Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Yehu Nko Na Yegye Di?

Nea Yehu Nko Na Yegye Di?

Nea Yehu Nko Na Yegye Di?

Ebinom susuw sɛ “yɛrentumi nhu Onyankopɔn ne daakye asetra a ehia Kristofo ne ɔsom afoforo no ho nokwasɛm. Anaa sɛ yebetumi ahu mpo a, seesei de, yɛrentumi nhu.”—NYANSAPƐFO BERTRAND RUSSELL, 1953.

OBI a odii kan kaa adwene a ebinom kura yi ho asɛm ne nyansahufo bi a wɔfrɛ no Thomas Huxley. Wɔwoo Huxley wɔ afe 1825 mu. Ɔtraa ase wɔ Charles Darwin bere so, na na ogye adannandi nkyerɛkyerɛ no tom. Huxley kyerɛwee wɔ afe 1863 mu sɛ, na onhu biribiara a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bi a Kristofo kyerɛ sɛ “ɔdɔ yɛn na odwen yɛn ho” no wɔ hɔ.

Ɛnnɛ, nnipa pii ne saa mmarima a wogyee din no yɛ adwene, na wɔka sɛ nea wohu nko na wobegye adi. Ebia wɔbɛka sɛ nyansa nnim sɛ wobegye obi a wonhu no anaa biribi a enni adanse biara adi.

So Bible ka sɛ yennye Onyankopɔn nni kɛkɛ? Dabi, Bible nka saa. Mmom no, Bible ma yehu sɛ nyansa nnim sɛ yebegye nea nkurɔfo ka a enni nnyinaso adi. Bible ka sɛ: “Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.”—Mmebusɛm 14:15.

Ɛnde, so ɛsɛ sɛ yegye Onyankopɔn di? So biribi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ? Na adanse bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn na odwen yɛn ho?

Wɔada Onyankopɔn Su Adi

Bere a Bible kyerɛwfo Paulo ne Atene nhomanimfo rekasa no, ɔkae sɛ Onyankopɔn ‘yɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa.’ Paulo ka kyerɛɛ n’atiefo a na wɔn adwene mu yɛ wɔn nãã no sɛ Onyankopɔn dwen nnipa ho, na nokwarem no, “ɔne yɛn mu biara ntam nware.”—Asomafo Nnwuma 17:24-27.

Dɛn nti na na Paulo gye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na odwen nnipa a ɔbɔɔ wɔn no ho? Bere a Paulo rekyerɛw mfɛfo Kristofo a wɔwɔ Roma no, ɔkyerɛɛ ade biako nti a ɛte saa. Ɔkaa Onyankopɔn ho asɛm sɛ: “Ne su horow a wonhu no ada adi pefee fi wiase bɔ so, efisɛ wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu.”—Romafo 1:20.

Nkratafa a edidi hɔ no kyerɛkyerɛ Onyankopɔn su abiɛsa a yebetumi ahu pefee wɔ nneɛma a wabɔ mu no mu. Sɛ worekenkan nhwɛso ahorow yi a, bisa wo ho sɛ, ‘Onyankopɔn su a merekenkan ho asɛm yi ka me dɛn?’

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]

Bible nka sɛ ɛsɛ sɛ yegye Onyankopɔn di kɛkɛ

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 3]

AKYI MFONINI: Amanku: Entom Pictures/Paul Eekhoff; kratafa 32: Asase: Based on NASA photo