Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Atoyerɛnkyɛm Yɛ Asotwe A Efi Onyankopɔn?

So Atoyerɛnkyɛm Yɛ Asotwe A Efi Onyankopɔn?

Nsɛm a Akenkanfo Bisa

So Atoyerɛnkyɛm Yɛ Asotwe A Efi Onyankopɔn?

Onyankopɔn mfa atoyerɛnkyɛm ntwe nnipa a wɔn ho nni asɛm aso. Ɔnyɛɛ saa da, na ɔrenyɛ saa nso da. Dɛn ntia? Efisɛ Bible ka wɔ 1 Yohane 4:8 sɛ, “Onyankopɔn ne dɔ.”

Ɔdɔ na Onyankopɔn de yɛ biribiara. Ɔdɔ mmɔ mmusu mma nnipa a wɔn ho nni asɛm, efisɛ Bible ka sɛ “ɔdɔ nyɛ ne yɔnko bɔne.” (Romafo 13:10) Bible ka wɔ Hiob 34:12 sɛ: “Ampa ne ampa, Onyankopɔn nni asɛmmɔne.”

Nokwarem no, Bible hyɛɛ atoyerɛnkyɛm te sɛ “asasewosow akɛse” a ebesisi wɔ yɛn bere so no ho nkɔm. (Luka 21:11) Nanso ɛnyɛ Yehowa na ɔma asasewosow si ma ɛsɛe nneɛma sɛnea sɛ obi a ɔwɔ wim tebea ho nimdeɛ ka sɛ ahum betu a, ɛnyɛ ɔno na ɔma etu no. Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma atoyerɛnkyɛm sisi ma nnipa hu amane a, ɛnde, na dɛn na ɛde ba?

Bible ma yehu sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔnefo,” Satan Ɔbonsam, “tumi mu.” (1 Yohane 5:19) Wakɔ so adi awu fi bere a ɔtew atua wɔ adesamma mfiase pɛɛ de abesi nnɛ. (Yohane 8:44) Satan mmu nnipa nkwa sɛ ɛsom bo. Ɔyɛ pɛsɛmenkominya nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wama saa su yi agye ntini wɔ wiase baabiara. Ɛnnɛ, nnipa a wɔwɔ wiase yɛ pɛsɛmenkominya araa ma wɔama nnipa pii a wonni aboafo akɔtra mmeae a akyinnye biara nni ho sɛ atoyerɛnkyɛm betumi asisi. (Efesofo 2:2; 1 Yohane 2:16) Enti ɛsɛ sɛ yɛde amane a nnipa rehu no bi ho asodi to adifudepɛfo so. (Ɔsɛnkafo 8:9) Dɛn ntia?

Atoyerɛnkyɛm pii a esisi no bi fi nnipa. Sɛ nhwɛso no, susuw sɛnea ahum ne nsuyiri maa nnipa a wɔte New Orleans, U.S.A. no huu amane, anaa sɛnea atɛkyɛ a efi Venezuela mmepɔw a ɛwɔ mpoano so bɛkataa adan so no ho hwɛ. Wɔ atoyerɛnkyɛm yi ne afoforo a asisi mu no, abɔde mu nneɛma te sɛ mframa ne nsu dii awu esiane sɛ nnipa anhwɛ wɔn atrae yiye, ansisi adan yiye, anyɛ nhyehyɛe pa, antie kɔkɔbɔ, na atumfo no nso anyɛ wɔn adwuma yiye nti.

Susuw atoyerɛnkyɛm bi a esii wɔ Bible mmere mu no ho hwɛ. Wɔ Yesu bere so no, aban bi bu kunkum nnipa 18 prɛko pɛ. (Luka 13:4) Ebetumi aba sɛ atoyerɛnkyɛm yi fi nnipa mfomso anaa ‘asiane a ɛto nnipa bere a wɔnhwɛ kwan’ anaasɛ efi n’abien nyinaa—nanso yebetumi de ahotoso aka sɛ na ɛnyɛ Onyankopɔn atemmu.—Ɔsɛnkafo 9:11, NW.

So Onyankopɔn ankasa ama atoyerɛnkyɛm bi asisi pɛn? Yiw, nanso ɛnte sɛ atoyerɛnkyɛm a nnipa ma esisi no. Nea efi Onyankopɔn no baa nnipa pɔtẽẽ bi so, ɛwɔ nea enti a esisii, na na ɛntaa nsisi. Nsuyiri a ɛbaa wiase nyinaa wɔ Noa bere so, ne Sodom ne Gomora a wɔsɛe no Lot bere so no yɛ eyi ho nhwɛso abien. (Genesis 6:7-9, 13; 18:20-32; 19:24) Wɔ saa ɔsɛe no mu no, Onyankopɔn de atemmu baa nnipa abɔnefo a wɔasen wɔn kɔn no so, nanso ɔkoraa nnipa a na wɔyɛ atreneefo no so.

Nokwarem no, Yehowa Nyankopɔn wɔ tumi a obetumi ama amanehunu nyinaa to atwa na wama nnipa ho atɔ wɔn wɔ ɔhaw a atoyerɛnkyɛm de ba ho, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa nso. Dwom 72:12 hyɛɛ Ɔhene a Onyankopɔn apaw no, Yesu Kristo ho nkɔm sɛ: “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo.”