Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkrataa a Wɔde Kɔmaa Galatifo, Efesofo, Filipifo, ne Kolosefo no Mu Nsɛntitiriw

Nkrataa a Wɔde Kɔmaa Galatifo, Efesofo, Filipifo, ne Kolosefo no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Nkrataa a Wɔde Kɔmaa Galatifo, Efesofo, Filipifo, ne Kolosefo no Mu Nsɛntitiriw

BERE a ɔsomafo Paulo tee sɛ Yudasom mufo ama Kristofo binom aman afi nokware som ho no, ɔkyerɛw krataa a tumi wom kɔmaa “Galatia asafo ahorow” no. (Gal. 1:2) Ná afotu a anibere wom a ɛyɛ tee wɔ krataa a Paulo kyerɛw no bɛyɛ afe 50-52 Y.B. mu no mu.

Bɛyɛ mfe du akyi, bere a na Paulo wɔ Roma sɛ “Kristo Yesu deduani” no, ɔkyerɛw nkrataa kɔmaa asafo ahorow a ɛwɔ Efeso, Filipi, ne Kolose no, na ɔde afotu a emu da hɔ maa wɔn, na ofii ɔdɔ mu hyɛɛ wɔn nkuran. (Efe. 3:1) Sɛ yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no kenkan Bible mu nhoma a ɛne Galatifo, Efesofo, Filipifo, ne Kolosefo no a, yebetumi anya so mfaso.—Heb. 4:12.

ƆKWAN BƐN SO NA ‘WOBU WƆN BEM’?

(Gal. 1:1–6:18)

Esiane sɛ na Yudasom mufo pɛ sɛ wɔfa anifere kwan so gu Paulo anim ase nti, Paulo kaa n’asetram nsɛm kɔɔ akyiri de yii ne ho ano wɔ ɔsomafo a ɔyɛ no ho. (Gal. 1:11–2:14) Bere a Paulo rebɔ wɔn atoro nkyerɛkyerɛ no agu no, ɔkae sɛ: “Yenim no yiye sɛ ɛnyɛ mmara nnwuma na wɔde bu onipa bem na mmom Kristo Yesu mu gyidi nkutoo.”—Gal. 2:16.

Paulo kae sɛ, Kristo ‘tɔɔ wɔn a wɔwɔ mmara ase no,’ na ɔma wonyaa Kristofo ahofadi. Paulo tuu Galatifo no fo denneennen sɛ: “Munnyina pintinn, na mommma wɔnnka mo nnhyɛ nkoayɛ kɔndua ase bio.”—Gal. 4:4, 5; 5:1.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

3:16-18, 28, 29—So apam a Onyankopɔn ne Abraham yɛe no da so ara yɛ adwuma? Yiw, ɛda so ara yɛ adwuma. Wɔde Mose Mmara apam no bɛkaa apam a Onyankopɔn ne Abraham yɛe no ho, na wɔamfa ammesi ananmu. Enti, bere a ‘woyii’ Mose Mmara apam no fii hɔ no, apam a Onyankopɔn ne Abraham yɛe no kɔɔ so yɛɛ adwuma. (Efe. 2:15) Abraham apam no mu bɔhyɛ ahorow no nyaa mmamu wɔ Abraham ‘aseni’ ankasa, Yesu Kristo a ɔno ne aseni no mu otitiriw no ne wɔn a ‘wɔyɛ Kristo dea’ no so.

6:2—Dɛn ne “Kristo mmara no”? Nneɛma a Yesu kyerɛkyerɛe ne ahyɛde a ɔde mae nyinaa na ɛka bom yɛ saa mmara yi. Nea ɛka ho titiriw ne ahyɛde a ɔde mae sɛ “monnodɔ mo ho” no.—Yoh. 13:34.

6:8—Ɔkwan bɛn so na ‘yegu ma honhom no’? Ɔkwan a yɛfa so yɛ saa ne sɛ, yɛbɔ yɛn bra sɛnea ɛbɛma Onyankopɔn honhom atumi ayɛ adwuma wɔ yɛn asetra mu. Nea ɛka ho bio ne sɛ yebefi yɛn koma nyinaa mu ayɛ nnwuma a ɛbɛma honhom no ayɛ adwuma wɔ yɛn asetra mu.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:6-9. Sɛ ɔhaw bi ba asafo no mu a, ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no mu mpanyimfo siesie no ntɛm ara. Sɛ wosusuw nneɛma ho wɔ ɔkwan a ɛfata so na wɔde Kyerɛwnsɛm no di dwuma a, ɛbɛma wɔatumi ayi nsusuwii a ɛmfata no afi hɔ ntɛm ara.

2:20. Agyede no yɛ akyɛde a Onyankopɔn ankasa de ama yɛn. Na ɛsɛ sɛ yebu no saa.—Yoh. 3:16.

5:7-9. Fekubɔne betumi ‘asiw yɛn kwan ma yɛrentie nokware no bio.’ Nyansa wom sɛ yɛremfa yɛn ho nhyɛ fekubɔne mu.

6:1, 2, 5. Kristofo a ‘wɔn ho akokwaw’ betumi aboa yɛn ma yɛasoa nneɛma bi a emu yɛ duru te sɛ ɔhaw bi a yɛadi mfomso akɔfa ato yɛn ho so ansa na yɛn ani reba yɛn ho so no. Nanso, nnwuma a yɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu de, ɛsɛ sɛ obiara soa anaasɛ ɔyɛ n’ankasa ne de.

‘SƐNEA WƆBƐKA NNEƐMA NYINAA ABOM WƆ KRISTO MU’

(Efe. 1:1–6:24)

Bere a Paulo resi sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ biako so dua wɔ krataa a ɔde kɔmaa Efesofo no mu no, ɔkae sɛ, “sɛ bere no sõ a, obedi nneɛma ho dwuma, . . . ɔbɛka nneɛma nyinaa abom bio wɔ Kristo mu, nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so.” Kristo de ‘nnipa ama sɛ akyɛde’ sɛ wɔmmoa yɛn nyinaa mma ‘yɛnyɛ biako wɔ gyidi mu.’—Efe. 1:10; 4:8, 13.

Sɛ Kristofo betumi ahyɛ Onyankopɔn anuonyam na biakoyɛ atra wɔn mu a, ɛsɛ sɛ ‘wɔhyɛ nipasu foforo,’ na ‘wɔbrɛ wɔn ho ase ma wɔn ho wɔn ho wɔ Kristo suro mu.’ Ɛho hia nso sɛ wɔhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa na ama wɔatumi “agyina pintinn ako atia Ɔbonsam nnɛɛdɛe.”—Efe. 4:24; 5:21; 6:11.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:4-7—Ɔkwan bɛn so na wɔhyɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no too hɔ ansa na wɔrewo wɔn? Wɔhyɛɛ wɔn too hɔ sɛ nnipakuw, na ɛnyɛ sɛ ankorankoro. Wɔyɛɛ eyi ansa na yɛn awofo a wodi kan no rewo wɔn ba a odi kan no wɔ bɔne mu. Ná Onyankopɔn tirim a wabɔ sɛ ɔbɛma Kristo akyidifo bi ne Kristo adi ade wɔ soro no ka nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no mmamu ho. Na wɔhyɛɛ saa nkɔm no ansa na wɔrenyinsɛn nnipa abɔnefo biara.—Gal. 3:16, 29.

2:2—Ɔkwan bɛn so na wiase honhom no te sɛ mframa, na ɛyɛ dɛn di tumi wɔ wiase no so? “Wiase honhom” a ɛno ne ahofadi ne asoɔden no yɛ su a ɛwɔ baabiara te sɛ mframa a yɛhome. (1 Kor. 2:12) Esiane sɛ ano yɛ den na ɛyɛ adwuma bere nyinaa nti, ɛwɔ tumi anaasɛ edi tumi wɔ wiase no so.

2:6—Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔasra wɔn no wɔ “ɔsoro atrae” bere a wɔda so wɔ asase so no? Asɛm a ɛne “ɔsoro atrae” a wɔde dii dwuma wɔ ha no mfa ɔsoro apɛgyade a wɔde ahyɛ wɔn bɔ no ho. Mmom no, ɛkyerɛ gyinabea a ɛkorɔn a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim esiane sɛ ‘wɔasɔ wɔn ano denam honhom kronkron a wɔhyɛɛ ho bɔ no so’ nti.—Efe. 1:13, 14.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

4:8, 11-15. Yesu Kristo ‘de nnommum kɔe,’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ogyee nnipa fii Satan nhyɛso ase de wɔn yɛɛ akyɛde de hyɛɛ Kristofo asafo no den. Sɛ yɛyɛ osetie na yɛbrɛ yɛn ho ase ma wɔn a wodi yɛn anim no na yegye nhyehyɛe biara a wɔyɛ wɔ asafo no mu tom a, yebetumi ‘afa ɔdɔ so anyin wɔ nneɛma nyinaa mu akɔ Kristo mu.’—Heb. 13:7, 17.

5:22-24, 33. Ɛsɛ sɛ ɔyere brɛ ne ho ase ma ne kunu na obu no nso. Ɔkwan a ɔbɛfa so ayɛ eyi ne sɛ, ɔbɛda “honhom a ɛyɛ komm na edwo” adi, na wabɔ mmɔden aka nsɛm a ɛyɛ papa afa ne kunu ho de adi no ni, na waboa no ma gyinae ahorow a osisi no ayɛ adwuma.—1 Pet. 3:3, 4; Tito 2:3-5.

5:25, 28, 29. Sɛnea okunu ‘hwɛ’ n’ankasa nipadua so yiye no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ne yere nso yiye, na ɔma no honam fam nneɛma, ɔma n’ani gye, na ɔboa no ma ɔne Onyankopɔn ntam nso yɛ papa. Ɛsɛ sɛ onya bere ma no, na ɔyɛ no brɛbrɛ wɔ kasa ne nneyɛe mu de kyerɛ sɛ ɔsom bo ma no.

6:10-13. Sɛ yebetumi ako atia adaemone a, ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu hyɛ honhom fam akode a Onyankopɔn de ama yɛn no.

‘MONKƆ SO NNANTEW PƐPƐƐPƐ’

(Filip. 1:1–4:23)

Paulo sii ɔdɔ so dua wɔ krataa a ɔde kɔmaa Filipifo no mu nyinaa. Ɔkae sɛ: “Eyi na mekɔ so bɔ ho mpae, sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so wɔ nokware nimdeɛ ne nhumu nyinaa mu.” Bere a ɔreboa wɔn ma wɔahwɛ wɔn ho so yiye na amma wɔannye wɔn ho anni dodo no, otuu wɔn fo sɛ: “Monkɔ so mfa osuro ne ahopopo nyɛ mo ankasa nkwagye ho adwuma.”—Filip. 1:9; 2:12.

Paulo hyɛɛ wɔn a wɔde mfe pii ayɛ ɔsom adwuma no nkuran sɛ, ‘wɔmmɔ mmɔden nnu botae no ho na wonnya nkonim bo a ɛne ɔsoro frɛ a efi Nyankopɔn hɔ no.’ Ɔkae sɛ: “Baabi a yɛanya nkɔso akodu no, momma yɛnkɔ so nnantew pɛpɛɛpɛ wɔ saa kwan yi ara so.”—Filip. 3:14, 16.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:23—“Nneɛma abien” bɛn na na ɛhyɛ Paulo so, na dɛn na na ɔpɛ sɛ ‘ɔtetew ne ho’ fi ho? Esiane tebea a na Paulo wom nti, na nneɛma abien bi hyɛ no so: ɛno ne nkwa anaa owu. (Filip. 1:21) Ɛwom sɛ Paulo ankyerɛ nea ɔbɛpaw de, nanso ɔma yehuu nea na ɔpɛ a ɛno ne sɛ ‘obenya ne ho atetew na wakɔka Kristo ho.’ (Filip. 3:20, 21; 1 Tes. 4:16) Ná Paulo ho a ‘ɔbɛtetew’ wɔ Kristo mmae mu no bɛma wanya akatua a Yehowa asiesie ama no no.—Mat. 24:3.

2:12, 13—Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ma ‘yenya ɔpɛ na yɛyɛ’? Yehowa honhom kronkron betumi ayɛ adwuma wɔ yɛn koma ne yɛn adwene mu na ahyɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebefi yɛn ahoɔden nyinaa mu asom no no mu den. Enti, ɔboa yɛn ma ‘yɛkɔ so yɛ yɛn ankasa nkwagye ho adwuma.’

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:3-5. Ɛwom sɛ na Filipifo no yɛ ahiafo de, nanso wɔyɛɛ ayamye ho nhwɛso pa maa yɛn.—2 Kor. 8:1-6.

2:5-11. Sɛnea nhwɛso a Yesu yɛe da no adi no, sɛ obi brɛ ne ho ase a, ɛnkyerɛ sɛ ɔyɛ mmerɛw, na mmom, ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ suban pa. Bio nso, Yehowa ma ahobrɛasefo so.—Mmeb. 22:4.

3:13. “Nneɛma a ɛwɔ akyi” no betumi ayɛ nneɛma bi te sɛ adwuma a sika wom, abusua a edi yiye a obi fi mu, anaa bɔne a anibere wom a yɛyɛe wɔ bere bi a atwam a yɛanu yɛn ho wɔ ho ma ‘wɔaguare yɛn kama’ no. (1 Kor. 6:11) Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi saa nneɛma yi, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yedwen ho bio, na mmom ɛsɛ sɛ ‘yɛtwe yɛn mu du nneɛma a ɛwɔ anim no ho.’

“MUNTINTIM WƆ GYIDI MU”

(Kol. 1:1–4:18)

Wɔ krataa a Paulo kyerɛw kɔmaa Kolosefo no mu no, ɔkaa atoro akyerɛkyerɛfo nkyerɛkyerɛ bɔne no ho asɛm. Ɔkae sɛ nkwagye nnyina Mose Mmara no mu nneɛma a obi bedi so no so, na mmom egyina kɔ a ‘wɔkɔ so tra gyidi no mu’ no so. Paulo hyɛɛ Kolosefo no nkuran sɛ ‘wɔnkɔ so nnantew Kristo mu nnye nhin, na wɔnto wɔn nsi no so na wontintim wɔ gyidi no mu.’ Sɛ wotintim a, na mfaso bɛn na wobenya?—Kol. 1:23; 2:6, 7.

Paulo kyerɛwee sɛ: “Eyinom nyinaa akyi no, monhyɛ ɔdɔ efisɛ ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ. Bio nso, momma Kristo asomdwoe nni mo koma so.” Ɔsomafo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Biribiara a moreyɛ no, mumfi ɔkra nyinaa mu nyɛ no sɛ moyɛ ma Yehowa na ɛnyɛ nnipa.” Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: ‘Yɛnkɔ so nnantew nyansam’ wɔ wɔn a wonni asafo no mu no ho.—Kol. 3:14, 15, 23; 4:5.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

2:8—Dɛn ne “wiase mu nneɛma” a Paulo bɔɔ yɛn kɔkɔ wɔ ho no? Ɛno ne Satan wiase yi mu nneɛma te sɛ nneɛma titiriw a ɛka bom yɛ wiase no a ɛno na ɛkyerɛ wɔn kwan, anaasɛ ɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔyɛ wɔn ade no. (1 Yoh. 2:16) Emu bi ne nyansapɛ, ahonyade akyidi, ne atoro som a ɛwɔ wiase yi mu no.

4:16—Dɛn nti na wɔamfa krataa a wɔde kɔmaa Laodikeafo no anka Bible no ho? Ebetumi aba sɛ na saa krataa no mu nsɛm ho renhia yɛn nnɛ. Anaasɛ ebia na nkrataa a ɛwɔ Bible mu no mu nsɛm no ara bi na ɔkyerɛw kɔmaa wɔn.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:2, 20. Agyede no a Onyankopɔn adom nti ɔde ama yɛn no betumi ama yɛanya ahonim pa ne asomdwoe.

2:18, 23. “Nnipa ani so ahobrɛase” yɛ ahobrɛase a obi hyɛ da de honam fam nneɛma kame ne ho, anaasɛ ɔhyɛ ne nipadua ahometew de hwehwɛ afoforo anim anuonyam, na adeyɛ a ɛte saa no kyerɛ sɛ onii no “honam nsusuwii ma ɔyɛ ahomaso.”