Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Hwɛ! Meyɛ Yehowa Afenaa!”

“Hwɛ! Meyɛ Yehowa Afenaa!”

Suasua Wɔn Gyidi

“Hwɛ! Meyɛ Yehowa Afenaa!”

MARIA a ne ho adwiriw no no haa n’ani bere a ɔhɔho no hyɛn ne fie no. Wammisa ne papa anaa ne maame ase. Ɔbaa Maria nkyɛn! Ná onim paa sɛ ɔhɔho no nyɛ obi a ofi Nasaret. Ná ɛnyɛ den sɛ wobehu sɛ obi yɛ ɔhɔho wɔ n’akuraase hɔ. Ná ɔbarima yi da nsow koraa. Okyiaa Maria wɔ ɔkwan soronko koraa so sɛ: “Asomdwoe nka wo, wo a wɔadom wo, Yehowa ka wo ho.”—Luka 1:28.

Saa kwan yi so na Bible ka Heli babea Maria a ofi Nasaret a ɛwɔ Galilea no ho asɛm kyerɛ yɛn. Ne ho asɛm puei wɔ Bible mu bere a na ɛsɛ sɛ osisi gyinae titiriw wɔ n’asetram no. Ná ɔyɛ dua dwumfo Yosef, a ɔnyɛ sikani, nanso ɔyɛ ɔnokwafo no siyere. Enti na ɛte sɛ nea onim nea ɔrebɛyɛ wɔ n’asetram—ɔbea wiɛmfo a ɔbɛboa ne kunu Yosef ma wɔatete wɔn mma. Nanso, mpofirim ara na ɔhɔho yi de adwuma bi fii Onyankopɔn a Maria som no no nkyɛn brɛɛ no, asɛyɛde a na ɛde nsakrae bɛba n’asetram.

Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ Bible no nka Maria ho nsɛm pii nkyerɛ yɛn. Sɛnea wɔtetee no ne ne nipasu ho asɛm kakraa bi na ɛka, na ɛnka n’ahoɔfɛ ho asɛm biara nkyerɛ yɛn. Nanso nea Onyankopɔn Asɛm ka fa ne ho no ma yehu no yiye.

Nea ɛbɛyɛ na yɛahu sɛnea na Maria te no, ɛsɛ sɛ yeyi biribiara a ɔsom ahorow aka afa ne ho no fi yɛn adwenem. Enti momma yɛmfa Maria ho adwini ne ne mfonini pii a wɔayeyɛ no nto nkyɛn. Saa ara nso na momma yenyi yɛn adwene mfi nyamesomfo nkyerɛkyerɛ a asete yɛ den a ɛde abodin akɛse te sɛ “Onyankopɔn Na” ne “Ɔsoro Hemmaa” ama ɔbea hobrɛasefo yi no so. Mmom no, momma yɛmfa yɛn adwene nsi nea Bible ka fa ne ho ankasa no so. Ɛma yehu sɛnea na ne gyidi mu yɛ den fa ne sɛnea yebetumi asuasua.

Ɔbɔfo Bi Bɛsraa No

Sɛnea ebia wunim no, na Maria hɔho no nyɛ onipa bi ara kɛkɛ. Ná ɔyɛ ɔbɔfo Gabriel. Bere a okyiaa Maria sɛ, “wo a wɔadom wo” no, asɛm no “haw no yiye,” na ɔdwennwenee nkyia no ho. (Luka 1:29) Hena na na wɔadom no? Ná Maria nhwɛ kwan sɛ wɔ nnipa nyinaa mu no, obenya ɔdom a ɛte saa. Nanso na ɔdom a efi Yehowa Nyankopɔn nkyɛn ho asɛm na na ɔbɔfo no reka. Na eyi ho hia Maria paa. Nanso wanyɛ ahantan ansusuw sɛ ɔwɔ Onyankopɔn anim dom. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya Onyankopɔn anim dom, na sɛ yɛanyɛ ahomaso ansusuw sɛ yɛwɔ Onyankopɔn anim dom dedaw a, ɛbɛboa yɛn ama yɛanya adwene a Maria a na ɔyɛ ababaa no wɔ yi bi. Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.—Yakobo 4:6.

Ná Maria behia ahobrɛase a ɛte saa efisɛ ɔbɔfo no maa no hokwan bi a wanna anwene ho da. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ɔbɛwo ba ma wabɛyɛ onipa titiriw a ɔsen biara. Gabriel kae sɛ: “Yehowa Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no, na obedi Yakob fie so hene afebɔɔ, na n’ahenni remma awiei.” (Luka 1:32, 33) Akyinnye biara nni ho sɛ, na Maria nim bɔ a na Onyankopɔn ahyɛ Dawid bɛboro mfe apem a atwam ni no—a ɛne sɛ, n’aseni bi bedi hene afebɔɔ. (2 Samuel 7:12, 13) Enti na ne ba no bɛyɛ Mesia a Onyankopɔn nkurɔfo fi bere tenten ahwɛ no kwan no!

Bio nso, ɔbɔfo no ka kyerɛ Maria sɛ “wɔbɛfrɛ [ne ba no] Ɔsorosoroni no Ba.” Ɛbɛyɛ dɛn na ɔbea a ɔyɛ onipa yi awo Onyankopɔn Ba? Nokwasɛm ni, na ɛbɛyɛ dɛn koraa na Maria awo ba? Ná ɔne Yosef ayɛ aware nhyehyɛe, nanso na wonnya nwaree. Enti Maria de ahotoso bisae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na eyi ayɛ yiye bere a me ne ɔbarima nnae?” (Luka 1:34) Hyɛ no nsow sɛ Maria amfɛre sɛ ɔbɛka ne baabunyɛ ho asɛm. Mmom obuu ne baabunyɛ no sɛ ade a ɛsom bo. Ɛnnɛ, mmerante ne mmabaa pii mfa wɔn baabunyɛ nyɛ hwee, na wodi wɔn a wɔyɛ mmabun no ho fɛw. Nokwasɛm ni, wiase asesa. Nanso, Yehowa nsesae. (Malaki 3:6) Wɔn a wɔde Yehowa abrabɔ gyinapɛn bɔ wɔn bra nnɛ no som bo ma no sɛnea na ɛte wɔ Maria bere so no ara pɛ.—Hebrifo 13:4.

Ɛwom sɛ na Maria yɛ Onyankopɔn somfo nokwafo de, nanso na ɔtɔ sin. Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na wawo Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ? Gabriel kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Honhom kronkron bɛba wo so, na Ɔsorosoroni no tumi bɛkata wo so. Ɛno nso nti na wɔbɛfrɛ nea wobɛwo no no kronkron, Onyankopɔn Ba.” (Luka 1:35) Sɛ yɛka sɛ biribi yɛ kronkron a, ɛkyerɛ sɛ “ɛho tew,” na “efĩ biara nni ho.” Mpɛn pii no, mmofra nya bɔne ne sintɔ fi wɔn awofo hɔ. Nanso wɔ Yesu fam no, na Yehowa bɛyɛ anwonwade soronko bi. Na obeyi ne Ba no nkwa afi soro abɛhyɛ Maria awotwaa mu na wama ne honhom kronkron no ‘abɛkata’ Maria so, na abɔ abofra no ho ban afi bɔne biara ho. So Maria gyee ɔbɔfo no asɛm no dii? Dɛn na ɔyɛe wɔ ho?

Mmuae a Maria De Maa Gabriel

Ɛyɛ den ma wɔn a wogye anwonwade yi ho kyim, a Kristoman asɔfo mpo ka ho, no sɛ wobegye adi sɛ ɔbaabun betumi awo. Sukuu a wɔakɔ nyinaa akyi no, wɔnte nokwasɛm a asete nyɛ den yi ase. Sɛnea Gabriel kae no, “Onyankopɔn fam de, asɛm biara nni hɔ a entumi mma mu.” (Luka 1:37) Maria gyee Gabriel asɛm no dii sɛ ɛyɛ nokware efisɛ na ɔyɛ ababaa a ne gyidi mu yɛ den. Nanso, ɛnkyerɛ sɛ na ogye biribiara di kɛkɛ. Ná Maria hia biribi a ɔde ne gyidi begyina so, sɛnea onipa biara a n’adwenem da hɔ bɛyɛ no. Ná Gabriel asiesie ne ho sɛ ɔde adanse foforo a ɛbɛma Maria gyidi mu ayɛ den bɛka no ho. Ɔkaa ne busuani, Elisabet, a na ne mfe akɔ anim a wonim no bere tenten sɛ ɔyɛ obonin no ho asɛm kyerɛɛ no. Ná Onyankopɔn ama wanyinsɛn anwonwakwan so!

Afei dɛn na Maria bɛyɛ? Ná ɔwɔ adwuma yɛ, na na ɔwɔ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛyɛ nea Gabriel ka kyerɛɛ no no nyinaa. Ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ na hokwan a wanya no ho dwo a ɔrenhyia nsɛnnennen biara. Ade biako ne sɛ, na ɛsɛ sɛ osusuw aware nhyehyɛe a ɔne Yosef ayɛ no ho. Sɛ Yosef hu sɛ wanyinsɛn a, so na ɔbɛware no? Bio nso, na ɛte sɛ nea adwuma a abɛda no so no boro no so. Ná ɔrebenyinsɛn Onyankopɔn abɔde a ɔsom bo sen biara—n’ankasa Dɔba! Ná ɛsɛ sɛ ɔhwɛ no bere a ɔyɛ akokoaa a ontumi nyɛ ne ho hwee no, na ɔbɔ ne ho ban wɔ wiase bɔne yi mu. Nokwasɛm ni, na ɛyɛ asɛyɛde a emu yɛ duru!

Bible kyerɛ sɛ mmarima anokwafo mpo, ɛtɔ mmere bi a na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobegye dwumadi a emu yɛ duru bi afi Onyankopɔn hɔ. Mose gyee kyim sɛ n’ano ntewee, enti ɔrentumi nyɛ Onyankopɔn kasamafo. (Exodus 4:10) Yeremia yii n’ano sɛ ‘ɔyɛ abofra,’ obi a onyinii sɛ ɔbɛyɛ adwuma a na Onyankopɔn de ama no no. (Yeremia 1:6) Yona nso guan fii dwumadi a Onyankopɔn de maa no no ho! (Yona 1:3) Na Maria nso ɛ?

Nsɛm a Maria kae no ada adi fi teteete sɛ na ɔyɛ obi a ɔbrɛ ne ho ase na ɔyɛ osetie. Ɔka kyerɛɛ Gabriel sɛ: “Hwɛ! meyɛ Yehowa afenaa! Ɛnyɛ hɔ mma me sɛnea w’asɛm te.” (Luka 1:38) Ná afenaa yɛ obi a ɔba fam koraa wɔ nkoa mu; na ne biribiara hyɛ ne wura nsa. Saa na Maria tee nka wɔ Yehowa a ɔyɛ ne Wura no ho. Ná onim sɛ ɔwɔ ahobammɔ wɔ Yehowa nsam, ɛne sɛ, Yehowa ne wɔn a wodi no nokware no di no nokwaredi mu, na sɛ ɔyɛ nea obetumi biara wɔ asɛyɛde a emu yɛ duru a ɔde ahyɛ ne nsa no ho a, obehyira no.—Dwom 18:25.

Ɛtɔ mmere bi a, Onyankopɔn ma yɛyɛ biribi a, wɔ yɛn ani so no, ɛte sɛ nea ɛyɛ den, anaa mpo yɛrentumi nyɛ koraa. Nanso, wɔ n’Asɛm mu no, wama yɛn nneɛma pii a yebetumi agyina so anya ne mu ahotoso na yɛde yɛn ho ahyɛ ne nsa sɛnea Maria yɛe no. (Mmebusɛm 3:5, 6) So yɛbɛyɛ saa? Sɛ yɛyɛ saa a, obehyira yɛn, na mpo ɔbɛma yɛahu nneɛma pii a yebetumi agyina so anya ne mu gyidi a ɛyɛ den.

Ɔkɔsraa Elisabet

Ná Gabriel nsɛm a ɔka faa Elisabet ho no ho hia Maria paa. Wɔ mmea nyinaa mu no, na hena na obetumi ate ne tebea no ase paa? Maria yɛɛ ntɛm twaa bɛyɛ nnansa anaa nnanan kwan kɔɔ Yuda mmepɔw so. Bere a Maria duu Elisabet ne ɔsɔfo Sakaria fie no, Yehowa maa Maria adanse foforo a edi mũ a na ɛbɛhyɛ ne gyidi den. Elisabet tee Maria nkyia ara pɛ na akokoaa a ɔhyɛ ne yafunu mu no de anigye huruwii. Honhom kronkron hyɛɛ Elisabet ma, na ɔfrɛɛ Maria sɛ, “me Wura maame.” Onyankopɔn yi kyerɛɛ Elisabet sɛ Maria ba no bɛyɛ ne Wura, Mesia no. Bio nso, honhom kaa no ma ɔkamfoo Maria wɔ osetie a ɔyɛe no ho, na ɔkae sɛ: “Anigye nso ne nea wagye adi.” (Luka 1:39-45) Nokwarem no, ɛbɔ biara a na Yehowa ahyɛ Maria no bɛbam!

Afei Maria nso kasae. Wɔakora ne nsɛm no so yiye wɔ Luka 1:46-55. Ɛno ne Maria nsɛm a ɛware paa a wɔakyerɛw wɔ Bible mu, na ɛma yehu ne ho nsɛm pii. Yehowa a oyii no ayɛ sɛ wahyira no ama no hokwan sɛ ɔmmɛyɛ Mesia no maame no kyerɛ sɛ na n’ani sɔ ade. Sɛnea Yehowa brɛ ahantanfo ne atumfo ase, na ɔboa mmɔborɔwafo ne ahiafo a wɔsom no a ɔkaa ho asɛm no kyerɛ sɛ na ne gyidi mu yɛ den. Afei nso, ɛma yehu sɛnea na ne nimdeɛ mu dɔ fa. Akontaabu bi kyerɛ sɛ ɔtwee adwene sii Hebri Kyerɛwnsɛm no so bɛboro mpɛn 20!

Ɛda adi sɛ Maria susuw Onyankopɔn Asɛm ho kɔɔ akyiri. Nanso, wamma ne ho so, na mmom ɔde Kyerɛwnsɛm kyerɛkyerɛɛ nsɛm mu sen sɛ ɔbɛbɔ ne tirim akasa. Bere bi bɛba a na ne ba a ɔrenyin wɔ ne yafunu mu no nso bɛda su a ɛte saa ara adi. Yesu kae sɛ: “Nea mekyerɛkyerɛ no nyɛ me dea, na mmom nea ɔsomaa me no dea.” (Yohane 7:16) Ɛbɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘So mewɔ obu a ɛte saa ma Onyankopɔn Asɛm? Anaasɛ m’ani gye m’ankasa nsusuwii ne me nkyerɛkyerɛ ho?’ Mmuae a anka Maria de bɛma no mu da hɔ.

Maria dii Elisabet nkyɛn asram abiɛsa, na akyinnye biara nni ho sɛ, nkɔmmɔ a wɔbɔe no hyɛɛ wɔn mu biara nkuran paa. (Luka 1:56) Mmaa baanu yi nyinaa ma yehu sɛnea adamfofa ho hia. Sɛ yɛfa nnamfo a wofi wɔn koma nyinaa mu dɔ Yehowa, yɛn Nyankopɔn, no a, ɛbɛma yɛne ne ntam abusuabɔ ayɛ papa ɔkwan biara so. (Mmebusɛm 13:20) Nanso, awiei koraa no bere soe sɛ Maria san kɔ fie. Sɛ Yosef hu ne tebea no a, na dɛn na ɔbɛyɛ?

Maria ne Yosef

Ɛda adi sɛ Maria antwɛn amma ne yafunu no annyin ansa na ɔreka ho asɛm akyerɛ Yosef. Ná ɛsɛ sɛ ɔka ho asɛm kyerɛ Yosef. Ansa na Maria reka akyerɛ no no, ɛbɛyɛ sɛ osusuw sɛnea onipa a osuro Onyankopɔn sɛɛ no bɛyɛ n’ade bere a wate asɛm no ho. Nanso ɔkɔɔ ne nkyɛn kɔkaa nea na ato no nyinaa kyerɛɛ no. Sɛnea wubetumi de w’adwene abu no, asɛm no haw Yosef yiye. Onyae a anka obegye ababaa a ɔdɔ no yi adi, nanso na n’asɛm no yɛ nwonwa. Bible no nka nea na ɔresusuw ho wɔ n’adwenem no nkyerɛ yɛn. Nanso ɛka kyerɛ yɛn sɛ ɔyɛɛ n’adwene sɛ obegyaa no, efisɛ saa bere no na wobu wɔn a wɔayɛ aware nhyehyɛe sɛ awarefo. Nanso na ɔmpɛ sɛ ogu n’anim ase anaa wɔtwe n’aso nti, ɔyɛe sɛ obegyaa no kokoam. (Mateo 1:18, 19) Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ Maria yaw sɛ ohui sɛ ɔbarima yamyefo yi reteetee wɔ asɛm a ɛso bi mmae da yi ho. Nanso Maria bo amfuw Yosef sɛ wannye no anni.

Yehowa amma Yosef anyɛ nea na ɛyɛ no sɛ ɛno ne ɔkwampa a ɔbɛfa so adi asɛm no ho dwuma no. Onyankopɔn bɔfo ka kyerɛɛ no wɔ dae mu sɛ, Maria nyinsɛn no yɛ anwonwade ankasa. Ɛbɛyɛ sɛ eyi maa ne koma tɔɔ ne yam! Afei, Yosef yɛɛ nea na Maria adi kan ayɛ no—odii Yehowa akwankyerɛ so. Ɔfaa Maria sɛ ne yere, na osiesiee ne ho sɛ obegye asɛyɛde soronko a ɛne sɛ ɔbɛhwɛ Yehowa Ba no ato ne ho so.—Mateo 1:20-24.

Ɛsɛ sɛ awarefo ne wɔn a wɔreyɛ aware nhyehyɛe no bɔ mmɔden sɛ wobesuasua saa awarefo yi a wɔtraa ase mfe 2,000 a atwam ni no. Bere a Yosef huu sɛnea ne yere a waware no foforo no di n’asɛyɛde ho dwuma sɛ ɛna no, ɛda adi sɛ n’ani gyei sɛ Yehowa bɔfo kyerɛɛ no nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Ɛbɛyɛ sɛ Yosef huu sɛnea ɛho hia sɛ ɔde no ho to Yehowa so bere a ɔresisi gyinae a emu yɛ duru no. (Dwom 37:5; Mmebusɛm 18:13) Sɛ́ abusua ti no, ɛda adi sɛ ɔkɔɔ so de ahwɛyiye sisii gyinae ahorow.

Nanso dɛn na yebetumi asua afi ɔpɛ a na Maria wɔ sɛ ɔbɛware Yosef no mu? Ɛwom sɛ mfiase no na ɛyɛ den ma Yosef sɛ ɔbɛte Maria asɛm no ase de, nanso sɛ obi a ɔbɛyɛ abusua ti no, Maria tɔɔ ne bo ase maa no. Ɛda adi sɛ Maria suaa biribi fii asɛm yi mu sɛnea Kristofo mmea a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi ayɛ no. Awiei koraa no, nsɛm a esisii no maa Yosef ne Maria nyinaa huu mfaso a ɛwɔ so sɛ wofi wɔn komam ka nsɛm pefee no.

Akyinnye biara nni ho sɛ, awarefo yi too nhyɛase pa maa wɔn aware no. Ná wɔn baanu nyinaa dɔ Yehowa Nyankopɔn, na nea ɛsen ne nyinaa no, na wɔpɛ sɛ wɔsɔ n’ani sɛ awofo a wɔntoto wɔn asɛyɛde ase. Ɛwom, na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya nhyira pii—na na wɔwɔ asɛyɛde a emu yɛ duru nso. Ná wɔrebɛtete Yesu a obenyin abɛyɛ onipa a ɔsen biara a watra asase yi so pɛn no.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Onyankopɔn ho dɔ ma yɛto nhyɛase pa ma yɛn aware