahenni a edi mũ no afi baabi a ɛte saa aba? Nokwasɛm ne sɛ Onyankopɔn Ahenni ntumi mfi onipa komam mma sɛnea nsɔe ntumi nsow borɔdɔma no ara pɛ.—Mateo 7:16.

Nea ɛto so abien no, susuw nnipa a na Yesu rekasa akyerɛ wɔn bere a ɔkaa asɛm a ɛwɔ Luka 17:21 no ho hwɛ. Nkyekyɛm a edi eyi anim no kenkan sɛ: “Bere a Farisifo no bisaa no bere a Onyankopɔn ahenni bɛba no, obuaa wɔn.” (Luka 17:20) Ná Farisifo no yɛ Yesu atamfo. Yesu kae sɛ na saa nyaatwomfo no renkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu. (Mateo 23:13) Enti sɛ na saa Farisifo no renkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu a, so yebetumi aka sɛ na Ahenni no wɔ wɔn komam? Dabida! Ɛnde, dɛn na na Yesu repɛ akyerɛ?

Bible nkyerɛase ahorow bi kyerɛ saa nsɛm a Yesu kae no ase te sɛ nea ɛwɔ Wiase Foforo Nkyerɛase no mu no. Ebinom ka sɛ Ahenni no wɔ “mo ntam” anaa “ɛwɔ mo mfinimfini.” Ɔkwan bɛn so na na Onyankopɔn Ahenni no wɔ nkurɔfo a na wɔwɔ hɔ saa bere no ne Farisifo no ntam? Ná Yesu ne onii a Yehowa Nyankopɔn apaw no sɛ ɔbɛyɛ Ahenni no so Hene. Sɛ́ Ɔhene a Wɔapaw no no, na Yesu wɔ saa nkurɔfo no mfinimfini pɛɛ. Ɔkyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm, na ɔyɛɛ anwonwade mpo. Eyi ma wohuu nea saa Ahenni no bɛyɛ daakye ho biribi. Ɛnde, ɛyɛ ampa paa sɛ na Ahenni no wɔ wɔn mfinimfini.

Ɛda adi pefee sɛ Kyerɛwnsɛm biara nni hɔ a ɛfoa adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn Ahenni wɔ nnipa komam no so. Mmom no, ɛyɛ aban ankasa a ɛde nsakrae akɛse bɛba asase so sɛnea adiyifo no hyɛɛ ho nkɔm no.—Yesaia 9:6, 7; Daniel 2:44.