Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

So Wunim?

Dɛn nti na na Maria ngo huamhuam no bo yɛ den saa?

Aka nna kakra ma Yesu awu no, Lasaro nuabea Maria “de alabasta toa a ngo huamhuam wom bae, nardo ngohuam amapa a ne bo yɛ den yiye,” na ohwie guu Yesu tiri mu. (Marko 14:3-5; Mateo 26:6, 7; Yohane 12:3-5) Marko ne Yohane bɔ amanneɛ sɛ na ngohuam no bo yɛ denare 300—bɛyɛ odwumayɛni afe mũ akatua.

Ɛhe na na ngohuam a ne bo yɛ den yi fi? Wɔkyerɛ sɛ nardo a Bible ka ho asɛm no yɛ afifide ketewa huamhuam bi a ɛwɔ Himalaya Bepɔw so. Ná wɔtaa de nneɛma afoforo frafra nardo a ne bo yɛ den mu anaa mpo wɔde ade foforo si ananmu. Nanso Marko ne Yohane nyinaa de asɛm, “nardo ngohuam amapa” na edii dwuma. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na ngohuam yi bo yɛ den no kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ na efi India a ɛwɔ akyirikyiri no.

Dɛn nti na Marko nhoma no ka sɛ Maria “bɔɔ alabasta toa no” sɛnea Bible bi ka no? Ná alabasta toa kɔn taa yɛ teateaa a na ɛma wotumi kata ano no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a ngo no hua ntu nkɔ. Alan Millard kae wɔ ne nhoma bi mu sɛ: “Ná ɛnyɛ den mma ɔbea a ne ho pere no no sɛ ɔbɛbɔ [toa no kɔn] na ama watumi ahwie ngohuam no nyinaa agu no so prɛko pɛ sen sɛ ɔbɛtwɛn abue toa no ano.” (Discoveries From the Time of Jesus) Eyi ma yehu nea enti a “ngo huamhuam no hua hyɛɛ fie hɔ ma” no. (Yohane 12:3) Ɛyɛ akyɛde a ne bo yɛ den paa ampa, nanso na ɛfata. Dɛn ntia? Efisɛ na ɛnkyɛe koraa na na Yesu anyan ɔbea a ɔkyerɛɛ nneɛma ho anisɔ no nuabarima Lasaro, a ɔdɔ no no fii awufo mu ma ohui.—Yohane 11:32-45.

Yeriko—ɛyɛ kurow biako anaa nkurow abien?

Mateo, Marko, ne Luka nyinaa kyerɛw nkurɔfo bi a Yesu saa wɔn yare wɔ baabi a ɛbɛn Yeriko no ho asɛm. (Mateo 20:29-34; Marko 10:46-52; Luka 18:35-43) Mateo ne Marko nyinaa ka sɛ Yesu yɛɛ anwonwade yi bere a na ‘ɔrefi’ Yeriko. Nanso Luka ka sɛ anwonwade yi sii bere a na Yesu ‘rebɛn’ Yeriko.

Wɔ Yesu bere so no, so na Yeriko yɛ kurow biako, anaa na ɛyɛ nkurow abien? Bible Then & Now nhoma no bua sɛ: “Bere a na Yesu wɔ asase so no, na wɔakyekye Yeriko kurow no foforo bɛyɛ kwansin biako wɔ kurow dedaw no anafo. Ná Herode Ɔkɛseɛ no asi ahemfie bi wɔ hɔ a ɔkɔtra mu awɔw bere.” Nhoma bi foa asɛm yi so sɛ: “Wɔ Yesu bere so no, na Yeriko yɛ nkurow abien. . . . Ná efi Yudafo kurow dedaw yi mu rekɔ Romafo kurow no mu no yɛ kwansin biako.”—Archaeology and Bible History.

Enti ɛbɛyɛ sɛ Yesu yɛɛ anwonwade no bere a na ɔrefi Yudafo kurow no mu na ɔrebɛn Romafo kurow no, anaa ɔrefi Romafo kurow no mu na ɔrebɛn Yudafo kurow no. Ɛda adi sɛ, sɛnea na nsɛm te bere a na wɔrekyerɛw Bible no a yebehu no bɛboa ma yɛate asɛm a ɛreyɛ ayɛ sɛ abirabɔ no ase.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

ALABASTA NGOHUAM TOA

[Asɛm Fibea]

© Réunion des Musées Nationaux/Art Resource, NY