Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn na Ɛbɛba Daakye?

Dɛn na Ɛbɛba Daakye?

Dɛn na Ɛbɛba Daakye?

DƐN NTI NA MMUAE NO HO HIA? Nea obi hwɛ kwan daakye no ka sɛnea ɔbɔ ne bra nnɛ. Sɛ nhwɛso no, ebia wɔn a wonni daakye ho anidaso papa biara no benya adwene sɛ: “Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.” (1 Korintofo 15:32) Adwene a ɛte saa taa ma nkurɔfo didi boro so, nom nsa boro so, na dadwen hyɛ wɔn so mmom sen sɛ ɛbɛma wɔanya asomdwoe ankasa.

Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛn daakye gyina nnipa so a, ɛnde anka yenni anidaso biara. Ɛnnɛ wɔresɛe mframa, nsu, ne asase sen bere biara. Nuklea akodi a ebetumi asi ne amumɔyɛfo a wɔtow hyɛ nkurɔfo so redɔɔso. Ɔyare ne ohia ka nnipa ɔpepepem pii wɔ wiase nyinaa. Nanso yɛwɔ nea yebetumi agyina so anya anidaso.

Ɛwom sɛ nnipa ntumi nka nea ebesi daakye pɛpɛɛpɛ de, nanso Yehowa Nyankopɔn ka n’ankasa ho asɛm sɛ, “me a mifi mfiase meka awiei asɛm, na mifi tete mmere no meka nea wɔnyɛe no.” (Yesaia 46:10) Dɛn na Yehowa ka wɔ nea ɛbɛba daakye ho?

Nea Bible Ka

Yehowa remma kwan ma wɔnsɛe asase anaa nkwa a ɛwɔ so no a wɔyɛ no hwee a ɛrenyɛ yiye. Nokwarem no, Bible hyɛ bɔ sɛ Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no.’ (Adiyisɛm 11:18) Yehowa nam ne soro Ahenni no so beyi abɔnefosɛm afi asase so, na wama asase no ayɛ sɛnea ɔpɛe sɛ ɛyɛ fi mfiase no. (Genesis 1:26-31; 2:8, 9; Mateo 6:9, 10) Bible mu nsɛm a edidi so yi ma yehu nea ɛbɛba daakye, na ɛka nsɛm a ɛrenkyɛ ebesisi a ɛbɛka obiara wɔ asase so ho asɛm.

Dwom 46:8, 9. “Mommra mmɛhwɛ [Yehowa, NW] nnwuma, ɔsɛe ko a wama aba asase so. Ɔma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew nteaseɛnam.”

Yesaia 35:5, 6. “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom, na nsu betue sare so, na nsuwansuwa asen anhwea pradada so.”

Yesaia 65:21, 22. “Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni.”

Daniel 2:44. “Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”

Yohane 5:28, 29. “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte [Yesu] nne na wɔafi adi.”

Adiyisɛm 21:3, 4. “Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”

Sɛnea Mmuae a Bible De Ma ma Yenya Asomdwoe Ankasa

Sɛ wohwɛ a, ebia ɛbɛyɛ wo sɛ tebea a wɔaka ho asɛm no rentumi mma mu da. Nanso, Onyankopɔn na wahyɛ bɔ yi na ɛnyɛ nnipa. Yehowa Nyankopɔn ‘ntumi nni atoro.’—Tito 1:2.

Sɛ wunya ahotoso sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ bɛbam na wudi ne mmara so a, wobɛkɔ so anya asomdwoe wɔ tebea a emu yɛ den paa mpo mu. Akodi, ohia, ɔyare, ne ɔhaw a mpanyinyɛ de ba anaa owu mpo mu biara rentumi mma asomdwoe a wowɔ no mmɔ wo da. Dɛn ntia? Efisɛ wubehu sɛ Onyankopɔn Ahenni no beyi nea ɔhaw ahorow yi de aba no nyinaa afi hɔ.

Wobɛyɛ dɛn anya daakye ho anidaso a ɛte saa? Ɛsɛ sɛ ‘wunya adwensakra’ na woasɔ ahwɛ ahu “Nyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mu.” (Romafo 12:2) Ebia wubehia biribi foforo a wubegyina so de ahu sɛ Bible mu bɔhyɛ ahorow no bɛbam. Nhwehwɛmu a ɛte saa a wobɛyɛ no fata. Ade foforo biara nni hɔ a woyɛ a ɛbɛma woanya asomdwoe te sɛ eyi.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8]

Dɛn na Onyankopɔn Asɛm ka wɔ daakye ho?

Yesaia 35:5

Yesaia 35:6

Yohane 5:28, 29