Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Rennyaw N’anokwafo

Yehowa Rennyaw N’anokwafo

Yehowa Rennyaw N’anokwafo

‘Yehowa rennyaw n’anokwafo. Ɔbɛhwɛ wɔn so daa.’—DW. 37:28, NW.

1, 2. (a) Nsɛm bɛn na esisii wɔ afeha a ɛto so du A.Y.B. mu a ɛsɔɔ Onyankopɔn asomfo nokwaredi hwɛe? (b) Tebea ahorow abiɛsa bɛn mu na Yehowa bɔɔ n’anokwafo no ho ban?

NÁ ƐYƐ bere a ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo si gyinae wɔ afeha a ɛto so du A.Y.B. mu. Ná wɔama Israel mmusuakuw a wɔwɔ atifi fam a na wɔn ho yeraw wɔn no ahofadi kakra ma asiw ɔmanko bi a anka ɛreyɛ asɔre wɔ ɔman no mu no ano. Yerobeam a na ɔyɛ mmusuakuw a wɔwɔ atifi fam no hene foforo no yɛɛ ntɛm de Ɔman som foforo sii hɔ de hyɛɛ ne tumidi no mu den. Ɔkae sɛ ne manfo no nni n’ahyɛde nyinaa so. Dɛn na na Yehowa asomfo a wodi nokware no bɛyɛ? So na wɔbɛkɔ so adi nokware ama Onyankopɔn a wɔsom no no? Wɔn mu mpempem pii yɛɛ saa, na bere a wɔkɔɔ so dii nokware no, Yehowa bɔɔ wɔn ho ban.—1 Ahe. 12:1-33; 2 Be. 11:13, 14.

2 Ɛnnɛ nso, wɔresɔ Onyankopɔn asomfo nokwaredi ahwɛ. Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Mo ani nna hɔ, monwɛn. Mo tamfo Bonsam nenam te sɛ gyata a ɔbobom apɛ obi amene no.” So yebetumi de ‘gyidi agyina hɔ pintinn ne no adi asi’? (1 Pet. 5:8, 9) Ma yɛnhwehwɛ nsɛm bi a esisii bere a wɔde Ɔhene Yerobeam sii agua so wɔ afe 997 A.Y.B. mu no mu, na yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi mu. Wɔhyɛɛ Yehowa asomfo anokwafo so wɔ saa mmere a na emu yɛ den no mu. Bere a na wogu so reyɛ nnwuma a ɛyɛ den no, na awaefo nso de wɔn nkyerɛkyerɛ rehaw wɔn. Wɔ saa nsɛm yi mu biara mu no, Yehowa annyaw n’anokwafo saa bere no, na saa ara nso na ɔrennyaw n’anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ.—Dw. 37:28.

Bere a Wɔhyɛ Wɔn So

3. Dɛn nti na Ɔhene Dawid anhyɛ ne manfo so bere a na ɔredi tumi no?

3 Ma yenni kan nhwehwɛ nea ɛyɛe a Yerobeam bɛyɛɛ ɔhene no mu nhwɛ. Mmebusɛm 29:2 ka sɛ: “Ɔbɔnefo di so a, ɔman si apini.” Bere a na Ɔhene Dawid di tete Israel so hene no, ɔmanfo no ansi apini. Ná Dawid nyɛ pɛ, nanso odii Onyankopɔn nokware, na ɔde ne ho too no so. Dawid anhyɛ ne manfo so bere a na ɔredi tumi no. Yehowa ne Dawid yɛɛ apam sɛ: “Wo fi ne w’ahenni betim akosi daa w’anim, w’ahengua besi pintinn akosi daa.”—2 Sam. 7:16.

4. Dɛn na na nhyira ahorow a Israelfo no nyae wɔ Salomo nniso ase no gyina so?

4 Wɔ Dawid ba Salomo nniso mfiase no, na ɔman no wɔ asomdwoe, na na wodi yiye araa ma yebetumi aka sɛ ne nniso no yɛ Kristo Yesu Mfirihyia Apem Nniso a ɛbɛba daakye no ho mfonini. (Dw. 72:1, 17) Saa bere no, na Israel mmusuakuw 12 no mu biara nni nea wobegyina so atew atua. Nanso, sɛ na Salomo ne ne manfo no bɛkɔ so anya nhyira ahorow no a, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribi. Ná Yehowa aka akyerɛ Salomo sɛ: “Sɛ wonantew m’ahyɛde mu na woyɛ m’atemmude na wudi me mmara nsɛm nyinaa so sɛ wobɛnantew mu a, ɛnde mɛma m’asɛm a meka me kyerɛɛ w’agya Dawid no agyina ama wo; na mɛtra Israelfo mu, na merennyaw me man Israel.”—1 Ahe. 6:11-13.

5, 6. Bere a Salomo anni Onyankopɔn nokware no, dɛn na efii mu bae?

5 Salomo anni Yehowa nokware wɔ ne nkwakoraabere mu, na ofii ase de ne ho hyɛɛ atoro som mu. (1 Ahe. 11:4-6) Salomo de nkakrankakra gyaee Yehowa mmara so di, na ɔbɛhyɛɛ ne manfo no so kɛse. Salomo hyɛɛ ne manfo no so araa ma wɔ ne wu akyi no, ɔmanfo no kɔkaa ne nhyɛso no ho asɛm kyerɛɛ ne ba Rehabeam a odii n’ade no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔn ho ntɔ wɔn. (1 Ahe. 12:4) Dɛn na Yehowa yɛe bere a Salomo anni no nokware no?

6 Bible ka sɛ: “[Yehowa, NW] bo fuw Salomo, efisɛ ne koma adan afi . . . Israel Nyankopɔn a wayi ne ho akyerɛ no mprenu” no ho. Yehowa ka kyerɛɛ Salomo sɛ: “Esiane sɛ . . . woanni m’apam ne m’ahyɛde a mehyɛɛ wo no so nti, ɔtew na mɛtew ahenni no afi wo nsam, na mede mama w’akoa.”—1 Ahe. 11:9-11.

7. Ɛwom sɛ Yehowa poo Salomo de, nanso ɔkwan bɛn na ɔfaa so hwɛɛ n’anokwafo so?

7 Afei, Yehowa somaa odiyifo Ahia sɛ ɔnkɔsra obi a obegye nkurɔfo no afi Salomo nhyɛso no ase. Ná saa ogyefo no ne Yerobeam, ɔbarima a ɔfata a na ɔyɛ adwuma wɔ Salomo ahemfie no. Ɛwom sɛ Yehowa kɔɔ so dii Ahenni apam a na ɔne Dawid ayɛ no so de, nanso ɔpenee so sɛ wɔnkyɛ mmusuakuw 12 no mu abien mma obiara nnya ne hene. Ná wɔde mmusuakuw no mu du bɛma Yerobeam; na mmusuakuw abien na na ɛbɛka ama Dawid abusua a na Ɔhene Rehabeam da wɔn ano saa bere no. (1 Ahe. 11:29-37; 12:16, 17, 21) Yehowa ka kyerɛɛ Yerobeam sɛ: “Sɛ wutie nea mɛhyɛ wo nyinaa na wonantew m’akwan so na woyɛ nea ɛteɛ m’ani so, sɛ wubedi m’ahyɛde ne me mmara nsɛm so sɛnea m’akoa Dawid yɛe no a, ɛnde medi w’akyi na masi ofi a etim hɔ mama wo; sɛnea misi memaa Dawid no, na mede Israel mama wo.” (1 Ahe. 11:38) Yehowa dii ne nkurɔfo asɛm maa wɔn, na ɔyɛɛ nhyehyɛe a ɔnam so bɛma wɔanya ahotɔ afi nhyɛso ase.

8. Sɔhwɛ ahorow bɛn na ɛhaw Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ?

8 Nhyɛso ne ntɛnkyea abu so nnɛ. Ɔsɛnkafo 8:9 ka sɛ: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” Aguadifo a wɔyɛ adifudepɛ ne sodifo a wɔbɔ nyansakorɔn ma ɔmanfo ho kyere wɔn wɔ sikasɛm mu. Aban mpanyimfo, nnwumawuranom, ne nyamesom akannifo ntaa nyɛ nhwɛso pa wɔ wɔn abrabɔ mu. Eyi nti, “mmaratofo no ahohwibra” ama Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ ho ‘hiahia’ wɔn te sɛ nea wɔmaa Lot ho hiahiaa no no. (2 Pet. 2:7) Bio nso, ɛwom sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi Onyankopɔn mmara so a yɛnhaw afoforo adwene de, nanso yɛn mmom na mpɛn pii no, sodifo a wɔyɛ ahantan no taa de ɔtaa ba yɛn so.—2 Tim. 3:1-5, 12.

9. (a) Dɛn na Yehowa ayɛ dedaw a ɔde begye ne nkurɔfo? (b) Dɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yesu bedi Onyankopɔn nokware bere nyinaa?

9 Nanso, yebetumi anya ahotoso wɔ saa nokwasɛm titiriw yi mu sɛ: Yehowa rennyaw n’anokwafo! Wode, susuw nneɛma a Yehowa ayɛ dedaw a ɔde rebeyi wiase sodifo a wɔn bra asɛe no afi hɔ no ho hwɛ. Wɔde Onyankopɔn Mesia Ahenni a Kristo Yesu yɛ so hene no asi hɔ dedaw. Yesu Kristo adi ade wɔ soro bɛyɛ mfe ɔha ni. Ɔbɛma wɔn a wosuro Onyankopɔn din no anya ahotɔ a enni awiei nnansa yi ara. (Monkenkan Adiyisɛm 11:15-18.) Ná Yesu adi Onyankopɔn nokware akosi owu mu dedaw. Salomo dii ne manfo huammɔ, nanso Yesu de, ɔrenni ne nkoa huammɔ da.—Heb. 7:26; 1 Pet. 2:6.

10. (a) Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Onyankopɔn Ahenni no? (b) Sɛ yɛrehyia sɔhwɛ a, ahotoso bɛn na yebetumi anya?

10 Onyankopɔn Ahenni yɛ nniso ankasa, na ebeyi nhyɛso nyinaa afi hɔ. Yehowa Nyankopɔn nkutoo na ɛsɛ sɛ yedi no nokware na yegyina n’Ahenni no akyi. Esiane sɛ yɛwɔ Ahenni no mu ahotoso koraa nti, yekyi amumɔyɛde a wɔyɛ wɔ wiase yi mu no, na yɛde nsi yɛ nnwuma pa. (Tito 2:12-14) Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛremma wiase yi mu nkekae biara mma yɛn ho. (2 Pet. 3:14) Sɔhwɛ biara a ebia yebehyia no nnɛ no, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛbɔ yɛn ho ban ama yɛakɔ so akura yɛn gyidi mu. (Monkenkan Dwom 97:10.) Afei nso, Dwom 116:15 (NW) ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Yehowa anokwafo wu yɛ aboɔden, n’ani so.” Yehowa asomfo som bo ma no araa ma ɔrenhwɛ mma wɔntɔre wɔn ase sɛ kuw.

Bere a Awaefo De Wɔn Nkyerɛkyerɛ Hyɛ Yɛn So

11. Ɛyɛɛ dɛn na Yerobeam bɛyɛɛ obi a onni nokware?

11 Ná anka Ɔhene Yerobeam nam ne nniso no so betumi ama Onyankopɔn nkurɔfo anya ahotɔ kakra. Nanso, ne nneyɛe no kɔɔ so sɔɔ nokware a na ɔmanfo no bedi ama Onyankopɔn no hwɛe. Esiane sɛ Yerobeam ani ansɔ nidi ne hokwan a na wanya sɛ ɔhene dedaw no nti, ofii ase hwehwɛɛ akwan a ɔbɛfa so ahyɛ ne tumidi no mu den. Ɔkae sɛ: “Sɛ ɔman yi foro kɔbɔ afɔre [Yehowa, NW] fi Yerusalem a, ɛnde ɔman yi koma bɛdan akɔ wɔn wura Rehabeam, Yuda hene, nkyɛn, na wɔakum me, na wɔasan akɔ Yuda hene Rehabeam nkyɛn.” Enti, Yerobeam de ɔsom foforo a egyina sika nantwi mma abien so sii hɔ. “Ɔde biako kosii Bet-El na ɔde biako nso kosii Dan. Na asɛm yi dan bɔne, efisɛ ɔman no kɔɔ biako yi anim, Dan. . . . Na ɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea afi, na ɔde ɔman no mu nnipa hunu a womfi Lewifo mu sisii asɔfo.” Yerobeam ankasa hyehyɛɛ “dapɔnna maa Israelfo,” na ɔkɔɔ so ‘bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka no so, na ɔhyew aduhuam.’—1 Ahe. 12:26-33.

12. Dɛn na Onyankopɔn asomfo anokwafo a na wɔwɔ atifi fam ahemman no mu no yɛe bere a Yerobeam de nantwi ba som sii hɔ wɔ Israel no?

12 Afei, dɛn na na Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ atifi fam ahemman no mu no bɛyɛ? Lewifo a na wɔtete nkurow a wɔde ama wɔn wɔ atifi fam ahemman no mu no yɛɛ wɔn ade ntɛm sɛnea wɔn agyanom anokwafo no yɛe no. (Ex. 32:26-28; Num. 35:6-8; Deut. 33:8, 9) Wogyaw wɔn agyapade hɔ, na wɔne wɔn mmusua tu kɔɔ anafo fam wɔ Yuda, baabi a na wobetumi akɔ so asom Yehowa a biribiara nhaw wɔn adwene no. (2 Be. 11:13, 14) Israelfo binom nso a na wɔatu akɔ Yuda no sii gyinae sɛ wɔbɛtra hɔ, na wɔrensan nkɔ wɔn kurom bio. (2 Be. 10:17) Yehowa ansiw ɔkwan a na ɛbɛma afoforo abɛsom no no. Ɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a nkyirimma a wofi atifi fam ahemman no mu betumi agyae nantwi ba som na wɔasan aba Yuda abɛsom no.—2 Be. 15:9-15.

13. Wɔ ɛnnɛ mmere yi mu no, ɔkwan bɛn so na awaefo de wɔn nkyerɛkyerɛ asɔ Onyankopɔn nkurɔfo ahwɛ?

13 Awaefo de wɔn nkyerɛkyerɛ rehaw Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ. Wiase atumfo bi abɔ mmɔden ahyehyɛ wɔn ankasa Ɔman som, na wɔhyɛ wɔn manfo sɛ wonnye ɔsom a ɛte saa no ntom. Kristoman mu asɔfo ne afoforo a wɔyɛ ahantan abɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn ho sɛ wɔne adehye asɔfokuw no. Nanso, nokware Kristofo mu nkutoo na yebetumi ahu wɔn a wɔasra wɔn ankasa a wɔbom yɛ “adehye asɔfokuw” no.—1 Pet. 2:9; Adi. 14:1-5.

14. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ awaefo nkyerɛkyerɛ ho?

14 Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ mma awaefo mfa wɔn nkyerɛkyerɛ nnaadaa wɔn, na mmom wɔyɛ wɔn ade te sɛ Lewifo anokwafo a na wɔwɔ afeha a ɛto so du A.Y.B. mu no. Kristofo a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo yɛ ntɛm twe wɔn ho fi awaefo ho na wɔpo wɔn nkyerɛkyerɛ. (Monkenkan Romafo 16:17.) Yefi yɛn pɛ mu brɛ yɛn ho ase ma wiase atumfo wɔ wiase nsɛm mu, na yennyina ɔfã bi akyi wɔ wiase akodi mu. Onyankopɔn Ahenni no nkutoo akyi na yegyina. (Yoh. 18:36; Rom. 13:1-8) Yenni wɔn a wodi atoro ka sɛ wɔsom Onyankopɔn na bere koro no ara wɔde wɔn nneyɛe gu ne din ho fĩ no akyi.—Tito 1:16.

15. Dɛn nti na ɛfata sɛ yedi nokware ma “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no?

15 Afei nso, susuw sɛnea Yehowa ama ayɛ yiye sɛ nnipa komapafo betumi afi wiase bɔne no mu aba honhom fam paradise a wahyehyɛ no mu no ho hwɛ. (2 Kor. 12:1-4) Esiane sɛ anisɔ ahyɛ yɛn koma ma nti, yɛde yɛn ho abɔ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan bere a ɛsɛ mu no” ho denneennen. Ɛyɛ saa akoa yi na Kristo de no asi “nea ɔwɔ nyinaa so.” (Mat. 24:45-47) Enti, sɛ ɛba sɛ yɛn mu bi nte asɛm bi a akoa kuw no aka ase yiye mpo a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛpo asɛm no, anaasɛ yɛsan kɔ Satan wiase no mu. Mmom no, sɛ yɛyɛ anokwafo a, yɛbɛbrɛ yɛn ho ase na yɛatwɛn akosi sɛ Yehowa bɛma nneɛma mu ada hɔ.

Bere a Wɔreyɛ Adwuma a Onyankopɔn De Ama Wɔn No

16. Adwuma bɛn na wɔde maa odiyifo bi a ofi Yuda no sɛ ɔnkɔyɛ?

16 Yehowa buu Yerobeam fɔ wɔ ɔwae a ɔde bae no ho. Yehowa maa odiyifo bi a ofi Yuda kɔɔ Betel a ɛwɔ atifi fam no, na okohuu Yerobeam sɛ ɔrebɔ afɔre wɔ n’afɔremuka so. Ná ɛsɛ sɛ odiyifo no ka atemmusɛm bi a emu yɛ den kyerɛ Yerobeam. Akyinnye biara nni ho sɛ na ɛyɛ adwuma a ɛyɛ den paa.—1 Ahe. 13:1-3.

17. Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so bɔɔ ne somafo no ho ban?

17 Bere a Yerobeam tee Yehowa atemmusɛm no, ne bo fuwii yiye. Ɔteɛɛ ne nsa wɔ Onyankopɔn nipa no so, na ɔteɛɛm ka kyerɛɛ mmarima a na wogyinagyina hɔ no sɛ: “Monkyere no.” Nanso, n’ano sii ara pɛ na “ne nsa a ɔteɛɛ no so no senee kyenkyenenn, na wantumi anka anto ne ho. Na afɔremuka no paee, na nsõ no fii afɔremuka no so gui.” Ɛmaa Yerobeam ka kyerɛɛ odiyifo no sɛ ɔmpa Yehowa kyɛw mma no na ɔmmɔ mpae mma ne nsa a asen no nsan nyɛ yiye. Odiyifo no srɛ maa no, na ne nsa no yɛɛ yiye. Yehowa nam saa kwan yi so bɔɔ ne somafo no ho ban ma wɔanyɛ no bɔne.—1 Ahe. 13:4-6.

18. Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɔ yɛn ho ban bere a yɛde akokoduru som no no?

18 Bere a yefi nokwaredi mu ka Ahenni no ho asɛm na yɛyɛ asuafoyɛ adwuma no, ɛtɔ mmere bi a yehyia nkurɔfo a wɔntew wɔn anim mma yɛn, anaasɛ wɔkasa tia yɛn mpo. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma tie a wontie yɛn no ma yɛgow yɛn ho wɔ nsi a yɛde yɛ asɛnka adwuma no mu. Te sɛ odiyifo a wɔammɔ ne din wɔ Yerobeam bere so no, yɛanya ‘hokwan de resom Yehowa a yensuro wɔ nokwaredi’ mu. * (Luka 1:74, 75) Ɛwom sɛ ɛnnɛ, yɛnhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛfa anwonwakwan so abɔ yɛn ho ban de, nanso Yehowa nam ne honhom kronkron ne abɔfo so da so ara bɔ yɛn a yɛyɛ n’Adansefo no ho ban. (Monkenkan Yohane 14:15-17; Adiyisɛm 14:6.) Onyankopɔn rennyaw wɔn a wɔkɔ so de akokoduru ka n’asɛm no da.—Filip. 1:14, 28.

Yehowa Bɛbɔ N’asomfo Anokwafo Ho Ban

19, 20. (a) Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa rennyaw yɛn da? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

19 Yehowa ne yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ ɔnokwafo no. (Adi. 15:4; 16:5) “Ɔyɛ ɔnokwafo wɔ ne nnwuma nyinaa mu.” (Dw. 145:17, NW) Na Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Ɔbɛwɛn n’anokwafo kwan.” (Mmeb. 2:8, NW) Sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo hyia sɔhwɛ ahorow, anaa awaefo de wɔn nkyerɛkyerɛ haw wɔn, anaa wɔreyɛ adwuma bi a ɛyɛ den a, wobetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛbɔ wɔn ho ban na waboa wɔn.

20 Asɛm a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara susuw ho nnɛ ne sɛ: Dɛn na ɛbɛboa me ma makɔ so adi Yehowa nokware ɛmfa ho sɔhwɛ ahorow a metumi ahyia no? Anaasɛ mɛyɛ dɛn atumi ahyɛ nokware a midi ma Onyankopɔn no mu den?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 18 Sɛ́ odiyifo no kɔɔ so tiee Yehowa asɛm anaasɛ wantie, ne nea ɛtoo no no ho de, yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa ada no adi sɛ onnyaw n’asomfo anokwafo bere a wɔrehyɛ wɔn so no?

• Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ awaefo ne wɔn nkyerɛkyerɛ ho?

• Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so bɔ n’asomfo anokwafo ho ban bere a wɔreyɛ Kristofo som adwuma no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asase mfonini/​Mfonini wɔ kratafa 5]

Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

ATIFI FAM AHEMMAN (Yerobeam)

Dan

SEKEM

Betel

ANAFO FAM AHEMMAN (Rehabeam)

YERUSALEM

[Mfonini]

Bere a Yerobeam de nantwi ba som sii hɔ no, Yehowa annyaw n’anokwafo

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Sɛ na Salomo ne ne manfo no bɛkɔ so anya nhyira ahorow no a, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribi