Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ɔne Yɛn Mu Biara Ntam Nware”

“Ɔne Yɛn Mu Biara Ntam Nware”

Bɛn Onyankopɔn

“Ɔne Yɛn Mu Biara Ntam Nware”

Asomafo Nnwuma 17:24-27

SƐ WƆDE nnipa toto amansan kokuroo yi ho a, wɔyɛ nkyene a na wɔayera mu. Ebia wubebisa sɛ, ‘So nnipa betumi ne ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den ma ayɛ yiye?’ Sɛ Onyankopɔn a ne din de Yehowa no pɛ nkutoo a, ebetumi ayɛ yiye. So Onyankopɔn pɛ no saa? Yebetumi anya asɛm yi ho mmuae a ɛka koma wɔ ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛtɔ asom a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 17:24-27 a ɔka kyerɛɛ Atene nhomanimfo no. Hyɛ nneɛma anan a Paulo ka faa Yehowa ho no nsow.

Nea edi kan no, Paulo kae sɛ Onyankopɔn na “ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa.” (Nkyekyɛm 24) Nneɛma a egu ahorow na ɛyɛ fɛ a ɛma asetra yɛ anigye no di adanse sɛ yɛn Yɛfo no dwen yɛn ho na ɔdɔ yɛn. (Romafo 1:20) Ɛbɛyɛ nea ntease nnim sɛ yebesusuw sɛ yɛrentumi mmɛn Onyankopɔn a ɔte saa a ɔdɔ yɛn no.

Nea ɛto so abien, Yehowa “na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome ne nneɛma nyinaa.” (Nkyekyɛm 25) Yehowa ne Nkwamafo. (Dwom 36:9) Mframa, nsu, ne aduan a ɛho hia ma nkwa no nyinaa yɛ akyɛde a efi yɛn Bɔfo no hɔ. (Yakobo 1:17) Wugye di sɛ ntease wom sɛ Onyankopɔn ɔyamyefo no de ne ho behintaw a ɔremma yenhu onii kõ a ɔyɛ, na ama yɛabɛn no?

Nea ɛto so abiɛsa no, Onyankopɔn ‘yɛɛ nnipa aman nyinaa fii nipa baako mu.’ (Nkyekyɛm 26) Yehowa nhwɛ obiara anim, na onni onipa biara ho adwemmɔne. (Asomafo Nnwuma 10:34) Ɔrentumi nyɛ saa da. Ɔbɔɔ “nipa baako,” Adam, na ɔno mu na aman ne mmusua nyinaa fi. Onyankopɔn ‘pɛ ne sɛ wogye nnipa ahorow nyinaa.’ (1 Timoteo 2:4) Enti ɛmfa ho yɛn honam ani hwɛbea, ɔman a yefi mu, anaa kasa a yɛka no, yɛn nyinaa wɔ hokwan sɛ yɛbɛn no.

Awiei koraa no, Paulo ka nokwasɛm bi a ɛma awerɛkyekye: Yehowa ne “yɛn mu biara ntam nware.” (Nkyekyɛm 27) Ɛwom sɛ Yehowa korɔn paa de, nanso ɔbɛn wɔn a wofi komam pɛ sɛ wɔbɛn no no bere nyinaa. N’Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ, onni akyirikyiri, na mmom ‘ɔbɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.’—Dwom 145:18.

Paulo nsɛm no ma emu da hɔ pefee sɛ, Onyankopɔn pɛ sɛ yɛbɛn no. Nanso, Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ, wɔn a wofi wɔn pɛ mu ‘pɛ n’akyi kwan’ na ‘wɔhwehwɛ’ no no nkutoo na ɔma wohu no. (Nkyekyɛm 27) Bible nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ “adeyɛ asɛm abien no nyinaa kyerɛ sɛ worepɛ biribi a wunim sɛ wubehu . . . anaa wubenya.” Sɛ mfatoho no: Sɛ wowɔ ɔdan a wunim mu yiye na emu yɛ sum mu a, ebia wobɛhwehwɛ baabi a wɔsɔ kanea anaa baabi a ɔdan no pon wɔ, nanso wunim sɛ wubehu. Saa ara nso na sɛ yefi yɛn komam pɛ Onyankopɔn akyi kwan na yɛhwehwɛ no a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ yɛn nsa rensi fam. Paulo ma yɛn awerɛhyem sɛ, ‘yebehu no ankasa.’—Nkyekyɛm 27.

So wopɛ sɛ wobɛn Onyankopɔn? Sɛ wode gyidi ‘pɛ Onyankopɔn akyi kwan’ na ‘wohwehwɛ no’ a, ɔrenni wo huammɔ. Ɛnyɛ den sɛ yebehu Yehowa akyi kwan, efisɛ “ɔne yɛn mu biara ntam nware.”