Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Dɔ Da Adi Wɔ Ɛna Dɔ Mu

Onyankopɔn Dɔ Da Adi Wɔ Ɛna Dɔ Mu

Onyankopɔn Dɔ Da Adi Wɔ Ɛna Dɔ Mu

“So ɔbea werɛ befi ne ba akokoaa, na ne yam renhyehye no ne yafumma ho? Sɛ eyinom werɛ befi po a, me de, me werɛ remfi wo.”—YESAIA 49:15.

AKOKOAA a wɔawo no foforo da ne maame nsa so a ɔregye no agoru. Ɛkyerɛ ɔdɔ ne ayamye a ɛna no wɔ ma ne ba no. Maame bi a wɔfrɛ no Pam ka sɛ, “Bere a edi kan a mesoo me ba a mawo no foforo mu no, metee nka sɛ ɔdɔ a mewɔ ma no no mu yɛ den, na mewɔ adwuma yɛ wɔ ne ho.”

Ɛyɛ nokware de, nanso nhwehwɛmu foa so sɛ ɔdɔ a ɛna wɔ ma ne ba no ka sɛnea abofra no nyin paa. Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Adwenemyare ho nsɛm so nhoma bi ka sɛ: “Nhwehwɛmu a wɔayɛ kyerɛ sɛ nkokoaa a wɔn maamenom ato wɔn asaworam na wɔne wɔn ntam atetew no nni anigye na wodwennwen araa ma ɛtɔ mmere bi a ɛbɔ wɔn hu.” Nhoma koro yi ara ka nhwehwɛmu bi a wɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ mmofra a wɔda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn na wɔma wɔn ani kũ wɔn ho fi wɔn mmofraase no adwenem betumi abue asen mmofra a wɔnna ɔdɔ adi nkyerɛ wɔn no.

Alan Schore a ɔkyerɛ adwenemyare ho ade wɔ UCLA Aduruyɛ Sukuu mu wɔ Amerika no ka sɛnea ɛnanom dɔ ho hia ho asɛm sɛ: “Abusuabɔ a edi kan a abofra no ne ne maame benya mfiase no so na ogyina nyin, efisɛ ɛma onyin yiye ma akyiri yi otumi ne afoforo nya abusuabɔ pa.”

Awerɛhosɛm ne sɛ, adwennwen, ɔyare, anaa nneɛma foforo a ɛde nhyɛso ba betumi ama ɛna bi apo ne ba anaa mpo ne ‘werɛ afi ne ba akokoaa.’ (Yesaia 49:15) Nanso ɛntaa nsi sɛ ɛna werɛ befi ne ba. Nokwarem no, ɛte sɛ nea wɔde ahyɛ ɛnanom mu sɛ wɔnnɔ wɔn mma. Nhwehwɛmufo ahu sɛ sɛ mmea rewo a, aduru bi a ɛwɔ nnipadua no mu yɛ bebree, na ɛma ɔbea no awotwaa ka twom. Eyi boa ma ɛna no nya nufusu de ma ne ba. Wogye di nso sɛ aduru koro yi ara a ɛwɔ mmarima ne mmea nyinaa nipadua mu no boa ma ɛna no fi ayamye mu dɔ ne ba.

Hena Ne Ɔdɔ Fibea?

Wɔn a wɔhyɛ adannandi nkyerɛkyerɛ ho nkuran no kyerɛkyerɛ sɛ ɔdɔ pa, te sɛ nea ɛda ɛna ne ne ba ntam no bae ara kwa, na bere a nnipa kɔɔ so dannan no, ɛma ɔdɔ kɔɔ so traa hɔ efisɛ ɛboaa wɔn a wɔde yɛɛ adwuma no.

Sɛ nhwɛso no, nsɛmma nhoma bi ka sɛ: “Yɛn adwene no fã a edi kan no bɛkaa nea yenya fii mmoa a wɔwea hɔ de no ho, na ɛno na ɛma yenyaa atenka. Yɛn adwene fã yi na ɛma ɛnanom ne wɔn mma nkokoaa tumi nya abusuabɔ.”—Mothering Magazine.

Ɛwom, nhwehwɛmu ama ada adi sɛ yɛn adwene fã yi boa wɔ sɛnea yɛte nka no mu. Nanso, so ntease wom ma wo sɛ wɔbɛka sɛ ɔdɔ a ɛna wɔ ma ne ba no fi mmoa a wɔwea bi adwenem na ɛbae?

Susuw nkyerɛkyerɛmu foforo ho hwɛ. Bible ka sɛ wɔbɔɔ onipa wɔ Onyankopɔn suban so, kyerɛ sɛ wɔbɔɔ no sɛnea obetumi ada Onyankopɔn su adi. (Genesis 1:27) Onyankopɔn su titiriw ne ɔdɔ. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Nea ɔnnɔ no nnim Onyankopɔn.” Dɛn ntia? “Efisɛ Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Hyɛ no nsow sɛ kyerɛwsɛm yi nka sɛ Onyankopɔn ɔdɔ. Mmom no, ɛka sɛ Onyankopɔn ne dɔ. Ɔno ne ɔdɔ Fibea.

Bible ka ɔdɔ ho asɛm sɛɛ: “Ɔdɔ yɛ abodwokyɛre na ne yam ye. Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw, entu ne ho, ɛnhoman, ɛnyɛ ade a ɛnsɛ, ɛnhwehwɛ nea n’ankasa hia, ne bo nhaw no. Ɛmfa bɔne nhyɛ ne mu. Enni nea ɛnteɛ ho ahurusi, na mmom edi nokware ho ahurusi. Ɛtɔ ne bo ase biribiara mu, egye biribiara di, ɛwɔ biribiara mu anidaso, na egyina biribiara ano. Ɔdɔ to ntwa da.” (1 Korintofo 13:4-8) So ntease wom sɛ wubegye adi sɛ su yi a ɛda nsow koraa wɔ su ahorow ho no bae ara kwa?

Ɛka Wo Dɛn?

Bere a wokenkanee ɔdɔ ho asɛm a ɛwɔ nkyekyɛm a edi eyi anim no, so na wopɛ paa sɛ obi da ɔdɔ a ɛte saa adi kyerɛ wo? Ɛnyɛ nwonwa sɛ wobɛte nka saa. Dɛn ntia? Efisɛ “yɛyɛ Onyankopɔn asefo.” (Asomafo Nnwuma 17:29) Wɔyɛɛ yɛn sɛ wɔnna ɔdɔ adi nkyerɛ yɛn, na yɛn nso yɛnna ɔdɔ adi nkyerɛ afoforo. Na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn paa. (Yohane 3:16; 1 Petro 5:6, 7) Kyerɛwsɛm a yɛde mu asɛm bae wɔ asɛm yi mfiase no ka sɛ ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma yɛn no mu yɛ den paa, na ɛtra hɔ kyɛ sen ɔdɔ a ɛna wɔ ma ne ba mpo!

Nanso, ebia wubebisa sɛ: ‘Sɛ Onyankopɔn yɛ onyansafo, ɔwɔ tumi, na ɔne dɔ a, dɛn nti na ɔmma amanehunu to ntwa? Dɛn nti na ɔma kwan ma mmofra wu, wɔkɔ so hyɛ nkurɔfo so, na ɔma kwan ma wɔde anibere sɛe asase no?’ Eyinom yɛ nsɛmmisa a ɛtɔ asom a ɛfata sɛ wunya ho mmuae.

Ɛmfa ho nsɛm a ebia wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ bɛka no, yebetumi anya saa nsɛmmisa no ho mmuae a ɛtɔ asom. Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ aman pii so ne Yehowa Adansefo asua Bible no de anya nsɛmmisa a ɛtete saa ho mmuae. Wɔn a wɔkyerɛw nsɛmma nhoma yi hyɛ wo nkuran sɛ wo nso yɛ saa ara. Sɛ wusua Onyankopɔn Asɛm ne n’abɔde ho ade a, wubenya ne ho nimdeɛ pii, na ɛbɛma woahu sɛ ɔne yɛn ntam nware a yentumi nhu no. Mmom no, wubehu sɛ Onyankopɔn ne “yɛn mu biara ntam nware.”—Asomafo Nnwuma 17:27.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]

Ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma yɛn no mu yɛ den koraa sen ɔdɔ a ɛna wɔ ma ne ba