Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onii a Ohu Sɛnea Yɛsom Bo No

Onii a Ohu Sɛnea Yɛsom Bo No

Bɛn Onyankopɔn

Onii a Ohu Sɛnea Yɛsom Bo No

Luka 12:6, 7

“YƐN koma bebu yɛn fɔ.” Bible mu asɛm yi ma yehu sɛ ɛtɔ mmere bi a yɛn koma betumi ama yɛabu yɛn ho fɔ dodo. Nokwarem no, yɛn koma betumi ama yɛate nka sɛ Onyankopɔn nnɔ yɛn na onnwen yɛn ho. Nanso, Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Onyankopɔn sõ sen yɛn koma na onim nneɛma nyinaa.” (1 Yohane 3:19, 20) Onyankopɔn nim yɛn yiye sen sɛnea yenim yɛn ho. Ebia sɛnea obu yɛn no yɛ soronko koraa wɔ sɛnea yɛn ankasa bu yɛn ho. Ɛnde, Yehowa Nyankopɔn a onim yɛn yiye no bu yɛn dɛn? Yebetumi anya mmuae no wɔ Yesu mfatoho bi a ɛka koma a ɔde dii dwuma mpɛn abien no mu.

Bere bi Yesu kae sɛ, ‘wɔtɔn nkasanoma abien gye kaprɛ.’ (Mateo 10:29, 31) Luka 12:6, 7 kyerɛ sɛ Yesu san kae sɛ: “Wɔtɔn nkasanoma anum gye mman abien a ɛnsom bo, ɛnyɛ saa? Nanso wɔn mu biako mpo nni hɔ a Onyankopɔn werɛ fi no. . . . Munnsuro; mosom bo sen nkasanoma bebree.” Mfatoho tiawa a tumi wom yi ma yehu sɛnea Yehowa bu ne somfo biara.

Ná nkasanoma yɛ nnomaa a wɔde yɛ aduan a wɔn bo nyɛ den koraa no mu bi. Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu ahu sɛnea mmea ahiafo retɔ nnomaa nketenkete yi bi de akɔyɛ aduan ama wɔn mmusua, a ɛbɛyɛ sɛ n’ankasa maame mpo ka ho. Ná obi betumi de assarion biako a ɛnnɛ ennu mpɛsewa anum atɔ nkasanoma abien. Ná nnomaa yi bo yɛ fo araa ma sɛ na obi kura assarion abien pɛ a, sɛ́ anka wɔbɛma no anan no, na wɔto no so biako ma ɛyɛ anum.

Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, akasanoma biako mpo “nni hɔ a Onyankopɔn werɛ fi no” anaa ‘ɔtɔ fam a’ Agya no nnim ho hwee. (Mateo 10:29) Bere biara a akasanoma bi bɛtɔ fam esiane sɛ ebia wapira nti anaasɛ wasi fam rebɛhwehwɛ aduan no, Yehowa hu. Sɛ Yehowa atumi abɔ nnomaa nketenkete a ɛte sɛ nea wɔn so nni mfaso yi a, ɛnde saa ara na ɛnyɛ den koraa nso sɛ ɔbɛkae wɔn. Nokwarem no, esiane sɛ wɔyɛ abɔde a nkwa wom nti, wɔsom bo ma no. Wuhu aba a ɛwɔ Yesu mfatoho no mu no?

Ná Yesu taa de ntotoho di dwuma wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu. Ná otumi de nneɛma nketewa toto akɛse ho. Sɛ nhwɛso no, Yesu kae nso sɛ: “Nkwaakwaadabi ngu aba na wontwa, na wonni adekoradan anaa asan, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduan. Mpɛn ahe ara na monsom bo nsen nnomaa?” (Luka 12:24) Eyi ma aba a ɛwɔ Yesu asɛm a ɛfa nkasanoma ho no mu da hɔ: Sɛ Yehowa dwen nnomaa nketenkete yi ho a, mpɛn ahe ara na ɔrenhwɛ nnipa a wɔdɔ no na wɔsom no no?

Yesu nsɛm yi ma yehu sɛ ɛho nhia sɛ yɛte nka sɛ Onyankopɔn a ‘ɔsõ sen yɛn koma’ no nnwen yɛn ho na yɛnsom bo wɔ n’ani so. So ɛnyɛ awerɛkyekye sɛ yehu sɛ yɛn Bɔfo no betumi ahu nea yɛn ankasa ntumi nhu wɔ yɛn ho?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 9]

Nkasanoma: © ARCO/D. Usher/age fotostock