Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Noa ne Nsuyiri No Ɛyɛ Nokwasɛm, Ɛnyɛ Anansesɛm

Noa ne Nsuyiri No Ɛyɛ Nokwasɛm, Ɛnyɛ Anansesɛm

Noa ne Nsuyiri No Ɛyɛ Nokwasɛm, Ɛnyɛ Anansesɛm

SO WOPƐ sɛ wotra wiase a eye—wiase a nkurɔfo ne wɔn ho wɔn ho te asomdwoe mu, na ɔko, nsɛmmɔnedi ne nhyɛso nni mu mu? Sɛ ɛte saa a, ɛnde wubetumi anya nkuranhyɛsɛm afi abakɔsɛm a ebia wunim no yiye no mu. Ɛno ne kyerɛwtohɔ a ɛfa Noa, ɔbarima a na ɔyɛ onipa pa ankasa, a ɔyɛɛ adaka de gyee ɔne ne fiefo nkwa fii wiase nyinaa nsuyiri a wɔde sɛee abɔnefo no mu ho.

Abakɔsɛm kakraa bi na nnipa dodow no ara nim ho asɛm saa. Yehu nea ɛtoo Noa yi ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu nhoma a ɛne Genesis, ti 6 kosi 9 no mu, na wɔsan ka ho asɛm wɔ Koran ne nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa no mu pii atetesɛm mu. So Nsuyiri no bae ampa, anaasɛ ɛyɛ anansesɛm bi ara kɛkɛ a ɛbɛma nkurɔfo ayɛ nea ɛteɛ? Nyamekyerɛfo ne nyansahufo aka asɛmmisa yi ho asɛm mfe pii. Nanso, Bible a ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm no ma eyi mu da hɔ pefee sɛ, saa kyerɛwtohɔ yi yɛ nokware na ɛnyɛ anansesɛm. Susuw nokwasɛm a edidi so yi ho hwɛ:

Noa ho asɛm a ɛwɔ Genesis no kyerɛ yɛn afe, ɔsram, ne da pɔtẽẽ a Nsuyiri no fii ase, na ɛsan ka bere ne baabi a adaka no kosii, ne bere a asase no so nsu yowee ho asɛm. Wɔaka adaka no tenten, ne tɛtrɛtɛ, ne sorokɔ, ne nneɛma a wɔde yɛe no nyinaa nso ho asɛm pɛpɛɛpɛ. Nanso, mpɛn pii no, sɛ wɔto anansesɛm a, wɔnkyerɛ baabi ne bere a nsɛm no sisii.

Bible mu kyerɛwtohɔ abien a ɛka anato ho asɛm nnidiso nnidiso no di adanse sɛ, Noa yɛ onipa a ɔtraa ase ampa. (1 Beresosɛm 1:4; Luka 3:36) Esra ne Luka a wɔn nyinaa hyehyɛɛ anato yi yɛ nnipa a na wɔde ahwɛyiye yɛ nhwehwɛmu. Luka kyerɛɛ Yesu Kristo anato kosii Noa so.

Adiyifo Yesaia ne Hesekiel, ne Kristo asomafo Paulo ne Petro nyinaa kaa Noa anaa Nsuyiri no ho asɛm mpɛn pii.—Yesaia 54:9; Hesekiel 14:14, 20; Hebrifo 11:7; 1 Petro 3:19, 20; 2 Petro 2:5.

Yesu Kristo kaa Nsuyiri no ho asɛm sɛ: “Sɛnea ɛyɛe wɔ Noa nna no mu no, saa ara na ɛbɛyɛ wɔ onipa Ba no nna no nso mu: na wodidii, wɔnomee, mmarima warewaree, wɔde mmea memaa aware, kosii da a Noa kɔhyɛn adaka no mu na nsuyiri no ba bɛsɛee wɔn nyinaa.” (Luka 17:26, 27) Sɛ anka Nsuyiri no amma a, ɛnde na Yesu asɛm, “onipa Ba no nna no,” a ɔkae no bɛyɛ nea ntease biara nnim.

Ɔsomafo Petro hyɛɛ nkɔm sɛ, “fɛwdifo” bɛba abedi nea Bible ka no ho few. Petro kyerɛwee sɛ, ‘Esiane sɛ wɔn ankasa pɛ no saa nti, wonhu nokwasɛm yi sɛ nsu yiri sɛee wiase a na ɛwɔ hɔ wɔ Noa bere so no.’ So ɛnsɛ sɛ yehu saa “nokwasɛm yi”? Ɛsɛ sɛ yehu ɔkwan biara so! Petro toaa so sɛ: “Wɔakora ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi so ama ogya de retwɛn atemmu ne amumɔyɛfo sɛe da.”—2 Petro 3:3-7.

Onyankopɔn bɛsan asɛe abɔnefo, na bio nso, ebinom benya wɔn ti adidi mu. Sɛ yesuasua Noa a, ebia yɛbɛka atreneefo a wobegye wɔn nkwa akɔ wiase a emu asetra ye paa mu no ho.