Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔ Onyankopɔn Ahenni Ho

Wɔ Onyankopɔn Ahenni Ho

Nea Yesua Fi Yesu Hɔ

Wɔ Onyankopɔn Ahenni Ho

Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?

Onyankopɔn Ahenni yɛ aban a ebedi asase nyinaa so. Yesu kae sɛ: “Enti mommɔ mpae sɛ: . . . ‘W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro.’”—Mateo 6:9, 10; Daniel 2:44.

Henanom na wɔbɛyɛ sodifo wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu?

Wɔwoo Yesu sɛ ɔmmɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no Sodifo. Ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Yesu maame sɛ: ‘Yehowa Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no, na obedi hene.’ (Luka 1:30-33) Bio nso, Yesu paw n’akyidifo no bi sɛ wɔne no nni ade. Ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Mo na moda so bata me ho wɔ me sɔhwɛ mu; na me ne mo reyɛ ahenni ho apam, sɛnea m’Agya ne me ayɛ apam no.” (Luka 22:28, 29; Daniel 7:27) Yesu akyidifo 144,000 na wɔbɛka ne ho ne no adi ade.—Adiyisɛm 5:9, 10; 14:1.

Ɛhe na Ahenni no befi adi tumi?

Onyankopɔn Ahenni no bedi tumi afi soro. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ mekɔ kosiesie baabi ma mo [wɔ ɔsoro] a, mɛba bio na magye mo aba me nkyɛn, na baabi a mewɔ no, mo nso moaba hɔ. . . . Merekɔ Agya no nkyɛn.”—Yohane 14:2, 3, 12; Daniel 7:13, 14.

Dɛn na Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ abɔnefo?

Yesu beyi abɔnefo nyinaa afi asase so. Yesu kae sɛ: “Bere a onipa Ba [Yesu] ba n’anuonyam mu a abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtra n’anuonyam ahengua so. Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim, na ɔbɛpaapae nnipa no mu mmiako mmiako . . . Na eyinom [abɔnefo] befi hɔ akɔ daa ɔsɛe mu, na wɔn a wɔteɛ no bɛkɔ daa nkwa mu.”—Mateo 25:31-34, 46.

Henanom na wɔbɛtra asase so ama Ahenni no adi wɔn so?

Yesu kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wodwo, efisɛ wobenya asase no.” (Mateo 5:5; Dwom 37:29; 72:8) Nnipa a ɛnnɛ wɔresua sɛ wɔbɛdodɔ wɔn ho wɔn ho no na wɔbɛtra asase no so. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho. Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:34, 35.

Dɛn na Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ ama adesamma wɔ asase so?

Yesu bɛsa adesamma nyarewa nyinaa. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkaa “Nyankopɔn ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn [nnipakuw no], na ɔsaa wɔn a wohia ayaresa no yare.” (Luka 9:11) Bere a ɔsomafo Yohane huu Yesu a wɔanyan no afi awufo mu wɔ anisoade mu akyi no, Yohane kae sɛ: “Mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo . . . Metee nne kɛse bi fii ahengua no so sɛ: ‘Hwɛ! Onyankopɔn ntamadan wɔ adesamma mu . . . Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio.’”—Adiyisɛm 21:1-4.

Onyankopɔn Ahenni bɛma asase asan ayɛ Paradise. Ɔbɔnefo a wokum no kaa Yesu ho no kae sɛ: “Yesu, sɛ woba w’ahenni mu a kae me.” Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Nokwarem mise wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.”—Luka 23:42, 43; Yesaia 11:4-9.

Sɛ wopɛ Ahenni no ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? * nhoma no ti 8

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 16 Yehowa Adansefo na wotintimii.