Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Atoyerɛnkyɛm A Esii Solomon Islands

Atoyerɛnkyɛm A Esii Solomon Islands

Atoyerɛnkyɛm A Esii Solomon Islands

Wɔ Dwoda, April 2, 2007 mu no, asasewosow a ano yɛ den paa sii wɔ nsupɔw ahorow a ɛwɔ Australia atifi fam apuei a wɔfrɛ hɔ Solomon Islands no afã bi so. Anni gyina koraa na po asorɔkye a wɔkyerɛ sɛ ebi tenten yɛ anammɔn 30 bɔ wuraa nsupɔw a ɛwɔ Atɔe Mantam no mu. Ekunkum nnipa 52, na ɛsɛee nnipa 6,000 afie nso.

Gizo ka baabi a ɛhɔ sɛee kɛse no ho. Ɛyɛ kurow a ɛda mpoano a ɛwɔ Ghizo Supɔw so a emu nnipa bɛyɛ 7,000. Efi hɔ rekɔ baabi a asasewosow no fi no yɛ akwansin 28 pɛ. Ná Yehowa Adansefo asafo ketewaa bi a ɛwɔ Gizo no rebɛkae Yesu wu a wɔyɛ no afe afe saa anwummere no. (1 Korintofo 11:23-26) Saa da no, owia no puei fɛfɛɛfɛ sɛnea epue daa no, na na po no so nso atɛm dinn. Afei, ɛbɔɔ anɔpa 7:39 no, asasewosow sii.

Asasewosow!

Bere a asasewosow no sii no, na Ron Parkinson a ɔyɛ asafo mu panyin ne ne yere, Dorothy reyɛ aduan. Ron ka sɛ, “Yɛn fie a ayɛ dedaw no dii ahim te sɛ kube dua nanso annwiriw angu. Ná dede no ano yɛ den paa. Ɔdan mu nneɛma te sɛ, nkongua, apon, mprɛte, adakabɛn ne nneɛma afoforo a esisi hɔ nyinaa dwiriw guu fam. Na ɛnyɛ mmerɛw, nanso yɛbɔɔ mmɔden pue kɔɔ abɔnten. Dorothy tiaa ahwehwɛ a abobɔ agu hɔ so ma etwaa no esiane sɛ na ɔnhyɛ mpaboa nti.”

Tony ne Christine Shaw a wɔyɛ asɛmpatrɛwfo a na wɔte bɛn yɛn no nso de ahoɔhare pue baa abɔnten. Christine ka sɛ: “Asase no wosowee denneennen araa ma mehwee ase a mantumi ansɔre. Ná adan tentɛn nsu no ani. Asorɔkye kɛse bi na etutuu ase. Nkurɔfo a wɔte ɔkorow mu yeree wɔn ho haree kɔhwehwɛɛ adan a abubu agu no mu sɛ wobehu ebinom a wonwui. Afei ankyɛ na asasewosow kɛse san sii—na foforo toaa so. Asasewosow kɔɔ so sisii araa nnanum. Ná ɛyɛ hu ankasa!”

Ɛno Akyi, Asasewosow Sii Po Mu

Bere a asasewosow no sii no, na Patson Baea wɔ ne fie a ɛwɔ Sepo Hite, supɔw a efi Gizo kɔ hɔ bɛyɛ akwansin anan no so. Atoyerɛnkyɛm yi sii no, dɛn na ɛtoo Patson ne n’abusua?

Patson kaa awerɛhosɛm a esii: “Mituu mmirika faa mpoano kɔɔ me yere Naomi ne yɛn mma baanan no nkyɛn. Ná asasewosow no ama watete ahwe nanso na wɔn ho ye. Ná mmofra no ho popo, na na wɔn mu bi resu. Me ne Naomi kyekyee wɔn werɛ ntɛm ara.

“Mihui sɛ po asorɔkye no rebɔ basabasa. Ɛda adi sɛ na asasewosow rebesi po no mu, na anhwɛ a ɛbɛhohoro supɔw ketewa a yɛte so no akɔ. Ná me maame, Evalyn a ɔte supɔw ketewaa bi a ɛbɛn yɛn so no nso nkwa da asiane mu. Meka kyerɛɛ me yere ne me mma no sɛ wɔnyɛ ntɛm mforo yɛn korow a engine hyɛ mu no, na yɛnkɔfa no.

“Bere a yetwaa kwan kakra no, po asorɔkye kɛse bi bɔ faa yɛn korow no ase. Afei na po no rekɔ soro ba fam. Yekoduu baabi a me maame wɔ no, na ehu aka no, na na wayɛ baasa. Afei nso na osuro paa sɛ obesi nsu no mu. Me yere Naomi ne yɛn babarima, Jeremy a wadi mfe 15 no tow wɔn ho guu nsu a na asorɔkye no ano yɛ den paa no mu kɔboaa no ma oguare baa ɔkorow no mu. Afei mekaa gya guu ɔkorow no mu de tuu mmirika denneennen, na yɛde yɛn ani kyerɛɛ po no so.

“Ebeduu saa bere yi, na po no atwe kɔ akyirikyiri koraa ma wuhu po ase nneɛma a ɛwɔ nsupɔw no so no. Prɛko pɛ asorɔkye kɛse bi bɔe ma nsu bɛkataa nsupɔw abien no nyinaa so. Yɛn ahɔhodan a ɛwɔ mpoano pɛɛ no dwiriw gui ma ɛsɛee koraa. Nsu yirii faa yɛn fie sɛee yɛn agyapade pii. Bere a po no twetwee no, yekoyiyii Bible ne nnwom nhoma fii yɛn fie a asɛe no mu, na yɛde yɛn ani kyerɛɛ Gizo.”

Ná nnipa awuwu gu mpoano hɔ, na na nneɛma pii nso asɛe gugu hɔ. Ghizo Supɔw no atɔe fam na nneɛma sɛee kɛse paa. Anyɛ yiye koraa no, asorɔkye a wɔkyerɛ sɛ ne tenten yɛ anammɔn 15 no praa nkuraa 13 kɔe!

Saa anadwo no, nnipa 22 na wohyiae wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ Gizo no mu kaee Yesu wu no. Anigyesɛm ne sɛ, saa nnipa yi mu biara ampira kɛse wɔ atoyerɛnkyɛm no mu. Ron a yɛadi kan afa n’asɛm aka no ka sɛ, “Ná anyinam nkanea nni hɔ, na na nkanea a yɛde krasin gu mu nso asɛesɛe. Enti Onua Shaw de kanea-akyerɛkyerɛkwan na ɛmaa ɔkasa no. Yɛmaa yɛn nne so too dwom dɛdɛ de daa Yehowa ase wɔ sum no mu.”

Mmoa a Wɔde Mae

Bere a wɔtee atoyerɛnkyɛm no ho asɛm wɔ ɔman no ahenkurow, Honiara mu no, Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ hɔ no yɛɛ ntɛm de mmoa kɔmae. Wɔfrɛe wɔ telefon so ntɛm ara, na wohui sɛ Adansefo dodow no ara a wɔtete mmeae a atoyerɛnkyɛm asi no ho ye. Wɔsomaa nnipa a wɔwɔ wɔn mu ahotoso ma wɔkɔhwehwɛɛ Ɔdansefo bi a ɔte akyirikyiri paa wɔ Choiseul Supɔw so no. Wokohuu no a na ne ho ye a hwee nyɛɛ no. Wɔde sika kɔɔ Gizo de kɔtotɔɔ nneɛma a ɛho behia wɔn a wɔn ho aka no.

Yehowa Adansefo adwumayɛbea no ananmusifo de wimhyɛn a edi kan koduu Gizo, Yawda. Craig Tucker a ɔyɛ ɔpanyin wɔ adwumayɛbea hɔ no ka sɛ: “Yɛde nnaka pii a nneɛma wom kɔe. Wimhyɛn no gyaw nnipa a wɔfaa wɔn no bi nneɛma wɔ hɔ esiane sɛ na ɛdɔɔso sen nea ɛsɛ sɛ wɔfa nti, nanso ɛyɛɛ yɛn dɛ sɛ yɛn de, yɛn nsa kaa yɛn nnaka no nyinaa. Ná ɛka nneɛma a edi kan a wɔde kɔboaa nnipa a wɔte baabi a atoyerɛnkyɛm asi no. Nnanu akyi no, hyɛmma de nneɛma foforo bae.”

Tony Shaw ne Patson Baea, ne Adansefo afoforo a wɔwɔ Gizo no de ɔkorow twaa kwan nnɔnhwerew abien kɔboaa Adansefo a wɔte akyirikyiri wɔ Ranongga Supɔw so no. Asasewosow no anoden maa supɔw a ne tenten yɛ akwansin 20, na ne trɛw yɛ akwansin 5 no pagya kɔɔ soro sen ɛpo no anammɔn 6! Ɛda adi sɛ nsu pii a ɛtwe kɔɔ akyiri prɛko pɛ no na ɛmaa asasewosow sii wɔ po mu wɔ nsupɔw no so no.

Tony ka sɛ, “Asafo no mufo ani gyei mmoroso sɛ wohuu yɛn. Ná wɔn ho ye a hwee nyɛɛ wɔn, na na wɔtete abɔnten efisɛ na wosuro sɛ asasewosow bɛsan asi bio. Hyɛmma a yɛte mu no na edii kan de nneɛma bae. Ansa na yɛrefi hɔ akɔ no, yɛn nyinaa boom bɔɔ mpae de daa Yehowa ase.”

Patson ka sɛ: “Nna bi akyi no, yɛsan kɔɔ Ranongga sɛ yɛrekɔfa nneɛma foforo aba na yɛakɔhwehwɛ abusua bi a wɔyɛ Adansefo a wɔte akyirikyiri wɔ supɔw no so. Awiei koraa no, yehuu Matthew Itu ne n’abusua sɛ wɔhyɛ wuram tuu. Wohui sɛ yɛn werɛ mfii wɔn no, wɔde anigye sui! Ná asasewosow no asɛe wɔn fie ne adan afoforo pii wɔ akuraa no ase. Nanso na nea ehia wɔn paa ne sɛ wobenya Bible ama abusua no muni biara, efisɛ na atoyerɛnkyɛm no ama wɔn de nyinaa ayera.”

Nkurɔfo Kamfoo Adansefo No

Afoforo huu Kristofo dɔ a ɛte saa a wɔdaa no adi no. Craig Tucker ka sɛ: “Ɛyɛɛ sɛnkyerɛwfo bi a na waka mmoa a na wɔmfa mma papa ho asɛm no nwonwa sɛ ɔtee sɛ Yehowa Adansefo de nnuan, tapɔlin, ne nneɛma afoforo a ɛho hia kɔmaa wɔn nkurɔfo wɔ nna kakra bi ntam wɔ bere a asasewosow no sii no mu, na ɛkaa ne koma nso.” Patson de ka ho sɛ, “Nnipa a wɔte Ranongga no kaa mmoa a yɛde mae ntɛm no ho asɛmpa na wodii yaw sɛ na wɔn asɔre no mfaa mmoa a ɛte saa mmae.” Ɔbea bi kae sɛ: “Mo ahyehyɛde no boae ntɛm paa!”

Adansefo no boaa wɔn afipamfo nso. Christine Shaw ka sɛ, “Bere a yɛkɔɔ ayaresabea a atoyerɛnkyɛm no nti wɔyɛe wɔ Gizo no, yehuu awarefo bi a na yehyiaa wɔn wɔ asɛnka mu nkyɛe. Ná wɔn baanu nyinaa apirapira, na na ehu aka wɔn paa. Asasewosow a esii po mu no ma nsu faa ɔbea no banana kɔe. Yɛsan kɔɔ fie ntɛm ara kɔfaa aduan ne ntade brɛɛ wɔn. Wɔn ani sɔe paa.”

Nokwarem no, ɛnyɛ honam fam nneɛma nko na nnipa a atoyerɛnkyɛm to wɔn no hia. Nea wohia titiriw ne awerɛkyekye a Onyankopɔn Asɛm, Bible nkutoo betumi de ama no. Ron ka sɛ, “Ná ɔsom ahorow bi asɔfo reka sɛ nkurɔfo no bɔne nti na Onyankopɔn retwe wɔn aso. Nanso yɛma wohu fii Bible mu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma nneɛma bɔne sisi. Wɔn mu pii daa yɛn ase sɛ yɛde Bible mu asɛm kyekyee wɔn werɛ.”—2 Korintofo 1:3, 4; Yakobo 1:13. *

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 24 Hwɛ asɛm “‘Why?’Answering the Hardest of Questions” (Adɛn?—Nsɛmmisa a Ɛyɛ Den Paa ho Mmuae) a ɛwɔ November 2006 Awake! mu no kratafa 3–9. Atoyerɛnkyɛm no akyi no, yɛkyekyɛɛ nsɛmma nhoma yi pii wɔ Gizo.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/​Asase mfonini wɔ kratafa 13]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Choiseul

Ghizo

Gizo

Ranongga

HONIARA

AUSTRALIA

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Baea abusua a wɔte wɔn korow a engine hyɛ mu no mu

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Sɛnea asasewosow a esii po mu no sɛee nneɛma wɔ Gizo

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Ahenni Asa yi nkutoo ne ɔdan a ɛkae wɔ Lale wɔ Ranongga Supɔw so