Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Tumi Da Adi Wɔ Nsoromma Mu

Onyankopɔn Tumi Da Adi Wɔ Nsoromma Mu

Onyankopɔn Tumi Da Adi Wɔ Nsoromma Mu

“Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse nti obiara nka akyiri.”—YESAIA 40:26.

OWIA no ne nsoromma dodow no ara kɛse yɛ pɛ. Ɛno mpo no, ɛso sen asase no koraa mpɛn 330,000. Nsoromma dodow no ara a ɛbɛn asase no susua sen owia no. Nanso nsoromma afoforo te sɛ nea wɔfrɛ no V382 Cygni no so sen owia no koraa bɛyɛ mpɛn 27.

Owia no ahoɔden te dɛn? Sɛ wɔasɔ ogya wɔ baabi, na wowɔ akyiri bɛyɛ akwansin du, na sɛ wutumi te ogya no hyew nka a, na ɛkyerɛ sɛ ano yɛ den paa. Efi asase so kɔ owia so yɛ bɛyɛ akwansin ɔpepem 93. Nanso da a owia no bɛbɔ paa no, ne hyew no betumi ama obi honam abɔ mpumpungya! Anwonwasɛm ne sɛ, owia no ahoɔden fã ketewaa bi pɛ na edu asase so. Ne nyinaa akyi no, owia no ahoɔden fã ketewaa yi ara tumi ma nkwa tra asase so.

Nokwarem no, nyansahufo abu akontaa sɛ, ahoɔden a efi owia no mu ba no betumi ama nkwa atra okyinnsoromma a ɛte sɛ asase no bɛyɛ ɔpepepepem 31 so. Anaa yebetumi abu akontaa yi wɔ ɔkwan foforo so sɛnea adwumakuw bi Intanɛt dwumadibea ka no, “Sɛ wɔde anibu biako pɛ twe owia no mu ahoɔden nyinaa a, ɛbɛma Amerika man no anya ogya ahoɔden a wɔde di dwuma seesei no saa ara bi mfe 9,000,000 a edi hɔ no.”

Owia no ahoɔden fi ne mfinimfini pɛɛ na ɛba—ɛkeka nneɛma ahorow bi bom ma yenya ogya ahoɔden pii. Owia no so paa, na ne mfinimfini mu nso dɔ araa ma egye mfe ɔpepem pii ansa na ahoɔden a ɛwɔ mu no apue. Saa adwumakuw no Intanɛt dwumadibea ka sɛ, “sɛ owia no gyae adwumayɛ nnɛ a, ebegye mfe 50,000,000 ansa na nnipa a wɔwɔ asase so ahu sɛ agyae adwumayɛ!”

Afei susuw eyi ho hwɛ: Sɛ woma wo ti so hwɛ anadwo a wim da hɔ a, wuhu nsoromma mpempem pii a emu biara repuw ahoɔden pii a ɛte sɛ owia de no ara pɛ. Na nyansahufo bu akontaa sɛ nsoromma ɔpepepem pii na ɛwɔ yɛn amansan yi mu!

Ɛhe na nsoromma yi nyinaa fi bae? Ɛnnɛ nhwehwɛmufo dodow no ara gye di sɛ bɛyɛ mfe ɔpepepem 14 ni na amansan yi bepuee ha, nanso ɛde besi nnɛ, wonhu nea ɛyɛe a ɛbaa saa. Bible ka no tiawa sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” (Genesis 1:1) Akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi aka Onii a ɔbɔɔ nsoromma a etumi puw ahoɔden pii ba no ho asɛm sɛ ɔwɔ ‘tumi kɛse.’—Yesaia 40:26.

Sɛnea Onyankopɔn De Ne Tumi Yɛ Adwuma

Yehowa Nyankopɔn de ne tumi boa wɔn a wɔyɛ n’apɛde. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo de n’ahoɔden kyerɛkyerɛɛ afoforo Onyankopɔn ho asɛm. Ná Paulo nyɛ onipa soronko, nanso otumi yɛɛ nnwuma pa pii ɛmfa ho sɛ ohyiaa ɔsɔretia no. Ɛyɛɛ dɛn na otumi yɛɛ saa? Ɔkae sɛ onyaa “tumi a ɛboro nnipa de so” fii Onyankopɔn hɔ.—2 Korintofo 4:7-9.

Yehowa Nyankopɔn de ne tumi adi dwuma de asɛe wɔn a wɔhyɛ da bu abrabɔ ho mmara a wahyehyɛ no so no nso. Yesu Kristo twee adwene sii Sodom ne Gomora sɛe ne Nsuyiri a ɛbaa Noa nna no mu so de kyerɛe sɛ Yehowa de ne tumi di dwuma de sɛe abɔnefo nkutoo. Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ ɛrenkyɛ Yehowa bɛsan de ne tumi asɛe wɔn a wobu Ne mmara so no.—Mateo 24:3, 37-39; Luka 17:26-30.

Ɛka Wo Dɛn?

Sɛ wudwennwen Onyankopɔn tumi a ɛda adi wɔ nsoromma mu no ho a, ebia wobɛte nka te sɛ Ɔhene Dawid a ɔkae sɛ: “Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma, ɔsram ne nsoromma a woasiesie a, ɔdesani ne hena a wokae no, na onipa ba ne hena a w’ani ku ne ho.”—Dwom 8:3, 4.

Nokwarem no, sɛ yɛde yɛn ho toto amansan no kɛse ho a, yehu sɛ yɛnsɛ hwee, na ɛma yɛbrɛ yɛn ho ase. Nanso enhia sɛ yɛma Onyankopɔn tumi bɔ yɛn hu. Yehowa maa honhom kaa ne diyifo Yesaia ma ɔkyerɛw awerɛkyekyesɛm yi: “Ɔno [Onyankopɔn] na ɔma nea wabrɛ otumi, na ɔma nea onni home ahoɔden dɔɔso. Mmerante brɛ, na wɔpa abaw, na nkwankwaa hwehwe ase. Na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa, NW] no nya ahoɔden foforo, wɔde ntaban foro sɛ akɔre, wotu mmirika, na wɔmpa abaw, wɔnantew, na wɔmmrɛ.”—Yesaia 40:29-31.

Sɛ wopɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn apɛde a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ ɔde ne honhom kronkron bɛboa wo. Nanso ɛsɛ sɛ wubisa. (Luka 11:13) Ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, wubetumi agyina sɔhwɛ biara ano, na woanya ahoɔden de ayɛ nea ɛteɛ.—Filipifo 4:13.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]

Ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, wubetumi anya ahoɔden de ayɛ nea ɛteɛ

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Soro, efi benkum: Whirlpool nsoromma kuw, Pleiades nsoromma kuw; Orion Nebula, Andromeda nsoromma kuw

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Owia no so sen asase no koraa mpɛn 330,000

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 7]

Pleiades nsoromma kuw: NASA, ESA and AURA/Caltech; nea aka nyinaa a ɛwɔ atifi hɔ: National Optical Astronomy Observatories