Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Luka Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Luka Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Luka Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

YENIM sɛ wɔkyerɛw Mateo Asɛmpa no maa Yudafo titiriw, na wɔkyerɛw Marko Asɛmpa no nso maa wɔn a wɔnyɛ Yudafo. Nanso, Luka Asɛmpa no de, wɔkyerɛw maa nnipa a wofi amanaman nyinaa mu. Wɔkyerɛw Luka nhoma no wɔ afe 56-58 Y.B. mu, na ɛka Yesu asase so asetra ne ne som adwuma ho asɛm kɔ akyiri.

Luka a ɔyɛ oduruyɛfo a ɔwɔ tema, na ɔyɛ n’adwuma pɛpɛɛpɛ no hwehwɛɛ ‘nneɛma no nyinaa mu pɛpɛɛpɛ fii mfiase,’ na ɔkyerɛw nsɛm a esisii wɔ mfe 35 mu—efi afe 3 A.Y.B. mu kosi afe 33 Y.B. mu. (Luka 1:3) Luka Asɛmpa no yɛ soronko, efisɛ ɛkame ayɛ sɛ, nsɛm a ɛwom no mu ɔha mu 60 nni Nsɛmpa a aka no mu.

YESU ASƐNKA ADWUMA NO MFIASE

(Luka 1:1–9:62)

Bere a Luka kaa Yohane Osuboni no ne Yesu awo ho asɛm nyinaa wiei no, ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, Yohane fii n’asɛnka adwuma no ase wɔ Tiberio Kaesare ahenni afe a ɛto so 15 wɔ afe 29 Y.B. mu mfiase. (Luka 3:1, 2) Yohane bɔɔ Yesu asu wɔ afe 29 Y.B. mu awiei. (Luka 3:21, 22) Eduu afe 30 Y.B. mu no, ‘Yesu san kɔɔ Galilea, na ofii ase kyerɛkyerɛe wɔ wɔn hyia adan mu.’—Luka 4:14, 15.

Yesu fii asɛnka adwuma a edi kan a ɔyɛe wɔ Galilea no ase. Ɔka kyerɛɛ nkurɔfokuw no sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ nkurow foforo mu nso kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no.” (Luka 4:43) Ɔne Simon a na ɔyɛ ɔpofoni no ne nnipa foforo kaa no ho kɔe. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Efi saa bere yi rekɔ no [mubeyi] nnipa.” (Luka 5:1-11; Mat. 4:18, 19) Bere a Yesu kɔkaa asɛm no wɔ Galilea ne mprenu so no, na asomafo 12 no ka no ho. (Luka 8:1) Ne mprɛnsa so no, ɔsomaa 12 no sɛ “wɔnkɔka Nyankopɔn ahenni ho asɛm na wɔnsa yare.”—Luka 9:1, 2.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:35—So kesua a na ɛwɔ Maria awotwaa mu no na ɔde nyinsɛn Yesu? Sɛ na Maria ba no bɛyɛ Abraham, Yuda, ne Dawid aseni ankasa sɛnea na Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no a, na ɛsɛ sɛ ne kesua no di dwuma bi wɔ ne nyinsɛn no mu. (Gen. 22:15, 18; 49:10; 2 Sam. 7:8, 16) Nanso, wɔde Yehowa honhom kronkron no na eyii Onyankopɔn Ba no nkwa a ɛyɛ pɛ no bɛhyɛɛ Maria awotwaa mu ma onyinsɛnee. (Mat. 1:18) Ɛbɛyɛ sɛ honhom kronkron no siesiee biribiara a ɛtɔ sin wɔ Maria kesua no mu, na efii ase bɔɔ mogyatɔw no ho ban fii sintɔ biara ho wɔ Maria nyinsɛn no ahyɛase pɛɛ.

1:62—So Sakaria tɔɔ mum, na n’aso siwii? Dabi. Kasa na na ontumi nkasa. Afoforo de “nsɛnkyerɛnne” bisaa edin a na ɔpɛ sɛ ɔde to abofra no, nanso na ɛno nkyerɛ sɛ Sakaria aso asiw. Ɛda adi sɛ, Sakaria tee edin a ne yere kae sɛ wɔmfa nto wɔn ba no. Ebia nkurɔfo no yɛɛ sɛnkyerɛnne bi de bisaa Sakaria eyi ho asɛm. Nokwasɛm a ɛne sɛ, Sakaria ano nkutoo na na ɛsɛ sɛ wobue ma otumi kasa no kyerɛ sɛ na n’aso nsiwii.—Luka 1:13, 18-20, 60-64.

2:1, 2—Ɔkwan bɛn so na “dinkyerɛw a edi kan yi” a wɔkaa ho asɛm no boa yɛn ma yehu bere a wɔwoo Yesu? Wɔkyerɛw nkurɔfo din mpɛn pii wɔ bere a na Kaesare Augusto di hene no—wɔkyerɛw nea edi kan no wɔ afe 2 A.Y.B. mu, na ɛno maa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 11:20 no baa mu. Na dinkyerɛw a ɛto so abien no kɔɔ so wɔ afe 6 anaa 7 Y.B. mu. (Aso. 5:37) Dinkyerɛw abien no nyinaa kɔɔ so bere a na Kirenio di amrado wɔ Siria no, na ɛda adi sɛ odii amrado mprenu. Dinkyerɛw a edi kan a Luka kaa ho asɛm no ma yehu sɛ wɔwoo Yesu wɔ afe 2 A.Y.B. mu.

2:35—Ɔkwan bɛn so na na “nkrante tenten” behwirew Maria kra mu? Ná eyi kyerɛ amanehunu a Maria bɛfa mu bere a obehu sɛ nnipa dodow no ara nnye Yesu ntom sɛ ɔno ne Mesia no, ɛne awerɛhow a na obedi bere a na wobekum Yesu yayaayaw no.—Yoh. 19:25.

9:27, 28—Dɛn nti na Luka kae sɛ bere a Yesu hyɛɛ n’asuafo no bɔ sɛ wɔn mu bi ‘renka owu nhwɛ’ kosi sɛ wobehu no sɛ waba n’ahenni mu no akyi “nnawɔtwe” na ahosakra no sii, wɔ bere a Mateo ne Marko nyinaa kae sɛ esii wɔ “nnansia akyi no”? (Mat. 17:1; Mar. 9:2) Ɛda adi sɛ, Luka de nna abien kaa bere no ho, nna abien no ne ɛda a Yesu hyɛɛ bɔ no ne ɛda a ahosakra no sii no.

9:49, 50—Dɛn nti na Yesu ansiw ɔbarima a na ɔretu adaemone no kwan, bere a na ɔbarima no nyɛ ne kyidini no? Yesu ansiw ɔbarima no kwan efisɛ, saa bere no, na wonnya nhyehyɛɛ Kristofo asafo no. Enti, na ɛho nhia sɛ ɔbarima no bedi Yesu akyi ankasa ansa na wanya Yesu din mu gyidi na watu adaemone.—Mar. 9:38-40.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:32, 33; 2:19, 51. Maria de nneɛma ne nsɛm a esisii a ɛyɛ nkɔmhyɛ ahorow a enyaa mmamu no siee ne komam. So yɛde nea Yesu ka faa “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” ho no sie yɛn komam, na yɛde nea ɔkae no toto nsɛm a ɛresisi nnɛ no ho?—Mat. 24:3.

2:37. Hana nhwɛso no ma yehu sɛ, ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa bere nyinaa, ‘yekura mpaebɔ mu denneennen,’ na ɛnsɛ sɛ ‘yɛkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam’ wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase.—Rom. 12:12; Heb. 10:24, 25.

2:41-50. Yosef de Onyankopɔn som dii kan wɔ n’asetram, na ɔmaa n’abusua nsa kaa wɔn honam fam ne honhom fam ahiade. Ɔnam eyi a ɔyɛe no so yɛɛ nhwɛso pa maa mmusua ti.

4:4. Ɛsɛ sɛ yesusuw Onyankopɔn Asɛm ho da biara da.

6:40. Ɛsɛ sɛ obi a ɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no yɛ nhwɛso pa ma wɔn a ɔkyerɛkyerɛ wɔn no. Ɛsɛ sɛ ɔde nea ɔkyerɛkyerɛ no bɔ ne bra.

8:15. Sɛ yebetumi ‘akora asɛm no so, na yɛde boasetɔ asow aba’ a, ɛsɛ sɛ yɛte Onyankopɔn Asɛm ase, yɛkyerɛ ho anisɔ, na yɛde sie yɛn komam. Sɛ yɛrekenkan Bible ne Bible ho nhoma ahorow a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae, na yesusuw emu nsɛm no ho.

YESU ASƐNKA ADWUMA NO AWIEI

(Luka 10:1–24:53)

Yesu somaa nnipa 70 dii n’anim kɔɔ nkurow ne mmeae foforo wɔ Yudea. (Luka 10:1) Yesu tutuu akwan ‘kɔɔ nkurow ne nkuraa mu kɔkyerɛkyerɛe.’—Luka 13:22.

Aka nnanum ma wɔadi Twam afahyɛ no wɔ afe 33 Y.B. mu no, Yesu traa afurum ba so kɔɔ Yerusalem. Ná bere aso sɛ asɛm a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no bam sɛ: “Etwa sɛ onipa Ba no hu amane pii na mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no po no, na wokum no, na da a ɛto so abiɛsa no wɔanyan no.”—Luka 9:22, 44.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

10:18—Dɛn na na Yesu rekyerɛ bere a ɔka kyerɛɛ asuafo 70 no sɛ: “Mahu sɛ Satan fi soro ahwe ase dedaw sɛ anyinam” no? Ná ɛnyɛ sɛ Yesu reka sɛ wɔatu Satan afi soro dedaw. Ɛyɛ bere a wɔde Kristo sii agua so wɔ soro sɛ Ɔhene wɔ afe 1914 mu akyi bere tiaa bi no na wotuu Satan fii soro. (Adi. 12:1-10) Ɛbɛyɛ sɛ Yesu kaa asɛm no te sɛ nea na asi dedaw de sii so dua sɛ, sɛnea ɛte biara no, wobetu Satan afi soro.

14:26—Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristo akyidifo ‘tan’ wɔn abusuafo? Wotumi de asɛmfua ‘ɔtan’ di dwuma wɔ Bible mu de kyerɛ sɛ obi dɔ onipa bi sen ɔfoforo, anaasɛ n’ani gye biribi ho sen foforo. (Gen. 29:30, 31) Ɛsɛ sɛ Kristofo ‘tan’ wɔn abusuafo a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ wɔdɔ Yesu sen wɔn abusuafo.—Mat. 10:37.

17:34-37—Henanom ne “akɔre” no, na “afunu” bɛn na akɔre no boaboa wɔn ho ano wɔ ho no? Wɔde wɔn a ‘wɔbɛfa wɔn akɔ’ anaa wobegye wɔn no toto akɔre a wɔn ani hu ade a ɛwɔ akyirikyiri no ho. “Afunu” a akɔre no boaboa wɔn ho ano wɔ ho no ne nokware Kristo no a waba n’ahenni mu a aniwa nhu no no, ne honhom fam aduan a Yehowa de ma wɔn no.—Mat. 24:28.

22:44—Dɛn nti na na Yesu ho yeraw no pii saa? Nneɛma pii na ɛmaa ne ho yeraw no. Ná Yesu redwen sɛnea kum a na wobekum no sɛ ɔsɛmmɔnedifo no bɛka Yehowa Nyankopɔn din no ho. Bio nso, na Yesu nim paa sɛ, daa nkwa a ɔno ne nnipa nyinaa benya no gyina nokware a ɔbɛkɔ so adi no so.

23:44—So ɔsram a ɛkyere owia na ɛmaa esum baa nnɔnhwerew abiɛsa no? Dabi. Ɔsram kyere owia bere a ɔsram no apue foforo, na ɛnyɛ bere a ɔsram no ayɛ kurukuruwa no, sɛnea ɛyɛ wɔ Twam afahyɛ bere mu no. Esum a ɛbae ɛda a Yesu wui no yɛ anwonwade a Onyankopɔn yɛe.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

11:1-4. Sɛ yɛde mpaebɔ ho akwankyerɛ yi a wɔasakra mu kakra no toto mpaebɔ nhwɛso a na Yesu de ama wɔ asram 18 a na atwam wɔ ne Bepɔw so Asɛnka mu no ho a, ɛma yehu pefee sɛ, ɛnsɛ sɛ yetĩ asɛnkoro ara mu bere a yɛrebɔ mpae.—Mat. 6:9-13.

11:5, 13. Ɛwom sɛ, Yehowa ani gye ho sɛ obetie yɛn mpaebɔ de, nanso ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ no mpae bere nyinaa a yennnyae.—1 Yoh. 5:14.

11:27, 28. Onyankopɔn apɛde a yɛde nokwaredi yɛ no na ɛma yɛn ani gye ankasa, na ɛnyɛ abusuasɛm ne ahonyade pii a yebenya.

11:41. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne koma pa na ɛka yɛn ma yɛyɛ adɔe.

12:47, 48. Obi a ɔwɔ asɛyɛde pii, nanso onni ho dwuma no bedi fɔ kɛse asen obi a onnim n’asɛyɛde, anaasɛ ɔnte ase yiye no.

14:28, 29. Nyansa wom sɛ yɛrenni mmoro nea yɛwɔ so.

22:36-38. Yesu anka ankyerɛ n’asuafo no sɛ wɔmfa akode nhyehyɛ wɔn ho mfa mmɔ wɔn ho ban. Mmom no, nkrante a na ɛhyehyɛ wɔn ho anadwo a woyii Yesu mae no maa otumi kyerɛɛ n’asuafo no asuade bi a na ɛho hia paa. Asuade no ne sɛ: “Wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa bewu nkrante ano.”—Mat. 26:52.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Yosef yɛɛ nhwɛso pa sɛ́ abusua ti

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Luka kyerɛw Yesu asase so asetra ne ne som adwuma ho asɛm kɔɔ akyiri