Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Nokware Nyankopɔn no Ho

Fa Nokware Nyankopɔn no Ho

Nea Yesua Fi Yesu Hɔ

Fa Nokware Nyankopɔn no Ho

So Onyankopɔn wɔ din?

Yesu kyerɛkyerɛe sɛ Onyankopɔn wɔ din. Yesu kae sɛ: “Enti mommɔ mpae sɛ: ‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.’” (Mateo 6:9) Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn din de Yehowa. (Dwom 83:18) Bere a Yesu reka n’asuafo ho asɛm no, ɔka kyerɛɛ n’Agya wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Mama wɔahu wo din.”—Yohane 17:26.

Hena ne Yehowa?

Yesu frɛɛ Yehowa “nokware Nyankopɔn koro pɛ,” efisɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ. (Yohane 17:3) Yesu kae sɛ: “Monkenkanee sɛ onii a ɔbɔɔ wɔn no yɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbea fii mfiase?” (Mateo 19:4) Yesu kae nso sɛ: “Onyankopɔn yɛ Honhom.” (Yohane 4:24) Enti yɛrentumi nhu Onyankopɔn.—Exodus 33:17-20.

Dɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ?

Bere a obi bisaa Yesu sɛ mmara no mu nea ɛwɔ he na ɛho hia paa no, obuae sɛ: “Nea edi kan ne sɛ, ‘O Israel tie, Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa baako, na ɛsɛ sɛ wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’ Nea ɛto so abien ne sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’”—Marko 12:28-31.

Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn?

Yesu kae sɛ: “Medɔ Agya no.” Dɛn na ɔyɛ de kyerɛe sɛ ɔdɔ Agya no? Ɔkae sɛ, “Sɛnea Agya no ahyɛ me sɛ menyɛ no, saa ara na mereyɛ.” (Yohane 14:31) Ɔsan kae sɛ: “Meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa.” (Yohane 8:29) Sɛ yesua Onyankopɔn ho ade a, ebetumi ama n’ani agye. Bere a Yesu rebɔ mpae ama n’asuafo no, ɔkae sɛ: “Eyi na ɛkyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no . . . ho nimdeɛ.”—Yohane 17:3; 1 Timoteo 2:4.

Yɛbɛyɛ dɛn asua Onyankopɔn ho ade?

Ɔkwan biako a yebetumi afa so asua Onyankopɔn ho ade ne sɛ yɛbɛhwɛ nneɛma a wayɛ. Sɛ nhwɛso no, Yesu kae sɛ: “Monhwɛ ewim nnomaa; wongu aba na wontwa na wɔmmoaboa ano ngu asan so, nanso mo soro Agya ma wɔn aduan. So monsom bo pii nsen wɔn?” Ná dɛn na Yesu pɛ sɛ yesua fi eyi mu? Ɛnsɛ sɛ yɛma nneɛma a yehia wɔ asetram ho dadwen ma yegyae sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn.—Mateo 6:26-33.

Ɔkwan pa a ɛsen biara a yebetumi afa so asua Yehowa ho ade ne sɛ yebesua n’Asɛm, Bible no. Yesu kae sɛ Kyerɛwnsɛm no yɛ “Nyankopɔn asɛm.” (Luka 8:21) Yesu ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “W’asɛm yɛ nokware.”—Yohane 17:17; 2 Petro 1:20, 21.

Yesu boaa nkurɔfo ma wosuaa Yehowa ho nokwasɛm. Yesu asuafo no mu baako kaa Yesu ho asɛm sɛ: “Bere a ɔne yɛn rekasa wɔ ɔkwan so na ɔrekyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛ yɛn no, so yɛn koma anhyehye yɛn?” (Luka 24:32) Sɛ yɛpɛ sɛ yesua Onyankopɔn ho ade a, ɛsɛ sɛ yenya ahobrɛase, na yɛyɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wosua biribi. Yesu kae sɛ: “Sɛ moannan anyɛ sɛ mmofra nkumaa a, morenhyɛn ɔsoro ahenni mu da.”—Mateo 18:3.

Dɛn nti na Onyankopɔn ho nimdeɛ ma yenya anigye?

Onyankopɔn boa yɛn ma yɛte nea enti a yɛte nkwa mu no ase. Yesu kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade.” (Mateo 5:3) Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yebetumi anya asetra a eye sen biara. Yesu kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wotie Nyankopɔn asɛm na wodi so!”—Luka 11:28; Yesaia 11:9.

Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? * nhoma no ti 1

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 17 Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Mfonini wɔ kratafa 16]

“Mama wɔahu wo din.”—Yohane 17:26

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16]

Nneɛma a Yehowa abɔ ne Bible no betumi ama yɛasua Yehowa ho ade