Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Ahu Me Mmɔbɔ

Onyankopɔn Ahu Me Mmɔbɔ

Onyankopɔn Ahu Me Mmɔbɔ

Sɛnea Bolfenk Moc̆nik ka kyerɛe

“Seesei de, gyina pintinn.” Eyi ne nsɛm a me maame ka de hyɛɛ me nkuran bere a ɔbam me no. Asraafo no tetew yɛn mu, na wodii m’asɛm. Ewiee ase no, wobuu me atɛn de me kɔtoo afiase mfe anum. Ebia na eyi bɛhaw nnipa pii de, nanso nokwarem no, metee nka sɛ manya akomatɔyam. Ma menkyerɛkyerɛ mu.

ASƐM a maka wɔ atifi hɔ no sii wɔ afe 1952 mu wɔ Slovenia. * Nanso m’asɛm no fii ase bɛboro mfe 20 a na atwam no mu wɔ afe 1930 mu. Saa bere no na Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo no, dii kan yɛɛ nhyehyɛe ma wɔbɔɔ nnipa dodow asu wɔ me man mu. Ná m’awofo, Berta ne Franz Moc̆nik ka wɔn a wɔbɔɔ asu no ho. Ná madi mfe asia, na na me nuabea Majda, adi mfe anan. Ná Kristofo asafo no yɛ nneɛma pii wɔ yɛn fie a ɛwɔ Maribor no.

Adolf Hitler bedii tumi wɔ Germany wɔ afe 1933 mu, na ofii ase taa Adansefo no. Adansefo pii a na wɔwɔ Germany no tu kɔɔ Yugoslavia kɔkaa asɛm no wɔ hɔ. Ná m’awofo taa gye Kristofo anokwafo a wɔte saa no ahɔho. Wɔn mu baako a mekae no paa ne Martin Poetzinger, a akyiri yi wɔde no too Nasi nneduaban mu mfe akron no. Mfe pii akyi no, ɔsomee sɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni fi afe 1977 kosi sɛ owui wɔ afe 1988 mu.

Bere biara a Martin bɛba abɛsra yɛn no, na ɔda me mpa so ma enti na me ne me nuabea tu kɔda yɛn awofo nkyɛn wɔ pia mu. Ná ɔwɔ nhoma ketewa fɛfɛ bi a ɛka nneɛma pii ho nsɛm a na m’ani gye ho paa bere a na meyɛ abofra no, enti na metaa buebue mu.

Bere a Yehyiaa Ɔtaa a Emu Yɛ Den

Wɔ afe 1936 mu bere a Hitler nyaa tumi kɛse no, m’awofo kɔɔ amanaman ntam nhyiam kɛse bi wɔ Lucerne, Switzerland. Esiane sɛ na me papa nne yɛ dɛ nti, saa bere no wɔpaw no ma ɔkenkan Bible mu ɔkasa guu afiri so, a akyiri yi, na wɔbɔ wɔ asɛnka mu wɔ Slovenia nyinaa. Saa nhyiam kɛse no akyi no, ankyɛ na Adansefo a wɔwɔ Europa no hyiaa ɔtaa kɛse. Wɔn mu pii huu amane, na wowuwui wɔ Nasi nneduaban mu.

Wiase Ko II fii ase wɔ September afe 1939 mu, na ebeduu April 1941 no, na German asraafo ako afa Yugoslavia fã bi. Wɔtotoo sukuu ahorow a na ɛwɔ Slovenia no mu. Wɔbaraa yɛn sɛ mma yɛnka yɛn kurom kasa wɔ abɔnten so. Esiane sɛ Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyɛ amanyɔsɛm mu basabasayɛ biara mu nti, wɔamfa wɔn ho anhyɛ ɔko no mu. * Ne saa nti, wɔkyeree wɔn mu pii, na wokunkum ebinom. Wokum aberante bi a na minim no yiye a wɔfrɛ no Franc Drozg nso. Ná baabi a Nasifo no kunkum nnipa no bɛn yɛn fie paa. Meda so ara kae sɛnea na me maame taa de ntama hyehyɛ n’asom sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrente sɛ wɔrebɔ obi tuo no. Asɛm a etwa to a Franc kyerɛw kɔmaa n’adamfo bi ne sɛ, “Yebehyia wɔ Onyankopɔn Ahenni mu.”

Ade a Meyɛe a Midi ho Yaw Paa

Saa bere no na madi mfe 19. Ɛwom sɛ m’ani gyee sɛnea Franc gyinaa pintinn no ho de, nanso mebɔɔ hu. Enti me nso mewu? Ná me gyidi mu nyɛ den, na na me ne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ mu nso nyɛ den. Saa bere no, wɔfrɛɛ me sɛ memra sraadi. Ná ehu abunkam me gyidi so, enti mekɔɔ sraadi.

Wɔde me kɔɔ baabi a na yɛn asraafo no ne Russiafo no de asi ani no. Ankyɛ na mihui sɛ me mfɛfo nyinaa retotɔ. Ná ɔko no yɛ hu paa. M’ahonim kɔɔ so haw me yiye. Mesrɛɛ Yehowa sɛ ɔmfa me bɔne nkyɛ me, na ɔnhyɛ me den ma mennantew ɔkwantrenee so. Bere a atamfo no tow hyɛɛ yɛn so ma yɛn ani so tan yɛn no, mepɛɛ kwan guanee.

Ná minim sɛ sɛ wɔkyere me a, wobekum me. Enti asram ason a edi hɔ no, mede me ho hintaw mmeae ahorow. Mebɔɔ mmɔden kyerɛw asɛm yi kɔmaa me nuabea Majda: “Me ne m’adwumawura agyae adwumayɛ, na seesei me ne obi foforo na ɛyɛ adwuma.” Mekyerɛ sɛ, na afei de, mepɛ sɛ meyɛ Onyankopɔn adwuma, nanso mantumi anyɛ saa kosii bere bi.

Bere a Germanfo de wɔn ho hyɛɛ wɔn atamfo ase asram abiɛsa akyi wɔ August 1945 mu no, mesan baa Maribor. Anigyesɛm ne sɛ, yɛn nyinaa—me papa, me maame, ne me nuabea—nyaa yɛn ti didii mu wɔ ɔko a na ɛyɛ hu no mu. Nanso saa bere no, na Komunisfo no na tumi wɔ wɔn nsam, na na wɔretaa Yehowa Adansefo. Wɔbaraa asɛnka adwuma no, nanso Adansefo no de anifere kaa asɛm no a wɔannyae.

Wɔ February 1947 mu no, wobuu Adansefo anokwafo baasa—Rudolf Kalle, Dus̆an Mikić, ne Edmund Stropnik—kumfɔ. Nanso akyiri yi, wɔsesaa atemmu no, na wɔde wɔn guu afiase mfe 20. Nsɛm ho amanneɛbɔfo kaa atemmu yi ho asɛm kɔɔ akyiri, na ɛmaa nnipa pii huu ayakayakade a na wɔde reyɛ Adansefo no. Bere a mekenkan saa asɛm no, ɛhaw me yiye. Mibehuu nea na ɛsɛ sɛ meyɛ.

Minyaa Ahoɔden wɔ Onyankopɔn Som Mu

Ná minim paa sɛ ɛsɛ sɛ migye Bible mu nokware tom, enti mehyɛɛ me sapɔw mu nsu ma wɔde me dii dwuma wɔ asɛnka adwuma a na yɛyɛ no anifere kwan so no mu. Esiane sɛ meyeree me ho kenkan Bible yiye nti, minyaa ahoɔden de gyaee subammɔne te sɛ tawanom.

Wɔ afe 1951 mu no, mebɔɔ asu de kyerɛe sɛ mahyira me ho so ama Onyankopɔn, na mifii ase yɛɛ Kristofo adwuma a na magyae bɛyɛ mfe du ni no bio. Awiei koraa no, mibehui sɛ Yehowa yɛ Agya a odi nokware, na ne dɔ nsa da. Ɛwom sɛ mansi gyinae pa me mmeranteberem de, nanso Bible mu asɛm a ɛne sɛ Onyankopɔn de bɔne firi no, kaa me koma paa. Sɛ́ Agya a ɔwɔ ɔdɔ no, Onyankopɔn kɔɔ so de “ɔdɔ ntampehama” twee me.—Hosea 11:4.

Wɔ saa bere a na emu yɛ den mu no, na yewiawia yɛn ho hyiam wɔ Adansefo afie ahorow mu, na yɛde anifere yɛɛ asɛnka adwuma no. Mebɔɔ asu no, anni afe na wɔkyeree me. Ansa na wɔrebedi m’asɛm no, Maame behuu me bere tiaa bi. Sɛnea madi kan aka no, ɔbam me denneennen, na ɔhyɛɛ me nkuran sɛ: “Seesei de, gyina pintinn.” Bere a wosii gyinae sɛ wɔde me bɛto afiase mfe anum no, mamma no anhaw me, migyinaa pintinn.

Wɔde me kɔtoo ɔdan ketewaa bi a na nneduafo afoforo baasa gu mu mu, enti minyaa hokwan kaa Bible mu nokwasɛm kyerɛɛ mmarima a na anka ebetumi ayɛ den sɛ wɔbɛte Bible mu nokwasɛm no. Ɛwom sɛ na minni Bible anaa Bible ho nhoma de, nanso ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mitumi kaee kyerɛw nsɛm ne ɛho nkyerɛkyerɛmu a na manya afi Bible adesua mu no. Mekɔɔ so ka kyerɛɛ wɔn a na mene wɔn da afiase no sɛ, sɛ mɛda ha mfe anum mpo a, Yehowa bɛhyɛ me den ma matumi ayɛ saa. Nanso obetumi ama wɔagyae me ntɛm. Mekaa no me tirim sɛ, sɛ obue hokwan no a, hena na obetumi asiw no kwan?

Yenyaa Ahofadi Kakra De Somee

Wɔ November afe 1953 mu no, aban no hyɛe sɛ wonnyae nneduafo, enti wogyaee Adansefo a na wogu afiase no nyinaa. Saa bere no na metee sɛ, na asram abien ni a wɔmaa yɛn kwan sɛ yɛnka asɛm no. Ntɛm ara na yefii ase totoo nneɛma yiye wɔ asafo ahorow no mu, na yɛyɛɛ asɛnka ho nhyehyɛe. Yenyaa baabi a yebehyiam wɔ ɔdan bi ase wɔ Maribor. Yɛkyerɛw bɔɔ dan no ho sɛ: “Yehowa Adansefo—Maribor Asafo.” Yɛn ani gyei sɛ yenyaa ahofadi de som Yehowa, na eyi ma yenyaa akomatɔyam kɛse.

Wɔ afe 1961 mfiase no, mifii ase de bere pii kaa asɛm no. Bɛyɛ asram asia akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ me ma mekɔyɛɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Yugoslavia. Ná ɛwɔ Zagreb, Croatia. Saa bere no, na nnipa baasa na wɔyɛ adwuma wɔ ɔdan ketewa bi mu. Ná yɛn mfɛfo Kristofo a wɔte bɛn hɔ no ba bɛboa ma yɛkyerɛ Ɔwɛn-Aban no ase kɔ ɛhɔ kasa ahorow mu.

Kristofo mmea a na wɔte bɛn hɔ no nso bɛboae. Nnwuma a na wɔyɛ no bi ne sɛ, na wɔpam nsɛmma nhoma. Me nso na mekenkan nsɛmma nhoma a wɔakyerɛ ase no siesie mu mfomso, na na mekyerɛ bi ase. Bio nso, na mede nneɛma afoforo kɔma nkurɔfo, na na meyɛ kyerɛwtohɔ ahorow.

Wɔmaa Me Dwumadi Foforo

Wɔ afe 1964 mu no, wɔma mekɔyɛɛ ɔhwɛfo kwantufo, a na nnawɔtwe biara mesrasra Adansefo no asafo ahorow no hyɛ wɔn den. Ná m’ani gye adwuma yi ho paa. Mpɛn pii no, na mefa kar anaa keteke na ɛkɔ asafo ahorow no mu. Ná metaa fa baesekre anaa menantew ansa na makɔ Adansefo a wɔwɔ nkuraase no nkyɛn, na ɛtɔ bere bi a, na mefa atɛkyɛ paa mu na ɛkɔ.

Ɛtɔ da a, na yehyia aseresɛm. Bere bi me nua Kristoni bi de me traa teaseɛnam a pɔnkɔ twe mu sɛ ɔde me rekɔ asafo bi mu. Bere a yesii mfutukwan so no, teaseɛnam no kɔba biako tui. Eyii yɛn baanu nyinaa guu fam. Bere a yɛte mfuturu no mu a yɛrehwɛ pɔnkɔ no, ɔno nso haa n’ani hwɛɛ yɛn te sɛ nea na nea asi no yɛ no nwonwa. Mfe pii atwam, nanso yɛda so ara ka asɛm no serew. Ɔdɔ kann a yɛn nuanom a wɔwɔ nkuraase no daa no adi no ma m’ani gyei, na me werɛ remfi da.

Wɔ kurow bi a wɔfrɛ no Novi Sad mu no, mihuu Marika, ababaa bi a na ɔde bere pii ka asɛm no. Sɛnea na n’ani gye Bible mu nokware ho, ne nsi a ɔde ka asɛm no kaa me koma paa ma mepɛe sɛ meware no. Yɛwaree akyi no, yɛsan fii ase srasraa asafo ahorow no.

M’abusua no nso wɔ nea wɔfaa mu bere a wɔbaraa yɛn som no. Wɔbɔɔ me papa sobo sɛ ɔne atamfo no yɛɛ biako bere a na ɔko no rekɔ so no, ma enti n’adwuma fii ne nsa. Ɔne wɔn twee araa nanso ankosi baabiara ma enti, n’abam bui. Ne gyidi yɛɛ mmerɛw kakra, nanso ɔsan yɛɛ den ansa na ɔrewu. Bere a owui wɔ afe 1984 mu no, na ɔyɛ hyew wɔ n’asafo mu. Me maame a na ɔbrɛ ne ho ase na ɔwɔ gyidi no dii kan wui wɔ afe 1965 mu. Majda da so ara wɔ Maribor asafo mu.

Yɛkɔsomee wɔ Austria

Wɔ afe 1972 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me ne Marika sɛ yɛnkɔka asɛm no nkyerɛ Yugoslaviafo a wɔreyɛ adwuma wɔ Austria no. Bere a yeduu ɔman no ahenkurow, Vienna no, na yennim koraa sɛ yɛbɛka hɔ. Nkakrankakra yɛhyehyɛɛ asafo ahorow ne akuw a wɔka Yugoslavia kasa ahorow wɔ Austria nyinaa.

Bere bi akyi no, mesan somee sɛ ɔhwɛfo kwantufo, na mesrasraa asafo ahorow ne akuw a na wɔredɔɔso wɔ ɔman no mu nyinaa no. Akyiri yi, wɔma yɛkɔsraa asafo ahorow a na wɔka Yugoslavia kasa horow a na ɛwɔ Germany ne Switzerland no nso. Meboae ma wɔyɛɛ nhyiam nketewa ne akɛse pii ho nhyehyɛe wɔ aman yi mu.

Ɛtɔ da a, na Sodikuw no mufo ba nhyiam akɛse a ɛte saa no bi ase, na ɛma mihyiaa Martin Poetzinger bio. Yɛkaakaee nsɛm a na asisi bɛyɛ mfe 40 a atwam, bere a na ɔtaa bɛsoɛ yɛn fie no. Mibisaa no sɛ, “Wokae sɛnea na metaa buebue wo nhoma ketewa fɛfɛ bi mu no?”

Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Twɛn kakra,” na opuei. Ɔbae no, na nhoma no kura no, na ɔdan maa me. Ɔkae sɛ: “Fa no sɛ akyɛde a w’adamfo de ama wo.” Ɛda so ara ka me nhoma a minni ho agoru koraa no ho.

Yare Haw Me—Nanso Meda so Ka Asɛm No

Wɔ afe 1983 mu no, nnuruyɛfo hui sɛ manya kokoram. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔka kyerɛɛ me sɛ mewu. Ná eyi yɛ bere a emu yɛ den ma Marika titiriw, nanso esiane sɛ ɔhwɛ me yiye na yɛn nuanom Kristofo pii de mmoa a ɛfata ma me nti, meda so ara wɔ anigye na mitumi yɛ biribiara.

Me ne Marika da so ara de yɛn bere nyinaa ka asɛm no wɔ Vienna. Metaa kɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea hɔ anɔpa kɔboa ma wɔkyerɛ nhoma ase, na Marika nso kɔyɛ asɛnka adwuma no wɔ kurom. Sɛ mehwɛ sɛnea Yugoslavia atukɔfo kuw ketewa a na wɔabɛyɛ Adansefo wɔ Austria no abɛdɔɔso ma ɛnnɛ wɔboro 1,300 no a, ɛma m’ani gye yiye. Me ne Marika anya hokwan aboa wɔn mu pii ma wɔabehu Bible mu nokware no.

Nnansa yi, manya hokwan akɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea foforo a wɔasisi wɔ aman a na kan ɛbom yɛ Yugoslavia, a wobuee ano no bi. Mekɔɔ biako wɔ Croatia wɔ afe 1999, ne foforo wɔ Slovenia wɔ afe 2006 mu. Minyaa hokwan kasae wɔ ase. Meka adikanfo a wobisabisaa wɔn nsɛm ma wɔkaa sɛnea asɛnka adwuma no fii ase wɔ aman yi mu, bɛyɛ mfe 70 a atwam ni no ho.

Nokwarem no, Yehowa yɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ a ne fafiri dɔɔso a wasiesie ne ho sɛ ɔde yɛn mfomso ne yɛn sintɔ ahorow befiri yɛn. M’ani gye paa sɛ Yehowa nhwɛ mfomso! (Dwom 130:3) Akyinnye biara nni ho sɛ, wada ayamye ne mmɔborohunu adi akyerɛ me. *

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Ná aman ahorow asia a Slovenia ka ho no na na saa bere no ɛbom yɛ Yugoslavia.

^ nky. 9 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea Kyerɛwnsɛm no ka a enti Yehowa Adansefo nni ako a, hwɛ “Nsɛm a Akenkanfo Bisa” a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 22 no.

^ nky. 39 Bolfenk Moc̆nik wui wɔ April 11, 2008, bere a na wɔreyɛ akyerɛw nsɛm yi awie no.

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Efi benkum kɔ nifa: M’awofo, Berta ne Franz Moc̆nik, Majda, ne me, wɔ Maribor, Slovenia, wɔ 1940 mfe no mu

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Me ne me yere, Marika